Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 5/1 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ka Asɛm Yi Kyerɛ Wɔn”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • “Mintumi Nyɛ Komm”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • “Mede Me Nsɛm Ahyɛ W’anom”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • “Mɛma Ɔkra A Wabrɛ Ahome”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 5/1 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

◼ So Yehowa daadaa nkurɔfo a ne nkoa nso ka ho, sɛnea Yeremia 4:10 ne 20:7 repɛ akyerɛ no?

Dabi, Ɔbɔadeɛ no nyɛ ɔdaadaafo, anaasɛ kusumdifo wɔ sɛnea ɔne afoforo di mu. Nanso obetumi ama ne trenee apɛde ayɛ hɔ na ɔma ɛyɛ saa nso, wɔ nea ebia nnipa hwɛ kwan nyinaa akyi.

Yehu eyi mu biako wɔ Yeremia 4:10, faako a odiyifo no kaa eyi no: ‘Ao, Yehowa Nyankopɔn, ampa ara woadaadaa ɔman yi ne Yerusalem sɛ woka sɛ: Asomdwoe bɛba ama mo, nanso afoa da menewam.’

Yehowa maa Yeremia kaa ɔhaw a ɛbɛto ɔman a na atew atua a na ɛkyerɛ sɛ ɛsom No no ho asɛm siei. (Yeremia 1:10, 15-19; 4:5-8; 5:20-30) Nanso, na afoforo wɔ hɔ a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ adiyifo. (Yeremia 4:9) Nsɛm bɛn na nnipa no te fii saafo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ adiyifo no nkyɛn? Onyankopɔn kaa wɔn ho asɛm sɛɛ se: “Adiyifo hyɛ nkɔntoro . . . me man nso pɛ no sa.”​—Yeremia 5:31; 20:6.

Ɛnyɛ Yehowa na ɔsomaa saa atoro adiyifo no, saa ara nso na wansiw wɔn kwan sɛ mma wɔnnka wɔn nsɛm, te sɛ nea edi so yi: “Asomdwoe bɛba ama mo” ne “Bɔne bi remma mo so.” (Yeremia 23:16, 17, 25-28, 32) Na ɛsɛ sɛ nkurɔfo no paw​—sɛ wobegye nokware nkɔm ahorow a Yeremia hyɛe no atom anaasɛ wɔbɛma nnipa a wɔayɛ wɔn ho atoro adiyifo, te sɛ Hanania ne Semaia adaadaa wɔn. (Yeremia 28:1-4, 11; 29:30-32) Esiane sɛ Onyankopɔn ansiw saa adiyifo nnaadaafo yi kwan nti, wobetumi aka ne ho asɛm sɛ: ‘Woadaadaa ɔman yi ne Yerusalem koraa sɛ woka sɛ, Asomdwoe bɛba ama mo.’

Wɔdaadaa Yeremia wɔ ɔkwan foforo so. ‘O, Yehowa, woadaadaa me ma enti wɔadaadaa me. Wode w’ahoɔden dii dwuma tiaa me na woatumi. Madan aserede daa adesae; obiara di me ho fɛw.’​—Yeremia 20:7.

Pasur, ɔsɔfo bi a na ɔwɔ din tow hyɛɛ Yeremia so wɔ baguam na ɔde no bɔɔ duam. Wɔ onipa fam no. Yeremia betumi ate nka sɛ n’ahoɔden asa, na ɛkyerɛ sɛ onni ahoɔden a ɔde begyina anibiannaso, pow a wɔpow no, fɛwdi ne honam fam ayayade no ano. Nanso amma saa. Yehowa de N’ahoɔden dii dwuma de tiaa nea Yeremia pɛ sɛ onipa (anaasɛ ma ɛne no bɔɔ abira). Yehowa daadaa Yeremia a ɛkyerɛ sɛ ɔde saa onipa a ɔnyɛ pɛ yi yɛɛ nea na anka odiyifo no rentumi mfa n’ankasa ahoɔden nyɛ. Ɛwom sɛ ebia na ama eyi adaadaa Yeremia anaa ne ho adwiriw no de, nanso na ɛyɛ awiei pa: Wɔmaa wɔn a na wɔtaa no no ani wui na ɔkaa Onyankopɔn nkrasɛm kyerɛe.​—Yeremia 20:11.

Ɛnde sɛnea emu asɛm no ma yɛte ase no, Yeremia 4:10 ne 20:7 ne Elihu adwene yi hyia: “Onyankopɔn nni asɛmmɔne, na Otumfoɔ nkyea atemmu.”​—Hiob 34:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena