Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yehowa Ma Ne Nsa So
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
    • ‘Ɔtow Amanaman Nyinaa Pon’

      6, 7. (a) Ɔpon bɛn na Yehowa tow, na ɔtow ma henanom? (b) Dɛn na apontow a Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no yɛ ho mfonini?

      6 Te sɛ agya a ɔwɔ dɔ no, ɛnyɛ sɛ Yehowa bɔ ne nkoa ho ban kɛkɛ, na mmom, ɔma wɔn aduan nso, titiriw wɔ honhom fam. Bere a ogyee ne nkurɔfo wɔ 1919 mu akyi no, ɔtow wɔn nkonimdi pon, a na honhom fam nnuan pii wɔ ase: “Asafo [Yehowa, “NW”] bɛtow aman nyinaa pon bepɔw yi so: sradeduan, nsã a akyɛ, srade ne hon, nsã a wɔasɔn so.”—Yesaia 25:6.

      7 Wɔtow pon no wɔ Yehowa “bepɔw” so. Dɛn ne saa bepɔw yi? Ɛyɛ ‘Yehowa fie bepɔw’ a aman nyinaa sen yuu ba ho “nna a edi akyiri no mu no.” Ɛyɛ Yehowa “bepɔw kronkron,” baabi a n’asomfo anokwafo nhaw adwene na wɔnsɛe ade no. (Yesaia 2:2; 11:9) Beae a ɛkorɔn a wɔsom yi na Yehowa tow pon kɛse ma anokwafo. Na honhom fam nneɛma pa a wofi ayamye mu de ma yɛn seesei no yɛ honam fam nneɛma pa a yɛn nsa bɛka bere a Onyankopɔn Ahenni abɛyɛ adesamma nniso koro pɛ no ho sunsuma. Afei ɔkɔm remma bio. “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:8, 16.

      8, 9. (a) Adesamma atamfo akɛse abien bɛn na wobeyi wɔn afi hɔ? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ de ayi ne nkurɔfo ahohora afi hɔ?

      8 Wɔn a wonya honhom fam pon a Onyankopɔn tow yi mu kyɛfa seesei no wɔ akwanhwɛ a ɛyɛ anigye. Tie Yesaia nsɛm a edi hɔ no. Bere a ɔde bɔne ne owu retoto “nkataso” anaa “anim ntama” a wɔde tim amene ho no, ɔka sɛ: “Bepɔw yi so na [Yehowa] beyi anim ntama a ɛkataa aman nyinaa anim, ne nkataso a ɛkataa amanaman nyinaa so no. Ɔbɛmene owu akosi daa, na [Yehowa, “NW”] bɛpopa ani nyinaa so nusu.”—Yesaia 25:7, 8a.

  • Yehowa Ma Ne Nsa So
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
    • [Mfonini ahorow wɔ kratafa 275]

      ‘Sradeduan apontow’

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena