Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 12/1 kr. 32
  • Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Sen Ɛna De

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Sen Ɛna De
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 12/1 kr. 32

Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Sen Ɛna De

AWOFO kogyigya wɔn mma a wɔawo wɔn foforo gu keteke agyinae, mmeae a amanfo gya wɔn anan, anaa akwan a nnipa taa fa so so. Ɛtɔ da a, wɔn a wɔsesa nwura hu mmotafowa nketenkete a wɔasu ahwehwɛ wɔn maame abrɛ wɔ nnaka a wɔde wura gu mu mpo mu. Sɛnea O Estado de S. Paulo kyerɛ no, “mmofra a wɔto wɔn gu akwan mu no redɔɔso.” Nokwarem no, ebia akyiri yi ɛna a onnyinii no benu ne ho wɔ nea ɔyɛe no ho. Nanso, ɔyɛ saa, ɛmfa ho mpo sɛ ne ba no betumi awu.

Ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na ɛna atumi anya adwene mpo sɛ ɔbɛto ne ba akyene bere a onnim nea ɛbɛto no daakye?’ Bible no de awerɛhosɛm a ɛte saa yɛ kasakoa de kyerɛ nsonsonoe kɛse a ɛda eyi ne sɛnea yɛn Bɔfo no te nka wɔ wɔn a wɔyɛ n’ankasa de ho no ntam: “So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho? Sɛ eyinom werɛ befi po a, me de, me werɛ remfi wo.”—Yesaia 49:15.

Nokwarem no, nea ɛsen ɔdesani na biara no, Onyankopɔn wɔ ɔdɔ a ɛkɔ akyiri ma yɛn na n’ani mpa yɛn ahiade so. Sɛ́ woyɛ obi a wunnyinii anaa sɛ ɔpanyin no, ɛmfa ho ɔhaw biara a wubehyia no, wonyɛ ankonam. Wo Bɔfo no pɛ sɛ ɔboa wo na wo yiyedi ho hia no. Odwontofo no ka sɛ: “Na m’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.”—Dwom 27:10.

Wɔ wiase nyinaa no, wotintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ma wɔn a wɔde anisɔ kenkan no nya “nokware Nyankopɔn koro,” Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo, ho nimdeɛ a ebetumi akyerɛ daa nkwa ama wɔn no.—Yohane 17:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena