-
Yehowa Gye Anuonyam Din FaYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
-
-
12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa annya ɔboafo biara? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa basa gye nkwa, na ɔkwan bɛn so na n’abufuhyew boa no?
12 Yehowa toaa so sɛ: “Mehwɛe, nso na ɔboafo bi nni hɔ; na ɛyɛɛ me nwonwa sɛ obi nni hɔ a oso mu abia: ɛnna me basa gyee me, na m’abufuhyew nso soo me mu abia. Na mitiatiaa aman so, m’abufuw mu, na mema wɔbobowee, m’abufuhyew mu, na mihwiee wɔn mogya miguu asase so.”—Yesaia 63:5, 6.
13 Onipa boafo biara ntumi nnye Yehowa aweredi da kɛse no ho anuonyam mfa. Na saa ara nso na Yehowa nhia onipa biara mmoa na ama watumi ayɛ n’apɛde.c Ne basa mu tumi a enni ano no ara betumi ayɛ adwuma no. (Dwom 44:3; 98:1; Yeremia 27:5) N’abufuhyew nso boa no. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ Onyankopɔn abufuhyew nyɛ nkate a ontumi nni so, na mmom ɛyɛ trenee abufuw. Esiane sɛ Yehowa de trenee nnyinasosɛm na ɛyɛ n’ade bere nyinaa nti, n’abufuhyew no boa no, na ɛkanyan no ma ɔde n’atamfo hwe ‘fam asase so,’ na ‘ohwie wɔn mogya gu’ de gu wɔn anim ase wɔ nkogudi mu.—Dwom 75:8; Yesaia 25:10; 26:5.
-
-
Yehowa Gye Anuonyam Din FaYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
-
-
c Yehowa ho dwiriw no sɛ obiara mmoa no. Nokwarem no, ebetumi aba sɛ nea ɛma ne ho dwiriw no ne sɛ wɔ Yesu wu akyi bɛyɛ mfirihyia 2,000 ni no, adesamma mu atumfoɔ da so ara sɔre tia Onyankopɔn apɛde.—Dwom 2:2-12; Yesaia 59:16.
-