So Woresua Biribi Fi Yɛn Kyerɛkyerɛfo Pumpuni no Hɔ?
JULIO kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mede mfe anum asua mmara wɔ sukuupɔn a ɛsen biara wɔ Spain no biako mu. Nanso nea misuae fi bere a mifii Bible sua ase no sen saa koraa. Sukuupɔn no kyerɛɛ me sɛnea ɛsɛ sɛ misua ade; Bible no kyerɛɛ me sɛnea ɛsɛ sɛ mebɔ me bra.”
Yɛnam Bible no so tumi hu Onyankopɔn adwene, ne nnyinasosɛm ahorow, ne ne nkyerɛkyerɛ. Kyerɛwnsɛm no ka Yehowa ho asɛm sɛ “Ɔkyerɛkyerɛfo Pumpuni” no efisɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara wɔ amansan no mu. (Yesaia 30:20, NW) Sɛnea Hebri nkyerɛwee no frɛ No ankasa ne “akyerɛkyerɛfo”—dodow kabea a wɔde gyina hɔ ma sɛnea ɔkyɛn so. Ɛsɛ sɛ eyi kae yɛn sɛ sɛ Yehowa kyerɛ yɛn ade a, ɛkorɔn koraa sen sɛ ɔkyerɛkyerɛfo foforo biara bɛkyerɛ yɛn ade.
Nyansa a Mfaso wɔ so a Efi Yehowa Hɔ
Dɛn nti na ɔsoro nkyerɛkyerɛ so wɔ mfaso saa? Nea edi kan koraa no, ɛyɛ emu nsɛm a ɛsom bo kɛse no ntia. Yehowa nkyerɛkyerɛ ma yɛn ‘nyansa a mfaso wɔ so.’ Afei nso, nyansa a Onyankopɔn de ma no “gye” wɔn a wɔde di dwuma “nkwa.”—Mmebusɛm 3:21, 22; Ɔsɛnkafo 7:12.
Nea ɔkyerɛw Dwom 119 no hui sɛ Yehowa nyansa abɔ ne ho ban wɔ ne nkwa nna nyinaa mu. Sɛ́ nhwɛso no, ɔtoo dwom sɛ: “W’anom mmara ye ma me sen sika ne dwetɛ mpem. Sɛ wo mmara anyɛ m’adɔde a, anka masɛe m’amane mu. Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafo asen m’atamfo, na ɛwɔ me daa. Mewɔ nimdeɛ mesen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa, na w’adansesɛm ne m’adwene.”—Dwom 119:72, 92, 98, 99.
Ɛnyɛ odwontofo no nkutoo na sɛ ɛnyɛ Yehowa mmara a, anka ‘ɔbɛsɛe wɔ n’amane mu.’ Rosa, ababaa bi a ɔwɔ Spain, gye di sɛ Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow a ɔde dii dwuma na egyee no nkwa. Ɔka sɛ: “Bere a midii mfe 26 no na mabɔ mmɔden dedaw sɛ mekum me ho mprenu.”
Ná Rosa si tuutuu, afei nso na ɔnom mmosa kɛse ne nnubɔne nso. Ɔka sɛ: “Da koro bi a na mewɔ ahoyeraw kɛse mu no, Adansefo awarefo bi ne me bɛbɔɔ sɛnea Bible no betumi aboa yɛn ma yɛadi yɛn haw ahorow ho dwuma no ho nkɔmmɔ. Mifii ase suaa Onyankopɔn Asɛm no na m’ani gyee ho. Ɔsram biako mu no, na manya ahoɔden a mede befi asetra foforo koraa a ɛho tew ase. Afei a na manya asetram atirimpɔw bi no, na ɛho nhia bio sɛ mede me ho to mmosa ne nnubɔne so. Na esiane sɛ na m’ani gye ho kɛse sɛ mɛyɛ Yehowa adamfo nti, misii me bo sɛ mede ne gyinapɛn ahorow bɛbɔ me bra. Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm mu nyansa a mfaso wɔ so no a, migye di sɛ ɛde besi sesɛɛ de, anka makum me ho.”
Nokwarem no, nyansa a efi Yehowa hɔ no gye nkwa. Enti, ɛnyɛ sɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu nsɛm a ɛsom bo no mu nkutoo na yebetumi anya mfaso, na mmom ɔkwan a Yehowa fa so kyerɛkyerɛ n’asomfo no nso mu. Esiane sɛ Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, hyɛɛ yɛn sɛ yɛnkyerɛkyerɛ na yɛnyɛ asuafo nti, yɛpɛ sɛ yesua akwan a etu mpɔn sen biara a wɔfa so kyerɛkyerɛ.—Mateo 28:19, 20.
Mfatoho Ahorow a Yehowa de Di Dwuma
Marko Asɛmpa no ka sɛ ‘Yesu ankwati ɛbɛ ankasa ankyerɛ wɔn.’ (Marko 4:34) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu faa saa kwan a ɛda nsow yi so kyerɛkyerɛe. Ná ɔresuasua akwan a Yehowa nam so de ne nkɔmhyɛ nsɛm no maa Israel man no biako ara kwa. Mfatoho dodow bi a emu da hɔ wɔ eyinom mu.—Yesaia 5:1-7; Yeremia 18:1-11; Hesekiel 15:2-7; Hosea 11:1-4.
Sɛ́ nhwɛso no, hyɛ sɛnea Yehowa de mfatoho bi a tumi wom kyerɛɛ yɛn sɛ ahoni so nni mfaso biara no nsow. Yesaia 44:14-17 ka sɛ: “Obi kɔtow kyeneduru, anaa ɔpaw duabo anaa odum . . . ɔtɛw osennuru, na . . . ɛyɛ ogya ma onipa, ɔfa bi to, ɔsɔ bi tõ abodoo; ebi po ɔde yɛ onyame sɔre no. Ɔde sen ohoni kotow no. Ɔde gya hyew fã, na ɔfã nso so na odi nam, ɔkyew so nam di mee . . . Na nkae no, ɔde yɛ onyame, ne honi. Ɔkotow no sɔre no bɔ no mpae, na ose: Gye me, me nyame ne wo!” Mfatoho a ɛtete sɛɛ no yɛ nnwinnade a etu mpɔn a wɔnam so boa nnipa komapafo ma wɔpow ahonisom ne atoro nkyerɛkyerɛ.
Nsemmisa a Wɔde Hwehwɛ Onipa Mu
Bible no kura ɔkwan a Yehowa de nsemmisa a ɛkanyan adwene teɛteɛɛ n’asomfo binom nsusuwii ho nhwɛso ahorow nso. Wɔn mu biako ne tete agya Hiob. Yehowa fi boasetɔ mu boaa no ma ohuu sɛnea sɛ ɔde ne ho toto Onyankopɔn ho a ɔba fam no. Ɔnam nsemmisa ahorow so na ɛyɛɛ saa, na na ɔkwan biara nni hɔ a Hiob betumi afa so anya ho mmuae.
Yehowa bisaa Hiob sɛ: “Ɛhe na wowɔ, bere a mehyɛɛ asase ase no? . . . Hena na ɔkaa po hyehyɛɛ apon mu? . . . So wubetumi akyere Akokɔtan-ne-ne-mma hama, anaasɛ wubetumi asãn Nyɛnkrɛnte nhama? . . . So wowɔ nsa sɛ Onyankopɔn de?” Nsemmisa a ɛma obi hu sɛ ɔba fam yi biako ne asemmisa a ɛho hia kɛse yi: “So wubebu me [Yehowa] fɔ na woadi bem?”—Hiob 38:4, 8, 31; 40:8, 9.
Saa nsemmisa a wɔde hwehwɛ onipa mu yi maa Hiob behui sɛ ɔkekaa nsɛm bere a na onni ntease. Enti, ɔsesaa n’ano na onuu ne ho. (Hiob 42:6) Sɛnea ɛte wɔ asɛm yi mu no, nsemmisa a wɔapaw no yiye betumi aboa yɛn ma yɛateɛteɛ yɛn mma anaa Bible asuafo nsusuwii a ɛnteɛ.
Ahotoso a Yɛbɛboa Obi ma Wanya
Na sɛ ɛho hia sɛ yɛboa obi a ɔte nka sɛ ɔnsɛ hwee anaa ɔmfata sɛ ɔyɛ biribi nso ɛ? Nkɔmmɔ bi a Yehowa ne ne diyifo Mose bɔe boa wɔ eyi mu. Bere a Onyankopɔn de hyɛɛ Mose nsa sɛ ɔnkɔyɛ ne kasamafo wɔ Farao ne Israelfo no anim no, odiyifo no tee nka sɛ ɔmfata sɛ ɔyɛ adwuma no. Ɔkae sɛ: “Me kasa yɛ nyaa na me tɛkrɛma nso yɛ duru.” Nanso, Onyankopɔn buae sɛ: “Hena na ɔyɛɛ onipa ano? . . . Ɛnyɛ me [Yehowa] yi? Na afei kɔ, na me ara medi w’ano akyi na makyerɛ wo nea ka.”—Exodus 4:10-12.
Yehowa de Mose nuabarima Aaron yɛɛ ne kasamafo, na wɔkɔyɛɛ wɔn adwuma no wɔ Misraim. (Exodus 4:14-16) Yehowa Adansefo pii na wɔate nka, te sɛ Mose, sɛ wɔmfata bere a wofi afie afie anaa mmɔnten so asɛnka adwuma no ase foforo no. Sɛnea na ɛte wɔ Mose fam no, nim a yenim sɛ Yehowa gyina yɛn akyi, na ɔsomfo bi a ne ho akokwaw bɛka yɛn ho no betumi ama yɛadi yɛn nan ase a yɛtwentwɛn no so. Sɛnea Mose tumi benyaa ahotoso araa ma otumi maa kasa ahorow a tumi wom a yehu wɔ Bible nhoma Deuteronomium mu nyinaa no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛdenam Yehowa mmoa so no, yɛn nso yebetumi anya ahokokwaw wɔ ɔkasa mu.
Nhwɛsode Bi a Asuade Wom
Yentumi mmu yɛn ani ngu ɔpɛ a efi komam a ɛsɛ sɛ yenya sɛ yɛbɛboa afoforo no nso so. Ɛno yɛ su a na Yona tɔ mu sin. Yehowa de hyɛɛ Yona nsa sɛ ɔmmɔ Niniwefo kɔkɔ wɔ ɔsɛe a na ɛreba kurow no so no ho. Nea ɛyɛ nwonwa no, Niniwefo no sakraa wɔn adwene. (Yona 3:5) Ɛno nti, Yehowa twee ɔsɛe no sanee. Nanso sɛ́ anka Yona bedi ahurusi sɛ n’asɛnka adwuma no asi yiye no, ne bo fuwii sɛ ne nkɔmhyɛ no annya mmamu. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so boaa no maa onyaa adwene a ɛfata?
Yehowa de adedenkuruma dii dwuma de kyerɛɛ Yona hia a ɛho hia sɛ odwen afoforo ho. Dua no nam anwonwa kwan so fifii anadwo biako, na ɛmaa Yona a na wabɔ ɔsese bi wɔ Niniwe kurotia no onwini a na ɔhwehwɛ. Yona fii ase nyaa “anigye kɛse” wɔ saa dua a ɛnsom bo yi ho. Nanso Yehowa maa aboawa bi befitii dua no mu maa ɛso powee. Bere a owia si Yona so na mframa a emu yɛ hyew bɔ fa ne ho no, ne bo fuwii, na ɔkae sɛ: “Owu ye ma me sen nkwa.” (Yona 4:5-8) Asuade bɛn na na ɛwɔ eyi nyinaa mu?
Yehowa ka kyerɛɛ Yona sɛ: “Wo de, adedenkuruma no asɛm yɛ wo yaw, nso wonyɛɛ ho adwuma bi, na ɛnyɛ wo na woma enyinii, na ɛbae anadwo koro na ɛsɛee anadwo koro. Na me de, Niniwe kurow kɛse a nnipa bɛboro ɔpedu ahorow dummien a wonnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no de renyɛ me yaw anaa?”—Yona 4:9-11.
Nhwɛsode a asuade wom bɛn ara ni! Ná adedenkuruma no ho hia Yona sen nnipa mpempem pii no. Ɛwom sɛ Onyankopɔn abɔde biara a obi ani bekũ ho no fata nkamfo de, nanso nnipa a yɛbɛboa wɔn ma wɔanya nkwa ne yɛn adwuma a ɛho hia sen biara.
Boasetɔ a Wɔde Kyerɛkyerɛ
Sɛnea Yona hui no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ yɛn som adwuma no bere nyinaa. (2 Timoteo 4:5) Nanso, boasetɔ a yebenya ama afoforo bɛboa.
Dɛn na woyɛ bere a wo Bible suani bi yɛ nyaa anaa ɔnte asɛm ase wɔ ɔkwan bi so no? Yɛn Kyerɛkyerɛfo Pumpuni no kyerɛ yɛn sɛnea yenni ɔhaw a ɛte saa ho dwuma. Onyaa boasetɔ a ɛkyɛn so bere a Abraham bisabisaa no nsɛm faa ɔsɛe a na ɛreba Sodom ne Gomora so ho no. Abraham bisae sɛ: “So wobɛpra ɔtreneeni ne ɔbɔnefo abom agu anaa?” Ɔsrɛ bisae sɛ: “Ebia sesɛɛ atreneefo aduonum wɔ kurow no mu, so wobɛpra wɔn agu, na atreneefo aduonum a ɛwɔ mu no nti woremfa mfiri kurow no anaa?” Yehowa mmuae no kanyan Abraham maa ɔkɔɔ so srɛe kosii sɛ dodow no so tew beduu du. Ná Yehowa nim sɛ Lot abusua no nkutoo na ɛfata sɛ wɔkora wɔn so, na na wayɛ ɛno ho nhyehyɛe. Nanso Onyankopɔn fi boasetɔ mu maa Abraham kɔɔ so bisabisaa no nsɛm kosii sɛ ohuu sɛ Yehowa wɔ mmɔborohunu kɛse.—Genesis 18:20-32.
Yehowa nyaa koma wɔ nimdeɛ pii a na Abraham nni ne sɛnea na wahaw no ho. Sɛ yɛn nso yɛte yɛn suani no sintɔ ahorow ase a, ɛbɛboa yɛn ma yɛada boasetɔ adi bere a ɛyɛ den sɛ ɔbɛte nkyerɛkyerɛ pɔtee bi ase anaa obedi suban bi a aka ne hɔ so no.
Kɔ So Sua Biribi Fi Yehowa Hɔ
Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Ɔkyerɛkyerɛfo Pumpuni no. Ɔfa akwan bi te sɛ mfatoho, nsemmisa, ne nhwɛso ahorow a asuade wom so, fi boasetɔ mu ma yenya ntease. Dodow a yebesuasua akwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ no, dodow no ara na yɛn ankasa bɛyɛ akyerɛkyerɛfo pa.
Esiane sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ afoforo no kwati sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ho nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ‘ma Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn.’ (Yesaia 54:13) Yesaia kyerɛwee sɛ: “Mo aniwa bɛyɛ aniwa a ebehu mo Kyerɛkyerɛfo Pumpuni no. Na mo asõ bɛte asɛm bi wɔ mo akyi sɛ: ‘Ɔkwan no ni. Monnantew so,’ sɛ mobɛfa nifa oo, sɛ mobɛfa benkum oo.” (Yesaia 30:20, 21, NW) Yɛnam Yehowa kwan a yɛbɛkɔ so anantew so na yɛaboa afoforo ma wɔayɛ saa no so betumi anya hokwan a ɛso nni sɛ yɛbɛkɔ so asua biribi afi yɛn Kyerɛkyerɛfo Pumpuni no hɔ daa.
[Kratafa 28 mfonini]
Yehowa bisaa Hiob sɛ: “W’anom asɛm so na ɔkɔre ma ne ho so, na ɔyɛ ne berebuw nea ɛkorɔn?”
[Kratafa 28 mfonini]
Yehowa nam adedenkuruma bi so kyerɛɛ Yona sɛ ɛsɛ sɛ odwen nnipa ho kɛse