-
Nokware Som Trɛw Kɔ Wiase NyinaaYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
-
-
Onyankopɔn Anisɔ Hann a Anuonyam Wom
27. Hann bɛn na ɛkɔ so hyerɛn wɔ Yehowa ‘bea’ no so?
27 Yehowa kaa sɛnea hann a ebepue Yerusalem so no ano bɛyɛ den afa ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsram na ɛbɛharan ama wo, na mmom [Yehowa, “NW”] na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’anuonyam. Wo wia rentɔ bio, na wo sram nso renwu, na [Yehowa, “NW”] bɛyɛ wo daa hann, na wo nkɔmmɔdi nna awie ɔsa.” (Yesaia 60:19, 20) Na Yehowa bɛkɔ so ayɛ “daa hann” ama ne ‘bea’ no. Ná “ɔrentɔ” te sɛ owia anaa ‘ɔrenwu’ te sɛ ɔsram.d N’anisɔ hann bepue Kristofo a wɔasra wɔn, Onyankopɔn ‘bea’ no ananmusifo a wɔyɛ nnipa no so bere nyinaa. Wɔne nnipakuw kɛse no benya honhom fam hann a ano yɛ den bere nyinaa, na wiase no amammui anaa sikasɛm mu sum biara nni hɔ a ebetumi ama ano abrɛ ase. Na wɔwɔ daakye a ɛyɛ anigye a Yehowa de ahyɛ wɔn bɔ no mu ahotoso.—Romafo 2:7; Adiyisɛm 21:3-5.
-
-
Nokware Som Trɛw Kɔ Wiase NyinaaYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
-
-
d Ɔsomafo Yohane de asɛm a ɛte saa ara dii dwuma de kaa “Yerusalem foforo,” 144,000 no a wɔwɔ wɔn anuonyam mu no ho asɛm. (Adiyisɛm 3:12; 21:10, 22-26) Eyi fata, efisɛ “Yerusalem foforo” no gyina hɔ ma Nyankopɔn Israel no mufo nyinaa wɔ bere a wɔanya wɔn soro akatua no, na wɔne Yesu Kristo bɛyɛ Onyankopɔn ‘bea’ no, “ɔsoro Yerusalem” no, fã titiriw.—Galatifo 4:26.
-