Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Kɔ So Kura Nea Wowɔ No Mu Dennen”
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • 12. Dɛn nti na ebia Yudafo hyiadan a ɛwɔ Filadelfia no mufo no ho bedwiriw wɔn sɛ wɔbɛte sɛ wɔn mu binom ‘bɛkotow’ Kristofo a wɔwɔ hɔ no?

      12 Ebia Yudafo hyiadan a ɛwɔ Filadelfia no mufo ho bedwiriw wɔn sɛ wɔbɛte sɛ ɛsɛ sɛ wɔn mu binom ‘kotow’ Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ no. Esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn a wɔnyɛ Yudafo pii wɔ saa asafo no mu no nti, na wɔbɛhwɛ nea ɛne eyi bɔ abira korakora kwan. Dɛn ntia? Efisɛ Yesaia ka siei sɛ: “Na ahene [a wɔnyɛ Yudafo] bɛyɛ wo [Israel man] gyigyefo, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufumafo; wɔde wɔn anim bebutubutuw fam ama wo.” (Yesaia 49:23; 45:14; 60:14) Saa ara nso na wɔde honhom kaa Sakaria ma ɔkyerɛw sɛ: “Nna no mu na mmarima du [a wɔnyɛ Yudafo] a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sakaria 8:23) Yiw, na wɔn a wɔnyɛ Yudafo bɛkotow Yudafo, na ɛnyɛ Yudafo na ɛbɛkotow wɔn a wɔnyɛ Yudafo!

  • “Kɔ So Kura Nea Wowɔ No Mu Dennen”
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • 14. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 49:23 ne Sakaria 8:23 anya mmamu titiriw nnɛ mmere yi mu?

      14 Nnɛ mmere yi mu no, nkɔmhyɛ ahorow te sɛ Yesaia 49:23 ne Sakaria 8:23 anya mmamu titiriw yiye. Esiane Yohane kuw no asɛnka nti, nnipadɔm kɛse bi afa pon a wɔahiɛ no mu aba Ahenni som mu.b Eyinom mu dodow no ara fi Kristoman a n’anyamesom ahorow di atoro ka sɛ ɛyɛ honhom mu Israel no mu. (Fa toto Romafo 9:6 ho.) Eyinom, sɛ nnipakuw kɛse no, nam wɔn gyidi wɔ Yesu afɔrebɔ mogya mu no so horo wɔn ntade ma ɛhoa fitaa. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14) Osetie a wɔyɛ ma Kristo Ahenni nniso nti, wɔwɔ anidaso sɛ wobenya ne nhyira ahorow wɔ asase so ha. Wɔba Yesu nuanom a wɔasra wɔn no nkyɛn ‘bɛkotow’ wɔn wɔ honhom fam, efisɛ ‘wɔate sɛ Onyankopɔn ne wɔn te.’ Wɔsom wɔn a wɔasra wɔn yi a wɔn ankasa ne wɔn ayɛ biako wɔ wiase nyinaa anuanom ayɔnkofa bi mu no.​—Mateo 25:34-40; 1 Petro 5:9.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena