Yɛbɛyɛ Dɛn Adi Onyankopɔn Dɔ Ho Dwuma Ɔkwan A Pɛsɛmenkominya Nnim So?
“Sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.”—1 YOHANE 4:11.
1, 2. Dɛn na ehia na yɛatumi adi Onyankopɔn dɔ a oyi no adi kyerɛ no ho dwuma ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so?
YEHOWA yɛ ɔdɔ nhwɛso ankasa. Nokwarem no, yehuu sɛnea ne dɔ a ɛda adi no dɔɔso pii wɔ asɛm a edi eyi anim no mu. Yehuu sɛnea Mose, Dawid, ne Yesu Kristo dii ɔdɔ a oyii no adi kyerɛe saa no ho dwuma a na pɛsɛmenkominya nnim. So ɛnsɛ sɛ Yehowa Ɔdansefo biara nya ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa anaa? Ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa!
2 Dɛn na ehia, sɛ yebedi Onyankopɔn dɔ a oyi no adi kyerɛ no ho dwuma ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so a? Ade biako ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛma odi kan wɔ yɛn asetra mu, na yefi koma, ɔkra, adwene, ne ahoɔden nyinaa mu dɔ no. (Marko 12:29, 30) Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wodwen Onyankopɔn ho, a yɛne no wɔ abusuabɔ a emu yɛ hyew. So yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛne yɛn soro Agya no bɛkasa wɔ mpaebɔ mu? So yɛbɔ mpae daa na yɛkɔ so kura mpaebɔ mu? Anaa so yɛde ahoɔhare na ɛbɔ mpae, a ɛtɔ mmere bi mpo a yennya bere mmɔ mpae? (Romafo 12:12; 1 Tesalonikafo 5:17) So yɛdan adwene kɔ Yehowa so, na yɛde nea ebia yɛatumi ayɛ no ho anuonyam ma ɔno ne n’ahyehyɛde no? (1 Korintofo 3:7; 4:7) Nokwarem no, so yɛte nka sɛnea odwontofo no tee no? Ɔkaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Da koro miyi wo ayɛ mpɛn ason.”—Dwom 119:164.
3. Sɛ yehyiam bom regye yɛn ani a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛredi Onyankopɔn dɔ ho dwuma ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so anaa yɛnyɛ saa?
3 Sɛ́ yɛredi Onyankopɔn dɔ ho dwuma ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so anaasɛ yɛnnyɛ saa no betumi ada adi bere a yehyiam gye yɛn ani no. Saa bere no, so yɛn nkɔmmɔbɔ no fa wiase nneɛma anaa honhom mu nneɛma ho? Ɛnyɛ sɛ ɛho hia sɛ bere biara mu a yɛne yɛn mfɛfo Kristofo behyiam no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ da yɛ Bible adesua. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi de honhom mu nneɛma a ɛyɛ anigye bi aka yɛn nkɔmmɔbɔ ho. So yebetumi aka asɛnka mu osuahu ahorow akyerɛ, abɔ Bible kyerɛwsɛm a yɛn ani gye ho sen biara ho nkɔmmɔ, aka nea ɛyɛe a yɛsuaa nokware no ho asɛm, anaasɛ yɛaka sɛnea Onyankopɔn fi ɔdɔ mu hwɛ yɛn ne ne nhyira ahorow ho adanse akyerɛ?
4. Sɛ yɛannya ɔsom hokwan bi a yɛhwehwɛ a, ɛsɛ sɛ yesusuw nneɛma ho dɛn?
4 Tebea foforo a ebetumi ama sɛnea yɛn anisɔ ma Onyankopɔn dɔ yɛ kɛse fa no ada adi ne bere a wɔabu ani agu yɛn so wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu ɔsom hokwan bi ho no. Yɛyɛ yɛn ade dɛn? Sɛ Yehowa a yɛbɛhyɛ no anuonyam na ehia yɛn titiriw a, ɛnde yebegye atom sɛ ɛda adi kɛse sɛ obiara a ɔwɔ saa ɔsom mu hokwan pɔtee no bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam saa ara. (Fa toto Luka 9:48 ho.) Nanso sɛ yɛn ankasa mfaso anaa din na ɛho hia yɛn ɔkwan a ɛmfata so a, ɛbɛhaw yɛn sɛ, sɛnea ebia yebesusuw no, wɔabu ani agu yɛn so. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa dɔ yɛn na obetumi ahu sɛ mprempren ebia yɛrentumi nni teokrase asɛyɛde bi ho dwuma. Ebetumi aba sɛ ɔrehyira yɛn yiye wɔ akwan foforo bi so, na ɛsɛ sɛ ne dɔ a oyi no adi sɛɛ yi boa yɛn ma yɛkari pɛ wɔ honhom mu.—Mmebusɛm 10:22.
Trenee a Yɛbɛdɔ, Amumɔyɛ a Yebekyi
5. Ɛsɛ sɛ sɛnea Onyankopɔn dɔ da adi no ka yɛn nneyɛe dɛn?
5 Ɛsɛ sɛ sɛnea Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma yɛn da adi no kanyan yɛn ma yesuasua Kristo wɔ trenee a yɛbɛdɔ ne amumɔyɛ a yebekyi no mu. (Hebrifo 1:9) Ampa, yɛrentumi nyɛ saa pɛpɛɛpɛ sɛnea Yesu yɛe no. Nanso, yebetumi de ayɛ yɛn botae sɛ yɛbɛma yɛn ho atew, yɛadi nokware, na yɛadi mmara so sɛnea yebetumi biara wɔ yɛn sintɔ tebea no mu. Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, ɛnsɛ sɛ yenya ɔdɔ ma trenee ne nneɛma pa nkutoo na mmom ɛsɛ sɛ yekyi amumɔyɛ, yɛtan na ɛyɛ yɛn abofono nso. Sɛnea ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm no: “Munkyi bɔne, mommata papa ho!” (Romafo 12:9) “Munkyi” yɛ asɛm a anibere wom, na ɛkyerɛ “sɛ wubebu no sɛ ɛyɛ abofono yiye.”—Webster’s New Collegiate Dictionary.
6. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛabɔ yɛn ho ban afi sɔhwɛ ahorow a wiase no, yɛn honam a ɛtɔ sin, ne Ɔbonsam de ba yɛn kwan mu no ho?
6 Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛabɔ yɛn ho ban afi sɔhwɛ a wiase no, yɛn ankasa sintɔ, ne Ɔbonsam de ba yɛn akwan mu no ho? Nokwaredi ma Yehowa Nyankopɔn. Ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora. (Mmebusɛm 27:11) Yiw, nokwaredi ma Yehowa bɛkanyan yɛn ma yɛayɛ ade a nyansa wom a ɛne sɛ yebekyi nea okyi no. Bio nso, ɛmfa ho sɛnea Onyankopɔn mmara no mu biako so bu bɛyɛ sɛ ɛyɛ anigye anaa ɛyɛ dɛ no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka kyerɛ yɛn ho sɛ mfaso biara nni saa a yɛbɛyɛ no so. (Galatifo 6:7, 8) Onipa koma yɛ nkontompofo, ɔbɔnefo, ɔdaadaafo, sɛnea wɔkae yɛn wɔ Yeremia 17:9 no. Kristoni koma pɛ nneɛma a eye, ɛyɛ fɛ, na ɛho tew. Nanso ɛtɔ mmere bi a, su bɔne ahorow ma enya nea ɛmfata nso ho akɔnnɔ. Yɛn ankasa koma betumi ayɛ pɛsɛmenkominya na adaadaa yɛn, te sɛ nea Israelfo a na wɔsom Yehowa, nanso wɔkɔɔ so koraa wɔn abosonsom “sorɔnsorɔmmea” so no koma yɛɛ wɔn no. (1 Ahene 22:43; Deuteronomium 12:2) Ebia yɛn koma a ɛtɔ sin no bɛpɛ anoyi ahorow na ɛde yɛn akɔ sɔhwɛ mu. Ebia ɛbɛbɔ mmɔden abrɛ anibere a bɔne a wɔde sɔ yɛn ahwɛ no yɛ no ase. Anaasɛ yɛn koma betumi ama yɛagye adi sɛ asotwe biara bɛyɛ bere tiaa bi mu de ara kwa.
7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ bɔne ho akɔnnɔ a yebenya ho?
7 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn dɔ ho anisɔ ma yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ nea ɛnteɛ ho akɔnnɔ a yebenya ho, te sɛ ɔbea ne ɔbarima nna ho abrabɔ bɔne a yɛbɛtɔ akɔ so, sɛ́ yɛyɛ ahokwafo anaasɛ awarefo no. Mpɛn pii no, nea efii ase sɛ ayɔnkofa a bɔne biara nnim no ama Kristofo baanu anya wɔn ho wɔn ho ho nkate a emu yɛ den araa ma wɔayɛ bɔne ma wɔatu wɔn. Nsɛm yi bi ato mpanyimfo a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wonnya wɔn ho asɛm bi nka ho nhwɛso mpo!—1 Ahene 15:4, 5.
8. Kɔkɔbɔ nhwɛso bɛn na ɔsomafo Paulo de ma yɛn, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ asɛnnennen a ɛte sɛɛ ho mfatoho.
8 Susuw ɔsomafo Paulo a wɔmaa no anisoadehu ne tumi a ɛboro nnipa de so, ne ɔsoro honhom akyɛde no ho hwɛ. Sɛnea ɛbɛyɛ na watumi ako atia su bɔne ahorow no, na ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ne nipadua ahometew—yiw, ɔhwe no denneennen. So ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa ara? (Romafo 7:15-25; 1 Korintofo 9:27) Ɛte sɛ nea yɛte ɔkorow ketewaa bi a esi asubɔnten bi a ɛde ahoɔden resen ani na ɛrepiapia yɛn akɔ n’aworo no mu. Sɛ yɛbɛkwati asiane a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hare kɔ asu no atifi fam de hyia ɔhweam a ano yɛ den no. Ebia yɛrenhu sɛ yɛrekɔ yɛn anim pii biara de, nanso mpɛn dodow a yɛyere yɛn ho denneennen no, yɛrenkɔhwe aworo no mu nwu. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn dɔ a oyi adi kyerɛ yɛn no ka yɛn ma yɛyere yɛn ho denneennen sɛ yebedi no nokware denam amumɔyɛ a yebekyi na yɛadɔ trenee no so.
Da Onuadɔ Adi
9. Afotu bɛn na ɔsomafo Yohane de ma wɔ yɛn nuanom a yɛbɛdɔ wɔn ho?
9 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn dɔ a oyi adi kyerɛ yɛn no nso kanyan yɛn ma yɛdɔ yɛn nuanom sɛnea Yesu Kristo dɔ n’asuafo no. (Yohane 13:1) Ɔsomafo Yohane ka ma ɛfata sɛ: “Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata. Adɔfo, sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnde ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.” (1 Yohane 4:10, 11) Nokwarem no, Yesu kae sɛ ɔdɔ a ne nokware akyidifo wɔ ma wɔn ho wɔn ho no so na wɔnam behu wɔn.—Yohane 13:34, 35.
10, 11. Akwan a yebetumi afa so ada onuadɔ adi no bi ne nea ɛwɔ he?
10 Yenim sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo da onuadɔ adi. Enti ɛnsɛe hwee sɛ yɛbɛkaakae yɛn ho akwan horow a yɛbɛfa so ada saa ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo de yi adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho. Ɔdɔ a ɛte saa bɛboa yɛn ma yɛabu yɛn ani agu mmusua ne aman a yefi mu, nhomanim, amanne, ne sikasɛm tebea mu nsonsonoe so. Bio nso, onuadɔ bɛka yɛn ma yɛabom ahyiam. Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom ampa a, yɛremma wim nsakrae anaa ɔyare ketewaa bi nsiw anigye a yenya fi bɔ a yɛne wɔn bɛbɔ ne nkuranhyɛ a yɛde bɛma yɛn ho yɛn ho mu no kwan. (Romafo 1:11, 12) Nea ɛkyɛn saa no, onuadɔ bɛma yɛasiesie yɛn ho yiye ama yɛn nhyiam horow na yɛanya mu kyɛfa ankasa sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi atwetwe yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.—Hebrifo 10:23-25.
11 Na yɛn nuanom a yɛbɛboa wɔn wɔ asɛnka adwuma no mu nso ɛ? Wɔahu sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo taa ne wɔn ho wɔn ho yɛ afie afie asɛnka adwuma anaasɛ wɔn nkutoo yɛ saa, bere a sɛ wɔyɛ nhyehyɛe kakraa bi a, anka wobetumi ato nsa afrɛ Ahenni adawurubɔfo a wohia mmoa wɔ asɛnka adwuma mu na wɔne wɔn akɔ. Ɔdɔ a wɔda no adi sɛɛ no bɛma mpanyimfo ne asafo mu asomfo asɛnka adwuma no de mfaso mmɔho aba. Na ɔdawurubɔfo foforo a wɔde no kɔ kɔyɛ ofie Bible adesua no nso ɛ?—Romafo 15:1, 2.
12. Ɛsɛ sɛ yɛte 1 Yohane 3:16-18 ase dɛn?
12 Ɔdɔ bɛma yɛaboa yɛn nuanom a ebia ahia wɔn wɔ honam fam ankasa no nso. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi mu na yehu ɔdɔ no, sɛ ɔno de ne kra too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma anuanom. Na nea ɔwɔ wiase asetrade na ohu ne nua sɛ ahia no na ɔbɔ no ayamɔnwene no, Onyankopɔn dɔ no te ne mu dɛn? Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.” (1 Yohane 3:16-18) Ebia wɔrenhwehwɛ sɛ yɛde yɛn kra bɛto hɔ ama wɔn mprempren, nanso ɛtɔ mmere bi a yenya hokwan ahorow a yɛde bɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn wɔ akwan afoforo so, ɛnyɛ asɛm anaa tɛkrɛma mu kɛkɛ na mmom nneyɛe mu nso. Mfomso biara nni ho sɛ yɛde asɛm bɛdɔ yɛn nuanom, nanso yɛmmpɛ sɛ yɛma yɛn dɔ so hɔ ara bere a wohia honam fam nneɛma no. Yesu asɛm a ɔkae sɛ ‘ɔma mu wɔ anigye kɛse mmom sen ogye’ no fa honam fam mmoa a wɔde ma ho nso.—Asomafo no Nnwuma 20:35.
13. (a) Mfitiase nokware ahorow a Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no boaa yɛn ma yesuae no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Asɛm a ɛho hia bɛn na Charles Taze Russell kae?
13 Yɛwɔ hokwan a yɛde bɛda ɔdɔ adi akyerɛ yɛn nuanom a wodi anim wɔ asafo no mu anaa wɔ Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no mu wɔ wiase nyinaa no. Nea ɛka eyi ho ne nokware a yebedi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no. (Mateo 24:45-47) Ɛsɛ sɛ yegye nokwasɛm yi tom sɛ ɛmfa ho sɛnea ebia yɛakenkan Bible no yiye no, anka yɛn ankasa rentumi nsua nokware no da. Anka yɛrentumi nhu nokware a ɛfa Yehowa, n’atirimpɔw ne ne su horow, nea ne din kyerɛ ne sɛnea ɛho hia, Ahenni no, Yesu agyede no, ne nsonsonoe a ɛwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde ne Satan de mu, ne nea nti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan no ho. Ɛte sɛ nea Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan, Charles Taze Russell kyerɛwee wɔ 1914 mu no pɛpɛɛpɛ: “So yɛnyɛ nnipa a wɔwɔ nhyira ne anigye? So yɛn Nyankopɔn nyɛ ɔnokwafo? Sɛ obi nim biribi a eye sen eyi a, ɔmfa. Sɛ mo mu bi hu biribi a eye sen eyi a, yɛn ani da so sɛ wobɛka akyerɛ yɛn. Yennim biribi a eye kɛse sen nea yɛahu wɔ Onyankopɔn Asɛm mu anaa ɛte sɛ ɛno fã po. . . . Tɛkrɛma anaa kyerɛwdua biara rentumi nkyerɛ asomdwoe, anigye ne nhyira a nokware Nyankopɔn no ho nimdeɛ a emu da hɔ de aba yɛn koma ne yɛn asetra mu. Onyankopɔn Nyansa, Atɛntrenee, Tumi ne Ɔdɔ ho Asɛm no ma yenya nea yɛn kɔn dɔ wɔ yɛn tirim ne komam nyinaa. Yɛnhwehwɛ nea ɛsen saa. Biribiara nni hɔ a yɛn kɔn dɔ sen sɛ Asɛm a ɛyɛ Nwonwa yi mu bɛda hɔ wɔ yɛn adwene mu.” (The Watch Tower, December 15, 1914, nkratafa 377-8) Hwɛ sɛnea nsɛm a wɔkyerɛw no yiye yi yɛ nokware fa!
Wɔn a Wonni Asafo no mu a Yɛbɛsom Wɔn
14. Ɛsɛ sɛ Yehowa dɔ a oyi no adi kyerɛ no ka yɛn ma yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ wɔn a wonni nokware no mu ho?
14 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn dɔ a wada no adi akyerɛ yɛn no kanyan yɛn ma yɛkyerɛ yɔnko dɔ ma wɔn a wonni asafo no mu no. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? Nsɛm tebea betumi akyerɛ sɛ yebetumi aboa yɛn yɔnkonom wɔ honam fam. Nanso nea ɛho hia kyɛn saa no, yebetumi ada yɔnko dɔ adi denam Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no a yɛde bɛma afoforo na yɛaboa wɔn a wɔdɔ trenee ma wɔabɛyɛ Yesu Kristo asuafo no so. So yɛde yɛn ho hyɛ saa baguam ɔsom adwuma yi mu daa, anaa yɛrebu yɛn ani gu so? So abɛyɛ biribi a yetim yɛ anaa ɔsom a yɛyɛ no bi ne bi kɛkɛ? Anaasɛ yɔnko dɔ kanyan yɛn ampa? So yɛda tema adi? So yɛtɔ yɛn bo ase, twɛn nkurɔfo ma wɔayɛ ho biribi? So yɛhyɛ afiewuranom nkuran na wɔkyerɛ wɔn adwene? Yiw, sɛ anka yɛn nkutoo bɛkasa no, momma ɔyɔnko dɔ nka yɛn mma yentie na yɛne nkurɔfo a yehyia wɔn wɔ yɛn ɔsom adwuma mu no mmɔ Bible mu nkɔmmɔ a ɛde mfaso ba.
15. (a) Dɛn nti na asɛm “bɔnnɔ so adansedi” [informal witnessing] fata sen “adansedi a wɔanhyɛ da anyɛ ho nyehyɛe” [incidental witnessing]? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde hokwan a yenya no di bɔnnɔ so adanse?
15 So yɛma yɛn ani da hɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛde hokwan ahorow a yenya no adi bɔnnɔ so adanse? Ɛsɛ sɛ yehu sɛ eyi nyɛ incidental witnessing kɛkɛ, a nea ɛkyerɛ ne dwumadi a wɔanhyɛ da anyɛ ho nhyehyɛe yiye anaasɛ ɛho nhia pii. Bɔnnɔ so adansedi ho hia yiye, na yɛn mfɛfo nnipa ho dɔ bɛka yɛn ma yɛahwehwɛ hokwan de yɛn ho ahyem. Hwɛ sɛnea adansedi a ɛte saa no taa sow aba! Sɛ nhwɛso no, bere a onua bi kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam wɔ Italy kusuu fam no, ɔkɔɔ baabi a wosiesie kar sɛ ɔkɔsesa ne kar anim kanea. Bere a ɔretwɛn no, odii wɔn a wɔbɛn no no adanse na ɔmaa wɔn nsaano krataa de too nsa frɛɛ wɔn sɛ wommetie Kwasida baguam Bible ɔkasa no. Afe akyi wɔ amanaman ntam nhyiam bi wɔyɛe wɔ Rome ase no, onua bi a ontumi nhu oniiko a ɔyɛ bekyiaa no anigye so. Hena ne onua yi? Ɔyɛ mmarima a ɔmaa wɔn nsaano krataa wɔ baabi a wosiesie kar wɔ afe a etwaam no mu biako! Ɔbarima no kotiee baguam ɔkasa no na ɔde ne din mae sɛ obesua Bible no. Mprempren ɔne ne yere nyinaa yɛ Yehowa Adansefo a wɔahyira wɔn ho so. Akyinnye biara nni ho sɛ bɔnnɔ so adansedi tumi de mfaso ba!
Kɔ so yɛ Onyankopɔn Dɔ ho Biribi
16. Nsemmisa bɛn na eye sɛ yebisa yɛn ho?
16 Yehowa fi ayamye mu ada ɔdɔ adi akyerɛ n’abɔde ampa. Sɛnea yɛahu no, Kyerɛwnsɛm no de wɔn a wodii Onyankopɔn dɔ a oyi no adi kyerɛ ho dwuma ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so ho nhwɛso pa ma yɛn. Ɔkwan a ɛfata yiye so no, odwontofo a wɔde honhom kaa no no teɛm sɛ: ‘O wɔnkamfo Yehowa, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu.’ (Dwom 107:8, 15, 21, 31) So ɛsɛ sɛ yegye Onyankopɔn dom kwa a yenhu atirimpɔw a ɛwɔ akyi? Ɛmmma saa da! (2 Korintofo 6:1) Enti momma yɛn mu ankorankoro biara mmisa ne ho sɛ: ‘So m’ani sɔ Onyankopɔn dɔ a oyi no adi kyerɛ no mu mfaso a manya dedaw no, na so mewɔ anidaso sɛ mɛkɔ so anya mu mfaso daakye? So ɛrekanyan me ma mafi koma, ɔkra, adwene, ne ahoɔden nyinaa mu adɔ Yehowa? So midwen Onyankopɔn ho ampa? So medɔ trenee na mikyi amumɔyɛ? So mereda onuadɔ adi? Na merebɔ mmɔden sɛ medi Yesu anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ wɔ me som adwuma mu dɛn?’
17. Sɛ yedi Yehowa dɔ a oyi no adi no ho dwuma ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so a, dɛn na ebefi mu aba?
17 Nokwarem no, akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so akyerɛ aseda a efi komam wɔ Onyankopɔn dɔ a oyi no adi kyerɛ a yɛahu no ho. Ɛdenam hokwan ahorow a yɛde bedi dwuma yiye de ada anisɔ a ɛte sɛɛ adi so no, yɛbɛma yɛn soro Agya no koma ani agye, ayɛ nhyira ama afoforo, na yɛn ankasa nso anya anigye, asomdwoe, ne abotɔyam. Enti, ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so adi Onyankopɔn dɔ a oyi no adi kyerɛ no ho dwuma ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn na ehia na yɛatumi adi Onyankopɔn dɔ ho dwuma ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn ho ban afi sɔhwɛ ho?
◻ Akwan a wɔfa so da onuadɔ adi no bi ne nea ɛwɔ he?
◻ Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn dɔ a oyi no adi kyerɛ no kanyan yɛn ma yɛyɛ yɛn ade wɔ yɛn yɔnkonom ho?
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Sɛ yɛbɛkwati asiane a, ɛsɛ sɛ yɛko tia su bɔne ahorow
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Mpanyimfo da onuadɔ adi denam afoforo a wɔne wɔn kɔyɛ Ahenni ɔsom adwuma no so
[Mfonini wɔ kratafa 19]
Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan Charles Taze Russell twee adwene sii asomdwoe, anigye, ne nhyira a Onyankopɔn nkutoo na obetumi de ama no so