Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkɔmhyɛ Nhoma
    Amansan Nhoma
    • Na tete Babilon yɛ “ahenni mu abohene.” (Yesaia 13:19, The New American Bible) Na saa kurow kɛse yi wɔ ɔkwan a efi Persia Faka ano bɛsen kɔ Mediteranea Po so no so, na na ɛyɛ aguadibea a aguadifo fi Apuei ne Atɔe de nneɛma fa po ne asase so ba hɔ bɛtɔn.

      Ebeduu afeha a ɛtɔ so nson A.Y.B. mu no, na Babilon abɛyɛ Babilon Ahemman no ahenkurow a na ɛte sɛ nea obiara ntumi ntwi mfa so da. Na Eufrate Asubɔnten no da kurow no mfinimfini, na na wɔatutu suka akɛse a emu dɔ atwe asubɔnten no mu nsuo agu mu de abɔ kurow no ho ban. Afei nso na wɔato afasuo a ɛbɔ ho mmienu a ɛwɔ aban akɛse de abɔ kurow no ho ban. Enti na ɛnyɛ nwonwa sɛ emufo tee ahobammɔ nka.

      Nanso ansa na Babilon rebɛyɛ kurow kunini mpo no, na odiyifo Yesaia aka asie wɔ afeha a ɛtɔ so nwɔtwe A.Y.B. mu sɛ ‘wɔde ɔsɛe prae bɛpra’ Babilon. (Yesaia 13:19; 14:22, 23) Afei Yesaia kyerɛɛ ɔkwan pɔtee a Babilon bɛfa so ahwe ase. Na wɔn a wɔbɛto ahyɛ kurow no so no bɛma n’asubɔnten—nea na ɛbɔ ho ban no—‘awe’ ma no ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛsɛe no. Yesaia bɔɔ ɔsahene a obehuan kurow no ase no mpo din—“Kores,” Persiafo henkɛse a ‘wobebue apon n’anim a wɔntoto mu’ no.—Yesaia 44:27–45:2.

  • Nkɔmhyɛ Nhoma
    Amansan Nhoma
    • “Obi Rentra Mu Da Biara Da”

      Na ɛdɛn na ɛbɛto Babilon bere a ahwe ase akyi no? Yesaia ka siei sɛ: “Obi rentra mu da biara da, na obi renkɔtra hɔ, awo ntoatoaso a edidi so mu, na Arabiani bi rensi ntamadan hɔ, na nguanhwɛfo nso remma wɔn mmoa mmutuw hɔ.” (Yesaia 13:20) Na biribiara nni hɔ a ɛbɛma obi agye adi sɛ ɛbere bi bɛba ma kurow a nnipa di mu akɔneaba yi abɛdan amamfõ koraa a obiara rentra hɔ da. Ebetumi aba sɛ Yesaia kyerɛw ne nsɛm no bere a ohui sɛ Babilon adan amamfõ no?

      Bere a Kores dii Babilon so akyi no, nnipa kɔɔ so traa hɔ mfehaha pii—ɛwom sɛ na ennu ne kan asetra no de. Kae sɛ Ɛpo a Awu Nhoma Mmobɔwee no kura Yesaia nhoma no nyinaa a wɔkyerɛw no afeha a ɛtɔ so mmienu A.Y.B. mu. Bɛyɛ sɛ bere a wɔrehwɛ Kyerɛwnsɛm no bi so akyerɛw saa nhoma mmobɔwee no na Partifo bedii Babilon so. Afeha a edi kan Y.B. mu no, na Yudafo bi akyekyere kurow bi wɔ Babilon, na Bible kyerɛwfo Petro kɔɔ hɔ pɛn. (1 Petro 5:13) Saa bere no na Ɛpo a Awu Yesaia Nhoma Mmobɔwee no adi bɛyɛ mfe ahanu. Enti afeha a edi kan Y.B. mu no, na Babilon nnanee amamfõ koraa ɛ, nanso na wɔkyerɛw Yesaia nhoma no wiei akyɛ.a

      Sɛnea na wɔaka ho asɛm asie no, akyiri yi koraa no Babilon bɛyɛɛ ‘aboɔ akuwakuw.’ (Yeremia 51:37) Hebri kasa mu ɔbenfo Jerome (afeha a ɛtɔ so nnan Y.B.) kae sɛ ebeduu ne bere so no, na Babilon abɛyɛ baabi a wɔkɔtwee “wuram mmoa horow nyinaa.”9 Babilon yɛ amamfõ besi nnɛ.

      Yesaia antra ase anhu Babilon amamfõyɛ. Nanso kurow a kan no na ɛyɛ kokuroko yi amamfõ a ɛwɔ Baghdad anafo fam bɛyɛ kilomita 80 wɔ nnɛ bere mu Iraq no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nsɛm yi anya ne mmamu: “Obi rentra mu da biara da.” Sɛ wɔsan siesie Babilon sɛ nnipa nkɔsrasra hɔ a, wɔbɛkɔ nanso Babilon “mma ne mmanana” ase atɔre koraa.—Yesaia 13:20; 14:22, 23.

      Enti odiyifo Yesaia anka nsɛnhunu bi kɛkɛ a yebetumi de akyerɛkyerɛ daakye asɛm biara mu. Saa ara nso na wankyerɛw abakɔsɛm amma no ammɛyɛ sɛ nkɔmhyɛ. Susuw ho: Ɔdaadaafo bɛn na “ɔbɛhyɛ” biribi a ontumi nyɛ ho hwee ho “nkɔm”—sɛ Babilon kokuroko bɛdan amamfõ afebɔɔ?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena