Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • cl ti 15 kr. 148-157
  • Yesu De “Atɛntrenee Bɛba Asaase So”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu De “Atɛntrenee Bɛba Asaase So”
  • Bɛn Yehowa
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Yesu Te Sɛ Ne Papa
  • ‘Nea Atɛntrenee Kyerɛ’ No, Yesu Maa Emu Daa Hɔ
  • Yesu Abrabɔ Ma Yehu Nea Atɛntrenee Kyerɛ
  • Onyankopɔn Ahenni No So Hene No De “Atɛntrenee Bɛba Asaase So’’
  • Yehowa—Nokware Atɛntrenee Ne Adetrenee Fibea No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • ‘N’akwan Nyinaa Tene’
    Bɛn Yehowa
  • Atɛntreenee Ma Aman Nyinaa Nnansa Yi Ara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Suasua Yehowa—Bu Atɛntrenee Na Yɛ Adetrenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Bɛn Yehowa
cl ti 15 kr. 148-157
Nkurɔfo a wɔsesa sika no, Yesu rekeka wɔn apon abutubutuw; ɔrepam wɔn afi asɔrefie hɔ.

TI 15

Yesu De “Atɛntrenee Bɛba Asaase So”

1, 2. Bere bɛn na Yesu bo fuwii, na ɛdɛn na ɛmaa ne bo fuwii?

WOHWƐ Yesu anim a, na wutumi hu sɛ ne bo afuw, na na ntease wom. Ebia ɛbɛyɛ wo nwanwa sɛ wobɛte sɛ Yesu bo afuw, efisɛ na odwo. (Mateo 21:5) Nokwasɛm ne sɛ, na Yesu yɛ obi a otumi hyɛ ne ho so biribiara mu, enti n’abufuw no, na ɛyɛ abufuw papa; ɔde yɛɛ adetrenee.a Nanso, ɔbarima a ɔpɛ asomdwoe sei de, ɛdɛn koraa na ɛmaa ne bo fuw saa? Adebɔne bi paa a na ɛrekɔ so ntia.

2 Asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no, na ɛda Yesu koma so paa. Wiase nyinaa, ɛhɔ nko ara ne baabi a na ɛyɛ kronkron a nkurɔfo som n’Agya a ɔwɔ soro no. Ná Yudafo no twa kwantenten fi aman pii so ba hɔ bɛsom Yehowa. Amanaman mufo a wɔsuro Nyankopɔn no mpo, na wɔba asɔrefie no adiwo hɔ, baabi a na wɔayi ama wɔn no bɛsom Yehowa. Nanso, bere a Yesu hyɛɛ ne som adwuma ase no, ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na nea okohui wɔ hɔ de, na ɛyɛ asefem paa. Ná wɔayɛ asɔrefie hɔ sɛ gua so, na na ɛnsɛ baabi a wɔsom Yehowa koraa! Ɛne sɛ, na nkurɔfo a ɛretɔn mmoa ne wɔn a ɛresesa sika agye asɔrefie hɔ abɔ so. Nea na wɔreyɛ no, bɔne anaa ntɛnkyea bɛn na na ɛwom? Bɔne a ɛwom ne sɛ, na nkurɔfo no de Onyankopɔn asɔrefie hɔ ayɛ baabi a wɔbɔ apoo anaa baabi a wɔbɔ korɔno mpo. Adɛn nti na yɛreka saa?—Yohane 2:14.

3, 4. Apoobɔ ne nsisi bɛn na na ɛrekɔ so wɔ Yehowa fie, na ɛdɛn na Yesu yɛe wɔ ho?

3 Ná nyamesom mpanyimfo no ahyɛ mmara sɛ, sika (coin) pɔtee bi na ɛsɛ sɛ wɔde tua asɔrefie tow no. Enti na ɛsɛ sɛ nkurɔfo a wɔatwa kwan aba hɔ no sesa wɔn sika ansa na wɔatumi anya saa sika pɔtee no bi. Asɔrefie hɔ pɛɛ na wɔn a ɛsesa sika no de wɔn apon kosisii, na sika biara a wɔbɛsesa no, na wɔgye ho biribi. Wɔn a na wɔtɔn mmoa wɔ hɔ nso, na wɔnya mfaso paa. Sɛ wɔn a wɔatwa kwan aba hɔ no pɛ sɛ wɔbɔ afɔre a, na wɔbetumi atɔ mmoa no bi afi kurom hɔni biara hɔ. Nanso, sɛ wɔde ba asɔrefie hɔ sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre a, na asɔrefie mpanyimfo no betumi aka sɛ saa aboa no mfata. Sɛ wɔtɔ aboa no wɔ asɔrefie hɔ dea, sɛnea ɛte biara, wɔbegye atom. Esiane sɛ na nkurɔfo no nsa hyɛ aguadifo no anom nti, ɛtɔ da a, na aguadifo no tɔn mmoa no atwameneboɔ.b Ná wei nyɛ apoo kɛkɛ; ná ɛyɛ korɔno fitaa!

4 Ná Yesu ntumi nhwɛ mma saa asisisɛm no nkɔ so wɔ asɔrefie hɔ. Ná ɛhɔ yɛ ɔno ara ne Papa fie! Ɔde nhama yɛɛ abaa, na ɔde pamoo anantwi ne nguan no fii asɔrefie hɔ. Afei ɔkɔɔ baabi a nkurɔfo a na wɔsesa sika no wɔ no. Ɔkaa wɔn apon butubutuwii maa wɔn sika no hwie guu fam. Ɛfam hɔ nso, abo a ɛte sɛ ahwehwɛ a ɛso yɛ toro na na wɔde ayɛ hɔ. Enti wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ sika no bɔ petee fam hɔ! Wɔn a na wɔretɔn mmuruburuw no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn denneennen sɛ: “Momfa eyinom mfi ha nkɔ!” (Yohane 2:15, 16) Wohwɛ akokoduru a Yesu de yɛɛ saa a, ɛbɛyɛ sɛ obiara ammɔ ne ho mmusu sɛ obesiw no kwan.

“Momfa eyinom mfi ha nkɔ!”

Ná Yesu Te Sɛ Ne Papa

5-7. (a) Bere a Yesu de tenaa soro ansa na ɔreba asaase so no, ɛdɛn na ɛboaa no ma ohuu nea ɛyɛ atɛntrenee wɔ Yehowa ani so? Sɛ yɛhwɛ no sua no a, ɛdɛn na yebehu? (b) Atosɛm a Satan keka faa Yehowa ne nnipa ho no, ɛdɛn na Yesu ayɛ de asiesie, na ɛdɛn na ɔbɛyɛ wɔ ho daakye?

5 Aguadifo no san baa asɔrefie hɔ. Bɛyɛ mfe mmiɛnsa akyi no, Yesu san bɛpamoo wɔn fii hɔ. Bere bi, Yehowa kasa tiaa nkurɔfo a na wɔde ne fie ayɛ “baabi a akorɔmfo-werɛmfo tetɛw” no. Nkurɔfo a na wɔtɔn mmoa wɔ asɔrefie hɔ no, Yesu kaa saa asɛm no ara de twiw wɔn anim. (Yeremia 7:11; Mateo 21:13) Aane, bere a Yesu hui sɛnea nkurɔfo rebɔ apoo ne sɛnea wɔregu Onyankopɔn asɔrefie no ho fĩ no, ɔtee nka te sɛ ne Papa. Ɛnyɛ nwanwa koraa sɛ ɔtee nka saa! Efisɛ, mfe mpempem pii a na Yesu de atena soro no nyinaa, na ne Papa akyerɛkyerɛ no. Ɛno nti, nea ɛyɛ atɛntrenee wɔ Yehowa ani so, ne nea ɛnyɛ atɛntrenee wɔ n’ani so no, na Yesu nim ne nyinaa. Sɛ yɛbɛka a, na Yesu te sɛ ne Papa. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛnea Yehowa atɛntrenee te paa a, gye sɛ yɛhwɛ nea Yesu Kristo yɛe.—Yohane 14:9, 10.

6 Bere a Satan kaa sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ ɔtorofo, na ɔmfata sɛ odi yɛn so no, na Yehowa Ba a ɔwoo no koro no wɔ hɔ. Hwɛ sɛnea Satan sɛee Yehowa din! Yesu tee nso sɛ, Satan reka sɛ onipa biara nni hɔ a, ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa nti na obeyi ne yam asom no. Yebetumi aka sɛ, saa atosɛm yi yɛɛ Yesu yaw paa, efisɛ ne koma ntumi bɔne. Wei nti, bere a Yesu behui sɛ ɔno paa na na Yehowa de no bɛyɛ adwuma ama obiara ahu sɛ nsɛm a Satan kekae no nyinaa yɛ atoro no, wo de, hwɛ sɛnea na Yesu ani begye afa! (2 Korintofo 1:20) Ná Yesu bɛyɛ no sɛn?

7 Yehui wɔ nhoma yi Ti 14 sɛ, Yesu Kristo ama obiara ahu sɛ sobo a Satan bɔe sɛ nea Yehowa asomfo nya fi ne hɔ nti na wɔsom no no, nokware biara nnim. Onyankopɔn din kronkron Yehowa a na Satan agu ho fĩ no, nea Yesu yɛe no bɔɔ kwan a Onyankopɔn de bɛtew ne din no ho. Afei nso, Onyankopɔn nam nea Yesu yɛe no so bɛma obiara ahu sɛ Onyankopɔn tumidi na ɛyɛ papa. Yesu na ɔyɛ Yehowa Safohene, na ɔno na ɔbɛma Onyankopɔn atɛntrenee atim wɔ ɔsoro ne asaase so. (Asomafo Nnwuma 5:31) Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔde Onyankopɔn atɛntrenee yɛɛ adwuma wɔ biribiara mu. Yehowa kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Mehwie me honhom agu no so, na ɔbɛma amanaman no ahu nea atɛntrenee kyerɛ pefee.” (Mateo 12:18) Sɛn na Yesu maa saa asɛm no baa mu?

‘Nea Atɛntrenee Kyerɛ’ No, Yesu Maa Emu Daa Hɔ

8-10. (a) Mmara a Yudasom mpanyimfo hyehyɛe no, ɛmaa nkurɔfo buu wɔn a wɔnyɛ Yudafo ne mmea animtiaa. Adɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na mmara a Yudasom mpanyimfo hyehyɛe no maa Homeda ho mmara a Yehowa hyɛe no bɛyɛɛ adesoa?

8 Ná Yesu ani gye Yehowa Mmara ho, na ɔde bɔɔ ne bra bere nyinaa. Nanso, nyamesom mpanyimfo a na wɔwɔ ne bere so no de, wɔkyeaa Mmara no, na wɔamfa anyɛ adwuma yiye. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! . . . Mmara no mu nsɛm a ehia paa a ɛne atɛntrenee ne mmɔborɔhunu ne nokwaredi no de, momfa nyɛ hwee.” (Mateo 23:23) Biribiara kyerɛ sɛ, nyamesom mpanyimfo a na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Mmara no mu kyerɛ nkurɔfo ma wohu “nea atɛntrenee kyerɛ” no, wɔanyɛ saa. Mmom, wɔmaa no yɛɛ den maa nkurɔfo sɛ wɔbehu nea Onyankopɔn atɛntrenee kyerɛ. Ɛdɛn na wɔyɛe a ɛkyerɛ saa? Yɛnhwɛ nea wɔyɛe no bi.

9 Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ, aman a wɔsom abosom a wɔatwa wɔn ho ahyia no, wɔntwe wɔn ho mfi wɔn ho. (1 Ahene 11:1, 2) Nanso, nyamesom mpanyimfo a na Yudasom adi wɔn ti no, ebinom kyerɛkyerɛe sɛ, obiara a ɔnyɛ Yudani no, ɛsɛ sɛ wɔtan no. Yudafo no mmara nhoma bi a yɛfrɛ no Mishnah no, na mmara bi mpo wom a ɛka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wugyaw wo nantwi wɔ amanaman muni biara ahɔhodan mu, efisɛ anhwɛ a ɔne aboa no bɛda.” Saa adwemmɔne a na wɔwɔ wɔ nnipa a wɔnyɛ Yudafo ho no, na ɛmfata koraa. Mose Mmara no mpo kasa tiaa nnipa ho adwemmɔne a ɛte saa. (Leviticus 19:34) Nyamesom mpanyimfo no hyehyɛɛ mmara foforo a na ebu mmea animtiaa. Saa mmara no bi ne sɛ, sɛ ɔbea ne ne kunu nam a, ɛnsɛ sɛ odi ne kunu no nkyɛnmu, na mmom ɛsɛ sɛ odi n’akyi. Mmara no baako nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea bɔ nkɔmmɔ wɔ abɔnten; sɛ ɔyɛ ne yere mpo a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ saa. Afei nso, na mmea nni kwan sɛ wɔdi adanse wɔ asɛnnibea sɛnea na nkoa nso nni kwan sɛ wɔdi adanse wɔ asɛnnibea no. Ná nyamesom mpanyimfo no bɔ mpae mpo da Onyankopɔn ase sɛ wammɔ wɔn mmea.

10 Nyamesom mpanyimfo no hyehyɛɛ mmara bebree, enti na nkurɔfo no ntumi nhu nea ɛyɛ Onyankopɔn Mmara paa. Yɛhwɛ Homeda mmara no sei a, nea na ɛka ara ne sɛ, ɛnsɛ sɛ Israelfo no yɛ adwuma Homeda, mmom na ɛsɛ sɛ wɔde saa da no som Onyankopɔn na wɔde home. Nanso, Farisifo no maa saa mmara no bɛyɛɛ adesoa maa Israelfo no. Wɔn ankasa yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyerɛ ade pɔtee a sɛ obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wayɛ “adwuma.” Wɔkyerɛɛ nneɛma 39 a sɛ obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wayɛ adwuma. Ebi ne sɛ obi betwa n’afuw mu nnɔbae, anaasɛ ɔbɛkɔ ahayɔ. Homeda ho mmara bebree a wɔhyehyɛe no kɔfaa nsɛmmisa pii bae. Ebi ne sɛ, sɛ obi kum sommɔre Homeda a, ɛkyerɛ sɛ wakɔ ahayɔ anaa? Sɛ obi nam kwan so na ɔtew awi anaa ayuo kakra sɛ ɔrewe a, ɛkyerɛ sɛ ɔretwa nnɔbae anaa? Sɛ obi sa obi yare a, ɛkyerɛ sɛ ɔreyɛ adwuma anaa? Ɛdɛn na nyamesom mpanyimfo no de yii saa nsɛmmisa yi ano? Nea wɔyɛe ne sɛ, wɔsan hyehyɛɛ mmara bawee a wunhu ne ti nhu ne nkɔn mpo de pii so.

11, 12. Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ Farisifo no nkyerɛkyerɛ nyɛ nokware?

11 Nnipa a na wɔde saa mmara yi akyerɛkyerɛ wɔn no, na Yesu bɛyɛ dɛn aboa ama wɔahu nea atɛntrenee kyerɛ? Yesu nkyerɛkyerɛ ne n’abrabɔ nyinaa mu no, ɔde akokoduru maa nyamesom mpanyimfo no hui sɛ nea wɔrekyerɛkyerɛ no nyɛ nokware. Ma yenni kan nhwɛ Yesu nkyerɛkyerɛ no bi. Mmara bebree a na nyamesom mpanyimfo no ahyehyɛ no, Yesu kaa ho asɛm, na ɔka sii wɔn anim sɛ: “Mode mo amammerɛ a mokyerɛkyerɛ no sɛe Onyankopɔn asɛm.”—Marko 7:13.

12 Yesu kaa no denneennen sɛ nea na Farisifo no reka fa Homeda mmara no ho no nyɛ nokware, na nea enti a Onyankopɔn de saa mmara no mae no, wɔante ase. Yesu kaa sɛ ɔno ne Mesia no, na ɔno ne “Homeda Wura.” Enti ɔwɔ hokwan sɛ ɔsa nkurɔfo yare Homeda. (Mateo 12:8) Nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo ahu sɛ nea ɔreka no yɛ nokware nti, ɔsaa yare Homeda maa obiara hui. (Luka 6:7-10) Nkurɔfo a Yesu saa wɔn yare no, na ɔde rema yɛahu sɛ daakye sɛ obedi ade wɔ Mfe Apem Ahenni no mu a, ɔbɛsa yare wɔ wiase nyinaa. Saa Mfe Apem no, ɛno ne Homeda kɛse paa. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, bɔne ne owu a abɛsensɛn yɛn kɔn mu de yɛn ayɛ nkoa mfe bebree no, saa bere no, nnipa anokwafo bɛtetew wɔn ho afi ho ama obiara ho atɔ no.

13. Mmara foforo bɛn na Kristo de maa n’asuafo no, na nsonsonoe bɛn na ɛwɔ saa mmara no ne Mose Mmara no mu?

13 Yesu san yɛɛ biribi foforo maa n’asuafo no huu nea atɛntrenee kyerɛ. Ɛne sɛ, ɔmaa wɔn mmara foforo bi. Saa mmara no ne “Kristo mmara no.” Bere a Yesu wiee n’adwuma wɔ asaase so no, saa bere no na mmara foforo no fii ase yɛɛ adwuma. (Galatifo 6:2) Mose Mmara a na ɛwɔ hɔ no, na ɛyɛ mmara bebree a wɔakyerɛw, nanso Kristo mmara no nte saa. Ɛno de, egyina nnyinasosɛm so. Nanso, Kristo mmara no, ahyɛde pɔtee bi hyehyɛ mu. Saa ahyɛde no, Yesu frɛɛ baako “ahyɛde foforo.” Ɛne sɛ, Yesu kyerɛɛ n’akyidifo nyinaa sɛ wɔnnodɔ wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no. (Yohane 13:34, 35) Enti, wɔn a wɔde “Kristo mmara” no bɔ wɔn bra no, ɛsɛ sɛ wɔyi wɔn komam dodɔ wɔn ho, anaa wɔkum wɔn ho ma wɔn nuanom Kristofo.

Yesu Abrabɔ Ma Yehu Nea Atɛntrenee Kyerɛ

14, 15. Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ biribiara na ɔwɔ ho tumi, na gyidi bɛn na wei ma yenya wɔ Yesu mu?

14 Ɛnyɛ Yesu ano nko na ɔde kaa ɔdɔ ho asɛm. Mmom, ɔde “Kristo mmara” no bɔɔ ne bra. Ɔyɛɛ ne biribiara ɔdɔ mu. Sɛnea Yesu bɔɔ ne bra no, ɛma yehu nea atɛntrenee kyerɛ paa. Ma yɛnhwɛ akwan mmiɛnsa a ɔfaa so yɛɛ saa.

15 Nea edi kan, Yesu hwɛɛ yiye paa sɛ ɔrenyɛ biribiara a ɛbɛkyerɛ sɛ ommu atɛntrenee. Ebia woahyɛ no nsow sɛ, nnipa a wɔyɛ ahantan no, wɔntaa mmu atɛntrenee, na wɔyɛ nneɛma a wɔnni kwan sɛ wɔyɛ. Yesu de, wanyɛ biribiara a ɛte saa. Bere bi, ɔbarima bi kɔɔ Yesu nkyɛn kɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapade no.” Ɛdɛn na Yesu ka kyerɛɛ no? Ɔkaa sɛ: “Damfo, hena na oyii me sɛ menyɛ mo temmufo anaa obi a obesiesie mo ntam?” (Luka 12:13, 14) Asɛm a Yesu bisae yi, ɛdɛn na ɛma yehu fa ne ho? Yesu nimdeɛ, ne nyansa, ɛne tumi a Onyankopɔn de ama no no, ɛsen onipa biara de, nanso wamfa n’ano anto asɛm no mu, efisɛ na Onyankopɔn mmaa no saa tumi no. Yesu de, nea onni kwan sɛ ɔyɛ no, ɔnyɛ; saa ara na ɔte. Mfe mpempem bebree mpo a ɔtenaa soro ansa na ɔreba asaase so no, wamfa ne pɛ anyɛ biribiara a onni kwan sɛ ɔyɛ. (Yuda 9) Ɛyɛ anuonyam ma Yesu sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma Yehowa kyerɛ no nea ɛtene.

16, 17. (a) Bere a Yesu reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔde atɛntrenee yɛɛ adwuma? (b) Nneɛma bɛn na na Yesu taa yɛ de kyerɛ sɛ ɔpɛ atɛntrenee?

16 Nea ɛtɔ so mmienu, Yesu de atɛntrenee yɛɛ adwuma bere a ɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Wanyɛ nyiyim. Mmom, oyii ne koma mu yɛɛ nea obetumi biara kaa asɛmpa no bi kyerɛɛ nnipa ahorow nyinaa bi, asikafo ne ahiafo nyinaa. Nanso Farisifo no de, na wɔmmu ahiafo ne mmɔborɔwafo, na na wɔmpɛ sɛ wɔbɛn wɔn mpo. Wɔbuu wɔn animtiaa, na wɔfrɛɛ wɔn ʽam-ha·ʼaʹrets, kyerɛ sɛ, “fam nnipa.” Nanso Yesu de, ɔde akokoduru yɛɛ nea ɛtene. Ɛne sɛ, ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn, ɔne wɔn too nsa didii, ɔmaa wɔn aduan, ɔsaa wɔn yare, na onyanee ebinom mpo fii awufo mu. Saa nneɛma a ɔyɛe no nyinaa kyerɛ sɛ, ɔde atɛntrenee yɛ adwuma te sɛ ne papa Yehowa a “ɔpɛ sɛ ogye nnipa ahorow nyinaa” no.c—1 Timoteo 2:4.

17 Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, mmɔborɔhunu kɛse a na Yesu wɔ no nso ma yehu sɛ ɔpɛ atɛntrenee. Ɔtwe bɛn abɔnefo kɔboaa wɔn. (Mateo 9:11-13) Ná Yesu wɔ hɔ ma wɔn a wɔnni kamafo. Wo de hwɛ, na nyamesom mpanyimfo no akyerɛkyerɛ Yudafo no sɛ mma wɔnnnye Amanaman muni biara nnni. Yesu ne wɔn anyɛ adwene koraa. Ɛwom, Yudafo titiriw nti na Yesu baa asaase so, nanso ne mmɔborɔhunu nti, ɔboaa Amanaman mufo no bi, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Bere a Romani sraani panyin bi srɛɛ Yesu sɛ ɔnsa n’akoa bi yare no, ɔpenee so saa no yare, na ɔkaa sɛ: “Obiara nni Israel a mahu gyidi a ɛso saa wɔ ne mu.”—Mateo 8:5-13.

18, 19. (a) Ɛdɛn na Yesu yɛe de dii mmea ni? (b) Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛma yehu sɛ yehia akokoduru na ama yɛatumi abu atɛntrenee?

18 Afei nso, sɛnea na nkurɔfo bu mmea animtiaa no, na Yesu ne wɔn nyɛ adwene koraa. Mmom, ɔde akokoduru yɛɛ nea ɛtene. Ná Yudafo no bu Samariafo mmea sɛ wɔn ho ntew te sɛ nea Amanaman mufo ho ntew no. Nanso Yesu de, wannwene ho mmienu koraa ɛnna ɔkɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Samariani bea no wɔ Sikar abura no ho. Nea ɛwom mpo ne sɛ, saa Samariani bea no ne onipa a odi kan a Yesu hyɛɛ da ka kyerɛɛ no sɛ ɔno ne Mesia no. (Yohane 4:6, 25, 26) Farisifo no kaa sɛ mmea de, ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn Mmara. Nanso Yesu de ne bere ne n’ahoɔden pii kyerɛkyerɛɛ mmea. (Luka 10:38-42) Nyamesom mpanyimfo no kyerɛkyerɛe sɛ asɛm bi si a, mmea nni kwan sɛ wɔdi ho adanse, nanso Yesu de, bere a onyan fii awufo mu no, mmea na odii kan yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn mpo sɛ, wɔnkɔka asɛnhia yi nkyerɛ n’asuafo mmarima no!—Mateo 28:1-10.

19 Ampa, Yesu maa amanaman no huu nea atɛntrenee kyerɛ paa. Saa ade a ɔyɛe no nti, ɛde ne nkwa too asiane mu mpɛn pii. Nea Yesu yɛe no ma yehu sɛ yehia akokoduru na ama yɛatumi abu atɛntrenee sɛnea Yehowa pɛ. Ɛno nti na Bible frɛ Yesu sɛ “Yuda abusuakuw mu Gyata” no. (Adiyisɛm 5:5) Kae sɛ, gyata yɛ aboa a ɔwɔ akokoduru, na wɔde no gyina hɔ ma atɛntrenee. Ɛrenkyɛ, Yesu de atɛntrenee mu atɛntrenee bɛba. Ɔde “atɛntrenee bɛba asaase so” baabiara.—Yesaia 42:4.

Onyankopɔn Ahenni No So Hene No De “Atɛntrenee Bɛba Asaase So’’

20, 21. Yɛn bere yi so no, sɛn na Onyankopɔn Ahenni no so hene no ahwɛ ama atɛntrenee rekɔ so wɔ asaase so ne Kristofo asafo no mu?

20 Efi bere a Yesu bɛyɛɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene afe 1914 no, wayere ne ho de atɛntrenee aba asaase so. Sɛn na wayɛ no? Nkɔm a ɔno ankasa hyɛe wɔ Mateo 24:14 no, wahwɛ ama no aba mu. Yesu akyidifo a ɛwɔ asaase so no aka Yehowa Ahenni no ho asɛm akyerɛ nnipa a ɛwɔ asaase so baabiara. Wɔka asɛmpa no kyerɛ nnipa nyinaa, wɔnyɛ nyiyim sɛnea Yesu anyɛ nyiyim no. Nkwadaa oo, mpanyin oo, asikafo oo, ahiafo oo, mmea oo, mmarima oo, wɔka asɛmpa no kyerɛ obiara, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbehu Yehowa, Onyankopɔn a obu atɛntrenee no.

21 Yesu na ɔyɛ Kristofo asafo no Ti. Ɔrehwɛ ama atɛntrenee ayɛ adwuma wɔ asafo no mu nso. Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, ‘ɔde nnipa ayɛ akyɛde’ ama yɛn. Saa akyɛde no ne Kristofo asafo mu mpanyimfo anokwafo a wɔdi asafo no anim no. (Efesofo 4:8-12) Yesu Kristo de, Onyankopɔn guan biara som bo ma no. Ɔpɛ sɛ mpanyimfo no suasua no na wɔbu atɛntrenee ma asafo no muni biara. Sɛ ɔyɛ sikani oo, ɔyɛ ohiani oo, wagye din oo, onnyee din oo, Yesu pɛ sɛ mpanyimfo no bu atɛntrenee ma no.

22. Ntɛnkyea pii a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu no, ɛka Yehowa sɛn, na ɛdɛn na ɔde ahyɛ ne Ba no nsa sɛ ɔnyɛ?

22 Ɛrenkyɛ Yesu de atɛntrenee a edi mu paa bɛba asaase nyinaa so. Wiase bɔne yi mu de, ntɛnkyea abu so wɔ baabiara. Wo de hwɛ, ɔkɔm kunkum nkwadaa. Nanso wobɛhwɛ no, na aman bebree resɛe sika pii wɔ akode ho. Nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya nso, wobɛhwɛ na wɔresɛe sika pii de gye wɔn ani; wuhu sɛ entwa yiye koraa. Nnipa mpempem pii a wɔwu afe biara no, emu bebree wɔ hɔ a, anka yebetumi asiw ano. Sɛ Yehowa hwɛ weinom nyinaa ne ntɛnkyea foforo bebree a ɛrekɔ so a, ɛhyɛ no abufuw paa. Yehowa de ahyɛ ne Ba no nsa sɛ, ɔnko ntia nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu, na ontu ntɛnkyea ase korakora.—Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11-15.

23. Sɛ Armagedon ko no ba awiei a, ɛdɛn na Kristo bɛyɛ ama atɛntrenee aba wiase afebɔɔ?

23 Nneɛma a Yehowa bɛyɛ ama atɛntrenee aba asaase so no, baako ne abɔnefo a ɔbɛsɛe wɔn. Nea ɛka ho nso ne sɛ, wayi ne Ba no sɛ ɔnyɛ “Asomdwoe Hene.” Sɛ Armagedon ko no ba awiei a, Yesu ahenni no de asomdwoe bɛba asaase nyinaa so, na ɔde “atɛntrenee” na ebedi ade. (Yesaia 9:6, 7) Afei ntɛnkyea a ɛde ɔhaw ne amanehunu pii aba wiase no nyinaa, Yesu de anigye beyi afi hɔ. Ɔde Yehowa atɛntrenee a edi mu no bɛyɛ adwuma afebɔɔ. Enti ɛnnɛ paa na ehia sɛ yesuasua Yehowa atɛntrenee. Ma yɛnhwɛ sɛnea yɛbɛyɛ no.

a Yesu bo a efuwii no, na ɛyɛ abufuw papa; enti, na ɔde resuasua n’agya Yehowa. Adebɔne de, Yehowa ‘ntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛda n’abufuw adi’ wɔ ho. (Nahum 1:2) Ɛho nhwɛso ni. Bere bi, Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo asoɔdenfo no sɛ wɔayɛ ne fie “baabi a akorɔmfo-werɛmfo tetɛw.” Bere a ɔkaa saa wiei no, ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mehwie m’abufuw ne m’abufuhyew agu ha.’—Yeremia 7:11, 20.

b Nhoma bi a yɛfrɛ no Mishnah ka sɛ, mfe bi akyi no, mmuruburuw a na wɔtɔn no aboɔden wɔ asɔrefie hɔ no nti, nkurɔfo bo fuwii ma wɔyɛɛ ho dede. Ɛbaa saa no, ɛhɔ ara na wɔtew ɛboɔ no so hwi; wɔtew so bɛyɛ ɔha mu nkyem 99! Mmoa a na wɔtɔn wɔ asɔrefie hɔ no, henanom na wɔnyaa so mfaso kɛse? Abakɔsɛm akyerɛwfo bi ka sɛ, asɔrefie hɔ gua no, Ɔsɔfo Panyin Anas fiefo na na ɛyɛ wɔn dea, enti ɔsɔfo no abusuafo nyaa wɔn ho sei tam.—Yohane 18:13.

c Ná Farisifo no adwene ne sɛ, mmɔborɔwafo a wɔnnim Mmara no, “wɔadome” wɔn. (Yohane 7:49) Wɔkaa sɛ, nnipa a wɔte saa de, enni sɛ obiara kyerɛkyerɛ wɔn, enni sɛ obiara ne wɔn di gua, enni sɛ obiara ne wɔn didi, na enni sɛ obiara ne wɔn bɔ mpae. Sɛ woma wuram mmoa kyere wo babea we a, eye sen sɛ wode no bɛma saa nkurɔfo no bi aware no. Ná wɔbu mmɔborɔwafo no sɛ, wɔmfata sɛ wɔbenya owusɔre.

Nsɛmmisa a Yɛde Dwinnwen Nneɛma Ho

  • Dwom 45:1-7 Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene no bɛma atɛntrenee a edi mu aba?

  • Mateo 12:19-21 Yɛhwɛ nkɔmhyɛ no a, sɛn na Mesia no bɛyɛ mmɔborɔwafo?

  • Mateo 18:21-35 Sɛn na Yesu nkyerɛkyerɛ ma yehu sɛ atɛntrenee paa de, ɛne mmɔborɔhunu na ɛnam?

  • Marko 5:25-34 Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛma yehu sɛ Yehowa rebu atɛntrenee a, ɔhwɛ obiara ne ne tebea?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena