Hena Na Ɔbɛma Nsɛmmɔnedi Aba Awiei?
WƆ September 1999 mu no, UN Kyerɛwfo Panyin Kofi Annan maa nhyiamfo a wɔbaa Mmarahyɛ Bagua no afe afe nhyiam a ɛto so 54 no bi no akwaaba. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ The Toronto Star mu no, ɔde asɛm bi sii wiase akannifo anim sɛ: “Nnipa pii wɔ hɔ a wohia nea ɛsen awerɛkyekyesɛm kɛkɛ afi amanaman no nkyɛn. Wohia bɔhyɛ a wobedi so de aboa ayi nsɛmmɔnedi a ɛtaa to wɔn no afi hɔ, na ama wɔanya nhyɛase pa a ɛbɛma wɔadi yiye wɔ asetra mu.”
So UN ne amanaman a ɛwɔ mu no betumi ‘ahyɛ bɔ na wɔadi so’ ma ɛde nsɛmmɔnedi aba awiei? Star koro no ara bɔɔ amanneɛ sɛ, U.S. Ɔmampanyin Bill Clinton kae sɛ: “Mogya bebrebe a wɔahwie agu afeha yi nyinaa akyi no, yenim sɛ ɛnyɛ den sɛ yɛbɛka sɛ ‘ebi remma bio,’ nanso ɛyɛ den sɛ ebi remma bio.” Ɔde kaa ho sɛ: “Bɔhyɛ a ɛtra so betumi ayɛ bɔne te sɛ susuw a wonsusuw afoforo ho pɛpɛɛpɛ.”
Bɛboro mfirihyia 2,500 a atwam ni no, odiyifo Yeremia kaa nnipa mmɔdenbɔ ho asɛm sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Ɛnde, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ nsɛmmɔnedi bɛba awiei?
Sɛ yɛkenkan Yesaia 60:18 a, Onyankopɔn ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Wɔrente nhyɛso nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛe ne obubu nka w’ahye mu.” Saa nkɔmhyɛ no nyaa ne mmamu a edi kan bere a Onyankopɔn de ne nkurɔfo a wɔkɔɔ nnommumfa mu san baa wɔn asase so no. Ɛwɔ mmamu kɛse nso a yebetumi anya mu kyɛfa. Ɛnyɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn “rehyɛ bɔ a ɛtra so.” Sɛ́ Ɔsorosoroni ne adesamma Bɔfo no, ɔwɔ gyinabea a ɛfata a ɛbɛma ɔde “nsɛmmɔnedi a edi akɔneaba” no aba awiei. Asomdwoe bɛtra Onyankopɔn Ahenni mu. Nsɛmmɔnedi befi hɔ daa!—Daniel 2:44.