Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wogyee No Fii Gyata Anom!
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
    • 7. Asɛm bɛn na abirɛmpɔn ne amantam ahene no de kɔtoo ɔhene no anim, na wɔyɛɛ saa wɔ ɔkwan bɛn so?

      7 Abirɛmpɔn ne amantam ahene ‘tuu bum kɔtoaa’ Dario. Aram asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ sɛ wɔde gyegyeegye kɛse na ɛkɔe. Ɛda adi sɛ nnipa yi ma ɛbɛyɛɛ sɛ wɔwɔ asɛnhia a egye ntɛmpɛ bi a wɔbɛka akyerɛ Dario. Ebia wonyaa adwene sɛ sɛ wɔde ahotoso da wɔn asɛm no adi sɛ nea ehia sɛ wodi ho dwuma ntɛm a, ɛremma n’adwene mu nyɛ no nãã pii. Enti, wɔkaa asɛm no tẽẽ sɛ: “Ahemman yi abirɛmpɔn, mmakoma, amantam ahene, agyinafo ne amradofo nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom [mmara, NW] sɛ: Obiara a obebisa onyame bi anaa onipa bi hɔ ade biara adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amoa mu.”a—Daniel 6:6, 7.

      8. (a) Dɛn nti na na Dario ani begye mmara a wɔkae sɛ ɔnhyɛ no ho? (b) Na atirimpɔw ankasa bɛn na abirɛmpɔn no kura?

      8 Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ ahorow si so dua sɛ na wɔtaa bu Mesopotamia ahene sɛ anyame na wɔsom wɔn. Enti akyinnye biara nni ho sɛ asɛm yi maa Dario tirim yɛɛ no dɛ. Ɛbɛyɛ sɛ ohui nso sɛ mfaso wɔ so. Kae sɛ na wɔn a wɔte Babilon no bu Dario sɛ ɔhɔho ne obi a waba hɔ foforo. Na mmara foforo yi bɛma wɔagye no atom sɛ ɔhene, na na ɛbɛhyɛ nnipa bebree a wɔte Babilon no nkuran ma wɔadi nokware ama nniso foforo no na wɔagyina akyi. Nanso, bere a amantam ahene no kae sɛ wɔnhyɛ mmara no, na ɛnyɛ ɔhene no yiyedi ho koraa na wodwen. Na wɔn botae ankasa ne sɛ wobesum Daniel afiri, efisɛ na wonim sɛ ɛyɛ ne su sɛ ɔbɔ Onyankopɔn mpae mprɛnsa da biara wɔ n’abansoro dan mfɛnsere a wabue no ano.

      9. Dɛn nti na na mmara foforo no renhaw nnipa a wɔnyɛ Yudafo no dodow no ara no?

      9 So mpaebɔ ho anohyeto yi bɛyɛ ɔhaw ama Babilon nyamesomfo nyinaa? Ɛnte saa ankasa, efisɛ ne titiriw no, na mmara no bedi ɔsram biako pɛ. Afei nso, na nnipa a wɔnyɛ Yudafo kakraa bi na wobebu onipa a wɔsom no sɛ adeyɛ a ebu mmara so. Bible ho nimdefo bi ka sɛ: “Na ahene a wɔbɛsom wɔn sɛ anyame no nyɛ ahyɛde foforo mma aman a abosonsom adi wɔn ti yiye no; ma enti bere a wɔka kyerɛɛ Babilonfo no sɛ wɔmfa ɔsom a wɔde ma anyame mma nkonimdifo—Mediani Dario—no, wɔyɛɛ saa ntɛm ara. Yudani no nkutoo na wampene ahyɛde a ɛte saa so.”

  • Wogyee No Fii Gyata Anom!
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
    • a Tete nkyerɛwee mu adanse a ɛkyerɛ sɛ na Apuei fam ahene taa yɛn nkekaboa wɔ mmoa yɛmmea no si so dua sɛ na “agyata amoa” wɔ Babilon.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena