Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 12/1 kr. 5-9
  • Bere a Yehowa Maa Ahempɔn Suaa Biribi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Yehowa Maa Ahempɔn Suaa Biribi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nebukadnesar Hu Onii a Nokware Nyankopɔn no Yɛ
  • Dua no ho Dae No
  • Belsasar Hu Nsaano Nkyerɛwee a Egu Afasu no ho No
  • Dario Sua Biribi Fa Yehowa Nkwagye Tumi Ho
  • Daniel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm Ma Yɛn Bere Yi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Daniel—Nhoma a Wɔredi N’asɛm
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Yehowa De Akatua Ma Wɔ Gyidi Ne Akokoduru Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 12/1 kr. 5-9

Bere a Yehowa Maa Ahempɔn Suaa Biribi

“Ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.”​—DANIEL 4:37.

1. Elihu twee adwene sii Yehowa su bɛn so?

“HWƐ Onyankopɔn di ne tumi mu asɛnkɛse, hena ne ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ɔno?” Saa Elihu nsɛm a ɔka kyerɛɛ Hiob a na ɔrehu amane no twe adwene si Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn, no su atitiriw no mu biako so. Sɛ ɛba akwankyerɛ anaa ɔkyerɛkyerɛ a wɔde ma afoforo so a, obiara ne no nsɛ.​—Hiob 36:22.

2, 3. (a) Asuade ahorow a na Yehowa ahu sɛ ɛho hia sɛ ɔde kyerɛkyerɛ nnipa no mu biako ne dɛn? (b) Sodifo biako bɛn na ɔtraa ase wɔ Mose bere so a na ɛsɛ sɛ Yehowa ma osua eyi, na Yehowa nam dɛn so na ɔyɛ saa? (d) Mpɛn ahe na Onyankopɔn Asɛm ka atirimpɔw a okurae sɛ ɔbɛkyerɛ nnipa eyi ho biribi?

2 Nea ɛka nneɛma a ɛho hia sɛ Onyankopɔn kyerɛkyerɛ nnipa ne aman ahorow no ho ne abusuabɔ pa a ɛsɛ wɔne no nya. Odwontofo Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 9:19, 20 no si eyi so dua: “[Yehowa], sɔre, mma ɔdesani nnni nim, ma wommu amanaman atɛn, w’anim. [Yehowa], yi wɔn hu, na amanaman nhu sɛ wɔyɛ adesamma.”

3 Na Farao a ɔtraa ase wɔ Mose bere so no ka asase so sodifo ahorow a Yehowa Nyankopɔn bui sɛ ɛho hia sɛ ɔkyerɛ wɔn eyi no ho. Ɔnam ɔhaw ahorow a ɔde baa Misrifo no so no so na ɔyɛɛ saa. Bio nso, Yehowa ka kyerɛɛ ɔhantanfo Farao sɛ: “Nanso eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.” (Exodus 9:16) Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom bɛboro mpɛn 70, fi Exodus 6:7 kosi Yoel 3:17 no, Yehowa ka wɔ n’Asɛm mu sɛ ɔbɛyɛ ahoɔden nnwuma a ɛte saa ara sɛnea ɛbɛyɛ a ahempɔn, nkurɔfo, ne amanaman behu sɛ ɔne Yehowa, Ɔsorosoroni wɔ asase nyinaa so.

4. Wɔ Daniel bere so no, sodifo ahorow baasa bɛn na Yehowa kyerɛɛ wɔn biribi, na ɔnam ɔkwan bɛn so na ɔyɛ saa?

4 Wɔakyerɛw ahempɔn a Yehowa kyerɛɛ wɔn biribi no ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa pii ho asɛm wɔ Daniel nhoma no mu. Na saa sodifo ahorow yi ne Nebukadnesar, Belsasar, ne Dario. Bere bɛn na Ɔkyerɛɛ wɔn biribi no? Bɛyɛ 617 A.Y.B. ne 535 A.Y.B. ntam hɔ. Ɔkwan bɛn so? Ɔnam adaeso ahorow ne ne nkyerɛase ne ne tumi a ɔdaa no adi no so. Yehowa kyerɛɛ saa sodifo a wɔyɛ nnipa yi sɛ na ɔne Amansan Hene Pumpuni no, na wɔyɛ nnipa a wosuasuae na wɔnsɛ hwee​—ade a ɛsɛ sɛ nnɛyi wiase sodifo ahorow nso hu.

5. Adanse bɛn na yebetumi de akyerɛ sɛ nsɛm a wɔn a wogye nokware a Daniel nhoma no yɛ ho kyim ka no nyɛ nokware?

5 Nanso so nnɛyi akasatiafo pii nnye nokware a Daniel nhoma no yɛ no ho kyim? Bere a Bible ho ɔdenimfo bi rema saa akasatiafo no mmuae no ɔkaa no yiye sɛ: “Anwonwade ahorow a ɛkyerɛ, nkɔmhyɛ ahorow a ɛka ho asɛm sɛ ɛyɛ nokware no yɛ nea Daniel a ɔtraa ase wɔ saa bere no mu no na ɔkyerɛwee. Sɛ ɛte saa de a na yɛwɔ anwonwade ahorow ne nkɔmhyɛ a ɛyɛ nokware anaasɛ yenni hwee sɛ atosɛm nko.” (Daniel the Prophet, a E. B. Pusey kyerɛwee, kratafa 75) Ɛdɛn, nhoma no kyerɛwfo no nam ka a ɔka sɛ “Na me, Daniel”! no so da ne ho adi wɔ bere ne bere mu. (Daniel 8:15; 9:2; 10:2) So eyi nyinaa yɛ nnaadaa? Nokwasɛm no ne sɛ Yudafo anaasɛ Kristofo annye onii a ɔkyerɛw Daniel nhoma no ho kyim ansa na afeha 18 refi ase. Nanso, adanse a emu yɛ den kɛse sen nnɛyi Bible ho ɔdenimfo biara adwenkyerɛ ne adanse a Kyerɛwnsɛm no de ma no. Enti, yehu sɛ wɔbɔ Daniel din mprensa wɔ Hesekiel nhoma no mu. (Hesekiel 14:14, 20; 28:3) Adanse a edi mũ sen biara ne Yesu, Onyankopɔn Ba, no nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:15, 16 no: “Sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no sɛ egyina kronkronbea hɔ no a,​—nea ɔkan no, ma ɔnte ase!​—ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so.”a

Nebukadnesar Hu Onii a Nokware Nyankopɔn no Yɛ

6. Dɛn na ɛmaa Babilon hene ahantan a ɔyɛ no yɛɛ kɛse, na dɛn na ɔka faa ne ho wɔ ne nkyerɛwee mu?

6 Sɛnea odiyifo Yesaia kyerɛ no, na Babilon ahene yɛ nnipa a wɔyɛ ahantan yiye. (Yesaia 14:4-23) Ná Nebukadnesar yɛ onyamesomni nso. Ɔka “n’adansi adwuma ho asɛm na ɔtwe adwene si Babilon anyame so” wɔ ne nkyerɛwee ahorow mu. Akyinnye biara nni ho sɛ ne tirim yɛɛ no dɛ sɛ otumi ko faa Yerusalem ne Yudea nyinaa bere a Sanaherib dii nkogu kɛse wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛyɛ eyi akyi no.

7. Osuahu a wɔaka ho asɛm wɔ Daniel 1 bɛn na anka ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ Nebukadnesar sɛ ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ obu ma Hebrifo Nyankopɔn no?

7 Nokwarem no na Nebukadnesar wɔ nea ɛsɛ sɛ ogyina so kyerɛ obu ma Daniel ne ne mfɛfo Hebrifo baasa no Nyankopɔn no bere a wɔbaa n’anim akyi no, efisɛ “nyansa ne nhumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ohuu wɔn sɛ wɔkyɛn akurukyerɛwfo ne pɛadehufo a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu nyinaa mpɛn du.” Yiw, na anyansafo a Yehowa yɛ wɔn Nyankopɔn no ye sen wɔn a wɔsom anyame afoforo no nyinaa. Na ɛnyɛ nea Nebukadnesar rentumi nhu saa nokwasɛm no.​—Daniel 1:20.

8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam paa Babilon anyansafo no ho ntama sɛ na wonni nimdeɛ titiriw biara?

8 Na Yehowa wɔ pii a ɔde bɛkyerɛkyerɛ Ɔhene Nebukadnesar. Wɔakyerɛw asuade a edi hɔ no wɔ Daniel ti 2. Onyankopɔn maa ɔhene no so dae a ɛyɛ hu bi na afei ɔmaa ne werɛ fii. Saa dae yi haw Babilon ɔhempɔn no kɛse na ɔfrɛɛ n’anyansafo nyinaa sɛ wɔmmɛka dae no ne nkyerɛase nkyerɛ no. Nokwarem no, wɔantumi anka dae no na mene sɛ ne nkyerɛase, enti wɔnam saayɛ so gye toom sɛ wonni nimdeɛ titiriw bi. Eyi maa ɔhene no bo fuwii yiye na ɔhyɛe sɛ wonkunkum wɔn nyinaa. Bere a Daniel ne ne mfɛfo no tee ɔhene no mmara no ho asɛm no, ɔkae sɛ wɔmma no bere kakra na wɔpenee so maa no. Afei ɔne ne mfɛfo baasa no bɔɔ asɛm no ho mpae anibere so ma nea efii mu bae ne sɛ Yehowa daa dae no ne ne nkyerɛase adi kyerɛɛ Daniel.​—Daniel 2:16-20.

9. (a) Hena nkutoo na otumi kyerɛɛ Nebukadnesar dae no ase, na nkyerɛase bɛn na saa Onii no de mae? (b) Esiane eyi nti, gyinae bɛn na ɔhene no sii?

9 Bere a wɔde Daniel baa ɔhene no anim no, Nebukadnesar bisaa no sɛ: “So wubetumi akyerɛ me ɔdae a mesoe no ne ne nkyerɛase?” Bere a Daniel akae ɔhempɔn ɔhantanfo no sɛ n’anyansafo antumi anka ne dae no mu ahintasɛm ne ne nkyerɛase no, ɔkae sɛ: “Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnesar nea ɛbɛba daakye.” Bere a Daniel retoa so no, ɔkaa ohoni kɛse a ɔhene no soo ho dae no ne nea ne nyinaa kyerɛ no ho asɛm kyerɛ no. Ɔhene no ani gyei araa ma ɔteɛm sɛ: “Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Anyame ne ahene Wura ne Nea oyi ahintasɛm adi, sɛ woatumi ayi saa ahintasɛm yi adi yi.” Enti Yehowa kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnesar sɛ Ɔno ne nokware Nyankopɔn koro pɛ no.​—Daniel 2:26, 28, 47.

10, 11. (a) Bere a Ɔhene Nebukadnesar rehoahoa ne ho kɛse no, dɛn na ɔyɛe, na ahyɛde bɛn na edii akyi bae? (b) Bere a Hebrifo baasa no powee sɛ wobedi ɔhene no ahyɛde no so no, ɔsɛmpɔw bɛn na wɔma ɛsɔree, na dɛn na efii mu bae?

10 Ɛwom sɛ akyinnye biara nni ho sɛ Ɔhene Nebukadnesar ani gyee nimdeɛ ne nyansa a Hebrifo Nyankopɔn no wɔ no ho de, nanso na ɛda so ara yɛ nea ɛsɛ sɛ osua pii. Ɔnam n’ahantan no so ma wɔde sika kɔkɔɔ honi kɛse bi sii Dura asasetaw so. Na ohoni no tenten si basafa aduosia na ne trɛw si basafa asia, na eyi ma yɛkae akontaa ntoano 666 a ɛyɛ Satan “aboa” a wɔaka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 13:18 no agyiraehyɛde no. (Basafa biako bɛyɛ anammɔn 1 1/2, na ohoni no tenten bɛyɛ anammɔn 90 na ne trɛw bɛyɛ bɛyɛ anammɔn 9.) Ɔhene no de ahyɛde mae sɛ n’ahemman no mu mmapɔmma nyinaa ‘mmra ohoni no dwira no ase,’ na ɔhyɛe sɛ sɛ nnwontofo kuw bi hyɛn wɔn mmɛn a, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa hwe ase na wɔsom ohoni no. Bere a Kaldeafo mmapɔmma ahoɔyawfo bi hui sɛ Hebrifo baasa a na wɔwɔ hɔ no annya guasodeyɛ no mu kyɛfa no, wɔkɔkaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ ɔhene no.​—Daniel 3:1, 2.

11 Na eyi yɛ aniberesɛm a ɛsen biara ma Nebukadnesar, efisɛ na wahohoahoa ne ho bere bi sɛ “ne so na nnipa no nam de ɔsom ma anyame a wɔwɔ tumi no.” Enti, na wɔabu Nebukadnesar tumi a ɛkorɔn no ne ne nyamesom ho anigye a ɔwɔ no animtiaa. Bere a ɔhempɔn ɔhantanfo no de abufuw ne anibere reyɛ ade no, ɔmaa Hebrifo baasa no hokwan foforo bio, nanso ɔde eyi kaa ho: “Na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo begu ogya a ɛrefram fononoo no mu, na onyame bɛn na obeyi mo afi me nsam?” Wiɛ, Nebukadnesar tumi hui sɛ wɔn Nyankopɔn no tumi gyee Ne nkoa fii ɔhempɔn a osua na ɔnsɛ hwee no nsam ne sɛ onyame foforo biara nni hɔ a obetumi agye nkwa te sɛ Hebrifo Nyankopɔn no.​—Daniel 3:15.

Dua no ho Dae No

12, 13. (a) Nkyerɛase bɛn na Daniel de maa Nebukadnesar wɔ dua no ho dae no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Nebukadnesar kyerɛe sɛ ɔdae no nkyerɛase no annya ne so tumi a anibere wom?

12 Saa nneɛma no a anka wubesua no benya wo so tumi dɛn? Ɛte sɛ nea saa asuade abiɛsa no annɔɔso sɛnea ɛbɛma ɔhene Nebukadnesar ahu ne gyinabea. Na ɛsɛ sɛ Yehowa ma osua biribi foforo bio. Bio nso, na ɛfa ɔdae ho, na bio nso, Babilon anyansafo no mu biara antumi ankyerɛ ase. Awiei koraa no, wɔkɔfrɛɛ Daniel, na otumi kaa ɔdae no nkyerɛase kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔne “wuram mmoa” bɛtra mfe ason, na afei n’adwene bɛsan aba ama no.​—Daniel 4:1-37.

13 Wɔ nea ɛbae wɔ ɛno akyi no mu no, ɛda adi sɛ dae no antumi anya Nebukadnesar so tumi kɛse. Enti bɛyɛ afe biako akyi bere a ɔhene no nenam n’ahemfi no, ɔde ahomaso hoahoaa ne ho sɛ: “So ɛnyɛ Babel kɛse a makyekye mayɛ ahenni gyinabea, me tumi denyɛ so na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?” Ahohoahoa bɛn ara ni! Enti wɔ saa bere no ara mu no sodifo ɔhantanfo no tee nne bi fii soro a ɛka kyerɛɛ no sɛ wobegye n’ahenni afi ne nsam na ɔne wuram mmoa akɔtra mmere ason, ‘de akosi sɛ obehu sɛ Ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi.’​—Daniel 4:30-32.

14. Ɔkwan bɛn so na dua no ho dae no nyaa mmamu, na tumi bɛn na enyae wɔ Nebukadnesar so?

14 Bere a Nebukadnesar atra ase sɛ aboa mmere anaasɛ mfe ason no, Yehowa maa n’adwene san ba maa no na ogye toom sɛ ‘obi nni hɔ a obetumi abɔ Ɔsorosoroni no nsa akyene anaasɛ waka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woyɛ yi?’ Nea ɛsen saa no, Babilon sodifo no nam asɛm a edi so yi a ɔkae no so daa no adi sɛ na wasua biribi: “Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro Hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so,”​—te sɛ nea ɔhene no ayɛ no​—“no, otumi brɛ wɔn ase.” So adanse a ɛte sɛɛ nyinaa a ɛfa ɔkwan a Yehowa nam so dii amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no ho dwuma no ankasa nyɛ adanse a ɛnyɛ tẽẽ a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ saa kyerɛwtohɔ ahorow yi nyɛ obi nsusuwii na mmom ɔkyerɛwfo a Onyankopɔn de honhom kaa no ma ɔkyerɛw abakɔsɛm ankasa bi adwuma?​—Daniel 4:35, 37.

Belsasar Hu Nsaano Nkyerɛwee a Egu Afasu no ho No

15. Ɔkwan bɛn so na Belsasar buu nokware Nyankopɔn, Yehowa, no animtiaa?

15 Ɔhempɔn foforo a Yehowa nyaa bere kyerɛɛ no biribi ne Belsasar. Na ɔyɛ Ɔhene Nabonido a n’ankasa yɛ Nebukadnesar babarima no babarima ne yɔnko sodifo. Bere bi a Belsasar tow pon kɛse bi no, onyaa akokoduru de ahyɛde mae sɛ wɔnkɔfa sika kɔkɔɔ nnwinne a ne nanabarima akɔfa afi Yehowa asɔrefi wɔ Yerusalem no mmra sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne n’abirɛmpɔn, ne yerenom, ne ne yefamnom betumi anom mu nsa. Enti, “wɔnonnom nsa na wɔkamfoo sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne dua ne ɔbo anyame.”​—Daniel 5:3, 4.

16, 17. (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam maa ehu kaa Belsasar? (b) Nkyerɛase bɛn na Daniel de mae wɔ nsaano nkyerɛwee a na egu afasu no ho no ho, na ɔkwan bɛn so na ɛbɛdaa adi se ɛyɛ nokware?

16 Na bere a Onyankopɔn ahyɛ adu sɛ ɔma Babilon nniso ba awiei. Saa anwonwade yi maa ɔhene no koma tui kɛse araa ma ɔkɔfrɛɛ n’anyansafo nyinaa ntɛm ara sɛ wɔmmɛkyerɛ no ase. Wɔn mu biara antumi ankyerɛ ase. Afei ne maame kaee no sɛ Daniel a na wakyerɛ dae ahorow ase ama Nebukadnesar no betumi akyerɛ nkyerɛwee no ase. (Daniel 5:10-12) Bere a wɔkɔfrɛɛ Daniel bae na wobisaa no sɛ ebia obetumi ayɛ saa no, Daniel kaee ɔhempɔn no sɛnea Onyankopɔn brɛɛ ne nanabarima ɔhantanfo no ase na ama woahu sɛ Ɔsorosoroni no ne adesamma ahenni Sodifo.​—Daniel 5:20, 21.

17 Daniel ka kyerɛɛ Belsasar bio sɛ: “Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no de, woanni no ni.” (Daniel 5:23) Enti nsaano nkyerɛwee no bɔɔ Babilon sodifo no nkae sɛ n’ahenni aba n’awiei na wɔakari no na wɔahu sɛ onnu na wɔde n’ahenni bɛma Mediafo ne Persiafo. Saa anadwo no ara bere a Yehowa ama saa ɔhempɔn ɔhantanfo no ahu nea ɛho hia sɛ ohu no, wokum Kaldeafo hene Belsasar.​—Daniel 5:23.

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam bɛma wiase sodifo ahorow no asua ne tumidi ne ne nkwagye tumi no ho biribi saa ara?

18 Te sɛ nea Yehowa kyerɛɛ ahempɔn ahantanfo Nebukadnesar ne Belsasar n’amansan tumidi ne ne nkwagye tumi ho biribi no, saa ara na ɔbɛma asase sodifo nyinaa ahu sɛ ɔne Sodifo Pumpuni, Amansan Hene tumfoɔ no wɔ Harmagedon. Ɛbɛka w’asetra. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ wɔ saa bere no mu no, Yehowa begye ne nkoa anokwafo no nso te sɛ nea ogyee Hebrifo basaa no fii ogya a ɛrefram fononoo no mu no.​—Daniel 3:26-30.

Dario Sua Biribi Fa Yehowa Nkwagye Tumi Ho

19, 20. Asɛm a esii wɔ Daniel asetra mu bɛn na ɛkyerɛɛ Dario Yehowa nkwagye tumi no ho biribi?

19 Daniel ti 6 ka bere foforo a Yehowa maa ɔhempɔn bi, Dario suaa biribi no ho asɛm​—ɛfa Onyankopɔn nkwagye tumi ho. Na atirisopam bi ama ɔhene no de Daniel akɔto agyata amoa mu a na ɔhempɔn no mpɛ koraa. Na ɔnyɛ obi a ɔde ahantan ama ne ho so atia nokware Nyankopɔn no. Nea ɛyɛ anigye no, ɛwom sɛ Dario maa Daniel nyaa awerɛhyem sɛ ne Nyankopɔn no begye no de, nanso nokwarem no, na ɛte sɛnea onnye eyi nni nwie. Sɛ ɛnte saa a, anka dɛn nti na na ɛsɛ sɛ osi pɛ na ɔhaw kosii adekyee, bere a ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ agyata no amoa no ano no? Afei ɔfrɛe sɛ: “Daniel, Onyankopɔn teasefo no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa yi atumi agye wo afi agyata no anom anaa?”​—Daniel 6:18-20.

20 Yiw, Onyankopɔn tumi bɔɔ Daniel ho ban. Ɔhene Dario ani gyei araa ma ɔhyɛɛ mmara yi: “M’ahemman a midi so tumi nyinaa mu, wɔmfɛre na wonsuro Daniel Nyankopɔn, na ɔno ne Onyankopɔn a ɔte ase na ogyina hɔ daa, na n’ahenni yɛ nea ɛnsɛe da, na ne tumi bɛtra hɔ akosi ase. Ɔne nea oyi na ogye, na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ɔsoro ne asase so, ɔno na oyii Daniel agyata nsam.”​—Daniel 6:26, 27.

21. (a) Dɛn na Daniel nhoma no atiri asia a edi kan no de ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa ma? (b) Tumi bɛn na ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi ho kyerɛwtohɔ nya wɔ yɛn so?

21 Daniel nhoma no atiri asia a edi kan no de sɛnea Yehowa yɛ ninkunfo​—yiw, ɔtwe ne din ho ninkunu​—no, kyerɛ wiase yi mu ahempɔn sɛ Ɔyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Amansan Hene ampa na otumi brɛ sodifo ahantanfo ase bere a ogye Ne nkoa anokwafo nkwa no ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa ma. Ɛsɛ sɛ saa kyerɛwtohɔ ahorow yi ma yenya Onyankopɔn ho osuro pa ne obu ma ade nyinaa so tumfoɔ ne amansan hene a Yehowa yɛ no. Wɔ bere koro no ara mu no, saa kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no hyɛ gyidi den kɛse efisɛ ɛde Yehowa Nyankopɔn nkoa a wɔdaa gyidi ne akokoduru kɛse adi ho nhwɛso a ɛsom bo ma sɛnea asɛm a edi so no bɛkyerɛ pefee no.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ October 1, 1986 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 3-7.

Wubebua Dɛn?

◻ Ade bɛn na ɛho ahia sɛ Yehowa wiase sodifo ahorow no sua?

◻ Dɛn na yebetumi aka wɔ nokware a Daniel nhoma no yɛ no ho?

◻ Asuade bɛn na ɛbrɛɛ Ɔhene Nebukadnesar ase bio?

◻ Tumi bɛn na ɛsɛ sɛ biribi a Yehowa ma ahempɔn suae no nya wɔ yɛn so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena