-
Hann Kurafo—Ma Atirimpɔw Bɛn?Ɔwɛn-Aban—1993 | January 15
-
-
16, 17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa n’anuonyam hyerɛn wɔ n’ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔbea no so wɔ 1914 mu, na ahyɛde bɛn na ɔde maa no
16 Kyerɛwnsɛm no de kasa a ɛkanyan nnipa ka ɔkwan a wɔnam so ma ɔsoro hann no trɛw du nnipa a wɔwɔ baabiara nkyɛn no ho asɛm. Yesaia 60:1-3 a wɔka emu nsɛm kyerɛ Yehowa “ɔbea” no, anaa ne nokware asomfo soro ahyehyɛde no se: “Sɔre haran [O ɔbea], na wo hann reba, na [Yehowa] anuonyam apue wo so. Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na sum kabii akata aman so; nanso [Yehowa] bepue wo so, na n’anuonyam abeda adi wo so. Na amanaman bɛnantew aba wo hann no ho, na ahene aba hyerɛn a apue wo so no ho.”
-
-
Hann Kurafo—Ma Atirimpɔw Bɛn?Ɔwɛn-Aban—1993 | January 15
-
-
18. (a) Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm wɔ Yesaia 60:2 no, dɛn nti na esum kata asase so? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi agye ankorankoro afi asase so sum mu?
18 Nea ɛne eyi bɔ abira no, esum kata asase so na esum kabii kata aman so. Dɛn ntia? Efisɛ amanaman no pow Onyankopɔn Dɔba no nniso no, na wogye nnipa nniso tom. Wosusuw sɛ sɛ woyi nnipa nniso biako fi hɔ na wogye foforo tom a, wobedi wɔn haw ahorow ho dwuma. Nanso eyi mfa ahotɔ a wɔhwɛ kwan no mma. Wonhu nea ɔhyɛ akyi a ofi ahonhom atrae daadaa amanaman no. (2 Korintofo 4:4) Wɔpow nokware hann Fibea no ma enti wɔwɔ sum mu. (Efesofo 6:12) Nanso, nea amanaman no yɛ mfa ho, wobetumi agye ankorankoro afi saa sum no mu. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam gyidi koraa a wobenya wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu na wɔabrɛ wɔn ho ase ahyɛ ase no so.
19, 20. (a) Dɛn nti na ɔkwan bɛn so na Yehowa anuonyam ahyerɛn wɔ Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no so? (b) Dɛn nti na Yehowa ayɛ ne nkurɔfo a wɔasra wɔn no hann kurafo? (d) Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, ɔkwan bɛn so na wɔatwetwe “ahene” ne “amanaman” aba hann a Onyankopɔn de ama no ho?
19 Kristoman nkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni no mu gyidi na ɛmmrɛɛ ne ho ase nhyɛɛ ase ɛ. Nanso Yesu Kristo akyidifo a wɔde honhom asra wɔn no ayɛ saa. Esiane eyi nti, Yehowa hann a ɛyɛ ɔsoro mpeneso ahyerɛn wɔ ne soro ɔbea no ananmusifo a aniwa hu wɔn yi so, na n’anuonyam ada adi wɔ wɔn so. (Yesaia 60:19-21) Wɔwɔ honhom mu hann a wiase no amammui anaa sikasɛm mu nsakrae biara rentumi nyi mfi hɔ. Yehowa agye wɔn afi Babilon Kɛse no mu. (Adiyisɛm 18:4) Wɔwɔ n’anim dom efisɛ wɔagye ne ntɛeso atom na wɔde nokwaredi agyina ne tumidi akyi. Wɔwɔ daakye ho anidaso pa, na wɔn ani gye wɔ anidaso a ɔde asi wɔn anim no mu.
-