Ɔman Ba Anaasɛ Ɔhɔho No, Onyankopɔn Gye Wo Tom!
“Na ɔmaa nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako mu traa asase so nyinaa.”—ASOMAFO NO NNWUMA 17:26.
1. Ɔhaw bɛn na ɛkɔ so wɔ mmeae pii wɔ gye a wogye aman afoforo mu nnipa tom no ho?
NSƐM ho amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ahɔho, atubrafo ne aguanfo ho asɛm rehaw adwene wɔ aman pii so. Ɔpepem pii ho pere wɔn sɛ wobetu afi Asia, Afrika, Europa, ne Amerika mmeae bi. Ebia wɔpɛ ahotɔ afi ohia buroburo, ɔmanko, anaasɛ ɔtaa mu. Nanso so wogye wɔn wɔ mmeae afoforo? Time nsɛmma nhoma no se: “Bere a sɛnea Europa mmusua adi afra fi ase sakra yi, aman binom ahu sɛ wɔmpɛ aman afoforo amammerɛ te sɛ nea wosusuw sɛ anka wɔpɛ no.” Time kaa aguanfo 18,000,000 a “wɔmpɛ wɔn” no ho asɛm sɛ: “Ɔhaw a wɔyɛ ma aman a asi wɔn yiye no remfi hɔ da.”
2, 3. (a) Awerɛhyem a ɛyɛ anigye bɛn na Bible no de ma wɔ gye a wogye obi tom no ho? (b) Dɛn nti na yebetumi anya nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ sɛnea Onyankopɔn ne nkurɔfo dii no ho mu a yɛbɛhwehwɛ no mu mfaso?
2 Nea ebesi biara wɔ asɛm yi mu no, Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn gye ɔman biara mu nnipa tom—sɛ ɔyɛ ɔman ba a wɔwoo no wɔ ɔman no mu, otubrafo, anaasɛ oguanfo no. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) ‘Nanso,’ ebia ebinom bebisa sɛ, ‘wobɛyɛ dɛn atumi aka saa? So Onyankopɔn ampow afoforo ampaw tete Israel nkutoo sɛ ne man?’
3 Wiɛ, ma yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn ne ne tete nkurɔfo dii. Yebetumi ahwehwɛ hokwan ahorow a ɛwɔ hɔ ma nokware asomfo nnɛ ho nkɔmhyɛ ahorow bi nso mu. Nkɔmhyɛ yi mu hwehwɛ betumi ama woanya ntease kɛse a wubetumi ahu sɛ ɛhyɛ nkuran yiye. Ɛkyerɛ sɛnea ebia Onyankopɔn ne nnipa a “wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” no bedi wɔ ahohiahia kɛse no akyi no nso.—Adiyisɛm 7:9, 14-17.
‘Amanaman Nyinaa Benya Nhyira’
4. Ɛyɛɛ dɛn na ɔhaw a ɛne nnipa mu a ɛkyekyɛ yɛɛ aman no bae, na dɛn na Onyankopɔn yɛe?
4 Nsuyiri no akyi no, na Noa abusua kɔntɔnkrɔn no ne adesamma abusua no mufo nyinaa, na na wɔn nyinaa yɛ nokware asomfo. Nanso ankyɛ saa biakoyɛ no sakrae. Ankyɛ koraa nnipa bi a na wɔabu wɔn ani agu Onyankopɔn apɛde so fii ase too abantenten bi. Eyi maa adesamma mu kyekyɛ yɛɛ akuwakuw a wɔka kasa horow, a wɔbɛyɛɛ nnipa ne aman a wɔabɔ wɔn ahwete. (Genesis 11:1-9) Nanso, na nokware som kɔ so wɔ abusua a ɛbɛwoo Abraham no mu. Onyankopɔn hyiraa ɔnokwafo Abraham na ɔhyɛɛ bɔ sɛ n’asefo bɛyɛ ɔman kɛse. (Genesis 12:1-3) Saa ɔman no ne tete lsrael.
5. Dɛn nti na yɛn nyinaa betumi anya akokoduru afi sɛnea Onyankopɔn ne Abraham dii no mu?
5 Nanso, na ɛnyɛ sɛ Yehowa repaw Israel nkutoo na wapow nnipa afoforo, efisɛ n’atirimpɔw trɛw kaa adesamma nyinaa. Yehu eyi pefee wɔ nea Onyankopɔn de hyɛɛ Abraham bɔ no mu: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.” (Genesis 22:18) Enti, mfehaha pii no, Onyankopɔn ne Israel dii wɔ ɔkwan soronko bi so, ɔmaa ɔman no Mmara, ɔyɛɛ nhyehyɛe ma asɔfo bɔɔ afɔre wɔ n’asɔrefi, na ɔde Bɔhyɛ Asase a wɔbɛtra so maa wɔn.
6. Ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa benya nhyehyɛe ahorow a Onyankopɔn ne Israel yɛe no mu mfaso?
6 Na Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no ye ma amanaman nyinaa mu nnipa, efisɛ ɛmaa bɔne a ɛwɔ nnipa ho no daa adi, na ɛkyerɛe sɛ yehia afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ na wɔde apata nnipa bɔne prɛko. (Galatifo 3:19; Hebrifo 7:26-28; 9:9; 10:1-12) Nanso na awerɛhyem bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ Abraham Aseni—a amanaman nyinaa nam no so benya nhyira—no bɛba na wayɛ nneɛma a wɔhwehwɛ no? Mmara a wɔde maa Israel no boae wɔ ha nso. Ɛbaraa wɔne Kanaanfo, nnipa a na ɔbrasɛe nneyɛe ne amanne te sɛ mmofra a wɔhyew wɔn animono ama wɔagye dimmɔne no ntam aware. (Leviticus 18:6-24; 20:2, 3; Deuteronomium 12:29-31; 18:9-12) Onyankopɔn hyɛe sɛ wongu wɔne wɔn nneyɛe ase. Na ɛno bɛyɛ mfaso a ɛbɛtra hɔ akyɛ ama wɔn nyinaa, a ɔhɔho nso ka ho, efisɛ na ɛremma Aseni no abusua abrabɔ nsɛe.—Leviticus 18:24-28; Deuteronomium 7:1-5; 9:5; 20:15-18.
7. Asɛm bi a esii tete bɛn na ɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn gyee ahɔho toom?
7 Bere a na Mmara no yɛ adwuma no na Onyankopɔn bu Israel sɛ ɔman soronko bi mpo no, oyii mmɔborohunu adi kyerɛɛ wɔn a wɔnyɛ Israelfo. Ɔdaa ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ saa no adi bere a na lsraelfo fi Misraim nkoasom mu rekɔ wɔn ankasa asase so no. “Afrafrafo pii nso ne wɔn kɔe.” (Exodus 12:38) Ɔbenfo C. F. Keil frɛ wɔn sɛ “ahɔho bebree . . . amanfrafo anaasɛ nnipadɔm a ɛsono aman a wofi mu.” (Leviticus 24:10; Numeri 11:4) Ebetumi aba sɛ Misrifo pii a wogyee nokware Onyankopɔn no toom ka ho.
Ogye Ahɔho Tom
8. Ɛyɛɛ dɛn na Gibeonfo nyaa baabi trae wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu?
8 Bere a Israel dii Onyankopɔn ahyɛde a ese wɔntɔre aman a wɔn bra asɛe no ase mfi Bɔhyɛ Asase no so so no, ɔbɔɔ ahɔho kuw biako bi, Gibeonfo, a na wɔte Yerusalem kusuu fam no ho ban. Wɔsomaa nnipa a wɔasakra wɔn ho kɔɔ Yosua nkyɛn, wɔkɔhwehwɛɛ asomdwoe na wonyae nso. Bere a wohuu wɔn nnaadaasɛm no, Yosua hyɛe sɛ Gibeonfo no bɛsom sɛ ‘nnuatwafo ne nsusawfo ama asafo no ne Yehowa afɔremuka no.’ (Yosua 9:3-27) Ɛnnɛ atubrafo pii nso gye ɔsom dibea a ɛba fam na ama wɔayɛ ɔman foforo mufo.
9. Ɔkwan bɛn so na Rahab ne n’abusua ho nhwɛso no yɛ nkuranhyɛ ma ahɔho a na wɔwɔ Israel no?
9 Ebia ɛbɛhyɛ wo nkuran sɛ wubehu sɛ ɛnyɛ ahɔho akuw nko na Onyankopɔn gyee wɔn toom saa bere no; ogyee ankorankoro nso toom. Ɛnnɛ aman bi gye atubrafo a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn, ahonyade a wɔde bɛyɛ nnwuma anaasɛ nhomanim a ɛkɔ anim nkutoo. Yehowa nte saa, sɛnea yehu wɔ asɛm bi a Gibeonfo asɛm no sii wɔ ɛno akyi pɛɛ no mu no. Eyi fa Kanaani bi a na ɛda adi sɛ ɔnyɛ onipa titiriw bi no ho. Bible no frɛ no “aguaman Rahab.” Esiane nokware Nyankopɔn no mu gyidi a na ɔwɔ nti, wogyee ɔne ne fifo bere a wɔsɛee Yeriko no. Ɛwom sɛ na Rahab yɛ ɔhɔho de, nanso lsraelfo no gyee no toom. Ɔyɛ gyidi ho nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesuasua. (Hebrifo 11:30, 31, 39, 40; Yosua 2:1-21; 6:1-25) Ɔbɛyɛɛ Mesia no nanabea mpo.—Mateo 1: 5, 16.
10. Na ahɔho a wogye wɔn tom wɔ Israel no gyina dɛn so?
10 Mmɔden a wɔn a wɔnyɛ lsraelfo bɔe sɛ wɔbɛsɔ nokware Nyankopɔn no ani no so na wogyinae gyee wɔn toom wɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔka kyerɛɛ lsraelfo no sɛ wɔne wɔn a wɔnsom Yehowa no mmmɔ, ne titiriw wɔ ɔsom fam. (Yosua 23:6, 7, 12, 13; 1 Ahene 11:1-8; Mmebusɛm 6:23-28) Nanso, amamfrafo a na wɔnyɛ Israelfo pii dii mmara atitiriw no so. Afoforo mpo bɛyɛɛ Yudasom mufo a wɔatwa wɔn twetia, na Yehowa gyee wɔn koraa sɛ n’asafo no mufo.—Leviticus 20:2; 24:22; Numeri 15:14-16; Acts 8:27.a
11, 12. (a) Na ɛsɛ sɛ Israelfo bu asomfo a wɔyɛ ahɔho no dɛn? (b) Dɛn nti na ebetumi ahia sɛ yenya nkɔso wɔ Yehowa nhwɛso a yebedi akyi no mu?
11 Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo no sɛ wonsuasua ne su a okura wɔ n’asomfo a wɔyɛ ahɔho no ho: “Na sɛ ɔhɔho bi bɛsoɛ mo asase so a, monnhyɛ no so. Ɔhɔho a wabɛtra mo mu nyɛ mo sɛ mo kuroni bi, na dɔ no sɛ wo ho, efisɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔho: Mene [Yehowa] mo Nyankopɔn.” (Leviticus 19:33, 34; Deuteronomium 1:16; 10:12-19) Eyi de asuade bi ma yɛn, ɛwom mpo sɛ yenni Mmara no ase de. Ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya abusua, ɔman, ne amammerɛ foforo ho adwene a ɛnteɛ ne ɔtan. Enti ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So merebɔ mmɔden atow saa adwene a ɛnteɛ no akyene, na madi Yehowa nhwɛso akyi?’
12 Na lsraelfo no wɔ adanse a aniwa hu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn gye obiara tom. Ɔhene Salomo bɔɔ mpae sɛ: “Nanso ɔhɔho a omfi wo man Israel mu na wo din nti ofi akyirikyiri asase bi so aba . . . sɛ ɔba bɛbɔ mpae kyerɛ ɔdan yi a, wo ara tie ɔsoro, wo trabea hɔ . . . nea ɛbɛyɛ na asase so aman nyinaa ahu wo din na wɔasuro wo.”—1 Ahene 8:41-43; 2 Beresosɛm 6:32, 33.
13. Dɛn nti na Onyankopɔn yɛɛ nsiesiei a ɛbɛma wasakra sɛnea ɔne Israel dii no?
13 Bere a na Yehowa da so ara de Israel man redi dwuma sɛ ne nkurɔfo, na ɔnam saayɛ so bɔɔ Mesia abusua no ho ban no, ɔkaa nsakrae atitiriw ho asɛm siei. Nea edi kan no, bere a Israel penee so sɛ wɔbɛyɛ Mmara Apam no mufo no, Onyankopɔn kae sɛ wobetumi ayɛ “asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.” (Exodus 19:5, 6) Nanso Israel anni nokware mfehaha pii. Enti Yehowa ka siei sɛ ɔbɛyɛ apam foforo a wɔde wɔn a wɔka bom yɛ “Israel fi” no amumɔyɛ ne wɔn bɔne befiri wɔn wɔ ase. (Yeremia 31:33, 34) Wɔde saa apam foforo no twɛn Mesia, a n’afɔrebɔ bɛtew nnipa pii ho afi bɔne ho no.—Yesaia 53:5-7, 10-12.
lsraelfo a Wɔwɔ Soro
14. “Israel” foforo bɛn na Yehowa gye toom, na wɔ ɔkwan bɛn so?
14 Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no boa yɛn ma yɛte sɛnea wɔyɛ eyi nyinaa no ase. Na Yesu ne Mesia no a ne wu maa Mmara no baa mu, na ɛtoo nnyinaso maa bɔne fafiri no. Sɛ obi benya mu mfaso a, enhia sɛ ɔyɛ Yudani a wɔatwa no twetia wɔ honam fam. Dabi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ wɔ apam foforo no mu no, ‘ɔyɛ Yudani wɔ ne mu, na ne twetiatwa yɛ komam, wɔ honhom mu, na ɛnyɛ nea wɔakyerɛw mu.’ (Romafo 2:28, 29; 7:6) Wɔn a wonya Yesu afɔrebɔ no mu gyidi no nya bɔne fafiri, na Onyankopɔn gye wɔn tom sɛ ‘honhom mu Yudafo,’ a wɔka bom yɛ honhom mu ɔman a wɔfrɛ no “Onyankopɔn Israel.”—Galatifo 6:16.
15. Dɛn nti na ɔman a obi fi mu no nyɛ nea wɔhwehwɛ na wabɛyɛ honhom mu Israelni?
15 Yiw, gye a wogye obi tom sɛ honhom mu Israelni no nnyina ɔman anaasɛ abusua bi a ofi mu so. Na ebinom te sɛ Yesu asomafo no yɛ honam fam Yudafo. Na afoforo te sɛ Romafo sahene Kornelio yɛ Amanaman Mufo momonotofo. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35, 44-48) Paulo kaa honhom mu Israel ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ: “Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehye bi nni hɔ bio.” (Kolosefo 3:11) Wɔn a wɔde Onyankopɔn honhom sraa wɔn no bɛyɛɛ “abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de.”—1 Petro 2:9; fa toto Exodus 19:5, 6 ho.
16, 17. (a) Asɛyɛde bɛn na honhom mu Israel wɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu? (b) Dɛn nti na ɛfata sɛ yesusuw wɔn a wɔnka Onyankopɔn Israel ho no ho?
16 Daakye bɛn na honhom mu lsraelfo wɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu? Yesu buae sɛ: “Kuw ketewa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.” (Luka 12:32) Wɔn a wɔasra wɔn a ‘wɔn man wɔ soro’ no, ne Oguammaa no bɛyɛ yɔnko adedifo wɔ n’Ahenni nniso no mu. (Filipifo 3:20; Yohane 14:2, 3; Adiyisɛm 5:9, 10) Bible no kyerɛ sɛ eyinom yɛ wɔn a ‘wɔasɔ wɔn ano wɔ Israel mma no mu’ na “wɔatɔ wɔn afi nnipa mu ayɛ wɔn mmakan ama Onyankopɔn ne Oguammaa no.” Wɔn dodow yɛ 144,000. Nanso, bere a Yohane de dodow a wɔasɔ wɔn ano ho kyerɛwtohɔ ma wiei no, ɔka kuw foforo ho asɛm—“nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.”—Adiyisɛm 7: 4, 9; 14:1-4.
17 Ebia ebinom bebisa sɛ: ‘Na ɔpepem pii a wɔnka honhom mu lsraelfo ho, te sɛ wɔn a ebia wobetwa ahohiahia kɛse no sɛ nnipakuw kɛse no nso ɛ? Asɛyɛde bɛn na wɔwɔ nnɛ wɔ wɔne honhom mu Israelfo nkaefo kakraa bi no ntam abusuabɔ mu?’b
Ahɔho wɔ Nkɔmhyɛ Mu
18. Dɛn na ɛmaa Israel san fii Babilon nnomumfa mu bae?
18 Sɛ yɛdan kɔ bere a na Israel wɔ Mmara apam no ase nanso wɔanni so no so a, yehu sɛ Onyankopɔn sii ne bo sɛ ɔbɛma Babilonfo asɛe Israel pasaa. Wɔ 607 A.Y.B mu no, wɔde Israel kɔɔ nnommumfa mu mfe 70. Afei Onyankopɔn san gyee ɔman no. Wɔ Amrado Serubabel akanni ase no, honam fam lsraelfo nkaefo bi san baa wɔn asase so. Media ne Persia ahemfo a na wɔatu Babilon agu no mpo de nneɛma maa nnommum a na wɔresan akɔ wɔn asase so no de boaa wɔn. Yesaia nhoma no kaa nsɛm a ebesisi yi ho asɛm siei. (Yesaia 1:1-9; 3:1-26; 14:1-5; 44:21-28; 47:1-4) Na Esra de wɔn sanba no ho abakɔsɛm mu nkyerɛkyerɛmu ma yɛn.—Esra 1:1-11; 2:1, 2.
19. Ɛdefa Israel sanba ho no, nkɔmhyɛ bɛn na ɛkyerɛe sɛ ahɔho bɛka ho?
19 Nanso, bere a Yesaia reka gye a wɔbɛsan agye Onyankopɔn nkurɔfo ne wɔn sanba ho asɛm asie no, ɔhyɛɛ nkɔm a ɛyɛ nwonwa yi sɛ: “Na amanaman bɛnantew aba wo hann no ho, na ahene aba hyerɛn a apue wo so no ho.” (Yesaia 59:20; 60:3) Eyi kyerɛ pii sen gye a wobegye ahɔho ankorankoro atom ma ɛne Salomo mpaebɔ ahyia. Na Yesaia reka gyinabea mu nsakrae soronko bi ho asɛm. “Amanaman” ne Israel mma bɛsom: “Ananafo mma bɛto w’afasu, na wɔn ahene asom wo; na m’abufuw mu na mehwee wo, na m’adɔeyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ.”—Yesaia 60:10.
20, 21. (a) Nnommumfa mu a Israel fi bae ho mfonini bɛn na yehu wɔ nnɛ bere yi mu? (b) Ɔkwan bɛn so na akyiri yi wɔde ‘mmabanin ne mmabea’ kaa honhom mu Israel ho?
20 Akwan pii so no, kɔ a lsraelfo kɔɔ nnommumfa mu na wɔsan baa wɔn asase so no yɛ honhom mu Israel ho mfonini bi wɔ nnɛ mmere yi mu. Ansa na Wiase Ko I reba no, na Kristofo a wɔasra wɔn nkaefo no nyɛ wɔn ade ma ɛne Onyankopɔn apɛde nhyia nwie; na wokura adwene ne nneyɛe bi a wɔde fi Kristoman asɔre ahorow mu no mu. Afei ɔko no ho nkate ntraso a ne fã bi fi asɔfo no asotu ma wɔde honhom mu Israel nkaefo mu atitiriw koguu afiase wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Ɔko no akyi wɔ 1919 Y.B. mu no, wogyaa wɔn a wɔasra wɔn a wogu afiase no, na wobuu wɔn bem. Eyi dii adanse sɛ wɔagye Onyankopɔn nkurɔfo afi Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no nnommumfa mu. Ne nkurɔfo kɔɔ so kyekyee honhom mu paradise na wɔtraa mu.—Yesaia 35:1-7; 65:13, 14.
21 Wɔdaa eyi adi wɔ Yesaia nkyerɛkyerɛmu no mu: “Wɔn nyinaa aboa ano reba ama wo; wo mmabanin fi akyirikyiri reba, na wo mmabea nso, wotuturu wɔn nkyɛn mu reba. Ɛno na wubehu, na w’anim atew, wo koma de ahosɛpɛw bedi ahurusi, efisɛ ɛpo ahonyade dodow redan abɛyɛ wo de, amanaman ahode reba wo kyɛn.” (Yesaia 60:4, 5) Wɔ mfe du du pii a edi hɔ no mu no, ‘mmabanin ne mmabea’ kɔɔ so bae, a wɔde honhom asra wɔn sɛ wɔntra mmeae a etwa to a aka wɔ honhom mu Israel no.
22. Ɔkwan bɛn so na “ahɔho” ne honhom mu lsraelfo abɛyɛ adwuma?
22 Na ‘ananafo a wɔbɛto w’afasu’ no nso ɛ? Eyi nso asi wɔ yɛn bere yi mu. Bere a na frɛ a wɔfrɛ 144,000 no reba awiei no, nnipakuw kɛse bi a wofi amanaman nyinaa mu fii ase sen yuu ne honhom mu Israel bɛsomee. Saa afoforofo yi wɔ daa nkwa wɔ paradise asase so ho akwanhwɛ a egyina Bible so. Ɛwom sɛ baabi a awiei koraa no wɔde wɔn nokwaredi bɛsom wɔ hɔ no bɛyɛ soronko de, nanso wɔn ani gyei sɛ wɔbɛboa nkaefo a wɔasra wɔn no ma wɔaka Ahenni no ho asɛmpa no.—Mateo 24:14.
23. “Ahɔho” aboa wɔn a wɔasra wɔn no akodu he?
23 Ɛnnɛ, “ahɔho” 4,000,000 ne akyi ne wɔn a ‘wɔn man wɔ soro’ no reda wɔn ahofama adi akyerɛ Yehowa. Wɔn mu pii, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin resom wɔ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ akwampaefo. Wɔ asafo ahorow 66,000 ne akyi no pii mu no, ahɔho a wɔte saa no redi asɛyɛde ahorow ho dwuma sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo. Nkaefo no redi ahurusi, bere a wohu Yesaia nsɛm yi mmamu no: “Na ahɔho begyina ahwɛ mo nguan, na ananafo mma ayeyɛ mo akuafo ne mo turoyɛfo.”—Yesaia 61:5.
24. Dɛn nti na sɛnea Onyankopɔn ne Israel ne afoforo dii wɔ bere a atwam no mu no betumi ahyɛ yɛn nkuran?
24 Enti asase so ɔman biara a woyɛ muni, otubrafo, anaasɛ oguanfo no, wowɔ hokwan kɛse sɛ wobɛyɛ honhom fam ɔhɔho a Ade Nyinaa so Tumfoɔ no gye no tom. Tumi a wubetumi anya hokwan ahorow wɔ ne som mu mprempren ne daa no ka gye a ogye wo tom no ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wuhu “otubrafo,” “ɔmamfrani,” “ɔhɔho,” ne “ɔnanani,” ntam nsonsonoe a, hwɛ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no Po 1, nkratafa 72-5, 849-51.
b Nnipa 10,600,000 ne akyi na wɔbaa Awurade Anwummeduan nkaedi a Yehowa Adansefo yɛe wɔ 1991 mu no ase, nanso 8,850 pɛ na wɔkae sɛ wɔyɛ honhom mu Israelfo nkaefo.
So Wohyɛɛ Eyi Nsow?
◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn de anidaso mae sɛ Obegye amanaman nyinaa mu nnipa atom?
◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo titiriw a wɔne Israelfo akyi no, nnipa afoforo betumi abɛn No?
◻ Wɔ nkɔmhyɛ mu no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn kyerɛe sɛ ahɔho bɛba abɛka Israel ho?
◻ Dɛn na ayɛ nnommumfa mu a Israel san fi bae no ho mfonini, na ɔkwan bɛn so na “ahɔho” ho asɛm wom?
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Ɔhene Solomo bɔɔ ahɔho a wɔbɛba abɛsom Yehowa ho mpae