Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 11/8 kr. 6-8
  • Nnipa—Nea Ɛbaa Wɔn So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa—Nea Ɛbaa Wɔn So
  • Nyan!—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa—Sɛnea Wofii Ase
    Nyan!—1980
  • Ɛbɛyɛ Dɛn na Onipa Ayɛ Onyankopɔn Sɛso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yehowa Atirimpɔw Bɛbam!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • “Ɔdɔ Ne Emu Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 11/8 kr. 6-8

Nnipa​—Nea Ɛbaa Wɔn So

“Onyankopɔn bɔɔ onipa yiye, na wɔn de, wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.” “Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekae nti, wɔnna so nyɛ ne mma, wɔyɛ awo ntoatoaso kɔntɔnkye a wɔakyea.”​—Ɔsɛnk. 7:29; Deut. 32:5

MMEAE horow bi wɔ hɔ a wɔwɔ nhwehwɛ ahorow a ɛma onii a ogyina anim no nipadua a wohu wɔ ahwehwɛ no mu no sesa koraa. Ebinom gyina anim na nea wohu no ma wɔserew pii​—wɔn ti yɛ atenten, wɔn mfinimfini tumi yɛ tiatiaa, na wɔn anan yɛ atenten sen sɛnea ɛte no ankasa bɛyɛ mprɛnsa. Sɛ wobɛn ahwehwɛ no ho anaasɛ wokɔ akyiri a na nipadua no afã ahorow a wohu wɔ mu no asesa, nanso ɛnna sɛnea nipadua no afã ahorow no te ankasa no adi. Sɛ nipadua no afa ahorow a ɛyɛ hu a ɛda no adi no te saa ankasa a, anka yebesũ ma biribi ayɛ yɛn. Nanso ne nyinaa yɛ agodi ara kwa, na yetumi gyina ahwehwɛ a ɛte saa anim serew pii. Yɛn nipadua afa ahorow no nyinaa wɔ hɔ, nanso akyinkyim ayɛ basaa

Yɛn honi foforo nso wɔ hɔ a, n’afã ahorow nyinaa ayɛ basaa, nso eyi de ɛte saa ankasa, ɛnyɛ aserewsɛm. Ɛyɛ sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu no, “komam nipa a wahintaw no.” (1 Pet. 3:4) Anka ɛsɛ sɛ saa nipa yi da Yehowa Nyankopɔn a ɔbɔɔ onipa wɔ ne suban so fi mfiase no su horow adi. Yɛda so wɔ ne su horow, nanso akyinkyim araa ma ɛnte sɛnea na anka ɛte ankasa no, te sɛ yɛn nipadua no mfonini a ɛda adi wɔ ahwehwɛ a yɛaka ho asɛm no mu no.

Yehowa Nyankopɔn de ne su horow bɔɔ nnipa baanu a wodi kan no, anaasɛ ɔmaa wɔn biribi a ɛbɛma wɔatumi anya su horow a ɛte saa. Ná ɛsɛ sɛ wonya atɛntrenee ne ɔdɔ, nimdeɛ ne nyansa, ne tumi a ɛbɛma wɔde atirimpɔw ne botae horow ayɛ adwuma. Wɔde adwuma hyɛɛ wɔn nsa sɛnea ɛbɛma wɔn asetra ayɛ nea atirimpɔw wom na ɛho wɔ mfaso, na wɔde su horow maa wɔn na wɔde ayɛ saa adwuma no. (Gen. 1:28; 2:15, 18) Ná wɔwɔ wɔn ankasa wɔn pɛ nso, enti na wotumi paw ɔkwan a wɔbɛfa so.​—Yos. 24:15.

Ɔbɔɔ Adam ne Hawa a wɔyɛ pɛ, na ɔkyerɛɛ wɔn ɔkwan a sɛ wɔfa so a ɛbɛkyerɛ nkwa ama wɔn, nanso ‘wɔhwehwɛɛ nhyehyɛe foforo, dii nsɛmmɔne, na nkekae baa wɔn ho.’ (Ɔsɛnk. 7:29; Deut. 32:5) Ɛde hokwan a wɔwɔ sɛ wobetumi apaw nea wɔpɛ no dii dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Wɔ pɛsɛmenkominya kwan a na wɔnam so pɛ sɛ wonya nimdeɛ no, Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden a nyansa nnim. Saa asoɔden yi daa no adi sɛ onni dɔ mma Onii a ɔde nkwa maa no no. “Eyi ne Onyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yoh. 5:3) Adam nso de ne dɔ ma Onyankopɔn no too nkyɛn na ɔkɔkaa ne yere ho wɔ n’atuatew no mu. Afei na Onyankopɔn su ahorow a wonyae no atɔ sin, na wonni mũ bio, na wɔnyɛ pɛ. Na, nea ɛne Onyankopɔn kɔkɔbɔ hyia no, wɔde owu afobu baa wɔn so, na wɔde sintɔ ne owu woo wɔn mma.​—Dw. 51:5; Rom. 5:12.

Nanso, ɛde besi nnɛ da yi wɔn asefo da so wɔ Onyankopɔn su horow yi bi. Sɛ nhwɛso no, ɔpɛ wɔ hɔ sɛ wobenya nimdeɛ. Abofra ketewaa mpo pɛ sɛ ohu nneɛma mu. Sɛ ohu kasa pɛ a ofi ase bisabisa nsɛm ahorow a ɛwɔ n’adwenem. Ɔhwehwɛ mmuae, ɔhwehwɛ ntease. Nsɛm ahorow a obisabisa no ma mpanyimfo ho dwiriw wɔn, na ɛtɔ dabi a na ɛyɛ wɔn nwonwa na ɛhyɛ wɔn ahometew, na awiei koraa no nsemmisa ahorow no ano brɛ ase. Nanso nea enti a wobisabisa nsɛm pii saa no ne nneɛma mu a wɔpɛ sɛ wohu ne nimdeɛ a wɔhwehwɛ. Dɛn ni? Dɛn nti na ɛte saa? Dɛn ntia, dɛn ntia, dɛn ntia? Awiei koraa no ebia ɔwofo a wɔama ne ho akyere no no bɛteɛm sɛ, “Kobisa wo maame!” Anaasɛ “Kobisa wo papa!” Nanso ɛnsɛ sɛ wosiw saa ntease a mmofra ne mpanyin nyinaa hwehwɛ yi kwan. Edi nkate bi a ɛwɔ yɛn mu sɛ yɛpɛ sɛ yenya nimdeɛ ho dwuma.

“Ɔba nimdefo ma ne tumi mu yɛ den.” (Mmeb. 24:5) Nimdeɛ adɔɔso araa de abedu nnɛ, ma nnipa tumi de ahoɔhare kɛse kɔ wim akyirikyiri sen anomaa biara, otumi nantew ntɛmntɛm wɔ asase so sen aboa biara wɔ asase kesee so, na ɔsen nam biara wɔ nsu mu. Otumi hu na ɔte nea ɛrekɔ so wɔ mmeae foforo wɔ asase so. Wakɔ ɔsram so asan aba. Tumi ma yɛn ho dwiriw yɛn, yɛde anigye hwɛ mfiri a etumi mema nneɛma akɛse so dwumadi. Aboa torɔm a ɔretu mmirika, ɛsono a ɔnam kwae ase, anyinam a ɛpa yerɛw, aprannaa a ɛbobom, ɛpo asorɔkye a ehuru​—saa tumi anaa ahoɔden yi nyinaa ma yɛn ho dwiriw yɛn!

Yenim atɛntrenee. Mmofra mpo mpɛ nsisi, na ɛhaw wɔn kɛse bere a wosusuw sɛ wɔne wɔn adi wɔ ɔkwan a ɛmfata so no. Mpanyimfo nso bo fuw bere a wɔyɛ wɔn nneɛma a ɛnsɛ. Wɔ nsɛm a wɔkyerɛw ma yɛkenkan mu mpo no, yɛpɛ sɛ atɛntrenee di nkonim bere nyinaa. Yɛpɛ sɛ mmɔdenbɔfo no di nkonim na onya nea ɛfata no. Ɛyɛ nea ɛteɛ sɛ yetwa nea yebegu. Ɛyɛ nea ɛteɛ na ɛfata sɛ yɛyɛ nea yɛbɛpɛ sɛ wɔyɛ ma yɛn no ma afoforo. (Gal. 6:7; Mat. 7:12) Wɔn a wonnim Onyankopɔn mmara mpo no fi nkate mu nim nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ, na wɔwɔ ahonim a ebu wɔn fɔ anaasɛ eyi wɔn ano. Yɛte afobu nka bere a yɛyɛ adebɔne, sɛnea Adam ne Hawa kohintawee bere a wohui sɛ wɔayɛ nea ɛmfata no.​—Gen. 3:8-10.

Nnipa bebree hwehwɛ nyansa na wɔyɛ saa denam adesua ne nneɛma ho nsusuwii so. Ɛnyɛ ade a wɔde ahyɛ wɔn mu fi mfiase, sɛnea ɛte wɔ asase so abɔde afoforo pii fam no. Mmoa binom wɔ nyansa a ɛyɛ nnipa nwonwa. Ɛdenam nkate so no wofi faako a wɔwɔ no kɔ baabi foforo, wɔde wɔn ho sie wɔ awɔw bere anaasɛ ahohuru bere mu, na wɔyɛ nnwuma ahorow a ɛda nyansa adi. Sɛnea Bible ka no, “wɔyɛ anyansafo.” (Mmeb. 30:24) Nanso, adesamma tumi sua ade nya nimdeɛ na wɔde di dwuma nyansa mu. Ɛdenam nneɛma ho a wosusuw so no wotumi nya nhumu ne ntease. Wɔ asase so abɔde nyinaa mu no, onipa nkutoo na ɔwɔ nyansa a ɛte saa a wotumi de di dwuma wɔ akwan horow pii so.

Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ atirimpɔw, na ɛho hia sɛ onipa nya atirimpɔw wɔ n’asetra mu. Sɛ onni atirimpɔw, sɛ n’asetra ho nni mfaso a, odi awerɛhow. Sɛnea ɛbɛyɛ na atirimpɔw a ɔwɔ no abam no, ɛho hia sɛ onipa yɛ adwuma. Adwuma ma onipa te nka sɛ ne ho wɔ mfaso. Onyankopɔn yɛɛ onipa na wayɛ adwuma, ɔmaa no adwuma sɛ ɔnyɛ, ɔde no too “Eden turom sɛ ɔnnɔw na ɔnwɛn hɔ.” Onyankopɔn akyɛde ne sɛ ɛsɛ sɛ onipa biara “hu adepa ne berɛ nyinaa mu.” (Gen. 2:15; Ɔsɛnk. 3:13) Adwuma da odwumayɛfo no adi; ɛma wohu ɛbo a odwumayɛfo no som. Ɛyɛ anigye sɛ yebehu adwuma bi a wɔayɛ no yiye, wɔayɛ no fɛfɛɛfɛ, na adi n’atirimpɔw ho dwuma. Yehowa kae sɛ n’adebɔ adwuma no ye papa, na ɛmaa n’ani gyei.​—Gen. 1:31; Ex. 31:17.

Nea ɛsen ne nyinaa no, nnipa hia ɔdɔ. Ɛho hia sɛ wɔdɔ afoforo na afoforo nso dɔ wɔn. Sɛ amma saa a yedi awerɛhow wɔ yɛn mu. Mmofra a wɔhwɛ wɔn yiye ɔhonam fam mpo no, sɛ wɔannɔ wɔn a, yare betumi abɔ wɔn na ɛtɔ dabi a akum wɔn mpo. Mpanyimfo a wɔnnɔ wɔn te nka sɛ wɔyɛ ankonam na wodi awerɛhow ma wɔn honhom botow. “Onipa honhom tumi soa ne yare, na honhom a abotow de, hena na obetumi asoa?” (Mmeb. 18: 14) Ɔdɔ tie ade nyinaa na ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu; na sɛ enni hɔ a asetra bɛyɛ nea ɛyɛ den na anigye biara nni mu. (1 Kor. 13:7) Yɛtaa te nneɛma pii a wonnya wɔ bere a emu yɛ den yi mu ho asɛm, nanso ade a ɛho ayɛ nã wɔ asase so sen biara ne ɔdɔ. Adwene ho nnuruyɛfo se ɛno na ɛde adwenem nyarewa ahorow pii aba nnɛ no.

Na eyi de yɛn ba ade a edi hɔ wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛhwehwɛ asemmisa, Dɛn na ɛma nnipa nneyɛe sesã? ho mmuae no so. Sɛ onipa annya nneɛma a wɔbɔɔ no sɛ ɛsɛ sɛ onya a, ɛde ɔhaw ba. Wɔyɛ kar a ehia nneɛma ahorow bi. Sɛ annya saa nneɛma no a, kar no nnantew. Sɛ onya no fã-ne-fã bi a, ebia ɛbɛnantew, nanso ɛrenyɛ papa. Saa nso na ɛte wɔ nnipa fam. ‘Wodii kan bɔɔ nnipa baanu a wodi kan no a na nneɛma ahorow bi ho hia wɔn, na nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no wɔ nkate koro no ara. Sɛ wɔn nsa anka saa nneɛma yi a wohia no, anaasɛ wɔn nsa ka no bi-ne-bi a, nnipa dwumadi ntumi nkɔ so yiye. Ɛtɔ da bi a wɔyɛ basabasa na wɔyɛ nneɛma a ɛmfata nnipa koraa.

Nnipa a wɔn adwene akyea da su horow a akyeakyea adi, sɛnea nhwehwɛ a yɛkaa ho asɛm no da nipadua afa ahorow adi akwan a ɛyɛ nwonwa so no. Yɛda so wɔ Onyankopɔn su horow a ɛyɛ atɛntrenee, ɔdɔ, nyansa, tumi ne nea ɛkeka ho no bi, nanso wɔ yɛn tebea a ɛnyɛ pɛ yi mu no, eyinom mmom nni dwuma pɛpɛɛpɛ sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ. Ɛdefa su horow yi ho no, nnipa ntumi nkari pɛ.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

Wɔn a wonnim Nyankopɔn mmara mpo fi nkate mu nim nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena