-
Wowɔ ‘Koma a Wode Behu’ Yehowa?Ɔwɛn-Aban—2013 | March 15
-
-
8, 9. Dɛn na na ɛsɛ sɛ Yudafo dodow no ara yɛ wɔn koma?
8 Onyankopɔn maa Yudafo no huu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na eyi ma yehu nea ‘komam momonoto’ kyerɛ. Ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Muntwa mo koma twetia, mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo, na mo nneyɛe bɔne nti m’abufuw amfi adi.” Ɛhe na wɔn nneyɛe bɔne no fi? Efi wɔn mu, wɔn komam tɔnn. (Monkenkan Marko 7:20-23.) Onyankopɔn maa Yeremia huu Yudafo nneyɛe bɔne no farebae. Asɛm no ara ne sɛ na wɔasen wɔn koma. Na wɔn nsusuwii ne wɔn suban yɛ bɔne wɔ Yehowa ani so. (Monkenkan Yeremia 5:23, 24; 7:24-26.) Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma wontwa mo twetia mma Yehowa na muntwa mo koma twetia.”—Yer. 4:4; 18:11, 12.
9 Enti sɛ yɛbɛka a, na ehia sɛ Yudafo a wɔwɔ Yeremia bere so no yɛ wɔn koma “oprehyɛn,” kyerɛ sɛ ‘wotwa wɔn koma twetia.’ Saa na Mose beresofo no yɛe. (Deut. 10:16; 30:6) Ɛnde, na Yudafo no bɛyɛ dɛn ‘atwa wɔn koma twetia’? Biribiara a na ama wɔn koma asi kyekye a ɛmma wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde no, na ɛsɛ sɛ woyi no akwa. Ebi ne wɔn nsusuwii ne wɔn suban.—Aso. 7:51.
-
-
Wowɔ ‘Koma a Wode Behu’ Yehowa?Ɔwɛn-Aban—2013 | March 15
-
-
11, 12. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara hwehwɛ ne komam? (b) Dɛn na Onyankopɔn renyɛ?
11 Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara yɛ nea ɛsɔ n’ani daa. Ɔmpɛ sɛ yɛyɛ biribiara a ɛbɛsɛe yɛne no ntam. Yeremia kaa treneefo ho asɛm sɛ: “O asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔtreneeni mu; wo na wuhu asaabo ne koma mu.” (Yer. 20:12) Sɛ Yehowa hwehwɛ ɔtreneeni mpo komam a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn ankasa hwehwɛ yɛn koma mu hu nea ɛwom. (Monkenkan Dwom 11:5.) Sɛ yɛyɛ saa a, ebia yebehu suban anaa akɔnnɔ bi a asuma yɛn komam a ehia sɛ yɛyɛ ho biribi. Ebia yebehu nneɛma bɔne bi a ama yɛn koma asi kyekye a ebehia sɛ yɛyɛ “oprehyɛn” twitwa gu. Eyi bɛyɛ te sɛ nea yɛretwa yɛn koma twetia. Sɛ worehwehwɛ wo komam a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wogyen w’ani hwɛ? Sɛ wuhu biribi a enye a, wobɛyɛ dɛn ayɛ nsakrae?—Yer. 4:4.
-