Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 2/15 kr. 13-18
  • Anigye A Yebenya Nnɛ ne Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye A Yebenya Nnɛ ne Daa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ne Mmamu Wɔ Yɛn Bere Yi Mu
  • Anya Mmamu Wɔ Wo So?
  • Mmamu a Ɛda so Wɔ Yɛn Anim!
  • Paradise a Wɔasan De Aba!
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
  • Yɛwɔ Nea Enti A Ɛsɛ Sɛ Yedi Ahurusi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Paradise—So Wobɛkɔ Hɔ Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yɛde Anigye Gyina Sɔhwɛ Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 2/15 kr. 13-18

Anigye A Yebenya Nnɛ ne Daa

“Momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti: na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw.”—YESAIA 65:18.

1. Ɔkwan bɛn so na nokware som anya ankorankoro so tumi wɔ mfehaha a atwam no mu?

WƆ MFEHAHA a atwam mu no, nnipa dodow bi a wonni ano anya nokware Nyankopɔn, Yehowa, som mu anigye kɛse. Na Dawid yɛ nnipa bebree a wonyaa nokware som mu anigye no mu biako. Bible ka sɛ bere a wɔde apam adaka no foro baa Yerusalem no, “Dawid ne Israel fi nyinaa de osebɔ . . . de Awurade adaka no foro bae.” (2 Samuel 6:15) Anigye a ɛte saa a wɔde som Yehowa no nyɛ ade a ne bere atwam. Wubetumi anya mu kyɛfa. Na wubetumi anya anigye foforo mpo nnansa yi ara!

2. Yesaia ti 35 mmamu a edi kan a ɛfa Yudafo a wɔsan bae ho akyi no, henanom so na ɛrenya mmamu foforo nnɛ?

2 Wɔ asɛm a edi eyi anim no mu no, yɛhwehwɛɛ nkɔmhyɛ a ɛkanyan anigye a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia ti 35 no mmamu a edi kan no mu. Yebetumi afrɛ eyi sanba ho nkɔmhyɛ ma afata efisɛ saa na ɛbaam maa tete Yudafo no. Anya mmamu a ɛte saa ara wɔ yɛn bere yi mu. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, efi Yesu asomafo no ne afoforo so wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, Yehowa ne honhom fam Israelfo na edi nsɛm. Eyinom yɛ nnipa a wɔde Onyankopɔn honhom kronkron asra wɔn a wɔbɛyɛ nea ɔsomafo Paulo frɛ no “Nyankopɔn Israel” no mufo. (Galatifo 6:16; Romafo 8:15-17) Kae nso sɛ, wɔ 1 Petro 2:9 no, wɔfrɛ saa Kristofo yi “abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de.” Petro kɔ so kyerɛ adwuma a wɔde ama honhom fam Israel no mu sɛ: “Monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu [no] mmaninyɛ nkyerɛ.”

Ne Mmamu Wɔ Yɛn Bere Yi Mu

3, 4. Bere a Yesaia ti 34 nyaa mmamu wɔ yɛn bere yi mu no, na tebea no te dɛn?

3 Afeha yi mfiase hɔ baabi no, na honhom fam Israel nkaefo no mfa nnamyɛ nka asɛm a ɛte saa no. Na wonni Onyankopɔn hann a ɛyɛ nwonwa no mu ahurusi nkosi ase. Nokwarem no, na wɔwɔ sum mu ara ne sa. Ɛno yɛ bere bɛn? Na dɛn na Yehowa Nyankopɔn yɛe wɔ ho?

4 Na ɛyɛ Wiase Ko I no mu, bere a wɔde Onyankopɔn Mesia Ahenni no sii hɔ wɔ soro wɔ 1914 mu no akyi bere tiaa bi no. Amanaman no a asɔre ahorow a ɛwɔ nsase ahorow so no asɔfo taa wɔn akyi no bo fuw wɔn ho wɔn ho. (Adiyisɛm 11:17, 18) Nokwarem no, na Onyankopɔn sɔre tia Kristoman a awae no ne n’asɔfokuw a wɔama wɔn ho so no te sɛ nea na ɔsɔre tia Edom man a na wɔyɛ ahantan no ara pɛ. Enti, Yesaia ti 34 rebenya ne nnɛyi mmamu wɔ Kristoman, Edom nsusuwso no so. Saa mmamu yi a ɛyɛ tɔre a wɔrebɛtɔre wɔn ase koraa no bɛbam ɔkwan biara so sɛnea enyaa mmamu a edi kan wɔ tete Edom so no ara pɛ.—Adiyisɛm 18:4-8, 19-21.

5. Mmamu bɛn na Yesaia ti 35 anya wɔ yɛn bere yi mu?

5 Na Yesaia nkɔmhyɛ no ti 35 a esi anigye so dua no nso ɛ? Ɛno nso anya mmamu wɔ yɛn bere yi mu. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Anya mmamu wɔ honhom fam Israel a wɔasan de wɔn afi nnommum bi mu aba no fam. Ma yɛnhwehwɛ nnansa yi teokrase abakɔsɛm ankasa mu nokwasɛm ahorow a anya mmamu wɔ nnipa bebree a wɔda so te ase no nkwa nna mu no mu nhwɛ.

6. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ honhom fam Israel nkaefo no baa nnommum tebea bi mu?

6 Wɔ Wiase Ko I no mu bere tiaa bi mu no, na honhom fam Israel nkaefo no ntew wɔn ho mmaa wɔn nneyɛe mfataa Onyankopɔn apɛdeyɛ. Atoro nkyerɛkyerɛ maa nkekae baa ebinom ho, na wogyaee mu siesiei denam Yehowa afã pintinn a wɔannyina wɔ bere a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wonnyina aman a wɔredi ako no afã no. Wɔ saa akodi mfe no mu no, wohyiaa ɔtaa ahorow nyinaa bi, na wɔbaraa wɔn Bible nhoma mpo wɔ mmeae pii. Awiei koraa no, wɔnam ntwatoso so dii anuanom bi a wɔagye din kɛse asɛm de wɔn guu afiase. Sɛ yɛhwɛ yɛn akyi a, ɛnyɛ den koraa sɛ yebehu sɛ ɔkwan bi so no na Onyankopɔn nkurɔfo nni ahofadi, na mmom na wɔwɔ nnommum mu. (Fa toto Yohane 8:31, 32 ho.) Na wonni honhom fam nneɛma mu ntease koraa. (Efesofo 1:16-18) Ɛkame ayɛ sɛ wɔanka Onyankopɔn ayeyi ho asɛm, na amma wɔansow aba honhom fam. (Yesaia 32:3, 4; Romafo 14:11; Filipifo 2:11) Wuhu sɛnea eyi ne tebea a na tete Yudafo a na wɔwɔ nnommum mu wɔ Babilon wom no di nsɛ?

7, 8. Dɛn nsiesie na nkaefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nyae?

7 Nanso na Onyankopɔn begyaw ne nnɛyi asomfo no wɔ saa tebea no mu? Dabi, nea ɛne nea wɔnam Yesaia so ka siei hyia no, na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛsan de wɔn aba. Enti saa nkɔmhyɛ koro yi ara a ɛwɔ eti 35 no nya ne mmamu soronko wɔ yɛn bere yi mu, denam honhom fam Israel nkaefo a wɔsan de wɔn ba honhom fam paradise a yiyedi ne akwahosan wom mu no so. Paulo de Yesaia 35:3 dii dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Hebrifo 12:12, na edi nokware a Yesaia nkɔmhyɛ no fã yi a yɛkyerɛ sɛ enya honhom fam mmamu yɛ no ho adanse.

8 Sɛnea yɛbɛka no no, wɔ ɔko no akyi no, honhom fam Israelfo a wɔasra wɔn a wɔaka no fii nnommum mu. Yehowa Nyankopɔn nam Yesu Kristo, Kores Ɔkɛseɛ no, so ma wonyaa ahofadi. Enti, saa nkaefo yi yɛɛ ɔdansi adwuma bi bio a ɛte sɛ adwuma a tete Yudafo nkaefo a wɔsan kɔɔ wɔn asase so kosii asɔrefie ankasa wɔ Yerusalem no yɛe no. Afei nso, na saa nnɛyi honhom fam Israelfo yi betumi afi ase atɛw honhom fam paradise a ɛyɛ frɔmfrɔm, sɛnkyerɛnne kwan so Eden turo.

9. Ɔkwan bɛn so na biribi a ɛte sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 35:1, 2, 5-7 no bae wɔ yɛn bere yi mu?

9 Bere a atifi hɔ nsɛm no wɔ yɛn adwenem no, ma yensusuw Yesaia ti 35 ho bio, na nea edi kan no, yɛnhwɛ nkyekyem 1, ne 2. Asase a na ɛte sɛ nea nsu nni so no fii ase guu nhwiren ankasa, na ɛsow aba te sɛ tete Saron asasetaw. Afei, hwɛ nkyekyem 5 kosi 7. Na nkaefo no a wɔn mu dodow bi da so te ase na wɔyɛ nnam wɔ Yehowa som mu no ntease aniwa abue. Na wobetumi ahu nea esisii wɔ 1914 ne ɛno akyi no mu yiye. Ɛno anya yɛn a yɛyɛ “nnipakuw kɛse” a yɛne nkaefo no resom seesei no mu bebree so nkɛntɛnso nso.—Adiyisɛm 7:9.

Anya Mmamu Wɔ Wo So?

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia 35:5-7 anya mmamu wɔ wo so? (b) W’ankasa wote nka dɛn wɔ saa nsakrae horow yi ho?

10 Fa wo ho sɛ nhwɛso. Ansa na worehu Yehowa Adansefo no, na wokenkan Bible no daa? Sɛ na woyɛ saa a, ntease ahe na na wowɔ? Sɛ nhwɛso no, seesei wunim tebea a awufo wom ho nokwasɛm. Ebia wubetumi akyerɛ obi a ɔwɔ asɛm no ho anigye kyerɛw nsɛm a ɛfata wɔ Genesis ti 2, Ɔsɛnkafo ti 9, ne Hesekiel ti 18, ne afoforo pii. Yiw, ebia wote nea Bible kyerɛkyerɛ wɔ nneɛma anaa nsɛmpɔw pii ho no ase. Sɛ yebetwa no tiawa a, wote Bible no ase, na wubetumi akyerɛkyerɛ emu nsɛm pii mu akyerɛ afoforo, sɛnea akyinnye biara nni ho sɛ woyɛ no.

11 Nanso, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na mihuu Bible mu nokware a minim yi nyinaa? Ansa na me ne Yehowa nkurɔfo resua ade no, na mahu kyerɛw nsɛm a yɛabobɔ din seesei ara no nyinaa? Na mete ase, na na mewɔ ho adwene a ɛteɛ?’ Ebia nsemmisa yi ho mmuae a efi nokwaredi mu yɛ dabi. Ɛnsɛ sɛ obiara ma asɛm a ɛte saa hyɛ no abufuw, nanso yebetumi aka sɛ ɛdefa kyerɛw nsɛm yi ne nea ɛkyerɛ ho de, na woyɛ onifuraefo ankasa. Ɛnte saa? Na ɛwɔ Bible mu, nanso na wuntumi nhu anaa wuntumi nte ase. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na w’ani buee honhom fam? Ɛnam nea Yehowa ayɛ ma Yesaia 35:5 anya mmamu wɔ nkaefo a wɔasra wɔn so no so. Ɛno ama wo nso w’ani abue. Wunni honhom fam sum mu bio. Wutumi hu ade.—Fa toto Adiyisɛm 3:17, 18 ho.

12. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛnyɛ saa bere yi na wɔbɛsa honam fam yare anwonwakwan so? (b) Ɔkwan bɛn so na Onua F. W. Franz asɛm no kyerɛkyerɛ sɛnea Yesaia 35:5 renya mmamu wɔ yɛn bere yi mu no mu?

12 Wɔn a wɔn adwenem da hɔ a wosua Bible, na wonim sɛnea Onyankopɔn yɛɛ ade mfehaha a atwam mu ho ade no nim sɛ eyi nyɛ abakɔsɛm mu bere a wɔsa honam fam yare anwonwakwan so. (1 Korintofo 13:8-10) Enti yɛnhwɛ kwan sɛ Yesu Kristo bebuebue anifuraefo aniwa de akyerɛ sɛ ɔne Mesia, Onyankopɔn Diyifo no. (Yohane 9:1-7, 30-33) Saa ara nso na ɛnyɛ nea ɔrema asotifo nyinaa ate asɛm bio. Bere a Frederick W. Franz, a na ɔyɛ wɔn a wɔasra wɔn no mu biako ne Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no rebɛn mfe 100 no, na n’ani reyɛ afura, na na ɛsɛ sɛ ɔde afiri a ɛboa ma wɔte asɛm yiye di dwuma. Mfe dodow bi mu no, na ontumi nhu ade nkenkan; nanso, sɛnea Yesaia 35:5 kyerɛ no, hena na na obesusuw sɛ ɔyɛ onifuraefo anaa ɔsotifo? Sɛnea na ohu ade yiye wɔ honhom fam no yɛɛ nhyira maa Onyankopɔn nkurɔfo wɔ asase nyinaa so.

13. Nsakrae anaa nsiesie bɛn na ɛbaa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ mu?

13 Na wo tɛkrɛma nso ɛ? Ɛbɛyɛ sɛ bere a na Onyankopɔn nkurɔfo a wasra wɔn no wɔ wɔn honhom fam nnommum mu no, wɔkaa wɔn ano toom. Nanso bere a Onyankopɔn sesaa saa tebea no, wɔn tɛkrɛma fii ase too anigye dwom wɔ nea na wonim fa Onyankopɔn Ahenni a ɔde asi hɔ ne ne bɔhyɛ ahorow ma daakye no ho. Ebia wɔaboa ma wo nso wo tɛkrɛma asan. Bere a atwam no na woka Bible mu nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo kodu he? Ebia bere bi na wususuw sɛ, ‘M’ani gye adesua ho, nanso na menkɔ nnipa a minnim wɔn nkyɛn ne wɔn nkɔkasa da.’ Na ɛnyɛ nokware sɛ seesei “mum tɛkrɛma” ‘reto anigye dwom’?—Yesaia 35:6.

14, 15. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii anantew “ɔkwan kronkron” no so wɔ yɛn bere yi mu?

14 Na ɛsɛ sɛ tete Yudafo a wɔanya ahofadi afi Babilon no twa kwan tenten san kɔ wɔn kurom. Dɛn na ɛne ɛno hyia wɔ yɛn bere yi mu? Wiɛ, hwɛ Yesaia 35:8: “Na ɔtempɔn ne ɔkwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no ɔkwan kronkron; nea ne ho ntew remfa so.”

15 Efi bere a woyii nkaefo a wɔasra wɔn, a seesei nguan foforo no ɔpepem pii abɛka wɔn ho no fii honhom fam nnommum mu no, wɔafi Babilon Kɛse no mu akɔfa sɛnkyerɛnne kwan so tempɔn, ɔkwan a ɛso tew a ɛde obi kɔ honhom fam paradise mu no so. Yɛrebɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛfata na yɛakɔ so anantew Ɔkwantempɔn Kronkron yi so. Susuw wo ho hwɛ. Abrabɔ ho gyinapɛn ne nnyinasosɛm ahorow a wudi so seesei no nkorɔn nsen bere a na wowɔ wiase no? Wommɔ mmɔden kɛse sɛ wobɛma wo nsusuwii ne w’abrabɔ ne Yehowa de ahyia?—Romafo 8:12, 13; Efesofo 4:22-24.

16. Bere a yɛnam Ɔkwan Kronkron no so no, tebea horow bɛn na yebetumi anya?

16 Bere a wokɔ so nantew Ɔkwan Kronkron yi so no, ɛda adi sɛ wunsuro nnipa a wɔyɛ wɔn ade sɛ mmoa no. Ɛyɛ nokware sɛ ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yiye na nnipa adifudepɛfo anaa wɔn a wɔwɔ nitan ankyere wo anwe animono so wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Nnipa bebree na wɔne afoforo di nsɛm anuɔden so. Hwɛ sɛnea tebea no yɛ soronko wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu! Ɛhɔ no, wowɔ ahobammɔ tebea mu. Nokwarem no, wo mfɛfo Kristofo no nyɛ pɛ; ɛtɔ mmere bi a, obi di mfomso anaa ɔfom obi. Nanso wunim sɛ wo nuanom renhyɛ da sɛ wobepira wo anaa wɔbɛkyere wo awe. (Dwom 57:4; Hesekiel 22:25; Luka 20:45-47; Asomafo no Nnwuma 20:29; 2 Korintofo 11:19, 20; Galatifo 5:15) Mmom no, wɔkyerɛ wo ho anigye; wɔaboa wo; wɔpɛ sɛ wɔne wo som.

17, 18. Ntease bɛn mu na paradise bi wɔ hɔ nnɛ, na tumi bɛn na eyi nya wɔ yɛn so?

17 Enti yebetumi ahwɛ Yesaia ti 35 mu, bere a nkyekyem 1 kosi 8 mmamu a ɛrenya mprempren no wɔ yɛn adwenem. Ɛnna adi pefee sɛ yɛanya nea wɔfrɛ no honhom fam paradise ma ɛfata no? Dabi, ɛnyɛ pɛ—ennya nyɛe. Nanso ɛyɛ paradise ampa, efisɛ sɛnea nkyekyem 2 ka no, yetumi ‘hu Yehowa anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no’ wɔ ha dedaw. Dɛn na afi mu aba? Nkyekyem 10 ka sɛ: “Wɔn a Awurade apon wɔn no bɛsan aba, na wɔde dwom aba Sion; na daa anigye bɛtra wɔn atifi, ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.” Nokwarem no, atoro som mu a yɛafi ne nokware som mu a yɛaba wɔ Onyankopɔn dom ase no ma yɛn anigye.

18 Nokware som mu anigye no nya nkɔanim bere nyinaa, ɛnte saa? Wuhu wɔn a wɔyɛ foforo sɛ wɔyɛ nsakrae bɛyɛ wɔn a wɔn ase atim wɔ Bible mu nokware no mu. Wuhu mmofra sɛ wonyinyin benya honhom fam nkɔso wɔ asafo no mu. Asubɔ bere wɔ hɔ, bere a wuhu sɛ wɔrebɔ wɔn a wunim wɔn asu no. Eyinom nyinaa nyɛ nneɛma a enti ɛsɛ sɛ yɛn ani gye, na ɛyɛ mmoroso nnɛ? Yiw, hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yebenya afoforo abɛka yɛn ho wɔ yɛn honhom fam ahofadi no ne honhom fam paradise tebea no mu!

Mmamu a Ɛda so Wɔ Yɛn Anim!

19. Akwanhwɛ a anidaso wom bɛn na Yesaia ti 35 ma yenya?

19 Ɛde besi ha no, yɛasusuw Yesaia ti 35 mmamu a edi kan a ɛfa Yudafo no sanba ne ne honhom fam mmamu a ɛrekɔ so nnɛ no ho. Nanso ɛnyɛ ɛno ara ne no. Pii wɔ hɔ bio. Ɛne awerɛhyem a Bible de ma wɔ paradise tebea horow a ɛbɛsan aba asase so ankasa no wɔ abusuabɔ.—Dwom 37:10, 11; Adiyisɛm 21:4, 5.

20, 21. Dɛn nti na ntease wom na ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia sɛ yebegye adi sɛ Yesaia ti 35 bɛsan anya mmamu foforo?

20 Ɛrenyɛ papa sɛ Yehowa de paradise ho nkyerɛkyerɛmu pefee a ɛte saa bɛma, na afei wama ne mmamu no afa honhom fam nneɛma nkutoo ho. Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ ne honhom fam mmamu no ho nhia. Sɛ wɔde paradise ankasa si hɔ na yɛtra beae a ɛyɛ fɛ na mmoa a wɔpɛ asomdwoe wɔ mpo na sɛ nnipa a wɔaporɔw honhom fam, na wɔyɛ wɔn ade sɛ nkekaboa atwa yɛn ho ahyia a, anka ɛremma yennya abotɔyam. (Fa toto Tito 1:12 ho.) Yiw, ɛsɛ sɛ honhom fam de no di kan ba, efisɛ ɛno na ehia titiriw.

21 Nanso, ɛnyɛ honhom fam nneɛma a yɛwɔ seesei no nko na Paradise a ɛreba no bɛma yɛanya, na mmom yebenya ne kɛse mpo daakye. Yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nkɔmhyɛ ahorow te sɛ Yesaia ti 35 benya mmamu a aniwa tua. Dɛn ntia? Wiɛ, Yesaia kaa “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho asɛm siei wɔ ti 65. Ɔsomafo Petro twee adwene sii ɛno so bere a na ɔreka nea ɛbɛba wɔ Yehowa da no akyi ho asɛm no. (Yesaia 65:17, 18, NW; 2 Petro 3:10-13) Na Petro rekyerɛ sɛ nneɛma a Yesaia kaa ho asɛm no bɛba ankasa bere a “asase foforo” no bam no. Nsɛm a ebia wunim no yiye ka ɛno ho—adan a wobesisi atra mu; bobe nturo a wɔbɛyɛ adi mu aba; obi nsa ano adwuma a obenya mu anigye bere tenten; habɔdɔm ne oguammaa a wɔbɛbom atra faako; ne ɔhaw biara a wɔrenhu sɛ ɛreba asase nyinaa so. Ɔkwan foforo so no, nkwa tenten, afipa, aduan pii, adwuma a abotɔyam wom, ne asomdwoe a ɛbɛba mmoa ne mmoa ne nnipa ntam.

22, 23. Dɛn na ɛbɛma yɛanya anigye wɔ mmamu a Yesaia ti 35 benya daakye no mu?

22 Saa akwanhwɛ no mma w’ani nnye? Ɛsɛ sɛ ɛma w’ani gye, efisɛ saa na Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yɛntra ase. (Genesis 2:7-9) Enti, ntease bɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 35 a yɛresusuw ho no ma yenya? Ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ntease foforo nti a ɛsɛ sɛ yedi ahurusi. Anhwea pradada ne nkyerekyerewa ankasa so bɛba afifide frɔmfrɔm, na ɛbɛma yɛn ani agye. Afei nnipa a wɔn aniwa yɛ bruu anaa kɔkɔɔ, anaa kɔla foforo bi a ɛyɛ fɛ, nanso wɔn ani afura seesei no betumi ahu ade. Yɛn mfɛfo Kristofo a wɔyɛ asotifo, anaa yɛn mu bi a yɛn aso mu yɛ den mpo betumi ate nnyigyei fann. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wɔde saa tumi no bɛte sɛ wɔrekenkan Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ mu, na wɔasan ate nnua mu mfare, abofra serew, ne anomaa su!

23 Ɛbɛkyerɛ nso sɛ mpakye, ne wɔn a wɔyare ɔkwaha seesei no bɛnantew a wɔnte yaw biara. Hwɛ ahotɔ ara a ɛno bɛyɛ! Afei nsu ankasa betue anhweatam so. Yebehu nsu a ɛreworo so no na yɛate ne nnyigyei a emu yɛ den no nso. Yebetumi anantew akɔ hɔ na yɛde yɛn nsa aka sare momono ne nkyɛkyerɛ. Nokwarem no, ɛbɛyɛ Paradise a wɔasan de asi hɔ. Na anigye a yebenya sɛ yɛne gyata anaa aboa foforo a ɔte saa bɛtra a yensuro no nso ɛ? Ɛho nhia mpo sɛ yebefi ase aka ɛno ho asɛm, efisɛ yɛn nyinaa asusuw tebea no ho dedaw.

24. Dɛn nti na wubetumi agye asɛm a wɔaka wɔ Yesaia 35:10 no atom?

24 Yesaia ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Wɔn a Awurade apon wɔn no bɛsan aba, na wɔde dwom aba Sion; na daa anigye bɛtra wɔn atifi.” Enti yebetumi agye atom sɛ yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yedi ahurusi. Ahurusidi wɔ nea Yehowa reyɛ ama ne nkurɔfo dedaw wɔ yɛn honhom fam paradise yi mu ne ahurusidi wɔ nea yebetumi ahwɛ kwan wɔ Paradise ankasa a abɛn pɛɛ no ho. Ɛdefa wɔn a wɔwɔ anigye—yɛn—ho no, Yesaia kyerɛw sɛ: “Ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.”—Yesaia 35:10.

Wohyɛɛ No Nsow?

◻ Mmamu a ɛto so abien bɛn na Yesaia ti 35 anya?

◻ Honhom fam ade bɛn na ɛne anwonwakwan so nsakrae a Yesaia kaa ho asɛm siei no hyia?

◻ Ɔkwan bɛn so na saa nkɔmhyɛ yi anya mmamu wɔ wo so?

◻ Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesaia ti 35 ma yenya daakye ho anidaso?

[Kratafa 15 mfonini]

Raymond Street afiase a ɛwɔ Brooklyn, New York, baabi a wɔde anuanom a wɔagye din baason kogui wɔ June 1918 mu no

[Kratafa 16 mfonini]

Ɛwom sɛ na Onua Franz ani reyɛ afura wɔ ne nna a edi akyiri no mu de, nanso ne honhom fam aniwa so kɔɔ so daa hɔ fann

[Kratafa 17 mfonini ahorow]

Honhom fam onyin ne nkɔanim yɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena