Te sɛ mmorɔnoma a wɔretu aba wɔn ahunaniankasa mu
EBIA mmorɔnoma ka nnomaa a wodi kan a onipa yɛɛ wɔn afie mmoa no ho. Mfe mpempem pii a atwam no mu no, Misrifo—a na wɔpɛ sɛ wonya aduan afe mũ no nyinaa yɛɛ ahunaniankasa bɛn wɔn afie. Na wɔpɛ nnomaa no nam yiye, na na wɔde wɔn tiafi yɛ asase yiye. Ebeduu Mfinimfini Mfe no mu no, na ahunaniankasa yɛ agyapade a ɛsom bo, a aman bi mu no, adehye anaasɛ nyamesom ahyehyɛde nkutoo na wɔma wɔn kwan ma wɔyɛ bi.
Ɛwom sɛ nkokɔ asi mmorɔnoma ananmu sɛ nam a wɔde noa nnuan pii de, nanso wobetumi ahu tete ahunaniankasa bi nnɛ. Ahunaniankasa a ne mfonini wɔ atifi hɔ no wɔ Misraim. Ntokuru nketewa ɔhaha pii a wɔda mu wom.
Sɛ wɔresan aba yuu anwummere a, nnomaa akuw pii ba ahunaniankasa no mu. Hebrifo diyifo Yesaia kaa eyi ho asɛm bere a obisae sɛ: “Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum, ne te sɛ mmorɔnoma a wɔba wɔn nnomaa adan ntokuru mu yi?” (New World Translation) Nkyerɛase foforo ka sɛ: “Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum, wotu sɛ mmorɔnoma a wɔba wɔn ahunaniankasa mu no?”—Yesaia 60:8, The New English Bible.
Yehu mmuae no nnɛ wɔ nnipa ɔpehaha pii a wosuro Onyankopɔn a wɔresen yuu ba Yehowa ahyehyɛde mu no mu. Wosua sɛnea wobenya Onyankopɔn mu anidaso wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. (Yesaia 60:9) Wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no, wohu sɛ honhom mu gyinapɛn ahorow, gyidi a ɛte ase, ne fekubɔ pa ma wonya asomdwoe ne ahotɔ te sɛ aborɔnoma wɔ n’ahunaniankasa mu.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.