Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 4/1 kr. 4-7
  • So Wubetumi Anya Paradise Mu Anigye Mprempren?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Anya Paradise Mu Anigye Mprempren?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Habɔdɔm Ne Oguammaa
  • Honhom Mu Paradise​—Bere Bɛn?
  • Nipasu A Wɔma Ɛho Dwo
  • “Yebehyia Wɔ Paradise!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Paradise—So Wobɛkɔ Hɔ Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • So Bible No Hyɛ Asase So Paradise Ho Bɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Bible Mu Nnyinaso Ma Anidaso Wɔ Paradise Mu
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 4/1 kr. 4-7

So Wubetumi Anya Paradise Mu Anigye Mprempren?

PARADISE bi wɔ asase so nnɛ. Emu retrɛw bere nyinaa na nnipa ɔpepem pii renya mu anigye. Wo nso wubetumi anya mu kyɛfa. So eyi yɛ adaeso bi ara kwa? Dabida, efisɛ ɛnyɛ ɔhonam fam paradise ho asɛm na yɛreka, na mmom honhom mu de.a

“Wubisa sɛ: “Sɛ woka sɛ honhom fam paradise a, wokyerɛ dɛn?” Ne tiaa mu no: Wobetumi aka ahyehyɛde a Kristofo a wɔasakra wɔn nipasu ma ɛne Onyankopɔn ahyɛde horow hyia na wɔyɛ biako wɔ ne nokware som mu na wɔwom ho asɛm sɛ ɛwɔ honhom mu paradise mu.

Ɛhe na Bible no ka honhom mu tebea a ɛte sɛɛ ho asɛm? Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ tebea a ɛte saa wɔ hɔ nnɛ?

Habɔdɔm Ne Oguammaa

Bible mu nkɔmhyɛ ahorow pii wɔ hɔ a ɛka tebea horow ho asɛm a ɛma paradise ba obi adwene mu. Yehu paradise a ɛte sɛɛ ho asɛm a ɛyɛ anigye wɔ Yesaia 11:6-9, a ɛkenkan sɛ: “Ɛnna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewaa aka wɔn. Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi. Akokoaa begoru ahurutoa amoa ano, na nea watwa nufu ateɛ ne nsa aka ɔkyereben bɔn. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”

Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛtra tebea pa a ɛte sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ ha yi mu, a asomdwoe a edi mu wɔ hɔ wɔ anwonwa kwan a ɛte sɛɛ so! Eyi bɛsan de Paradise tebea horow a na ɛwɔ Eden turo no mu bere a na mmoa ne nnipa wɔ saa turo no mu wɔ biakoyɛ a edi mu mu no asan aba. (Genesis 1:30; 2:8, 9, 19, 20) Nokware Kristofo de anigye hwɛ kwan sɛ wobenya saa nhyira a ɛso nni yi wɔ asase so nyinaa daakye wɔ Mesia Hene, Yesu Kristo, nniso no ase. Wɔka ne nniso no ho asɛm wɔ Yesaia 11:1-5, nkyekyem ahorow a edi nsɛm a yɛafa aka wɔ atifi ha yi anim no. Nanso so daakye nhyira horow yi a ɛbɛba ɔkwan biara so wɔ Ahenni nniso no ase no nkutoo ne Yesaia asɛm no mmamu anaa?

Dabi, yebetumi aka saa nkɔmhyɛ yi ho asɛm nso sɛ ɛkyerɛ nsakrae a ɛbɛba adesamma nipasu ahorow mu. Ɔkwan bɛn so? Afeha a ɛto so 18 no mu Bible ho nimdefo Matthew Henry bua sɛ: “Nnipa a wɔyɛ keka na wɔn ho yɛ hu a na anka wɔkeka wɔn a wɔbɛn wɔn nyinaa na wɔwe wɔn no koma bɛsakra ma ayɛ nwonwa . . . na wɔne nea ɔyɛ mmerɛw koraa a bere bi a atwam no na anka wɔbɛtetew no mu ntɛm no bɛtra wɔ ɔdɔ mu.”

Na Bible ho nimdefo foforo, Joseph Benson kyerɛwee wɔ afeha a etwaam no mu sɛ: “Asɛmpa a wɔka kyerɛ no, ne ɛdenam Kristo dom so no, nnipa a wɔyɛ keka na wɔn tirim yɛ den a wɔyɛ wɔn hwee a ɛnyɛ yiye no bɛsakra; araa ma wɔabɛyɛ ahobrɛasefo, nnipa a wodwo na wɔyɛ asoɔmmerɛwfo, na wɔn bo remfu na wɔnhaw wɔn a wodwo na wɔn ade yɛ mmɔbɔ a wɔka wɔn ho asɛm wɔ nkyekyem 4 no.”

Susuw ho hwɛ! Nnipa a wɔreyi kan ntɔkwapɛ su horow gu na mmom wɔafa su horow a asomdwoe ne ɔdɔ ayɛ no ma! Ɛnyɛ sɛ ebia nnipa a wɔte saa sakra koraa a wontumi nhu wɔn nipaban. Yesaia ankyerɛ sɛ habɔdɔm bɛyɛ oguanten ba, na mmom sɛ no suban sakra na ɔne oguanten ba no tra asomdwoe mu.

Saa nso na nea ɛne Yesaia asɛm no hyia no, nnipa a wɔwɔ mmoa su​—a ebia wokunkum wɔn yɔnko nnipa anaasɛ wɔbɔ wɔn apoo yɛ wɔn nea ɛmfata no​—nipasu sakra, na wɔne nnipa afoforo a wɔyɛ asomdwoefo te sɛ oguanten ba no tra. Sɛ tebea a ɛte saa ba nnipa mu a, nea efi mu ba a ɛyɛ nwonwa no yɛ nea wobetumi afrɛ no honhom mu paradise. Nanso so Yesaia asɛm no renya mmamu ankasa nnɛ?

Honhom Mu Paradise​—Bere Bɛn?

ANkɔmhyɛ foforo a ɛte sɛ eyi wɔ Yesaia nhoma no mu no boa yɛn ma yehu bere a honhom mu tebea a ɛyɛ nwonwa yi fi ase nya mmamu. Yɛkenkan wɔ Yesaia 2:2-4:

“Na nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa] ofi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. . . . Na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”

Hyɛ no nsow sɛ wɔaka nsakrae a ɛte saa ara ho asɛm​—nnipa a wɔreda asomdwoe su adi, ‘de wɔn nkrante rebobɔ nsɔw.’ Bere bɛn na eyi bɛba? “Nna a edi akyiri no mu,” ne mmuae a. Bible nkɔmhyɛ no de ma. Sɛnea wɔakyerɛ mpɛn pi wɔ Ɔwɛn-Aban mu no, nneɛma nhyehyɛe yi atra ne nna a edi akyiri mu efi 1914. Enti, ɔkwan biara so no, yɛte bere a Yesaia 11:6-9 renya mmamu no mu nnɛ. Ɔkwan biara so no honhom mu tebea fɛfɛ bi wɔ hɔ nnɛ! Ebia wubebisa sɛ, ‘Nanso ɛwɔ he?’

Nipasu A Wɔma Ɛho Dwo

Nipasu ahorow a wɔma ɛho dwo, sɛnea Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛ no, yɛ nea ɛreba mpɛn pii wɔ nnipa anokwafo a, bere a wɔasua Bible mu nokware no ‘wɔsakra wɔn adwene’ na ‘wɔhyɛ nipasu foforo’ no mu. (Romafo 12:2; Efesofo 4:23, 24) Susuw nhwɛso a edi so yi ho.

David yɛ aberante kɛse hoɔdenfo bi a onyinii wɔ akuraa bi ase wɔ Minnesota, wɔ Amerika. David a akyiri yi ɔbɛyɛɛ okuturukubɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “M’agya ka kyerɛɛ me daa sɛ sɛ obi gyigye me a memmoro no. Mitumi kae daa sɛ ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mfi ntɔkwaw ase, nanso hwɛ sɛ wobɛboro onii no.’ Ne saa nti na me de ne sɛ mɛkõ, a memmisabisa nsɛm biara. Ná m’ani gye sɛ mepirapira afoforo.”

Sɛ nhwɛso no, dakoro anadwo ɔbarima bi a na ɔreyi ne kar afi baabi a nnipa pii tumi de wɔn kar sisi no siw David kwan. Afei de na ɔmpɛ sɛ ɔkɔ. David se, “Me bo fuwii araa ma mepɛe sɛ mikum no.” Enti ɔtwee ɔbarima no fii ne kar no mu na ɔhwee no ara kosii sɛ ade tɔɔ no so. So obi a ne ho yɛ hu sɛɛ betumi asakra ne suban?

Dakoro, bere a na ɔnyɛ adwuma no, Yehowa Adansefo hyiaa David. Wɔn asɛm a ɛfa trenee nneɛma nhyehyɛe foforo a ɛreba ho no kaa ne koma. David se: “Efi mfiase no ara mihui sɛ wɔwɔ nokware no.” Bere a ɔde nea ɔresua no bɔɔ ne bra no, David fii ase yɛɛ nsakrae​—ogyaee sigaretnom ne nnubɔne fa. Na ná ɔrenya nkɔso mpo wɔ ne ntɔkwapɛ su no a ɔbɛbrɛ no ase no ho.

Nanso asram dodow bi akyi no David san kɔyɛɛ biribi a ɛyɛ awerɛhow. Na wɔreyɛ ɔdan bi ho adwuma. Dakoro anɔpa ne yɔnko dwumayɛni bi fii ase haw no. David bɔɔ no kɔkɔ sɛ onnyae, nanso wannyae. Dɛn na efii mu bae. David kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mebɔɔ no denneennen ma misusuwii sɛ makum no. Ade tɔɔ no so bɛyɛ simma 20. M’ani wui yiye.”

Nanso, David de nkakrankakra nyaa nkɔso wɔ nsakrae a obenya wɔ ne nipasu mu no ho. Sɔhwɛ bi a emu yɛ den ankasa bae bere a wabɛyɛ Yehowa dansefo a wagye asubɔ no akyi mfe pii no. Ná ɔreka asɛm wɔ afie afie. Wɔ ɔpon biako ano no, ɔbarima bi fi bae na ofii ase yaw no. Afei ɔbarima no soo David atade mu na osum no fii atrapoe no so. David fii ase sɛ ɔrekɔ ofi foforo no mu, a wanka hwee. Nanso bere a ne koma ntɔɔ ne yam no, ɔbarima no dii n’akyi na ɔfaa abaa bi de bɔɔ David akyi. Nanso aberante a bere bi a atwam no na anka ne ho yɛ hu yi ankasa ne ho! Ofii hɔ kɔe komm. Nipasu mu nsakrae a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Afei de saa “habɔdɔm” yi ne ‘nguanten mma’ a wɔpɛ asomdwoe nam, na ɔsom sɛ ɔpanyin ne ɔsomfo a ɔde ne bere nyinaa ka asɛm wɔ asafo no mu.

Mpɛn pii no ɛyɛ nkurɔfo nwonwa bere a wohu nsakrae a ɛtete saa wɔ afoforo mu no, na ɛkanyan wɔn nso ma wɔyɛ nsakrae pa wɔ wɔn abrabɔ mu. Enti aberante foforo, a ɔno nso wɔfrɛ no David, bere a ohyiaa n’adamfo bi a na ohuu no akyɛ no, ose: “Ná wasakra. Ná ne ti nhwi nyɛ kusuu bio, ná ɔnka kasa fĩ anaasɛ ɔmfa nnubɔne. Ná wasakra koraa. Eyi maa me ho dwiriw me araa ma na ɛsɛ sɛ mehwehwɛ nea ɛde nsakrae no bae.” Ná David adamfo no abɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Na David nso bɛyɛɛ bi, bere a ɔsakraa n’ankasa n’abrabɔ akyi no.

Osuahu ahorow a ɛwɔ atifi ha yi yɛ nea yebetumi anya no mmɔho mmɔho pii wɔ Yehowa Adansefo asafo horow 45,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no mu. Ebia wunim onipa biako anaa nnipa dodow bi a wɔayɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn asetra mu.

Sɛ bɛhwɛɛadefo kɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow ase a, mpɛn pii no wɔka asomdwoe a ɛwɔ hɔ no ho asɛm. Atesɛm krataa mu sɛnkyerɛwfo ma Journal de Montréal kyerɛwee sɛ: “Menyɛ Ɔdansefo. Nanso meyɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Adansefo no wɔ abrabɔ pa no ho ɔdansefo. . . . Sɛ wɔn nkutoo na wɔwɔ wiase a, anka ɛho renhia sɛ yɛbrambram yɛn apon akyi na yɛde akorɔnfo dɔn hyehyɛ ano.”

Wɔ Mexico no na ntɔkwaw wɔ nkuraa abien ntam. Ná wɔtaa kunkum nnipa wɔ hɔ. Ná polisifo ntumi nyɛ hwee mfa nsiw ano. Afei, abusua biako ne Yehowa Adansefo fii ase suaa ade. Mmusua afoforo tontɔn wɔn akode de sika no totɔɔ Bible sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn nso atumi asua bi. Ankyɛ wɔde asomdwoe ne biakoyɛ ankasa honhom mu paradise sii hɔ wɔ saa nkuraa no asefo ntam.

Nanso ɛnyɛ sɛ Yehowa Adansefo gye tebea a wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 11:6-9 a aba wɔn ntam no ho anuonyam ma wɔn ankasa ho. Dabi, tumi biako pɛ na ɛwɔ amansan nyinaa mu a ebetumi ama nnipa ayɛ nsakrae akɛse a ɛte saa wɔ wɔn abrabɔ mu. Saa tumi no ne Onyankopɔn honhom kronkron. (Galatifo 5:22, 23) Na Onyankopɔn de saa honhom no ma nnipa a wɔde nokwaredi hwehwɛ na wɔbɔ wɔn bra ma ɛne n’ahyɛde ahorow hyia no anigye so.​—Luka 11:9-13; Asomafo no Nnwuma 5:32.

Na Yehowa Adansefo nka sɛ wɔyɛ pɛ nso. Dabi, wohyia nsɛm a emu yɛ den te sɛ nnipa afoforo nyinaa. Nanso wɔwɔ akwankyerɛ pa a wɔde di wɔn nsɛm a emu yɛ den ho dwuma​—Bible no. (Dwom 119:105) Wɔbɔ mmɔden yiye sɛ wɔde emu nnyinasosɛm bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu, ɛwom sɛ ɛtɔ da bi a wɔtɔ sin de. (Romafo 3:23) Woahu, nipasu ahorow a agye ntini no nyɛ nea wotumi tu ase prɛko pɛ. Nanso, ɛdenam Onyankopɔn honhom no mmoa so no, nnipa a na wɔyɛ keka mpo anya nkɔso na wɔabrɛ su horow a enye ase.

Nanso, ade biako da adi pefee: Sɛ́ anka wobehu ntawtawdi, mpaapaemu ne ɔbrasɛe a wohu wɔ wiase nnɛ mmom no, ɔdɔ, asomdwoe ne biakoyɛ a ɛda adi Yehowa Adansefo mu wɔ wiase nyinaa no yɛ nea wɔrenya mu anigye wɔ honhom mu paradise. Eyi ma yedi kan hu sɛnea nnipa a wɔdɔ asomdwoe bɛbom atra asase so wɔ ɔhonam fam Paradise wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu.​—Luka 23:43.

Dɛn nti na wunsua paradise ho ade pii. Hu nea enti a Yehowa Adansefo wɔ nsɛso kwan so asomdwoe, abotɔyam, anigye ne biakoyɛ no​—nneɛma a paradise nko na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛba no. Sua sɛnea wo nso wubetumi anya paradise a ɛte saa mprempren!

[Ase hɔ nsɛm]

a Asɛmfua “paradise” no fi Hela asɛmfua paraʹdeisos mu, a ɛkyerɛ “turo.”​—Genesis 2, 8, Douay Version; Greek Septuagint Version; Luka 23:43.

[Kratafa 5 adaka]

Paradise Ho Nkɔmhyɛ Ahorow

Nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a ɛfa paradise ho anya mmamu dedaw wɔ yɛn bere so. Sɛ nhwɛso no susuw nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 35 ho, nea ɛka sɛ ‘anhwea pradada bɛhan sɛ nhwiren’ no. Saa nkɔmhyɛ yi baa mu ɔkwan ketewaa so bere a Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu no fi Babilon san bae no. Esiane sɛ na n’ani agye sɛ wɔasan aba ne som ho nti, Onyankopɔn maa wɔn Yuda asase a na adan amamfo no guu nhwiren bio na ɛsow aba pii te sɛ paradise ketewaa.

Ɛda adi sɛ Yesaia 35 wɔ honhom fam mmamu nso. Yɛyɛ dɛn hu? Ade biako ne sɛ, wɔ nkyekyem 5 ne 6 no ɛhyɛ bɔ sɛ anifuraefo, asotifo, mpakye ne mum benya ayaresa. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yudafo a wɔsan bae 537 A.Y.B. mu no nyaa ɔhonam fam ayaresa a ɛte saa. Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ yɛte eyi ase honhom fam​—sɛ nhwɛso no, wɔn ani buei ma wohuu hann a ɛma ahofadi no wɔ wɔn asase so. Saa nso na honhom mu paradise renya nkɔso wɔ Yehowa Nyankopɔn asomfo mu, nanso saa bere yi de wɔ wiase nyinaa.

Daakye a enni akyiri, bere a Onyankopɔn asɛe nsɛmmɔnedi nyinaa afi yɛn asase yi so no, “nnipakuw kɛse” a wɔafi mu aka ne awufo a wɔanyan wɔn no benya ɔhonam fam ayaresa ankasa. Ɛdenam ne ogye afɔre no so no, Kristo Yesu de wɔn a wɔyɛ asoɔmmerɛ no bɛba ɔdesani pɛyɛ mu ma wɔatra ase daa wɔ asase so Paradise a wɔasan de asi hɔ mu. Enti wɔbɛtrɛw nea Yesaia 35 ka ho asɛm no mu ma afa asase yi nyinaa ho bere a wɔdan yɛn asase yi ma ɛyɛ sɛ turo fɛfɛ a asomdwoe wɔ mu ma ɛde ɔhonam fam Paradise ankasa ba no.​—Yesaia 25:6-8; Adiyisɛm 7:9; 21:3, 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena