Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 10/1 kr. 15-20
  • Onyankopɔn Nguankuw a Wɔde Ɔdɔ Bɛyɛn Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Nguankuw a Wɔde Ɔdɔ Bɛyɛn Wɔn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Oguanhwɛfo Pa no Nhwɛso
  • Israel Nguanhwɛfo Atirimɔdenfo
  • Kristofo Asafo no Mu Nguanhwɛfo a Wɔwɔ Ɔdɔ
  • Kyerɛ Obu ma Hokwan a Obi Wɔ sɛ Ɔpaw Nea Ɔpɛ
  • Mpanyimfo, Momfa Mo Nguanhwɛ Asɛyɛde Ahorow No Aniberesɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ahwɛfo, Munsuasua Ahwɛfo Kunini No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Tie Ahwɛfo a Yehowa Apaw Wɔn No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Yehowa Nguan a Wɔsom Bo a Wɔyɛn Wɔn Brɛbrɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 10/1 kr. 15-20

Onyankopɔn Nguankuw a Wɔde Ɔdɔ Bɛyɛn Wɔn

“Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no.”—1 PETRO 5:2.

1, 2. Dɛn ne Yehowa su titiriw, na ɛda ne ho adi wɔ ɔkwan bɛn so?

WƆDA no adi pefee wɔ Kyerɛw Kronkron no mu nyinaa sɛ ɔdɔ ne Onyankopɔn su titiriw. Wɔka wɔ 1 Yohane 4:8 sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” Esiane sɛ ne dɔ da adi wɔ nneyɛe mu nti, 1 Petro 5:7 ka sɛ ‘Onyankopɔn dwen mo ho.’ Wɔ Bible no mu no, wɔde sɛnea Yehowa hwɛ ne nkurɔfo toto sɛnea oguanhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ hwɛ ne nguan brɛoo no ho: ‘Hwɛ! Amansan Hene Yehowa bɛhwɛ ne nguankuw, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.’ (Yesaia 40:10, 11) Hwɛ awerɛkyekye a na Dawid wɔ ma enti otumi kae sɛ: “[Yehowa] ne me hwɛfo, hwee renhia me”!—Dwom 23:1.

2 Ɛfata sɛ Bible no de nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn anim dom toto nguan ho, efisɛ nguan dwo, wɔwɔ ahobrɛase, na wɔyɛ osetie ma wɔn hwɛfo a odwen wɔn ho no. Sɛ́ Oguanhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ no, Yehowa dwen ne nkurɔfo a wɔte sɛ nguan no ho yiye. Ɔda eyi adi denam honam fam ne honhom fam nneɛma ne akwankyerɛ a ɔde ma wɔn ma wɔfa wiase bɔne yi “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu kɔ ne trenee wiase foforo a ɛreba no mu so.—2 Timoteo 3:1-5, 13; Mateo 6:31-34; 10:28-31; 2 Petro 3:13.

3. Odwontofo no kaa sɛnea Yehowa hwɛ ne nguan ho asɛm dɛn?

3 Hyɛ ɔdɔ a Yehowa de hwɛ ne nguan no nsow: “[Yehowa] ani wɔ treneefo so, na n’aso tie wɔn sufrɛ. . . . Treneefo su frɛ, na [Yehowa] tie, na ogye wɔn fi wɔn ahohia nyinaa mu. [Yehowa] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw. Ɔtreneeni amane dɔɔso, na [Yehowa] gye no ne nyinaa mu.” (Dwom 34:15-19) Hwɛ awerɛkyekye kɛse a Amansan no Hwɛfo de ma ne nkurɔfo a wɔte sɛ nguan no!

Oguanhwɛfo Pa no Nhwɛso

4. Dɛn na Yesu yɛ de hwɛ Onyankopɔn nguan no?

4 Onyankopɔn Ba Yesu suasuaa n’Agya yiye, efisɛ Bible no frɛ Yesu sɛ “guanhwɛfo pa no.” (Yohane 10:11-16) Wɔka adwuma titiriw a ɔyɛ ma Onyankopɔn nguankuw no ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 7. Wɔfrɛ yɛn bere yi mu Onyankopɔn asomfo wɔ nkyekyem 9 sɛ “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” Afei nkyekyem 17 ka sɛ: “Oguammaa [Yesu] . . . bɛyɛn wɔn, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.” Yesu kyerɛ Onyankopɔn nguan kwan kɔ nokware no nsu a ɛkɔ daa nkwa mu no ho. (Yohane 17:3) Hyɛ no nsow sɛ wɔfrɛ Yesu sɛ “oguammaa,” a ɛkyerɛ n’ankasa su horow a ɛte sɛ nguan de, na ɔne ahobrɛase a wɔyɛ ma Onyankopɔn ho nhwɛso titiriw.

5. Yesu tee nka dɛn wɔ nnipa ho?

5 Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔne nnipa trae na ohuu awerɛhow tebea a na wɔwom no. Dɛn na ɔyɛe wɔ wɔn tebea no ho? “Ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Nguan a wonni hwɛfo hu amane kɛse wɔ mmoa a wɔkyere mmoa afoforo we nsam, te sɛ nguan a wɔwɔ ahwɛfo a wonnwen wɔn ho ara pɛ. Nanso na Yesu dwen afoforo ho yiye, efisɛ ɔkae sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 11:28-30.

6. Mmɔborohunu bɛn na Yesu yii adi kyerɛɛ amanehunufo?

6 Bible nkɔmhyɛ ka siei sɛ Yesu ne nkurɔfo bedi wɔ ɔdɔ mu: “[Yehowa] asra me sɛ . . . memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, . . . menkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.” (Yesaia 61:1, 2; Luka 4:17-21) Yesu ammu ahiafo ne amanehunufo animtiaa da. Mmom no, ɔmaa Yesaia 42:3 baam: “Demmire a abukaw no, ɔremmu mu, na asaawa a ɛrefi wusiw no, ɔrennum.” (Fa toto Mateo 12:17-21 ho.) Ná amanehunufo te sɛ demmire a abukaw, wɔte sɛ kanea ntamaa a ɛreyɛ adum esiane krasin a ennim nti. Bere a Yesu huu wɔn tebea a ɛyɛ awerɛhow no, ohuu wɔn mmɔbɔ na ɔmaa wonyaa ahoɔden ne anidaso, na ɔsaa wɔn yare wɔ honhom ne honam fam.—Mateo 4:23.

7. Hena na Yesu danee nnipa a wotiee no adwene kɔɔ no so?

7 Nnipa a wɔte sɛ nguan bebree tiee Yesu. Na ne nkyerɛkyerɛ yɛ dɛ araa ma asraafo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere no no kae sɛ: “Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.” (Yohane 7:46) Nyamesom akannifo nyaatwomfo no mpo nwiinwii sɛ: “Wiase atu adi n’akyi”! (Yohane 12:19) Nanso Yesu anhwehwɛ nidi anaa anuonyam amma ne ho. Ɔdanee nkurɔfo adwene kɔɔ n’Agya so. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma Yehowa su pa no ho anigye nkanyan wɔn mma wɔnsom No: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn.”—Luka 10:27, 28.

8. Ɔkwan bɛn so na ɛsono osetie a Onyankopɔn nkurɔfo yɛ ma no wɔ nea afoforo de ma wiase atumfo no ho?

8 Wɔhyɛ Yehowa anuonyam kyerɛ sɛ, ɔdɔ a ne nkurɔfo a wɔte sɛ nguan wɔ ma no nti wogyina n’amansan tumidi akyi. Esiane ne su pa ho nimdeɛ a wɔwɔ nti, wofi wɔn pɛ mu paw sɛ wɔbɛsom no. Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko wɔ wiase yi atumfo a wɔn nkoa de ehu anaa amemenemfe, anaasɛ adwene a ɛnteɛ bi a wokura nkutoo yɛ osetie ma wɔn no ho! Wontumi nka asɛm yi a wɔka faa Roma Katolek Asɔre no pope bi ho no mfa Yehowa anaa Yesu ho da: “Ná nnipa pii bu no, obiara suro no, obiara nnɔ no.”—Vicars of Christ—The Dark Side of the Papacy a Peter De Rosa kyerɛwee.

Israel Nguanhwɛfo Atirimɔdenfo

9, 10. Ka tete Israel akannifo ne afeha a edi kan no mu de ho asɛm.

9 Ná Israel nyamesom akannifo a wɔtraa ase wɔ Yesu bere so no nnɔ nguan no koraa te sɛ nea na ɔdɔ wɔn no. Ná wɔte sɛ Israel sodifo a na wodi wɔn anim a na Yehowa aka wɔn ho asɛm sɛ: “Munnue, Israel nguanhwɛfo a wɔyɛn wɔn ho no; so ɛnyɛ nguan na nguanhwɛfo yɛn wɔn? . . . Wɔn a wɔagurow no, monhyɛ wɔn den, na ayarefo nso, monsa wɔn yare; nea wabubu no, monkyekyere no, nea wɔapam no no, monkɔfa no mma, na nea wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimɔden na mode di wɔn so.”—Hesekiel 34:2-4.

10 Te sɛ saa amammui nguanhwɛfo no, na afeha a edi kan no mu Yudafo nyamesom akannifo no yɛ atirimɔdenfo. (Luka 11:47-52) Sɛ́ eyi ho mfatoho no, Yesu kaa Yudani bi a wowiaa ne nneɛma, boroo no, na wogyaw no too kwankyɛn a na watɔ beraw ho asɛm. Israelni sɔfo bi betwaam, nanso bere a ohuu Yudani no, ɔkɔfaa ɔkwan no fã foforo twaa ne ho kɔe. Lewini bi yɛɛ saa ara. Afei obi a ɔnyɛ Israelni, Samariani a wobu no animtiaa bae na ohuu onipa no mmɔbɔ. Ɔkyekyeree n’akuru no, ɔde no too aboa bi so de no kɔɔ ahɔhodan bi mu, na ɔhwɛɛ no. Otuaa ahɔhodan no sohwɛfo ka na ɔkae sɛ ɔbɛsan aba abetua ka foforo biara a ɛbɛba akyiri yi.—Luka 10:30-37.

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na nyamesom akannifo no nsɛmmɔnedi yɛɛ kɛse sen biara wɔ Yesu bere so? (b) Awiei koraa no, Romafo no yɛɛ nyamesom akannifo no dɛn?

11 Ná Yesu bere so nyamesom akannifo no bra asɛe araa ma bere a Yesu nyan Lasaro fii owu mu no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no maa Sanhedrin no yɛɛ nhyiam na wɔkae sɛ: ‘Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa [Yesu] yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii? Sɛ yegyaa no saa a, nnipa nyinaa begye no adi, na Romafo aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man.’ (Yohane 11:47, 48) Wɔansusuw papa a na Yesu ayɛ ama onipa a wawu no ho. Ná wɔn dibea na ɛho hia wɔn. Enti “efi da no ara wotutuu agyina wɔn mu sɛ wobekum [Yesu].”—Yohane 11:53.

12 Nea ɛmaa wɔn nsɛmmɔnedi no yɛɛ kɛse ne sɛ, afei asɔfo mpanyin no “tuu agyina sɛ wobekum Lasaro nso, efisɛ ne nti na Yudafo pii kɔe kogyee Yesu dii.” (Yohane 12:10, 11) Pɛsɛmenkominya mu a wofi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn dibea ho ban no yɛɛ ɔkwa, efisɛ na Yesu aka akyerɛ wɔn sɛ: “Wobegyaw mo fi afituw ama mo.” (Mateo 23:38) Wɔ saa awo ntoatoaso no mu no, Romafo no ba bɛfaa ‘wɔn hɔ ne wɔn man,’ ne wɔn nkwa nso maa saa nsɛm no baam.

Kristofo Asafo no Mu Nguanhwɛfo a Wɔwɔ Ɔdɔ

13. Henanom na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsoma wɔn ma wɔakɔhwɛ ne nguankuw no?

13 Ná Yehowa bɛpaw Oguanhwɛfo Pa, Yesu, ma wahwɛ Ne nguankuw, na ɛnyɛ nguanhwɛfo atirimɔdenfo pɛsɛmenkominyafo. Ɔhyɛɛ bɔ nso sɛ ɔbɛpaw nguanhwɛfo nkumaa ma wɔahwɛ nguan no: “Na mesisi wɔn so ahwɛfo na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio.” (Yeremia 23:4) Enti, sɛnea wɔyɛe wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo ahorow no mu no, ɛnnɛ nso ‘wosisi kurow biara kurow so mpanyimfo’ saa ara. (Tito 1:5) Ɛsɛ sɛ honhom fam mpanyimfo a wodu ahwehwɛde ahorow a wɔada no adi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu ho yi ‘yɛn Onyankopɔn nguankuw no.’—1 Petro 5:2; 1 Timoteo 3:1-7; Tito 1:7-9.

14, 15. (a) Su bɛn na ɛyɛɛ den maa asuafo no sɛ wobenya? (b) Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ asomfo a wɔwɔ ahobrɛase?

14 Bere a mpanyimfo rehwɛ nguan no, ɛsɛ sɛ “ne titiriw no” wonya “ɔdɔ a emu yɛ den” ma wɔn. (1 Petro 4:8) Nanso, ná ɛsɛ sɛ Yesu asuafo a na anuonyam ne dibea ho hia wɔn dodo no sua eyi. Enti bere a Yesu asuafo baanu maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka ma me mma baanu yi mu biako ntra wo nifa, na obiako nso ntra wo benkum w’ahenni no mu” no, asuafo afoforo no bo fuwii. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wiase amanaman ahene di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi. Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa.”—Mateo 20:20-28.

15 Bere foforo nso, bere a asuafo no ‘dwennwenee ho sɛ hena na ɔbɛyɛ wɔn mu ɔkɛse’ akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi pɛ kan adi a, ma onni wɔn nyinaa akyi, na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfo.” (Marko 9:34, 35) Ná ɛsɛ sɛ ahobrɛase adwene ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom no yɛ wɔn nipasu fã. Nanso saa nsusuwii no kɔɔ so haw asuafo no, efisɛ anadwo no a Yesu rebewu no, nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho “akasakasa bi” sɔree wɔ wɔn ntam wɔ n’anwummeduan a etwa to no ase! Ɛno sii ɛmfa ho sɛ na Yesu akyerɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ ɔpanyin som nguankuw no; ná wabrɛ ne ho ase ahohoro wɔn nan ho. Ɔkae sɛ: “Afei sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho. Na mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—Luka 22:24; Yohane 13:14, 15.

16. Nsɛm bɛn na Engiresi Ɔwɛn-Aban no kae wɔ mpanyimfo su a ɛho hia sen biara ho wɔ 1899 mu?

16 Yehowa Adansefo akyerɛ bere nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ wɔn ade saa. Bɛyɛ mfe ɔha ni no, April 1, 1899 Engiresi Ɔwɛn-Aban no sii Paulo nsɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 13:1-8 no so dua na afei ɛkae sɛ: “Ɔsomafo no kaa pefee sɛ ɛnyɛ ahwehwɛde ahorow a ɛho hia sen biara ne nimdeɛ ne anotew, na mmom ɔdɔ a ɛwɔ yɛn komam a ɛda adi wɔ yɛn nkwa nna nyinaa mu, na ɛyɛ adwuma wɔ yɛn nipadua a ewu no so ne ahwehwɛde no ankasa—adanse ankasa a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔsoro abusuabɔ. . . . Su titiriw a ɛsɛ sɛ wodi kan hwehwɛ wɔ obi a wogye no tom sɛ asɔre no mu somfo, na ama wasom wɔ akronkronne mu ne ɔdɔ.” Ɛkae sɛ mmarima a womfi ɔdɔ mu nsom wɔ ahobrɛase mu no “yɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho yɛ hu, na ɛda adi sɛ wɔbɛsɛe nneɛma mmom sen sɛ wɔbɛyɛ no yiye.”—1 Korintofo 8:1.

17. Ɔkwan bɛn so na Bible no si su horow a ɛsɛ sɛ mpanyimfo nya no so dua?

17 Enti, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo di nguan no so “bakoma.” (1 Petro 5:3) Mmom no, ɛsɛ sɛ wodi kan ma wɔn ‘yam yɛ yiye na ɛhyehye wɔn ma wɔn ho.’ (Efesofo 4:32) Paulo sii so dua sɛ: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. . . . Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.”—Kolosefo 3:12-14.

18. (a) Nhwɛso pa bɛn na Paulo yɛe bere a na ɔne nguan no redi no? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ mpanyimfo bu wɔn ani gu nguan no ahiade ahorow so?

18 Paulo suaa sɛnea wɔyɛ eyi, na ɔkae sɛ: “Yɛyɛɛ yɛn ho brɛbrɛ wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma, na sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo.” (1 Tesalonikafo 2:7, 8) Nea ɛne eyi hyia no, ɔkae sɛ: “Monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.” (1 Tesalonikafo 5:14) Ɛmfa ho sɛ ɔhaw bɛn na ebia nguan no de bɛba mpanyimfo no nkyɛn no, ɛsɛ sɛ wɔkae Mmebusɛm 21:13: “Nea osiw n’asõ fi ɔbrɛfo sũ ho no, ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so.”

19. Dɛn nti na mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ yɛ nhyira, na dɛn na nguan no yɛ wɔ ɔdɔ a ɛte saa no ho?

19 Mpanyimfo a wɔhwɛ nguankuw no wɔ ɔdɔ mu yɛ nhyira ma nguan no. Yesaia 32:2 ka siei sɛ: “Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu sɛ yɛn mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu pii yɛ ade ma ɛne nkyerɛkyerɛmu a ɛfa ahotɔ ho yi hyia. Wɔasua sɛ wɔde nnyinasosɛm a edi so yi bedi dwuma: “Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni.” (Romafo 12:10) Sɛ mpanyimfo da ɔdɔ ne ahobrɛase adi sɛɛ a, nguan no de ‘obu soronko ma wɔn esiane wɔn adwuma no nti.’—1 Tesalonikafo 5:12, 13.

Kyerɛ Obu ma Hokwan a Obi Wɔ sɛ Ɔpaw Nea Ɔpɛ

20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo kyerɛ obu ma hokwan a obi wɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ?

20 Yehowa de hokwan a nnipa wɔ sɛ wosi wɔn ankasa gyinae bɔɔ wɔn. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo tu fo na wɔde nteɛso mpo ma de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obi foforo asetra anaa ne gyidi so. Paulo kae sɛ: “Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo gyidi so, na mmom yɛyɛ mo anigye ho yɔnko adwumayɛfo; efisɛ gyidi na mode gyina hɔ.” (2 Korintofo 1:24) Yiw, “obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.” (Galatifo 6:5) Yehowa ama yɛn ahofadi pii a ɛne ne mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow hyia. Enti ɛnsɛ sɛ mpanyimfo hyehyɛ mmara ahorow wɔ nneɛma a emmu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow so ho. Na ɛsɛ sɛ wɔko tia su biara a ɛbɛma wɔde wɔn ankasa nsusuwii ama sɛ nkyerɛkyerɛ anaa ɛbɛma wɔn ahopɛ su ayɛ akwanside bere a obi nnye saa nsusuwii no ntom no.—2 Korintofo 3:17; 1 Petro 2:16.

21. Dɛn na yebetumi asua afi su a Paulo yii no adi kyerɛɛ Filemon no mu?

21 Hyɛ sɛnea Paulo ne Filemon, Kristoni a ɔyɛ akoa bi wura a na ɔte Kolose wɔ Asia Kumaa dii bere a na ɔda afiase wɔ Roma no nsow. Filemon akoa a wɔfrɛ no Onesimo guan kɔɔ Roma, ɔbɛyɛɛ Kristoni, na na ɔreboa Paulo. Paulo kyerɛw Filemon sɛ: “Anka mepɛe sɛ misianka no ma ɔtra me nkyɛn, na wasi w’ananmu asom me, asɛmpa no nkyeree no mu. Nanso mampɛ sɛ mifi w’akyi meyɛ biribiara, na wo yiyeyɛ anyɛ sɛ efi ɔhyɛ mu, na mmom afi ɔpɛ mu.” (Filemon 13, 14) Paulo maa Onesimo san kɔe, na ɔka kyerɛɛ Filemon sɛ ɔne no nni sɛ ne nua Kristoni. Ná Paulo nim sɛ nguankuw no nyɛ ne de; ná ɛyɛ Onyankopɔn de. Ná ɛnyɛ ɔno ne ne wura na mmom ne somfo. Paulo anhyɛ Filemon sɛ ɔnyɛ nea ɔka; ɔkyerɛɛ obu maa hokwan a na ɔwɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ no.

22. (a) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hu sɛ wɔn dibea no yɛ dɛn? (b) Ahyehyɛde bɛn na Yehowa reyɛ?

22 Bere a Onyankopɔn ahyehyɛde no renyin no, wɔpaw mpanyimfo pii. Ɛsɛ sɛ wɔne mpanyimfo a wɔn ho akokwaw kɛse no te ase sɛ wɔn dibea no yɛ adwuma a wɔde ahobrɛase yɛ. Wɔ saa kwan yi so no, bere a Onyankopɔn ma n’ahyehyɛde no bɛn wiase foforo no, ɛbɛkɔ so anyin sɛnea ɔpɛ—nea wahyehyɛ no yiye nanso ɔmfa nneɛma a wɔyɛ no ɔkwan a edi mu so nsi ɔdɔ ne mmɔborohunu ananmu. Enti, wɔn a wɔte sɛ nguan a wohu adanse a ɛkyerɛ sɛ “wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye” ani bɛkɔ so agye n’ahyehyɛde no ho. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ ahyehyɛde a wɔde asi ɔdɔ so bɛyɛ saa, efisɛ “ɔdɔ to ntwa da.”—Romafo 8:28; 1 Korintofo 13:8.

Wubebua Dɛn?

◻ Bible no ka sɛnea Yehowa hwɛ ne nkurɔfo ho asɛm dɛn?

◻ Dɛn na Yesu yɛ de hwɛ Onyankopɔn nguankuw no?

◻ Su titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo nya?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo susuw hokwan a nguan no wɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no ho?

[Kratafa 16 mfonini]

Yesu, “guanhwɛfo pa no,” yii mmɔborohunu adi

[Kratafa 17 mfonini ahorow]

Nyamesom akannifo a na wɔn bra asɛe no tuu agyina sɛ wobekum Yesu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena