Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 9/1 kr. 13-18
  • Yehowa ‘Yɛ No Ntɛm’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa ‘Yɛ No Ntɛm’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Basabasayɛ Nni Hɔ Bio’
  • ‘Dan A Wɔdan Apem’
  • “Ɔman A Ɛyɛ Den”
  • ‘Yɛ A Ɔyɛ No Ntɛm’
  • Akumaa Dan Ɔman a Ɛyɛ Den’
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • Yehowa Anuonyam Hyerɛn Ne Nkurɔfo So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nokware Som Trɛw Kɔ Wiase Nyinaa
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
  • Adansedi De Ahenni Nkɔso Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 9/1 kr. 13-18

Yehowa ‘Yɛ No Ntɛm’

“Me, [Yehowa], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.”​—YESAIA 60:22.

1. Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yehowa nkurɔfo tebea te no yɛ soronko koraa wɔ Satan wiase no ho, na dɛn ntia?

ƐNNƐ, ɛnyɛ Yehowa soro ahyehyɛde no mu nko na wohu anigye ne ahurusidi na mmom ɛwɔ Yehowa Adansefo ahyehyɛde a ɛwɔ asase so ha no nyinaa nso mu. Anigye a yɛwɔ no da nsow koraa wɔ esum kabii a akyekyere Satan wiase no ho. (Dwom 144:15) Yɛwɔ honhom mu aduan ne anonne pii ma enti ‘yɛde koma pa to ahurusi dwom.’ (Yesaia 65:13-19) Yɛnyɛ nnipa a wonnim nea enti a mprempren wiase ɔhaw no wɔ hɔ. Anidaso a yɛwɔ sɛ wɔnam Onyankopɔn Ahenni no so bedi kan agye yɛn nkwa no mu yɛ den bere a yehu sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow nya mmamu bere a yɛbɛn Harmagedon kɛse no. Yenim sɛ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” yi bɛba wɔ “bere a wɔahyɛ” no mu pɛpɛɛpɛ, efisɛ adehu no ‘pere repɛ awiei, na ɛrenni atoro.’​—Adiyisɛm 16:14, 16; Habakuk 2:3.

2. Tebea horow bɛn na ɛrekɔ so kɛse wɔ Yehowa ahyehyɛde mu, na asemmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?

2 Sɛnea ɛte wɔ soro no, saa ara na Yehowa teokrase ahyehyɛde a ɛwɔ asase so no wɔ hɔ daa. Bio nso, esiane sɛ Yehowa ne ahoɔden kɛse Fibea nti, ‘ɔma wɔn a wɔde wɔn ani to no so no ahoɔden dɔɔso.’ (Yesaia 40:29-31) N’ahyehyɛde no te ase na edi dwuma na ɛkɔ n’anim bere nyinaa. (Fa toto Hesekiel 1:15-21 ho.) Wɔahyehyɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow 47,869 a ɛwɔ nsase horow 203 so wɔ wiase nyinaa no yiye na akɔ n’anim nnam so wɔ Ahenni adwuma no mu. (Mateo 24:14) Ɔkwan bɛn so na wɔwoo wiase nyinaa ahyehyɛde a ɛyɛ nnam yi?

3. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia 60:17 anya mmamu wɔ nnɛ bere yi mu? (b) Nhyehyɛe a ɛte saa bɛn na ɛde yiyedi bae wɔ Bible mmere no mu?

3 Ná “Ahyehyɛde” ne adesua afã bi a ɛwɔ June 1 ne 15, 1938 Ɔwɛn-Aban mu no asɛmti. Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛɛ Yesaia 60:17 mu kɛse, faako a Yehowa kasa kyerɛ ne soro ahyehyɛde no sɛ: “Kɔbere ananmu na mede sika mesi maba, na dade ananmu na mede dwetɛ mesi m’aba, na kɔbere asi nnua ananmu na dade asi abo ananmu. Na mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kãfo” no. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛda tebea pa yi adi no, wɔhyɛɛ Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ asase so no den. Sɛnea sika som bo kɛse sen kɔbere (na saa ara na ɛte wɔ nneɛma afoforo a wɔaka ho asɛm wɔ ha no ho) no, saa ara na teokrase nhyehyɛe a Ɔwɛn Aban Asafo no kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo asafo a na ɛwɔ hɔ saa bere no wɔ 1938 mu​—a wofi koma nyinaa mu gye toom​—no yɛ nea ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho kɛse sen kan demokrase kwan a wɔfaa so yɛɛ ade no. Ɔkwan foforo yi ne Kyerɛwnsɛm hyia. Ɛma wonya nhyehyɛe pa ma wɔde yɛ Onyankopɔn adwuma no, sɛnea nhyehyɛe a ɛte saa ara de yiyedi bae wɔ Mose bere so ne wɔ Kristofo asafo no mfiase mu hɔ no.​—Exodus 18:25; Asomafo no Nnwuma 6:3-7; Tito 1:5; 1 Petro 5:1-3.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ Yehowa Adansefo den maa sɔhwɛ ahorow a na ɛrebɛba wɔ 1939-45 mu no? (b) Dɛn na ɛkyerɛɛ sɛ na Yehowa nhyira wɔ saa teokrase nhyehyɛe no so?

4 Enti, wɔ 1938 mu, afe biako ansa na Wiase Ko II repae agu no, ‘ahwɛfo’ ne ‘akãfo’ a wɔwɔ asafo ahorow nyinaa mu no bɛyɛɛ “asomdwoe” ne “trenee.” Nhyehyɛe a egyina ahyehyɛde so a ɛyɛ den a ɛyɛ biako no kɔɔ n’anim na ɛsow aba pii. Yehowa hyiraa n’adansefo a wɔyɛ biako. Ɛkame ayɛ sɛ wɔn dodow no bu bɔɔ ho abien, fi 71,509 koduu 141,606 wɔ 1939 ne 1945 ntam hɔ a saa ɔko mfe no mu ɔhaw ne ɔtaa ahorow no mfa ho.

‘Basabasayɛ Nni Hɔ Bio’

5. Ɛdefa “asomdwoe” ho no, ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo yɛ soronko wɔ wiase no ho?

5 Na Wiase Ko II akyi mmere no nso ɛ? Ná asomdwoe nni asase so aman no ntam. Nokwarem no, wɔbɔ amanneɛ sɛ nnipa bɛboro 30,000,000 awuwu wɔ ɔko “nketewa” a akɔ so fi 1945 mu no mu. Wɔako ɔko “nketewa” ahorow bɛyɛ 40 wɔ wiase nyinaa wɔ bere koro mu. Enti hwɛ yɛn ani ara a egye sɛ yɛne ahyehyɛde a ɛpow basabasayɛ no bom som! (Yesaia 2:4; Mmebusɛm 20:22) Bio nso, sɛ́ wiase nyinaa ahyehyɛde no, asomdwoe wɔ yɛn ntam. Ɛdenam “asomdwoe Nyankopɔn” no a yɛne no nantew so no, yɛaba abenya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no.”​—Filipifo 4:7-9.

6, 7. (a) Dɛn na ɛma Onyankopɔn nkurɔfo da nsow koraa? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia 60:18 anya mmamu wɔ yɛn ho? (d) Ɔkwan a ɛda nsow bɛn so na yɛyɛ soronko wɔ atoro nyamesomfo no ho?

6 Esiane sɛ “asomdwoe” ne “trenee’ kɔ so wɔ Yehowa nkurɔfo mu nti, yɛda nsow koraa wɔ Satan wiase no ho. Yɛn afipamfo binom a wɔahu eyi no aka sɛ, ‘Yɛn ani gye mo ho, nanso yɛmpɛ mo asɔre no.’ Nanso, so ɛnyɛ yɛn asɔre no na ama yɛayɛ nnipa a yɛyɛ no? Yɛn ani nnye amammui adwen horow a ɛne ne ho di asi ne nitan a ɛpaapae amanaman no mu no ho. Mmom no, nneɛma abien a yɛn ani gye ho ne (1) sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ ahobrɛasefo nkwagye kwan denam Kristo Ahenni so no, ne (2) sɛ yebeyi Yehowa ayɛ, na yɛama nnipa nyinaa ahu din no na ayɛ adansedi. Yɛnyɛ “wiase no fã.”​—Yohane 17:14, 16, NW.

7 Enti, yɛanya kyɛfa wɔ Yehowa bɔhyɛ no mmamu mu, sɛ: “Wɔrente basabasayɛ nka bio wɔ w’asase so, wɔrente ɔsɛe ne obubu nka wɔ w’ahye mu; na wɔbɛfrɛ w’afasu Nkwagye, ne awo kurow apon nso Ayeyi.” (Yesaia 60: 18, NW) Yɛde ayeyi nyinaa ma yɛn Nyankopɔn, Yehowa no! Kristoman asɔfo (ne wɔn mfɛfo a wɔawae no nyinaa) gu saa din no ho fi​—kodu baabi mpo a wɔbɔ mmɔden wɔ nyaatwom kwan so sɛ wobeyi afi Bible nkyerɛase ahorow mu. “Na yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.”​—Mika 4:5.

8. (a) Nkuranhyɛ bɛn na Yehowa de ma ne nkurɔfo wɔ Yesaia 60:19-21? (b) ‘Fefɛw a wɔfefɛw’ bɛn na ɛhyɛ Yehowa anuonyam, na ɔkwan bɛn so?

8 Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnantew ne din mu. Wɔ Yesaia 60:19-21 no, ɔhyɛ ne soro ahyehyɛde no bɔ sɛ ɔbɛyɛ ne “daa hann” a ebunkam owia ne ɔsram hyerɛn a ɛhyerɛn no mpo so. Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, ɔno na ɔhyɛ no anuonyam, na ɛma bɔ a ɔhyɛ wɔ ne nkurɔfo ho no nso nya mmamu; “Wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo, wobedi asase no so akosi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua dubaa a afefɛw, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me anuonyam.” Ampa, Yehowa ama n’adansefo no “asase,” anaa faako a wɔn dwumadi kodu no adi yiye. Ɛkɔ so ara ‘fefɛw’ na ɛsow aba pii bere a wɔboaboa afoforo pii ano ba Ahenni no afã na wɔboa wɔn ma wonya Kristofo nipasu no. (Kolosefo 3:10, 12-14) Eyi hyɛ Yehowa “anuonyam,” na ɛde nidi ba ne din kɛse no so.

9. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa rehyira n’adansefo wɔ Mexico, na dɛn ntia? (b) Dɛn na atesɛm krataa biako kae wɔ wɔn mudi mu a wohui sɛ wokura no ho?

9 Nnansa yi nhwɛso biako ne Mexico. Wɔ mfe abien a atwam no mu no, adawurubɔfo dodow a wɔwɔ saa asase no so anya nkɔanim fi 113,823 akodu 151,807​—ɔha biara mu nkɔanim 33 a ɛfata nkamfo! (Nnipa 695,969 na wɔbaa wɔn 1984 Yesu wu Nkaedi no ase.) Yɛn nuanom a wɔwɔ Mexico no yɛ nnam kɛse wɔ wɔn asɛnka adwuma mu. Monterrey atesɛm krataa bi akyerɛwfo nso huu mudi mu a wokura wɔ asɛm a ɛfa afã biara a wonni ho mu no, na wɔkaa nsɛm ahorow pii a ebi ne sɛ: “Obu kɛse bɛn ara na gyina a wogyina pintinn ne wɔn gyidi ho akokoduru no ma yenya wɔ yɛn mu. Ɛwom sɛ wɔpam wɔn mma fi sukuu mu de, nanso wɔpaw sɛ wɔbɛkɔ so adi nokware wɔ wɔn gyidi ho. Sɛ Kristofo nyinaa bɛyɛ sɛ wɔn a akuw ne asɔre mu mpaapaemu nni hɔ a, anka dɛn na ɛbɛba? Anka Mexico bɛyɛ ɔsoro baa dwumadibea.”

10. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo dodow kɔ anim ara bere a wɔabara wɔn mpo no? (b) Asɛm bɛn na wobisa wɔ ha?

10 Yehowa Adansefo kɔ so ma ayeyi a ɛte sɛɛ ba, wɔ nsase a wɔkɔ so taa wɔn wɔ so mpo so. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehui wɔ 1984 Ɔsom Afe Akontaabu no mu sɛ wɔ aman ahorow 28 a nniso ahorow no abara adwuma no anaasɛ wɔde anohyeto ahorow ama no mu no, adawurubɔfo dodow nkabom no nyaa nkɔanim ɔha biara mu 3.1 a ɛyɛ nea wɔn dodow boro mpem 25, na akwampaefo nso dodow kɔɔ anim ɔha biara mu 23! So wubetumi ayɛ sɛnea wɔyɛ akwampae adwuma wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no ho mfonini wɔ w’adwene mu? Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, yɛn nuanom mmarima ne mmea 6,905 a wɔwɔ nsase yi so yɛ saa ɔsram biara! Sɛ wowɔ ahofadi kakra wɔ faako a wote a, so wubetumi ayɛ daa akwampae adwuma anaasɛ anyɛ yiye koraa no wode wo bere fã bɛyɛ akwampaefo boafo adwuma?​—Fa toto Luka 17:5, 6 ho.

‘Dan A Wɔdan Apem’

11, 12. (a) Yehowa bɔ a ɔno ankasa ahyɛ mprempren no fã a edi kan ne dɛn? (b) ‘Nea osua a ɔdan apem’ no ho nhwɛso bi ne nea ɛwɔ he? (d) Dɛn nti na nkɔso a ɛte sɛɛ aba ntɛmntɛm saa?

11 Afei Yehowa hyɛ bɔ ahorow abiɛsa wɔ n’ankasa din a ɛsom bo no ho. (Yesaia 60:22) Nea edi kan no, ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Nea osua koraa no bɛdan apem.” Bere a wokenkan Yehowa Adansefo Afe Nhoma biara a ɛba no, so wuhu sɛnea Ahenni ɔdawurubɔfo biako, anaa adawurubɔfo kakraa bi, fii ase wɔ nsase binom a mprempren adawurubɔfo mpempem pii na wɔwɔ hɔ no? Sɛ nhwɛso no, ɔkwampaefo a odii kan dii adanse wɔ Chile no kogyee ɔdan bi a otua ho ka na ɔtoo nsa frɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra Kwasida adesua bi ase. Awiei koraa no, onigyefo biako bae. Ɔbarima yi bisae sɛ, ‘Bere bɛn na wɔn a wɔaka no bɛba?’ Ɔkwampaefo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔbɛba.” Na wɔbae ampa. Wɔ mfirihyia 50 bi akyi no, nea na osua koraa yi abɛdan 23,985.

12 Wɔ Italy no, Mussolini nniso no taa Yehowa Adansefo kɛse. Wɔ ɔko no akyi wɔ 1946 mu no, ná wɔn mu 120 pɛ na wobu wɔn som ho akontaa. Nanso kae sɛ nnipa bɛyɛ 120 pɛ na na wɔwɔ hɔ Pentekoste da no wɔ afe 33 Y.B. mu. Nanso susuw nea efii ase saa bere no mu no ho! (Asomafo no Nnwuma 1:15; 2:1-4, 41) Mprempren, wɔ ɔkwan foforo so no, wɔahwie Yehowa honhom agu wɔ Italy. Wɔ mfirihyia 38 mu no, adawurubɔfo no dodow akɔ soro akodu 119,408, sɛnea akontaabu a etwa to no kyerɛ no a ɛreyɛ ayɛ nkɔso a ɛyɛ mmɔho apem. Sɛnea ɛte wɔ Katolekfo aman pii so wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Italy no renya nkɔso kɛse.​—Fa toto Dwom 69:9; Yesaia 63:14 ho.

“Ɔman A Ɛyɛ Den”

13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔhyɛ no fã a ɛto so abien no anya mmamu? (b) Wɔ eyi mu no, ɔkwan bɛn so na 1 Petro 2:9 ne Yesaia 59:21 fa ɛno ho? (d) Dɛn na ama yɛn asɛnka adwuma no mu ayɛ den kɛse?

13 Yehowa bɔhyɛ a ɛbɔ ho abiɛsa no fã a ɛto so abien ne eyi: “Akumaa [bɛdan] ɔman a ɛyɛ den.” Na ɛyɛ ‘kumaa’ ampa, nkaefo a wɔasra wɔn kakraa bi, a wɔsan de wɔn baa Yehowa dom “asase” no so wɔ 1919 mu. Nanso ɛdɔe araa kosii sɛ honhom mu Israel nyinaa baa mu​—a wɔn dodow yɛ Ahenni adedifo 144,000. (Romafo 11:25, 26) Ampa, sɛ́ Onyankopɔn “ɔman kronkron” no fã no, wɔafrɛ nkaefo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no afi sum mu aba ne hann a ɛyɛ nwonwa no mu. Wɔn ani agye sɛ wɔreka wɔn Nyankopɔn, Yehowa, no mmaninyɛ akyerɛ. (1 Petro 2:9) Ɛwom sɛ wɔ ntotoho mu no wɔn dodow sua de, nanso wɔayɛ den denam Onyankopɔn honhom so. “Me de, eyi ne me ne wɔn apam no, [Yehowa] na ose: me honhom a ɛwɔ wo so no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anom no, ɛremfi w’anom ne w’asefo ne w’asefo asefo anom, [Yehowa] na ose, efi sesɛɛ de bɛkɔ akosi daa.”​—Yesaia 59:21.

14 Yehowa nam asɛm yi so hyɛ yɛn bɔ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn ‘nnepa ho nsɛmpa’ a yɛka no nya nkɔso wɔ ɔkwan biara so, na yɛbɔ eyi ho mpae denneennen wɔ ‘[Yehowa] da’ yi mu. Yɛn asɛnka adwuma no mu ayɛ den bere a nkaefo a wɔasra wɔn no sɛnkyerɛnne kwan so “asefo,” “nnipakuw kɛse” no ne afei nso wɔn “asefo” (afoforofo a wɔakyerɛ wɔn kwan aba Onyankopɔn ahyehyɛde no mu) no afa nkwagye asɛm no ato wɔn tɛkrɛma so na wɔrebɔ ho dawuru no. Esiane eyi nti, asafo ahorow no nyinaa kɔ so nyin wɔ honhom mu na wɔn dodow nso nya nkɔanim.​—Romafo 10:10, 15; Dwom 118:24, 25; 1 Tesalonikafo 3:12.

15. Onyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so “ɔman” no mufo dodow adu ahe, na dɛn nti na ɛwɔ anigye?

15 Hwɛ sɛnea Ahenni aba no anya nkɔso nnansa yi! Ɛdenam “nnipakuw kɛse” no dodow a ɛrekɔ soro no so no, mprempren Onyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so ɔman no mufo dodow yɛ Adansefo a wɔyɛ nnam 2,842,531. “Ɔman” yi mufo dɔɔso sen aman ne nsase ahorow 92 a ɛwɔ wiase no mu no biara mufo. Yɛde anigye tĩ odwontofo a ne nnwom yɛ dɛ no asɛm no mu: “Yehowa agyina de, egyina daa, ne komam adwene wɔ hɔ ma awo ntoatoaso nyinaa. Anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa, ɔman a wapaw wɔn de ayɛ n’ankasa apɛgyade.”​—Dwom 33:11, 12, NW.

‘Yɛ A Ɔyɛ No Ntɛm’

16, 17. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɔhyɛ no fã a ɛto so abiɛsa no renya mmamu mprempren? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔada ɔdɔ ma Onyankopɔn ne Kristo adi? (d) Adwuma a anigye wom ne honhom bɛn na aboa ma ‘wɔayɛ no ntɛm’ no? (e) Ɔkwan bɛn so na Mateo 9:35-38 ba mu nnɛ?

16 Yehowa de ne bɔhyɛ no fã a ɛto so abiɛsa ka ho: “Me, [Yehowa], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” Bere a yɛabɛn “ahohiahia kɛse” no pɛɛ no, ƐNNƐ ne bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi! (Marko 13:10, 18, 19) Kɔ a Ahenni adwuma no akɔ so ntɛmntɛm wɔ mfe abien a atwam no mu no di eyi ho adanse. Ɛsɛ sɛ wohu ‘yɛ a ɔyɛ no ntɛm’ yi wɔ asase nyinaa so, ne wɔ nsase a ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo kyerɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo no denam ka a wɔbɛka asɛm no wɔ ɔtaa anaa tebea afoforo a ɛde wɔn nkwa ankasa to asiane mu mpo no mu. Esiane sɛ bere nyinaa adawurubɔfo no dodow rekɔ anim daa nti, akwampaefo no na wodi anim. Na hwɛ anigye ara a wonya wɔ Yehowa som mu! ​—Mmebusɛm 10:22.

17 Akwampae honhom a ɛyɛ anigye yi ahyɛ asafo ahorow a ɛwɔ baabiara nkuran sɛ ‘wɔbɛyɛ no ntɛm’ wɔ kyɛfa a wonya wɔ anoboaboa a etwa to yi mu no mu. Wɔ nkɔso kɛse yi mu mpo no, yebetumi aka sɛ “otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.” Wɔ nnɛ wiase a enni anidaso biara yi mu no, yɛn yam betumi ahyehye yɛn ama nnipa no, te sɛ nea Yesu yɛe bere a ɔwɔ asase so no, efisɛ “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo” ampa. Enti ‘yɛsrɛ otwa Wura no, na wama adwumayɛfo aba ne twa adwuma no mu,’ na yɛn ani gye sɛ yehu sɛ otie yɛn mpaebɔ no wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so.​—Mateo 9:35-38.

18, 19. Dɛn ne akontaabu ahorow bi a ɛkyerɛ sɛ wiase afuw no “ahoa ama otwa”?

18 Momma yɛmfa nhwɛso pii a ɛhyɛ nkuran no mu biako pɛ: “Wɔ 1984 April mu no, Ecuador buu akwampaefo aboafo 1,048 ho akontaa wɔ asɛnka mu, a ɛyɛ nea ɛboro April 1983 de no so ɔha biara mu 106. Ebeduu June no na ɔman yi bu ofie Bible adesua ahorow 12,238 ho akontaa a ɛyɛ ɔha biara mu nkɔanim 24 ma saa afe no, ne adawurubɔfo 8,044 a ɛyɛ ɔha biara mu nkɔanim 17. Dodow a wɔbaa Nkaedi no ase kɔɔ soro koduu 40,728 a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɔdawurubɔfo biako biara wɔ hɔ ma nnipa a wɔn dodow boro 5. Akontaabu a ɛte saa ara fi wiase nyinaa ba, na nnipa 7,416,974 a wɔbaa Nkaedi no ase wɔ April 15, 1984 mu wɔ wiase nyinaa no kyerɛ sɛ afuw no ‘ahoa ama twa a wobetwa’ wɔn a wɔreboaboa wɔn ano ama “daa nkwa” no.​—Yohane 4:35, 36.

19 Mpɛn pii Yehowa ‘yɛ no ntɛm’ wɔ akwan a ɛyɛ nwonwa so. Ɔhwɛfo kwantufo bi kyerɛw eyi fii Papua New Guinea kusuu fam kwae no mu: “Obi a ɔkwampaefo titiriw bi kɔɔ ne nkyɛn san kɔɔ n’akuraa a atew ne ho bi ase wɔ bepɔw bi so. Mfe pii akyi no, ɔsan yii ne ti wɔ ɔmansin nhyiam bi ase a ɔde adesrɛ bi na ɛnam. Ná saa ɔbarima a onnya mmɔɔ asu yi di n’akuraa no asefo ne nnipa a wɔbemmɛn hɔ no adanse wɔ ɔkwan a etu mpɔn so araa ma afei de na akuraa no ase mpanyimfo pɛ sɛ Yehowa Adansefo ba hɔ na wobedi nnipa a wɔwɔ saa beae no nyinaa honhom mu nneɛma ho dwuma.” Sɛ wonya dua aba no a, ɛyɛ Onyankopɔn na ‘ɔma enyin.’​—1 Korintofo 3:6.

20. Ɔkwan bɛn so na wɔatrɛw Ɔwɛn aban Asafo no baa dwumadibea ahorow mu ma adi nkɔso no ho dwuma?

20 Yehowa asiesie ne nkurɔfo ama nkɔso kɛse a ɛreba mprempren no wɔ akwan horow pii so. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ Yehowa ahwɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow a wɔretrɛw mu no so wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so wɔ nnansa yi mfe no mu. Ɛnnɛ, baa dwumadibea ahorow yi wɔ nneɛma ahorow a wɔde bɛboa “mmorɔnoma” akuw akɛse pii no.

21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akɔ so anya afã wɔ ‘yɛ a wɔyɛ no ntɛm’ no mu?

21 Enti, momma yɛn nyinaa nnya kyɛfa wɔ Ahenni asɛmpa no hann a wɔma ɛharan ma nnipa ɔpepem pii foforo no mu! Momma yɛnkyerɛ “mmorɔnoma” a wɔreba fie no nyinaa kwan nkɔ “nkwagye” kwan wɔ Yehowa ahyehyɛde a ɛyɛ ahobammɔ afasu no mu na yɛmma ‘n’ayeyi’ nnɔɔso wɔ ne kurow apon ano. Momma yɛmmɔ mpae sɛ Amansan Hene Yehowa, ne Kristofo asafo no ti, yɛn Hene Yesu Kristo a yɛdɔ no no, bɛkɔ so ‘ayɛ no ntɛm’ bere a Ahenni dawurubɔ no kɔ n’anim kodu n’awiei no!

Adesua Yi Mu Ntimu

◻ Yesaia 60:17 mmamu kɛse bɛn na ɛbae wɔ 1938 mu?

◻ Nea ɛne Yesaia 60:18 hyia no, dɛn na yɛn ani gye ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na amanneɛbɔ ahorow a efi afuw no so ‘hyɛ’ Yehowa ‘anuonyam’?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesaia 60:22 bɔhyɛ a ɛbɔ ho abiɛsa no rekɔ n’anim akodu n’awiei?

[Kratafa 14 mfoni]

Ná 1930 mfe no mu Ɔwɛn-Aban akyi mfonini da Hesekiel anisoadehu a ɛfa Yehowa ahyehyɛde a ɛyɛ nnam ho no adi

[Kratafa 17 mfoni]

Akwampae honhom pa aboa wɔ otwa adwuma a ‘wɔyɛ no ntɛm’ no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena