Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Agya a Obiara ne No Nsɛ
    Ɔwɛn-Aban—2008 | January 1
    • Wɔ bɛyɛ October afe 29 Y.B. mu no, Yesu kɔɔ Yordan Asubɔnten ho sɛ Yohane mmɔ no asu. Bible ka nea esii: “Ɔbɔɔ Yesu asu wiei no ara na ofii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei, na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian ba no so te sɛ aborɔnoma. Afei hwɛ! Nne bi fi soro kae sɛ: ‘Oyi ne me Ba a medɔ no na magye no atom.’”a (Mateo 3:16, 17) Yehowa ankasa na ɔkaa nsɛm a ɛka koma saa no, na ɛma yehu Agya ko a ɔyɛ. Hyɛ nneɛma abiɛsa a Yehowa ka faa ne Ba no ho no nsow.

      Nea edi kan no, bere a Yehowa kae sɛ “wone me Ba” no, na nea ɔrepɛ akyerɛ ankasa ne sɛ, ‘Ɛyɛ me dɛ sɛ meyɛ w’Agya.’ Agya a ɔwɔ nhumu ma ne mma hu sɛ ɔpɛ wɔn asɛm na n’ani kũ wɔn ho. Ehia sɛ wɔma mmofra awerɛhyem sɛ wɔn ho hia wɔ abusua no mu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu ani gyei bere a n’Agya kyerɛɛ ne ho anisɔ, ɛmfa ho mpo sɛ na wanyin no!

      Nea ɛto so abien no, bere a Yehowa kaa ne Ba no ho asɛm sɛ “medɔ wo” no, na ɔreda ɔdɔ a ɔwɔ ma Yesu no adi wɔ baguam. Ɔkwan bi so no, na Agya no reka sɛ, ‘Medɔ wo.’ Agya pa biara ka kyerɛ ne mma sɛ ɔdɔ wɔn paa. Nsɛm a ɛte saa ne ɔdɔ a efi koma mu a wɔda no adi no boa mmofra ma wonyin yiye. Bere a Yesu tee sɛ n’Agya reka sɛ ɔdɔ no no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛkaa ne koma fae!

      Nea ɛto so abiɛsa no, Yehowa kae sɛ “magye wo atom,” de kyerɛe sɛ wagye ne Ba no atom. Ɛte sɛ nea na Yehowa reka sɛ, ‘Me Ba, m’ani sɔ nea woayɛ no.’ Agya a ɔwɔ ɔdɔ hwehwɛ hokwan de ma ne mma hu sɛ n’ani sɔ nneɛma pa a wɔyɛ anaa kasa pa a wɔka no. Sɛ awofo kyerɛ mmofra ho anisɔ a, ɛma wonya ahoɔden ne akokoduru. Akyinnye biara nni ho sɛ bere a Yesu tee sɛ n’Agya agye no atom no, ɛhyɛɛ no nkuran!

  • Agya a Obiara ne No Nsɛ
    Ɔwɛn-Aban—2008 | January 1
    • a Luka Asɛmpa no ka asɛm koro yi ara. Ɛhɔ no, Yehowa de asɛmfua ‘wo’ na edii dwuma. Ɔkae sɛ: “Wone me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”—Luka 3:22.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena