Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 2/15 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛsɛ sɛ Wode Yehowa Asɛm Di Dwuma Da Biara!
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yɛde Anigye Gyina Sɔhwɛ Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Efiehwɛfoɔ Nokwafoɔ, Siesie Wo Ho!
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Munnyina Pintinn Sɛ Wɔn A Wohu Nea Wontumi Nhu No No!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 2/15 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na Yesaia 30:21 ka sɛ Yehowa asɛm fi “w’akyi,” bere a nkyekyɛm a edi ɛno anim no de Yehowa di anim denam ka a ɛka sɛ, ‘w’aniwa behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini’ no so?

Yesaia 30:20, 21 kenkan sɛ: ‘Wo kyerɛkyerɛfo Kunini no remfa ne ho nhintaw bio, na mmom w’aniwa behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no. Na w’asõ bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: ‘Ɔkwan no ni. Sɛ mofa nifa oo, sɛ mofa benkum oo, monnantew so.’

Sɛ ɔkenkanfo no fa kyerɛwsɛm no aniani a, ohu sɛ Yehowa, Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini, no wɔ n’anim nanso ɔte Ne nne wɔ n’akyi. Nanso, saa nsɛm no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de na ɛsɛ sɛ yɛte ase sɛnkyerɛnne kwan so.

Kasakoa a nkyekyɛm 20 no ma ɛba adwenem ne akoa a ɔresom ne wura, a wayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛyɛ nea ne wura no ka biara. Te sɛ akoa a ogyen n’ani hwɛ ne wura nsa na ama wahu nea ne wura repɛ akyerɛ no, saa ara na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ gyen wɔn ani hwɛ nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn na egyina Bible so a Yehowa nam n’asase so ahyehyɛde no so de ma no. (Dwom 123:1, 2) Yiw, wodi n’akwankyerɛ akyi, na wɔyɛ krado tie nea Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ka biara.—Mateo 24:45-47.

Na asɛm a n’asomfo te wɔ wɔn akyi no nso ɛ? Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ ɛnne a wɔte wɔ wɔn akyi no yɛ Onyankopɔn nne a ɔde kasae wɔ tete mmere mu, a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ N’asɛm mu, na ɔnam “ofiepanyin nokwafo” no so ma emu da hɔ no. (Luka 12:42) Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no te ne nne denam nsi a wɔde sua Bible no ne emu nnyinasosɛm horow a wɔnam nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” “ofiepanyin nokwafo” no asiesie so de di dwuma wɔ wɔn asetram no so. Ɛdenam akwankyerɛ a ɛyɛ ne bere mu de a Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no de ma a ne nkoa wɛn wɔn aso tie, ne Onyankopɔn Asɛm a wɔkyerɛw no mfehaha pii a atwam a wosua so no, wohu no wɔ wɔn anim na wɔte ne nne wɔ wɔn akyi.—Romafo 15:4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena