Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 6/1 kr. 3-8
  • Yehowa Yɛn Anidaso Ma Nhyehyɛe Foforo Mu Hyɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Yɛn Anidaso Ma Nhyehyɛe Foforo Mu Hyɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WƆREMPA KYƐW MMA NYAATWOM KRISTOMAN
  • WOHWƐ ASOMDWOE KWAN KWA!
  • Bible Nkɔmhyɛ Mu Ɔhene “Guanhwɛfo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Wɔka “Asomdwoe” Bere A Enni Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nkwa Kwan Anaasɛ Owu Kwan​—Nea Ɛwɔ He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • “Mintumi Nyɛ Komm”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 6/1 kr. 3-8

Yehowa Yɛn Anidaso Ma Nhyehyɛe Foforo Mu Hyɛn

1. Dɛn nti na nnipa pii ayera nhyehyɛe foforo a ebetumi aba ho anidaso no?

ƐHENA NA ɔmpɛ nneɛma nhyehyɛe foforo wɔ asase so ha? Nnipa pii pɛ sɛ wonya trenee nneɛma nhyehyɛe foforo a eye, nanso afei de saa nneɛma yi ho anidaso ketewa bi pɛ na wɔwɔ sɛ ebia ɛbɛyɛ yiye. Adesamma abrabɔ tebea a ɛresɛe bere nyinaa no mfa nea wobetumi agyina so anya anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye no mma wɔn. Anidaso a wɔwɔ nyinaa asa, efisɛ wɔmfaa anidaso bi a ɛyɛ nokware a wotumi de wɔn ho to so mmaa wɔn ɛ. Wonnya nsũa nhũi sɛ obi a ne ho akokwa yiye ahyɛ saa nhyehyɛe foforo a ɛte sɛɛ ho bɔ na bere adu sɛ ɛbɛbam. Saa onii a ne ho akokwa yi ne yɛn anidaso. Ɔno ne wɔn a wɔde nokwaredi hwehwɛ sɛ wɔhyɛn trenee nhyehyɛe foforo mu no nyinaa Anidaso.

2. Sɛnea Yeremia 14:8, 9 kyerɛ no, na dɛn na Yehowa yɛ ma Israel man no, nanso tebea no bɛyɛɛ dɛn?

2 Afei, wɔ bere a biribiara nyɛ kusuu wɔ wiase yi ne bere a ɛfata a ɛsɛ sɛ yɛdan yɛn ho kɔ saa Anidaso biako yi ho, sɛnea odiyifo Yeremia yɛe bere a biribiara asɛe ama n’ankasa man no. Yeremia kae bere a ɔresu ama mmea no mu sɛ: “Wo a Israel hwɛ wo kwan, wo a wugye wɔn ohia bere mu, ɛdɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔho, sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo? Ɛdɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wɔatu ne bo, sɛ dɔmmarima a ontumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfinimfini, Awurade [Yehowa], na wɔde wo din ato yɛn, nnyaw yɛn hɔ.”​—Yer. 14:8, 9.

3. Sɛnea Yeremia 14:22 kyerɛ no, dɛn nti na atirimpɔw a eye wɔ hɔ ma yɛn ho a yɛbɛdan akɔ Yehowa nkyɛn sɛ yɛn Anidaso biako pɛ no?

3 Anidaso a eye wɔ hɔ a ɛno nti ɛbɛma yɛde saa Onyankopɔn yi ara ayɛ yɛn Anidaso nnɛ. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔno, na ɛnyɛ biribi foforo? Efisɛ ɔno ne Ɔboadeɛ na ɔno na adebɔ mu tumi horow ne ɛho dwumadi ahorow a ɛkɔ so wɔ yɛn asase yi so ne ɛho nyinaa hyɛ ne nsam. Ɛte sɛ nea Yeremia kae no pɛpɛɛpɛ bere a ɔkaa asɛm a ɛte sɛɛ kyerɛɛ Onyankopɔn no: “So ahuhude no mu bi wɔ hɔ a wɔma osu tɔ? Anaasɛ ɔsoro [a nsoromma mu ahwɛfo de wɔn ho to so no] betumi ama asusow atue? So ɛnyɛ wo, Awurade [Yehowa], yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan, efisɛ wo ara na woayɛ eyinom nyinaa.”​—Yer. 14:22.

4. Esiane sɛ wɔde Onyankopɔn din ato Israel man no nti, dɛn na tebea no bɛyɛe a ɛno nti ɛmaa nsemmisa bi sɔree wɔ Yeremia mu?

4 Na wɔde Onyankopɔn ankasa din frɛ tete Israelfo no, enti yebetumi asusuw sɛ na ɔte sɛ obi a ɔwɔ wɔn ntam. Ɛnde dɛn nti na wabɛdan sɛ obi a ontumi nyɛ nea ‘Israel hwɛ no kwan,’ sɛ ɔbɛyɛ te sɛ ɔhɔho a wabɛtra wɔn mu bere tiaa bi, anaasɛ ɔkwantuni a ɔretwam wɔ wɔn asase no so ara kwa, a ɔwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena watwam kɔ? Dɛn nti na wadan sɛ ɔbarima a ɔhaw horow a esi n’anim no ama ne koma atu, a ontumi nyɛ ho biribiara yi? Anaasɛ dɔmmarima a ontumi mmoa nnipa a ehia sɛ ogye wɔn fi nea afi wɔn ankasa kwan a wɔafa so no mu aba no mu no? Wiɛ, dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɛno nti na ama aba saa?

5. Dɛn na Yehowa kae a ɔde kyerɛ sɛ ɛno nti na ɛma ɔpow Israel, na dɛn nti na ɔde Etiopiani ne ɔsebɔ di dwuma wɔ ntoto ho no mu?

5 Nea ɛde Israelfo no haw no bae no nyɛ aniani de. Pow a wɔpow apam a wɔne Nea Ɔma Asusow Tue, Yehowa, ayɛ no yɛ nea na ayɛ wɔn suban, ne afei nso animtiaa a wobu ne din na wɔde ne som kronn no frafra abosonsom aman a atwa wɔn ho ahyia no de no. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “So Etiopiani betumi asakra ne were, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakra ne ho nworanworan? Ɛnde mo nso mubetumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwaw mo. Enti mɛbɔ wɔn mapete sɛ ntɛtɛwa a sare so mframa de no kɔ. Eyi ne w’ade a wubenya, wo kyɛfa a masusuw mama wo, Awurade [Yehowa] asɛm ni, efisɛ wo werɛ afi me, na wode wo ho ato atoro so. . . W’awaresɛe ne wo mmɔnbɔ, w’aguamammɔ atantanne, wuram nkoko so na mahu w’akyide. Kosɛ, Yerusalem, enkosi da bɛn na wo ho bɛtew bio?”​—Yer. 13:23-27.

6. Dɛn na nokwasɛm a ɛwɔ hɔ no kyerɛ, wɔ nsɛm a ɛda Yehowa ne Israel ne afei nso Kristoman ntam no ho?

6 So nokwasɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu yi kyerɛ sɛ Yehowa ne Israel anya asɛm anaa? So ɛno nso kyerɛ sɛ ɔne Kristoman, nea ɔka sɛ ɔyɛ Bible Nyankopɔn no nkurɔfo no nso anya asɛm? Yiw, saa pɛpɛɛpɛ na ɛte! Enti nea ɔka ne sɛ ɔbɛhwɛ ma wɔadi asɛm no ma aba awiei, efisɛ ɔno ne Ɔtemmufo Kɛse.

7. Nea ɛne Yeremia 17:1-4 hyia no, wae a Kristoman awae afi gyidi no ho ne wiase nsɛm akyi a odi no ho kyerɛwtohɔ akɔ akyiri akodu he na dɛn na wɔde kyerɛw, na dɛn na ebedi akyi aba?

7 Esiane sɛ ɔka sɛ ɔyɛ Kristoni nti, na ɛsɛ sɛ Kristoman yɛ nhwɛso pa ma wiase mu no nyinaa. Nanso nea wayɛ ama n’ankasa ho ne wae a wawae afi nokware som ho ne wiase akyi a odi ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ a wɔrentumi mpopa da. Ne ho kyerɛwtohɔ te sɛ tete Yerusalem ne Yuda asase no de:

“Yuda bɔne no, wɔde pɛnsere hyerɛmmo hwete na akyerɛw, wɔakurukyerɛw wɔn koma apon so ne wɔn [atoro som] afɔremuka mmɛn so bere a wɔn mma kae wɔn afɔremuka ne wɔn Asera nnua, dua frɔmfrɔm ne nkoko sorɔnsorɔn so no. Me bepɔw ne ɛho asase, mede w’ahode ne w’akorade nyinaa mɛma [wɔn a wodi m’atemmu ho dwuma] na woafom, ne wo sorɔnsorɔmmea no nso, w’asase yi nyinaa so bɔne nti. Na wubegyaw w’agyapade [a ɛwɔ Bɔhyɛ Asase no so] a mede memaa wo no atɔ hɔ, na mɛma woasom w’atamfo, [Babilon] asase a wunnim so so, efisɛ moasɔ m’abufuw mu gya a ɛbɛdɛw daa.”​—Yer. 17:1-4.

WƆREMPA KYƐW MMA NYAATWOM KRISTOMAN

8, 9. Ɛwom sɛ Kristo din da Kristoman so de, nanso dɛn nti na ɔrensrɛ mma no, sɛnea na ɛte wɔ tete Israel de no mu no?

8 Kristoman de Kristo din no akyin. Nanso so ɔbɛpa kyɛw ama anyamesom ahyehyɛde a ɛte sɛɛ a akɔ so de Bible mu nkyerɛkyerɛ afrafra abosonsom nea ɛboro mfeha 16 ni no? Dabi, efisɛ ɔne ne Soro Agya, Yehowa Nyankopɔn yɛ adwene koraa. Ɔkae sɛ: “Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛnea mete no na mibu atɛn, na m’atemmu no yɛ trenee. Na menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” (Yoh. 5:30) Mfirihyia ahansia ansa na Kristo reba, wɔ Yeremia nna mu no, Yehowa ka kyerɛɛ nea wɔde no yɛɛ Kristoman ho mfonini no sɛ:

9 “Sɛ Mose ne Samuel po begyina m’anim a mekra renkom nkɔ ɔman yi so; ma womfi m’anim na wɔnkɔ.”​—Yer. 15:1.

10. Dɛn nti na wobebu srɛ a Mose ne Samuel bɛsrɛ ama obi no sɛ ɛyɛ nea Onyankopɔn bɛpene so, nanso afei de su bɛn na Yehowa kura wɔ Israel a ɔnsakra no ho?

10 Mose a wɔnam no so de Mmara Nsɛm Du no maa Israel no srɛ maa wɔn ma esii wɔn yiye bere bi. Wɔ Samuel a ɔtraa ase wɔ ɛno akyi mfirihyia ahanan no fam no, ofii adiyifo kuw titiriw bi a wɔde wɔn bedi dwuma atoatoa so a Yeremia ka ho a ɛkɔɔ so ara de kosii odiyifo Malaki so no ase. (Aso. 3:22-24) Samuel nso srɛ maa Israel man no titiriw bere a wobisae sɛ wɔhwehwɛ ɔhene a ɔyɛ ɔdesani a wohu no no akyi. Nanso afei de, nea ɛboro mfirihyia ahanan wɔ Samuel wu akyi no, srɛ a ɔno anaasɛ Mose bɛsrɛ ama wɔn no renyɛ yiye wɔ Yehowa anim. Enti Israel a ɔnsakraa n’adwene no mfi hɔ nkɔ!

11. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahyia nneɛma bɛn a ɛde owu ba nti na Israelfo a wɔnsakra wɔn adwene no befi Yehowa anim akɔ no?

11 Omfi hɔ nkɔ hefa? ne asɛm a obi a ohu Kristoman a n’asɛm yɛ no mmɔbɔ no bebisa. Yɛwɔ nkɔmhyɛ nsɛm a ɛkyerɛ faako a ɔbɛkɔ, wɔ nea Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia yi mu: “Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ ɛhefa na yemfi nkɔ? a, ɛnde ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade [Yehowa] se ni: Nea ɔsɛ owu no nkɔ owu mu, na nea ɔsɛ afoa ano no nkɔ afoa ano, na nea ɔsɛ ɔkɔm no nkɔ ɔkɔm mu, na nea ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu. Na nneɛma ahorow anan na mɛma aba wɔn so, Awurade [Yehowa] asɛm ni; afoa a wɔde bekum wɔn, ne akraman a wɔbɛtwetwe wɔn, ne wim nnomaa ne asase so mmoa a wobedi wɔn asɛe wɔn. Na mɛma wɔaguan wɔn ho asase so ahenni nyinaa mu, Yuda hene Manase a ɔyɛ Hesekia ba ne nea ɔyɛ Yerusalem no ntia. Na hena na obehu wo mmɔbɔ, Yerusalem? Na hena na obegyam wo? Na hena na ɔbɛman akobisa nea w’asomdwoe no wɔ? Woapa me, Awurade [Yehowa] asɛm ni, na wo nsanakyiri [a wode fi me ho] no kɔ so ara.”​—Yer. 15:2-6; afei nso 16:4.

12. Bere bɛn na hena na ɔkaa nneɛma a ɛde owu ba yi ho asɛm faa afeha a edi kan no mu Yerusalem ne afei mprempren nneɛma nhyehyɛe yi ho?

12 Owuyare (anaasɛ nsanyare) , afoa (anaasɛ ɔko) , ɔkɔm (anaasɛ aduankɔm) ne nnommumfa! Saa nsɛm a wɔka kyerɛɛ Yeremia a ɛfa Yerusalem ho wɔ n’awiei bere mu (647-607 A.Y.B.) wɔ ne nna mu no nso yɛ nsɛm a Yesu Kristo de dii dwuma wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem “awiei bere” wɔ Yɛn Bere mu afeha a edi kan no mu no ho. (Mat. 24:3-7, 21, 22; Luka 21:10, 11, 20-24) Afei nso, wɔnam mfatoho ahorow a wuram mmoa a wɔn ani yɛ den ka ho so twe yɛn adwene ba ne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu nhoma a etwa to no mu no so. (Adi. 6:1-8) Nea ɛwɔ saa nkɔmhyɛ no mu no ne amanehunu ahorow a wɔaka ho asɛm sɛ ɛbɛba no mmamu a ɛtraa bere a wɔkyerɛw Adiyisɛm no wɔ afe 96 Y.B. mu de besi yɛn ankasa “awiei bere” a efii ase fii 1914 Y.B. mu reba no. (Dan. 12:4) Enti nkɔmhyɛ no mmamu a etwa to fa mprempren nneɛma nhyehyɛe a wɔabu no fɔ a Kristoman a wawae afi nokware gyidi no ho ka ho no ho.

13. Efi bere bɛn na yɛn nsa aka nneɛma a ɛte sɛɛ pii dodo?

13 So ɛsɛ sɛ yɛn mubi kata n’ani wɔ nokware a ɛyɛ sɛ efi Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 reba yi yɛanya ɔko (afoa) , ɔkɔm, owuyare, afei nso asasewosow a adɔɔso akɔ so no so? Abam sɛnea wɔkaa ho asɛm siei no, sɛnea wɔyɛɛ ho mfonini wɔ Yerusalem a na ɛwɔ Yeremia nna mu no ne Yerusalem a na ɛwɔ Yesu asomafo no nna mu no ho no.

14. Dɛn nti na Kristoman mfaa ne ho nnii wɔ amanehunu ahorow a ɛte sɛɛ a ɛba no mu?

14 Kristoman a ɔyɛ nnɛ bere mu Yerusalem ne Yuda a wawae afi nokware gyidi no ho no mfaa ne ho nnii wɔ amanehunu ahorow a ɛba no mu. Mpae a n’asɔfo no bɔ no mmoaa no ɛ. Nea enti a aba saa no te sɛ Israelfo a na wɔwɔ Yeremia nna mu no mu de no ara pɛ: “Mayi m’asomdwoe afi ɔman yi so, Awurade [Yehowa] asɛm ni, mayi adɔe ne mmɔborohunu. Na sɛ asafo Awurade [Yehowa], Israel Nyankopɔn no, se ni: Hwɛ, merema ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne to atwa ɛha yi, mo aniwa mu ne mo bere yi so.”​—Yer. 16:5, 9.

WOHWƐ ASOMDWOE KWAN KWA!

15. Dɛn na na Israel hwɛ kwan wɔ Yeremia nna mu, na awerɛhyem bɛn na na Adiyifo afoforo no de rema Israelfo no?

15 Tebea no ayɛ te sɛ nea na ɛte ma Israelfo no wɔ bere a Yeremia paee mu kaa Yehowa atemmusɛm kyerɛɛ wɔn no ama Kristoman wɔ saa “awiei bere” yi mu: “Yɛhwɛ asomdwoe kwan, nso papa bi nni hɔ; yɛhwɛ ɔyaresa bere kwan nso, na hwɛ, abotutu na ɛwɔ hɔ.” (Yer. 14:19) Wɔ eyi nyinaa akyi no, Kristoman asɔfo no kɔ so bɔ nea Yeremia kuw no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no pae mu ka sɛ kɔkɔbɔ kyerɛ nnipa nyinaa no abira. Saa Yehowa adansefo a wɔasra wɔn yi kɔ so hyia tebea a Yeremia hyiae wɔ ne nna no mu a ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛɛ no bi pɛpɛɛpɛ: “Aa Awurade [Yehowa] hwɛ, adiyifo no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhu afoa [wɔ Yehowa brafo no nsam], na ɔkɔm remma mo so, na nokware asomdwoe na mede mɛma mo ɛha yi.”​—Yer. 14:13; Mat. 24:25-47.

16. Asɔfo no nsɛm ne wɔn nneyɛe bɛn na ɛma Kristoman asɔre mma no yɛ wɔn a wontie kɔkɔ a Yehowa Adansefo bɔ no?

16 Saa nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ amanehunu bi remfi Onyankopɔn hɔ mma no yɛ nea wɔde brɛ osuro a nnipa no wɔ no ase. Ɛma Kristoman asɔre mma no nya anidaso a ɛnyɛ nokware. Ɛma wɔbɛyɛ nnipa a wɔn ani nna wɔn ho so wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛbɛba mpofirim no ho. Enti, ɛbɛba wɔn so te sɛ owifo ba anadwo, na wobehu amane de akosi daa. Esiane sɛ asɔfo no bɔ Yeremia kuw no dimmɔne na wɔbɔ asɛm a wɔka wɔ ne bere mu pɛpɛɛpɛ no atoro nti, ɛma asɔre no mufo a wɔyɛ anibiannaso a biribiara mfa wɔn ho no dan wɔn a wontie kɔkɔ a Yehowa nam n’adansefo no so bɔ no koraa.

17, 18. (a) Esiane Kristoman mu asɔfo no nti, dɛn na abɛyɛ te sɛ akisikuru a wɔsa a ɛnsa wɔ Yeremia kuw no ho? (b) Su bɛn na tebea no ahyɛ Yeremia kuw no so ama wɔanya wɔ nnamfo a wɔne asɔfo no bɛyɛ ho?

17 Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔama asomdwoe ho bɔ a wɔhyɛ no aka nkurɔfo asom no, anyamesom akwankyerɛfo no taa Yeremia kuw no ne wɔn ahokafo no. Wɔyɛ ma amammui tumidifo no toa wɔn. Ɔtaa ne ahohora a Yeremia kuw no kɔ so tɔ wɔn bo ase wɔ mu no abɛdan te sɛ akisikuru bi ama wɔn, te sɛ kuru a wontumi nsa a Yehowa ama kwan ama aba saa, te sɛ nea ɔrekasa tia wɔn. Wɔrentumi nnyaa nsɛm mu na wɔne asɔfo no asiesie na wɔabɛyɛ wɔn kuw no mufo a wɔdɔ wɔn. Yehowa nkutoo ne Nea wɔde wɔn asɛm no bɛto n’anim, na wɔn ani gye nhyehyɛe a wayɛ no ho, sɛnea Yeremia kae no:

18 “Wo, Awurade [Yehowa] wunim. Kae me na bɛhwɛ me, na tɔ me were ma me m’atiwfo so; wo bo a ɛkyɛ fuw no nti mfa me nkɔ; hu sɛ wo nti na mesoa ahohora. Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduan, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛw ne akomatɔyam, na wɔde no din ato me, Awurade [Yehowa], asafo Nyankopɔn. Mantra aserewfo [wɔn a wɔserew susuw sɛ asomdwoe wɔ hɔ] guabɔ mu manni ahurusi; wo nsa nti me nko na metrae, efisɛ wode abufuw [ɛyaw, LXX; awerɛhow, JP] ahyɛ me ma.”​—Yer. 15:15-17.

19. Wɔ ɔtaa a wɔde ba Yeremia kuw no so no nyinaa akyi no, dɛn nti na wɔn a wɔwɔ ɔtaa ase yi betumi adi ahurusi na wɔahyehye wɔn ho no?

19 Ɔtaa a ɛfam Yeremia kuw no ho te sɛ kuru no nyɛ nea ɛyɛ dɛ a wɔpɛ. (Yer. 15:18) Nanso wɔn a wɔataa wɔn no betumi adi ahurusi wɔ Yehowa Asɛm, Kyerɛw Kronkron a wɔakora so ama yɛn na wɔde akyekye yɛn werɛ no mu. (Rom. 15:4) Yebetumi adi ahurusi esiane sɛ yɛahu nkɔmhyɛ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mmere a emu yɛ den a yɛwɔ mu yi mu, na ɛma yɛn daakye anidaso a eye wɔ nhyehyɛe foforo bi mu wɔ Harmagedon akyi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nti. Esiane eyi nti yebetumi ahyehye yɛn ho wɔ Yehowa mu.​—Yer. 9:23, 24.

20, 21. (a) Dɛn nti na ɛnnɛ onipa koma no yɛ “okontomponi,” yiw, “emuɔ” sen biribiara? (b) Sɛnea Yeremia 17:5-8 kyerɛ no, adeyɛ kwan bɛn na ɛde Onyankopɔn nnome ba, na nea ɛwɔ he na ɛde ne nhyira ba?

20 Wɔ saa “nneɛma nhyehyɛe yi awiei” yi mu, bere a mmarato redɔɔso na Yehowa retwɛn ne bere na ɔde atwe nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so pii no aso no, ɔdesani koma kɔ so dan “nkontomponi,” yiw, na “emuɔ” sen ade nyinaa, wɔ bere a adesamma hu wɔn ho sɛ wɔn ho akyere wɔn yiye yi mu. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde nea koma no hwehwɛ no bɛma no, wɔ akwan horow a ɛne Onyankopɔn afotu ne ne trenee gyinapɛn no bɔ abira so a, ɛnde ɛde n’abufuw atemmu bɛba yɛn so. (Yer. 17:9-11) Esiane sɛ yɛwɔ nhyɛso horow a ɛbɛma yɛafa ɔkwan a ɛnteɛ so nnɛ ase nti, mommma yɛn koma nnnaadaa yɛn na akanyan yɛn ma yɛayɛ nneɛma a ɛne kyerɛw nsɛm no nhyia, nneɛma a nyansa nnim. Kae sɛ: ɔkwan a yɛfa so no na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛfata sɛ yɛn nsa ka nnome anaasɛ nhyira. Yehowa de ɔkwan a ɛde ne nnome bɛba no sisi hɔ na ɔde ɔkwan a ɛde ne nhyira nso bɛba no sisi hɔ, sɛ:

21 “Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa so, na ɔde honam yɛ ne basa, na ne koma atwe afi Awurade [Yehowa] ho! Na ɔbɛyɛ sɛ dua kwatikwati anhwea pradada so, na ɔrenhu sɛ papa reba, na ɔbɛtra sare no nkyerekyerewa so ne nkyene asase a obi nte so so. Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to Awurade [Yehowa] so, na Awurade Yehowa yɛ n’anidaso! Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔatɛw asukɔn so, na ne ntini tenten kɔ asu no ho; na sɛ ahohuru ba a, ɛnyɛ no hu, na ɛso ahaban bɛyɛ frɔmfrɔm, na osukɔm afe mu nso, ɛrempo, na ɛrennyae abasow.”​—Yer. 17:5-8.

22. Ɔkwan bɛn so na Israelfo a wɔwɔ Yeremia nna mu no fa kyerɛe sɛ wɔde ‘ɔhonam ayɛ wɔn basa’?

22 Nnipa a wɔwɔ ahoɔden taa de wɔn ho to adesamma so na wɔde wɔn ho to onipa basa so na wagye wɔn. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔdan sɛ dua kwatikwati anhwea pradada so, na wɔte nkyerekyerewa ne nkyene asase so. Wɔyɛ te sɛ nea Israelfo a na wɔwɔ Yeremia nna mu no yɛ no: Sɛ atamfo dɔm, a wɔbobom te sɛ gyata yi saa Israelfo yi ho hu a, wɔnhwehwɛ Amansan Hene Awurade Yehowa hɔ mmoa. Wɔdan wɔn ho kɔ asase so nnipa a wɔn yɛ den a wɔwɔ ‘akode, a wɔn ho akokwaw wɔ akodi mu no hɔ kɔhwehwɛ akodi mu mmoa. Enti wɔntwe wɔn ho mmɛn Yehowa ho na wɔabɛnom nkwagye nsu a efi ɔno a ɔyɛ nkwagye Fibea no hɔ no bi. Mmom, woguan kɔ Misraim kɔnom nkwagye nsu fi Nilo Asubɔnten no mu. Anaasɛ woguan kɔ Asiria kɔnom nkwagye nsu fi Eufrate Asubɔnten no mu, wɔ bere a na Asiria di so no.

23. Ɔkwan bɛn na Israelfo no faa so ‘bɔree mmura a apaapae a entumi nnyina nsu maa wɔn ho,’ na dɛn na efii mu bae?

23 Wɔ saa ɔkwan yi so, wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, na Israelfo a wonni gyidi no “kɔbɔre mmura a apaapae a entumi nnyina nsu.” Wɔpow Yehowa, “nkwa nsuti no.” Enti nkwagye biara amfi ne hɔ amma. Wodii huammɔ, efisɛ wiase tumi horow abien, Misraim ne Asiria a wɔn ho yɛ den wɔ akodi mu no antumi amfa nkwagye nsu a efi wɔn amammui atamfo no hɔ anhyɛ Israelfo no “mmura a apaapae” no mu. Enti wɔannya nkwa nsu bi amfi Sihor, Nilo ne Eufrate Nsubɔnten no mu wɔ bere a na wɔwɔ Asiria sodi ase no. Esiane sɛ wɔagyaw Yehowa, wɔn Nyankopɔn a ɔyɛ nkwagye Fibea no nti, Israelfo akobɔfo no befii nnome a emu yɛ den ase.​—Yer. 2:13-18.

24. Nanso, ɛhefa na Yeremia kuw no ne “nnipakuw kɛse” no dan obu a wɔwɔ ne wɔn anidaso kɔ, na wɔsom nkwa nsu fibea ankasa no wɔ he?

24 Yeremia kuw a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔnte sɛ saa Israelfo no de Yehowa ayɛ wɔn Anidaso. Wɔde obu ma n’amansan nniso no. Wɔsom no sɛ wɔn Nyankopɔn wɔ ne honhom mu asɔrefi anaa ne trabea no. Ɔno na wɔhwɛ no kwan, ɛnyɛ ɔdesani anaasɛ adesamma wiase tumi bi a ɛwɔ nuklea akode. Wodi “nnipakuw kɛse.” bi anim nnɛ ma wɔde wɔn werɛ ne wɔn ahotoso ahyɛ Yehowa mu. Esiane sɛ wɔatwe wɔn ho afi Kristoman a wawae afi nokware gyidi no ho nti, wɔka wɔ nyansam sɛ: “Anuonyam ahengua a esi sorɔnsorɔn so fi teteete ne yɛn kronkronbea: Awurade [Yehowa], Israel anidaso, wɔn a wogyaw wo nyinaa ani bewuwu [wɔn nsa besi fam]; wɔn a wɔsan fi m’akyi no, asase so na wɔbɛkyerɛw wɔn din, efisɛ wɔagyaw nkwa nsuti, Awurade [Yehowa].”​—Yer. 17:12, 13.

25. Ɛnde ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa akɔ Nhyehyɛe Foforo a ɛwɔ Yesu Mesia no ase no mu?

25 Ɛnde momma yennyaw “mmura a apaapae” a nnipa ayeyɛ a wiase amnehunu a ɛbɛba no mu nkwagye nsu ntumi nnyina mu no. Momma yɛnnan yɛn ho nkɔ Yehowa nkyɛn. Obetumi abɔ yɛn ho ban wɔ “ahohiahia kɛse” no mu na ɔde yɛn aba ne nhyehyɛe foforo a ɛwɔ Yesu, Mesia no ase no mu dwoodwoo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena