Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Asɛm a Anidaso Wom Ma Nnommum a Wɔn Abam Abu
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
    • ‘Aman Mmarahyɛfo’

      13. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ “aman dansefo” wɔ ne som adwuma no mu ne bere a ɔforo kɔɔ soro no akyi nyinaa?

      13 Dɛn na na ɔhene a ɔbɛba daakye yi bɛyɛ? Yehowa kae sɛ: “Hwɛ, mede no mayɛ aman dansefo, aman safohene ne mmarahyɛfo.” (Yesaia 55:4) Bere a Yesu nyinii no, na ɔyɛ Yehowa nanmusifo wɔ asase so, Onyankopɔn dansefo ma amanaman. Wɔ n’asetra sɛ onipa mu no, ɔnam ne som adwuma no so hwehwɛɛ “Israel fi nguan a ayera no.” Nanso, aka kakraa bi ma Yesu aforo akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo . . . Hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 10:5, 6; 15:24; 28:19, 20) Enti bere kɔɔ so no, wɔde Ahenni asɛm no kɔɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo no nkyɛn, na wɔn mu bi nyaa apam a wɔne Dawid yɛe no mmamu mu kyɛfa. (Asomafo no Nnwuma 13:46) Wɔ saa kwan yi so no, bere a Yesu wui, ɔsɔree, na ɔforo kɔɔ soro akyi mpo no, ɔkɔɔ so yɛɛ Yehowa “aman dansefo.”

      14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ne ho adi sɛ “safohene ne mmarahyɛfo”? (b) Anidaso bɛn na na Yesu akyidifo a wɔwɔ afeha a edi kan mu no wɔ?

      14 Ná Yesu bɛyɛ “safohene ne mmarahyɛfo” nso. Sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ no, bere a na Yesu wɔ asase so no ogyee ne tiyɛ ho asɛyɛde ahorow no toom koraa dii anim ɔkwan biara so, twee dɔm pii dii n’akyi, kyerɛkyerɛɛ wɔn nokware no, na ɔnam so kyerɛɛ mfaso horow a wɔn a wodi n’akyi no benya. (Mateo 4:24; 7:28, 29; 11:5) Ɔtetee n’asuafo no yiye, siesiee wɔn ma wɔfaa asɛnka adwuma a na ɛda wɔn anim no too wɔn ho so. (Luka 10:1-12; Asomafo no Nnwuma 1:8; Kolosefo 1:23) Yesu de mfirihyia abiɛsa ne fã pɛ too amanaman ntam asafo a biakoyɛ wom a emufo yɛ mpempem pii na wofi mmusua pii mu no fapem! Obi a ɔyɛ “safohene ne mmarahyɛfo” ankasa nko ara na obetumi ayɛ adwuma kɛse a ɛte saa.b

      15 Wɔde Onyankopɔn honhom kronkron sraa wɔn a wɔboaboaa wɔn ano baa afeha a edi kan Kristofo asafo no mu no, na wonyaa anidaso sɛ wɔbɛka Yesu ho ne no adi ade wɔ ne soro Ahenni no mu. (Adiyisɛm 14:1) Nanso, Yesaia nkɔmhyɛ no kɔ akyiri sen tete Kristofo no bere so. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ Yesu Kristo amfi ase anni ade sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene besii afe 1914 mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, tebea bi kɔɔ so wɔ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no mu, a na ɛne Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu nsɛm tebea pii di nsɛ. Nokwarem no, nea ɛtoo saa Kristofo no yɛɛ Yesaia nkɔmhyɛ no mmamu kɛse.

      Ɛnnɛyi Nnommumfa ne Ahofadi

      16. Amanehunu bɛn na edii agua so a wɔde Yesu sii wɔ afe 1914 mu no akyi?

      16 Wiase amanehunu a na ebi mmaa da na ɛhyɛɛ agua so a wɔde Yesu sii sɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu no agyirae. Dɛn ntia? Efisɛ bere a Yesu bɛyɛɛ Ɔhene pɛ na otuu Satan ne ahonhommɔne afoforo fii soro. Satan baa asase so pɛ na ofii ase ko tiaa akronkronfo, Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo no. (Adiyisɛm 12:7-12, 17) Eduu ne mpɔmpɔn so wɔ afe 1918 mu, bere a ɛkame ayɛ sɛ wogyaee baguam asɛnka adwuma no koraa na wotwaa atoro too Ɔwɛn Aban Asafo no mpanyimfo a na asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no so sɛ wotutu ɔman ase, de wɔn guu afiase no. Saa kwan yi so na nnɛyi Yehowa asomfo nam kɔɔ honhom fam nnommumfa mu te sɛ honam fam nnommumfa mu a tete Yudafo no kɔe no. Ahohorabɔ kɛse baa wɔn so.

      17. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no tebea sesae wɔ afe 1919 mu, na ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ wɔn den saa bere no?

      17 Nanso, nnommumfa mu a Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn kɔe no ankyɛ. March 26, 1919 no, wogyaee mpanyimfo a wɔde wɔn guu afiase no, na akyiri yi woyii sobo a wɔbɔɔ wɔn no nyinaa fii wɔn so. Yehowa hwiee ne honhom kronkron guu ne nkurɔfo a na wɔanya ahofadi no so, hyɛɛ wɔn den maa adwuma a na ɛda wɔn anim no. Wɔde anigye gyee nsa a wɔto frɛɛ wɔn sɛ ‘wommegye nkwa nsu no kwa’ no so. (Adiyisɛm 22:17) Wɔtɔɔ ‘nsã ne nufusu a ɛnyɛ sika na wɔde tɔ,’ na wɔhyɛɛ wɔn den honhom fam maa ntrɛwmu adwuma a na ɛreba no, adwuma a na nkaefo a wɔasra wɔn no nhu nsiei no.

      Nnipakuw Kɛse Bi Guan Kɔ Wɔn a Onyankopɔn Asra Wɔn Nkyɛn

      18. Akuw abien bɛn na yehu wɔn wɔ Yesu Kristo asuafo mu, na wɔayɛ kuw bɛn nnɛ?

      18 Yesu asuafo hwɛ anidaso ahorow abien mu biako kwan. Nea edi kan no, wɔaboaboa “kuw ketewa” a wɔn dodow si 144,000 ano—Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ Yudafo ne Amanaman mufo a wɔyɛ “Nyankopɔn Israel” a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Yesu bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni mu no. (Luka 12:32; Galatifo 6:16; Adiyisɛm 14:1) Nea ɛto so abien no, wɔ nna a edi akyiri mu no, “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no ada wɔn ho adi. Saafo yi wɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so. Ansa na ahohia kɛse no befi ase no, saa nnipadɔm yi—a wɔnkyerɛɛ wɔn dodow no—ne kuw ketewa no mufo som, na akuw abien no nyinaa mufo yɛ “kuw biako” wɔ “ɔhwɛfo biako” ase.—Adiyisɛm 7:9, 10; Yohane 10:16.

  • Asɛm a Anidaso Wom Ma Nnommum a Wɔn Abam Abu
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
    • b Yesu da so hwɛ asuafoyɛ adwuma no so. (Adiyisɛm 14:14-16) Ɛnnɛ, Kristofo mmarima ne mmea bu Yesu sɛ asafo no Ti. (1 Korintofo 11:3) Na Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, Yesu bɛyɛ n’ade sɛ “safohene ne mmarahyɛfo” wɔ ɔkwan foforo so, bere a obedi anim ako ɔko a etwa biribiara so atia Onyankopɔn atamfo wɔ Harmagedon no.—Adiyisɛm 19:19-21.

  • Asɛm a Anidaso Wom Ma Nnommum a Wɔn Abam Abu
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
    • [Mfonini wɔ kratafa 239]

      Yesu daa ne ho adi sɛ ɔyɛ “safohene ne mmarahyɛfo” ma amanaman

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena