Yɛwɔ Nea Enti A Ɛsɛ Sɛ Yedi Ahurusi
“Ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.”—YESAIA 35:10.
1. Henanom na wɔwɔ biribi titiriw nti a ɛsɛ sɛ wɔn ani gye?
ƐDA adi sɛ woahyɛ no nsow sɛ nnipa kakraa bi na wɔwɔ anigye ankasa nnansa yi. Nanso, sɛ nokware Kristofo no, Yehowa Adansefo wɔ anigye. Na ɛnyɛ den koraa sɛ nnipa foforo ɔpepem pii a wonnya mmɔɔ wɔn asu, mmofra ne mpanyin a wɔne Adansefo no bɔ fekuw no benya anidaso a ɛte saa ara. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ worekenkan nsɛm yi wɔ nsɛmma nhoma yi mu no kyerɛ sɛ wowɔ saa anigye yi bi dedaw anaasɛ ɛyɛ ade a wo nsa betumi aka.
2. Nsonsonoe bɛn na ɛda Kristoni anigye ne nnipa dodow no ara tebea a wɔwom no ntam?
2 Nnipa dodow no ara hu sɛ biribi tɔ sin wɔ wɔn asetra mu. Wo nso ɛ? Nokwarem no, ɛnyɛ honam fam biribiara a wubehia na wowɔ bi, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ biribiara a nnɛyi asikafo ne atumfoɔ wɔ no na wowɔ bi. Na ebia wobɛpɛ sɛ wunya akwahosan pa ne ahoɔden pii. Nanso, sɛ yɛreka anigye ho asɛm a, yebetumi de ahotoso aka sɛ woyɛ ɔdefo, na wowɔ ahoɔden sen asase so nnipa ɔpepepem pii mu fã kɛse no ara. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa?
3. Nsɛm a ɛtɔ asom bɛn na ɛfata sɛ yɛde yɛn adwene si so, na dɛn ntia?
3 Kae Yesu nsɛm yi: “Maka eyinom nyinaa makyerɛ mo, na m’anigye atra mo mu, na mo anigye awie pɛyɛ.” (Yohane 15:11) “Mo anigye awie pɛyɛ.” Nkyerɛkyerɛmu bɛn ara ni! Kristofo asetra kwan no a yɛbɛhwehwɛ mu akɔ akyiri no bɛma yɛahu nneɛma bebree nti a yɛn anigye wie pɛyɛ no. Nanso, mprempren de hyɛ nsɛm bi a ntease wom a ɛwɔ Yesaia 35:10 no nsow. Yɛka sɛ ntease wom efisɛ ɛkyerɛ pii ma yɛn nnɛ. Yɛkenkan sɛ: “Wɔn a Awurade apon wɔn no bɛsan aba, na wɔde dwom aba Sion; na daa anigye bɛtra wɔn atifi, ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.”
4. Anigye bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Yesaia 35:10, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si eyi so?
4 “Daa anigye.” Asɛmfua “daa” no yɛ nea Yesaia kyerɛwee wɔ Hebri mu no nkyerɛase a edi mũ. Nanso, sɛnea kyerɛw nsɛm foforo da no adi no, ntease a ɛwɔ saa asɛm yi mu ne “daa daa.” (Dwom 45:6; 90:2; Yesaia 40:28) Enti anigye no bɛyɛ afebɔɔ, wɔ tebea horow a ɛbɛma yɛanya daa anigye—yiw, nea ɛfata—mu. Ɛno nyɛ anigye? Nanso, ebia saa nkyekyem no yɛ wo sɛ asɛnhunu bi, a ɛma wote nka sɛ: ‘Ɛno mfa me ho ankasa sɛnea me da biara da nsɛnnennen ne ɔhaw ahorow te no.’ Nanso nokwasɛm ahorow no nkyerɛ saa. Nkɔmhyɛ kwan so bɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia 35:10 no kyerɛ biribi ma wo nnɛ. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛahu nea enti a ɛte saa no, ma yɛnhwehwɛ eti a ɛyɛ anigye a ɛne Yesaia 35 no mu, na yɛnhyɛ sɛnea ɔfã biara fa emu nsɛm nyinaa ho no nsow. Nya awerɛhyem sɛ w’ani begye nea yebehu no ho.
Nnipa a Na Ehia sɛ Wɔn Ani Gye
5. Nkɔmhyɛ kwan so nsɛm tebea bɛn na yehu wɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 35 no mu?
5 Sɛnea ɛbɛyɛ na aboa yɛn no, ma yentie nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye yi mu nsɛm tebea ho abakɔsɛm. Hebrini diyifo Yesaia kyerɛw no bɛyɛ 732 A.Y.B. mu. Ɛno yɛ mfe du du bi ansa na Babilon asraafo resɛe Yerusalem. Sɛnea Yesaia 34:1, 2 kyerɛ no, na Onyankopɔn aka asie sɛ ɔrebɛtɔ amanaman no, a Edom a wɔbɔɔ din wɔ Yesaia 34:6 no, ka ho no so were. Ɛda adi sɛ ɔnam tete Babilonfo so na ɛyɛɛ saa. Saa ara na Onyankopɔn maa Babilonfo sɛee Yuda pasaa esiane sɛ Yudafo no anni nokware nti. Dɛn na efi mu bae? Wɔde Onyankopɔn nkurɔfo kɔɔ nnommum mu, na wɔn asase no yɛɛ amamfõ mfe 70.—2 Beresosɛm 36:15-21.
6. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ nea na ɛbɛba Edomfo so ne nea na ɛbɛba Yudafo no so mu?
6 Nanso, nsonsonoe titiriw bi wɔ Edomfo ne Yudafo no ntam. Ɔsoro atemmu a ɛbaa Edomfo so no yɛ nea na enni awiei; bere kɔɔ so no, wɔbɛyɛɛ nkurɔfo a wɔn ase tɔree koraa. Yiw, wubetumi akɔsra baabi a na Edomfo te no amamfõ so nnɛ, baabi te sɛ Petra amamfõ a agye din wɔ wiase nyinaa no. Nanso ɛnnɛ, ɔman anaa nkurɔfo biara nni hɔ a yebetumi aka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ ‘Edomfo.’ Nanso, na sɛe a Babilon sɛee Yuda pasaa no yɛ daa de, a ama asase no adi awerɛhow daa a enni awiei?
7. Ɔkwan bɛn so na ebetumi aba sɛ Yudafo a na wɔwɔ nnommum mu wɔ Babilon no yɛɛ wɔn ade wɔ Yesaia ti 35 ho?
7 Nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ Yesaia 35 ha no kyerɛ biribi a ɛyɛ anigye. Yebetumi afrɛ no sanba ho nkɔmhyɛ, efisɛ enyaa ne mmamu a edi kan bere a Yudafo no san baa wɔn asase so wɔ 537 A.Y.B. mu no. Wɔmaa Israelfo a na wɔwɔ nnommum mu wɔ Babilon no ahofadi ma wɔsan baa wɔn kurom. (Esra 1:1-11) Nanso, ebetumi aba sɛ ansa na ɛno reba no, Yudafo a wɔwɔ nnommum mu wɔ Babilon a wosusuw ɔsoro nkɔmhyɛ yi ho no dwennwen tebea horow a wɔbɛkɔ akɔto wɔ wɔn kurom, Yuda, ho. Na tebea bɛn mu na wɔn ankasa bɛkɔ? Mmuae no fa nea enti a nokwarem no, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yedi ahurusi no ho tẽẽ. Ma yɛnhwɛ.
8. Sɛ Yudafo no san fi Babilon ba a, tebea bɛn na na wɔbɛba abɛto? (Fa toto Hesekiel 19:3-6; Hosea 13:8 ho.)
8 Nokwarem no, ɛda adi sɛ na ɛte sɛ nea tebea no renyɛ papa mma Yudafo no bere mpo a wɔtee sɛ wobetumi asan akɔ wɔn kurom no. Ná wɔn asase no ayɛ amamfõ mfe aduɔson, obi nkwa nna nyinaa. Dɛn na na aba asase no so? Ná mfuw, bobe nturo, anaa nturo biara bɛdan sare. Ná nturo anaa mfusase a wogugu so nsu nyinaa bɛsɛe ayɛ nsase kesee anaa anhweatam. (Yesaia 24:1, 4; 33:9; Hesekiel 6:14) Susuw nkekaboa a na wɔbɛdɔɔso wɔ hɔ no nso ho hwɛ. Na eyinom bi bɛyɛ mmoa a wɔwe nam te sɛ agyata ne asebɔ. (1 Ahene 13:24-28; 2 Ahene 17:25, 26; Nnwom mu Dwom 4:8) Na saa ara na na wɔrentumi mmu wɔn ani ngu asisi a na wobetumi akum ɔbarima, ɔbea, anaa abofra no so. (1 Samuel 17:34-37; 2 Ahene 2:24; Mmebusɛm 17:12) Na yɛmmmoa nnka nhurutoa ne awɔ foforo a wɔn ano wɔ bɔre, anaa akekantwɛre ho asɛm. (Genesis 49:17; Deuteronomium 32:33; Hiob 20:16; Dwom 58:4; 140:3; Luka 10:19) Sɛ na woka Yudafo a wofi Babilon resan aba wɔ 537 A.Y.B. no ho a, ebia anka worempɛ sɛ wobɛnantenantew beae a ɛte saa. Bere a wɔbae no, na ɛnyɛ paradise.
9. Dɛn nti na na wɔn a wɔresan aba no wɔ nea wobegyina so anya anidaso ne awerɛhyem?
9 Nanso, Yehowa ankasa na odii n’asomfo anim kɔɔ wɔn kurom, ɔno na ɔwɔ tumi a obetumi ama tebea a asɛe koraa no asesa. Wunnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ no betumi ayɛ? (Hiob 42:2; Yeremia 32:17, 21, 27, 37, 41) Enti dɛn na na ɔbɛyɛ—dɛn na ɔyɛe—wɔ Yudafo a na wɔresan aba ne wɔn asase no ho? Tumi bɛn na eyi nya wɔ nnɛyi Onyankopɔn asomfo ne wo tebea so—mprempren ne daakye? Nea edi kan no, ma yɛnhwɛ nea ɛkɔɔ so saa bere no.
Wodi Tebea a Ɛsesae no Ho Ahurusi
10. Nsakrae bɛn na Yesaia 35:1, 2 kaa ho asɛm siei?
10 Sɛ Kores ma Yudafo no kwan sɛ wɔnsan nkɔ saa asase a ɛda mpan no so a, na dɛn na ɛbɛba? Kenkan nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Yesaia 35:1, 2 no: “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren; nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi; wɔde Lebanon anuonyam, Karmel ne Saron ahyehyɛde, bɛma no; wobehu Awurade anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no.”
11. Asase no ho nimdeɛ bɛn na Yesaia twee adwene sii so?
11 Wɔ Bible mmere mu no, na wonim Lebanon, Karmel, ne Saron sɛ ɛhɔ yɛ frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ. (1 Beresosɛm 5:16; 27:29; 2 Beresosɛm 26:10; Nnwom mu Dwom 2:1; 4:15; Hosea 14:5-7) Yesaia gyinaa saa nhwɛso ahorow no so kaa sɛnea ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, asase a asesa no bɛyɛ ho asɛm. Nanso, dɔte no nko na na eyi bɛka no? Dabida!
12. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 35 no fa nnipa ho?
12 Yesaia 35:2 ka asase no ho asɛm sɛ “ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi.” Yenim sɛ ɛnyɛ dɔte ne afifide ankasa na ‘edii ahurusi wɔ ahosɛpɛw mu’ no. Nanso, yɛ a ɛbɛyɛ asasebere a ɛsow aba no betumi ama nnipa ate nka saa. (Leviticus 23:37-40; Deuteronomium 16:15; Dwom 126:5, 6; Yesaia 16:10; Yeremia 25:30; 48:33) Na nsakrae ankasa a ɛbɛba asase no so ne nsakrae a ɛbɛba nnipa mu no behyia, efisɛ na nkɔmhyɛ yi fa nnipa ho titiriw. Enti, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛte ase sɛ Yesaia nsɛm no twee adwene kɔɔ nsakrae a na ɛbɛba Yudafo a wɔresan aba wɔn asase so no mu so titiriw, ɛnkanka wɔn ahurusidi no.
13, 14. Nsakrae a ɛbɛba nnipa mu bɛn na Yesaia 35:3, 4 kaa ho asɛm siei?
13 Sɛnea ɛte no, ma yɛnhwehwɛ saa nkɔmhyɛ yi a ɛkanyan adwene yi mu nkɔ akyiri na yenhu sɛnea enyaa mmamu wɔ bere a Yudafo no nyaa ahofadi na wɔsan fi Babilon bae no. Wɔ nkyekyem 3 ne 4 no, Yesaia ka nsakrae foforo a na ɛbɛba saafo a wɔsan bae no mu ho asɛm sɛ: “Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mummia anankoroma a agow mu; monka nkyerɛ wɔn a wɔn koma atu sɛ: Monhyɛ mo ho den, munnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn ni! Aweredi, Onyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abegye mo nkwa!”
14 Sɛ yesusuw ho sɛ yɛn Nyankopɔn a otumi ma asase kesee sakra yɛ papa no wɔ n’asomfo ho anigye kɛse saa a, ɛnhyɛ yɛn den? Ná ɔmpɛ sɛ Yudafo a wɔwɔ nnommum mu no bɛyɛ mmerɛw, wɔn abam bebu, anaa wobenya daakye ho dadwen. (Hebrifo 12:12) Susuw saa Yudafo nnommum no tebea no ho hwɛ. Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa wɔn daakye ho mu anidaso a na wobetumi anya a, anka ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobetumi ahwɛ biribi pa kwan. Ná ayɛ te sɛ nea wɔwɔ afiasedan bi a emu yɛ sum mu, a wonni ahofadi a wɔde bɛkɔ baabiara na wɔde nnamyɛ asom Yehowa. Ebetumi aba sɛ ɛyɛɛ wɔn sɛ nea hann biara nni wɔn anim.—Fa toto Deuteronomium 28:29; Yesaia 59:10 ho.
15, 16. (a) Dɛn na yebetumi aka sɛ Yehowa yɛ maa wɔn a wɔsan bae no? (b) Dɛn nti na na wɔn a wɔsan bae no renhwɛ kwan sɛ wobenya honam fam ayaresa ankasa wɔ anwonwakwan so, nanso dɛn na Onyankopɔn yɛe a ɛne Yesaia 35:5, 6 hyia?
15 Nanso, hwɛ sɛnea ɛno sakrae bere a Yehowa maa Kores gyaee wɔn sɛ wɔnkɔ wɔn kurom no! Adanse biara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nam anwonwakwan so maa Yudafo a wɔresan aba no mu anifuraefo ani buei, asotifo tee asɛm, anaa ɔsaa apakye biara anaa wɔn a wɔn nan ne wɔn nsa atwitwa yare. Nanso, nokwarem no, ɔyɛɛ biribi a ɛsen saa koraa. Ɔsan de wɔn baa hann ne ahofadi a na ɛwɔ wɔn asase a wɔn ani gye ho so no mu.
16 Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔsan bae no hwɛɛ kwan sɛ Yehowa nam anwonwakwan so bɛsa honam fam yare a ɛte saa. Ɛbɛyɛ sɛ na wonim sɛ Onyankopɔn anyɛ saa amma Isak, Simson, anaa Eli. (Genesis 27:1; Atemmufo 16:21, 26-30; 1 Samuel 3:2-8; 4:15) Nanso sɛ na wɔrehwɛ sɛnkyerɛnne kwan so nsakrae bi a efi soro kwan a, wɔamma wɔn nsa ansi fam. Nokwarem no, nkyekyem 5 ne 6 nyaa mmamu ankasa wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Yesaia ka siei pɛpɛɛpɛ sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom, na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so; na kumaforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa; sakraman trabea a wobutuwii no, wura befifi aka demmire ne nkyɛkyerɛ ho.”
Asase no a Wɔbɛma Adan Paradise
17. Honam fam nsakrae bɛn na ɛda adi sɛ Yehowa ma ɛbae?
17 Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn a wɔama wɔasan aba no wɔ nea enti a wobetumi adi ahurusi wɔ tebea horow a Yesaia kɔɔ so kaa ho asɛm no ho: “Na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so; na kumaforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa; sakraman trabea a wobutuwii no, wura befifi aka demmire ne nkyɛkyerɛ ho.” (Yesaia 35:6b, 7) Ɛwom sɛ ebia yentumi nhu wɔ baabi a na ɛhɔ yɛ Yuda no nyinaa nnɛ de, nanso adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ bere bi na ɛhɔ yɛ “paradise adidibea.”a
18. Ɛbɛyɛ sɛ Yudafo a wɔsan bae no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Onyankopɔn nhyira horow no ho?
18 Ɛdefa nneɛma a ɛde anigye ba ho no, susuw sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yudafo a wɔaka no tee nka bere a wɔma wɔsan kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no ho hwɛ! Na wɔwɔ hokwan sɛ wɔfa asase a asɛe a sakraman ne mmoa foforo a ɛtete saa wɔ so no, na wɔyɛ no foforo. Anka w’ani rennye sɛ wobɛyɛ afisiesie adwuma yi bi, ɛnkanka sɛ wunim sɛ Onyankopɔn rehyira wo mmɔdenbɔ so a?
19. Ɔkwan bɛn so na na biribi bata Babilon nnommum mu a wobefi aba no ho?
19 Nanso, ɛnyɛ obiara kɛkɛ, ne Yudani biara a ɔwɔ nnommum mu wɔ Babilon no na na obetumi akɔ anaa ɔkɔ konyaa nsiesie adwuma a ɛyɛ anigye no mu kyɛfa. Onyankopɔn de gyinapɛn ahorow sisii hɔ. Ná obiara a ɔde ne ho ahyɛ Babilonfo abosonne mu de agu ne ho fĩ no nni hokwan sɛ ɔsan kɔ bi. (Daniel 5:1, 4, 22, 23; Yesaia 52:11) Saa ara na na obiara a ɔreyɛ biribi a nyansa nnim no renkɔ bi. Nkurɔfo a na wɔte saa no nyinaa amfata. Nanso, na wɔn a wodu Nyankopɔn gyinapɛn horow ho a obu wɔn akronkronfo wɔ ntotoho kwan so no betumi asan akɔ Yuda. Na wobetumi atu kwan no te sɛ nea wɔnam Ɔkwan Kronkron bi so. Yesaia maa ɛno mu daa hɔ wɔ nkyekyem 8 sɛ: “Na ɔtempɔn ne ɔkwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no ɔkwan kronkron; nea ne ho ntew remfa so, na wɔn na wɔde bɛma wɔn; ntetekwaa mpo remfom kwan wɔ mu.”
20. Bere a Yudafo no resan aba no, dɛn na na ɛho nhia sɛ wosuro, na dɛn na efi mu bae?
20 Na ɛho nhia sɛ Yudafo a wɔresan aba no suro sɛ nnipa a wɔn su te sɛ mmoa anaa afowfo bɛtow ahyɛ wɔn so. Dɛn ntia? Efisɛ na Yehowa remma nkurɔfo a wɔte saa ne ne nkurɔfo a wagye wɔn no mfa Ɔkwan no so. Enti na wobetumi de adwempa atu kwan no a wɔwɔ anidaso a ɛyɛ anigye. Hyɛ sɛnea Yesaia kaa ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ yi awiei no nsow: “Gyata biara remma hɔ, na anworannworammoa bi rensi so; wɔrenhu bi wɔ hɔ, wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa so. Wɔn a Awurade apon wɔn no bɛsan aba, na wɔde dwom aba Sion; na daa anigye bɛtra wɔn atifi, ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.”—Yesaia 35:9, 10.
21. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛte ase nnɛ no bu Yesaia ti 35 mmamu a anya dedaw no?
21 Nkɔmhyɛ kwan so mfonini bɛn ara na yehu wɔ ha yi! Nanso, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ eyi yɛ tete abakɔsɛm bi ara kwa, te sɛ nea gyama na ɛyɛ kyerɛwtohɔ a ɛyɛ dɛ bi a ɛmfa yɛn mprempren tebea anaa yɛn daakye ho hwee. Nokwasɛm no ne sɛ saa nkɔmhyɛ yi nya mmamu a ɛyɛ nwonwa wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ, enti ɛyɛ nokware sɛ ɛfa yɛn mu biara ho. Ɛde ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yedi ahurusi ma yɛn. Wɔaka saa afã yi a ɛfa wo mprempren ne daakye asetra ho no ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Kuadwuma ho nimdefo Walter C. Lowdermilk (a ɔyɛ Amanaman Nkabom no Aduan ne Kuadwuma Ahyehyɛde no ananmusifo) gyinaa saa beae hɔ nhwehwɛmu a ɔyɛe so kae sɛ: “Na asase yi yɛ paradise adidibea bere bi.” Ɔkyerɛe nso sɛ sɛnea ɛhɔ wim tebea te no nsesae ahe biara “fi Romafo bere so,” na “nnipa na ɛyɛ maa ‘anhweatam’ besii asase a bere bi na ɛyɛ frɔmfrɔm no ananmu, na ɛnyɛ ɛno ara na ɛyɛɛ saa.”
Wokae?
◻ Bere bɛn na Yesaia ti 35 nyaa ne mmamu a edi kan?
◻ Dɛn na na nkɔmhyɛ no mmamu a edi kan no de bɛba?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa Yesaia 35:5, 6 baam?
◻ Nsakrae bɛn na ɛbaa asase no so ne Yudafo a wɔsan bae no tebea mu?
[Kratafa 9 mfonini]
Petra amamfõ, beae a bere bi na Edomfo te
[Asɛm Fibea]
Garo Nalbandian
[Kratafa 10 mfonini ahorow]
Bere a na Yudafo no wɔ nnommum mu no, Yuda fã kɛse no ara bɛdanee sare, na mmoa a wɔn ho yɛ hu te sɛ asisi ne agyata bɛhyɛɛ hɔ ma
[Nsɛm Fibea]
Garo Nalbandian
Osisi ne Gyata: Safari-Zoo of Ramat-Gan, Tel Aviv