Wɔagye Wɔn Afi “Awo Ntoatoaso Abɔnefo” Mu
“O awo ntoatoaso a wonni gyidi na wɔakɔntɔn, mentra mo nkyɛn na mentɔ me bo ase mo ho nkosi bere bɛn?”—LUKA 9:41, NW.
1. (a) Dɛn na yɛn amanehunu mmere no kyerɛ? (b) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ wɔn a wobenya nkwa no ho?
YƐTE amanehunu bere mu. Asasewosow, nsuyiri, ɔkɔm, ɔyare, amumɔyɛ, ɔtopae a wɔtotow, akodi a ɛyɛ hu—eyinom ne pii aka adesamma wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu. Nanso, amanehunu a ɛsen biara no rebɛba nnansa yi ara. Ɛyɛ amanehunu bɛn? Ɛyɛ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da.” (Mateo 24:21) Nanso, yɛn mu pii betumi ahwɛ daakye a ɛyɛ anigye kwan! Dɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn ankasa Asɛm ka “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” ho asɛm. “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu . . . Ɔkɔm renne wɔn bio, nso osukɔm renne wɔn bio . . . Na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.”—Adiyisɛm 7:1, 9, 14-17.
2. Nkɔmhyɛ mmamu a edi kan bɛn na Mateo 24, Marko 13, ne Luka 21 nkyekyem a edi kan no nyae?
2 Asɛm a efi honhom mu a wɔkyerɛwee wɔ Mateo 24:3-22, Marko 13:3-20, ne Luka 21:7-24 no ka “wiase awiei” ho nkɔmhyɛ nsɛm a Yesu kae no kyerɛ.a Nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu a edi kan wɔ Yɛn Bere yi mu afeha a edi kan no mu Yudafo nneɛma nhyehyɛe a aporɔw no so, na ɛkowiee “ahohiahia kɛse” a na ebi mmae da maa Yudafo no. Woguu Yudafo nhyehyɛe no nyamesom ne amammui nhyehyɛe a na ɛwɔ Yerusalem asɔrefi hɔ no, na wɔamfa ansi hɔ bio.
3. Dɛn nti na egye ntɛmpɛ sɛ yetie Yesu nkɔmhyɛ no nnɛ?
3 Afei momma yensusuw tebea horow a ɛkɔɔ so wɔ Yesu nkɔmhyɛ no mmamu a edi kan no mu ho. Eyi bɛboa yɛn yiye ma yɛate mmamu a edi nsɛ no ase nnɛ. Ɛbɛkyerɛ yɛn sɛnea egye ntɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛfata nnɛ na yɛanya yɛn ti adidi mu wɔ ahohiahia a ɛsen biara a ɛrebɛto adesamma nyinaa no mu.—Romafo 10:9-13; 15:4; 1 Korintofo 10:11; 15:58.
“Awiei No”—Bere Bɛn?
4, 5. (a) Dɛn nti na na Yudafo a wosuro Onyankopɔn wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no ani gye nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 9:24-27 no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ yi baam?
4 Bɛyɛ afe 539 A.Y.B. no, wɔde nsɛm a ebesisi wɔ ‘mfepɛn aduɔson’ no “dapɛn” a etwa to no mu ho anisoadehu maa Onyankopɔn diyifo Daniel. (Daniel 9:24-27) “Adapɛn” yi fii ase 455 A.Y.B., bere a Persia Hene Artasasta hyɛe sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem kurow no. “Dapɛn” a etwa to no fii ase bere a Mesia, Yesu Kristo, daa ne ho adi wɔ n’asubɔ ne ne sra mu wɔ 29 Y.B. mu no.b Ná afeha a edi kan Y.B. no mu Yudafo a wosuro Onyankopɔn no nim Daniel nkɔmhyɛ no mu bere titiriw yi yiye. Sɛ nhwɛso no, Luka 3:15, NW, ka nnipadɔm a wobetiee Osuboni Yohane asɛnka no ho asɛm sɛ: “Na ɔman no hwɛ kwan, na na wɔn nyinaa resusuw Yohane ho wɔ wɔn komam sɛ: ‘Ebia ɔno ne Kristo no?’”
5 Ná “dapɛn” a ɛto so 70 no bɛyɛ mfe ason ɔdom soronko bi a wobeyi adi akyerɛ Yudafo no. Efii ase 29 Y.B., na na Yesu asubɔ ne ne som adwuma, n’afɔrebɔ wu wɔ “dapɛn no fã mu” wɔ 33 Y.B. mu, ne ‘dapɛn fã’ foforo kosi 36 Y.B. ka ho. Wɔ “dapɛn” yi mu no, wɔde hokwan a ɛma obi yɛ Yesu suani a wɔasra no maa Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo a wosuro Onyankopɔn no nkutoo. Afei wɔ 70 Y.B., a ɛyɛ bere a wɔanni kan anhu no, Roma asraafo a Tito tua wɔn ano guu Yudafo awaefo nhyehyɛe no.—Daniel 9:26, 27.
6. Ɔkwan bɛn so na “akyide” no dii dwuma wɔ 66 Y.B. mu, na Kristofo no yɛɛ dɛn?
6 Enti, wɔsɛee Yudafo asɔfokuw a na wɔagu Yerusalem asɔrefi no ho fĩ na wɔyɛɛ Onyankopɔn ankasa Ba no kum ho apam no. Nea wɔsɛee no nso ne ɔman no ne mmusua ho kyerɛwtohɔ ahorow. Ɛno akyi no, na Yudani biara ntumi nkyerɛ wɔ mmara kwan so sɛ ɔyɛ ɔsɔfo anaa ɔhene bi aseni. Nanso, anigyesɛm ne sɛ wɔayi honhom mu Yudafo a wɔasra wɔn no asi hɔ sɛ ahene asɔfokuw sɛ ‘wɔnka Yehowa Nyankopɔn mmaninyɛ nkyerɛ.’ (1 Petro 2:9) Bere a Roma asraafo betwaa Yerusalem ho hyiae nea edi kan na wotutuu baabi a na asɔrefi no wɔ wɔ 66 Y.B. mu no, Kristofo huu saa asraafo dɔm no sɛ “akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no sɛ egyina kronkronbea hɔ no.” Yerusalem ne Yudea Kristofo guan kɔɔ mmepɔw so kɔhwehwɛɛ ahobammɔ de dii Yesu nkɔmhyɛ mu ahyɛde no so.—Mateo 24:15, 16; Luka 21:20, 21.
7, 8. “Sɛnkyerɛnne” bɛn na Kristofo hui, nanso dɛn na na wonnim?
7 Saa Yudafo anokwafo no huu Daniel nkɔmhyɛ no mmamu, na wɔn ankasa de wɔn ani huu akodi a ɛyɛ awerɛhow, ɔkɔm, ɔyaredɔm, asasewosow ne amumɔyɛ a na Yesu ahyɛ nkɔm sɛ ɛbɛyɛ “nneɛma nhyehyɛe no awiei . . . ho sɛnkyerɛnne” fã no. (Mateo 24:3, NW) Nanso na Yesu aka bere a Yehowa de atemmu bɛba saa nhyehyɛe a aporɔw no so ankasa akyerɛ wɔn? Dabi. Akyinnye biara nni ho sɛ na nkɔm a wahyɛ afa nea ɛde ba a waba n’Ahenni mu bɛba awiei ho no nso fa afeha a edi kan “ahohiahia kɛse” no ho: “Na da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye agya no nko.”—Mateo 24:36.
8 Na anka Yudafo no betumi de Daniel nkɔmhyɛ no abu akontaa ahu bere a Yesu bɛda ne ho adi sɛ Mesia no. (Daniel 9:25) Nanso wɔamma wɔn da biara a “ahohiahia kɛse” a awiei koraa no ɛsɛee Yudafo awaefo nneɛma nhyehyɛe no bɛba. Ɛyɛ bere a wɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefi no akyi nkutoo na wohui sɛ na da no yɛ 70 Y.B. Nanso, na wonim Yesu nkɔmhyɛ nsɛm yi: “Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.” (Mateo 24:34) Ɛda adi sɛ ɛsono sɛnea wɔde “awo ntoatoaso” dii dwuma wɔ ha wɔ sɛnea wɔde dii dwuma wɔ Ɔsɛnkafo 1:4, a ɛka awo ntoatoaso ahorow a ɛba na etwam kɔ wɔ bere bi mu no ho.
“Awo Ntoatoaso Yi”—Ɛyɛ Dɛn?
9. Nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛ Hela asɛmfua ge·ne·aʹ ase dɛn?
9 Bere a asomafo baanan a na wɔne Yesu te Ngo Bepɔw no so tee ne nkɔmhyɛ a ɛfa “nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho no, na wɔbɛte asɛm “awo ntoatoaso yi” ase dɛn? Wɔ Nsɛmpa no mu no, wɔkyerɛ “awo ntoatoaso” ase fi Hela asɛmfua ge·ne·aʹ mu, nea nnɛyi nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛ ase sɛ: “Nea ɛkyerɛ ankasa ne onipa biako asefo.” (Walter Bauer Greek-English Lexicon of the New Testament) “Nea wɔawo no, abusua bi; . . . anaa abusuakuw bi . . . mufo a wodidi so . . . anaa nnipa a wɔte ase bere koro mu nyinaa, Mat. 24:34; Marko 13:30; Luka 1:48; 21:32; Fil. 2:15, ne titiriw no, Yudafo abusua no mufo a wɔte ase bere koro mu.” (W. E. Vine Expository Dictionary of New Testament Words) “Nea wɔawo no, nnipa a wofi onipa biako mu, abusua bi; . . . nnipa a wɔte ase bere koro mu nyinaa: Mt. xxiv. 34; Mk. xiii. 30; Lk i. 48 . . . wɔde ka Yudafo abusua a wɔte ase bere koro mu ho asɛm titiriw.”—J. H. Thayer Greek-English Lexicon of the New Testament.
10. (a) Nkyerɛase a edi nsɛ bɛn na nhoma abien de ma bere a ɛde Mateo 24:34 di dwuma no? (b) Ɔkwan bɛn so na nyamesom nsɛm asekyerɛ nhoma ne Bible nkyerɛase ahorow bi foa eyi so?
10 Enti Vine ne Thayer nyinaa fa Mateo 24:34 de kyerɛ “awo ntoatoaso yi” (he ge·ne·aʹ hauʹte) ase sɛ “nnipa a wɔte ase bere koro mu nyinaa.” Theological Dictionary of the New Testament (1964) foa nkyerɛase yi so, bere a ɛka eyi no: “‘Awo ntoatoaso’ a Yesu de dii dwuma no da n’atirimpɔw a emu da hɔ adi: ɔde n’adwene si nnipa no nyinaa so na onim sɛ wɔn nyinaa yɛ bɔne.” Nokwarem no, bere a na Yesu wɔ asase so no, ‘bɔne a na wɔn nyinaa yɛ’ no daa adi wɔ Yudafo man no mu sɛnea ɛhyɛ wiase nhyehyɛe no agyirae nnɛ no.c
11. (a) Obi a ɔwɔ tumi bɛn na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ yɛn kwan titiriw ma yehu sɛnea wɔde he ge·ne·aʹ hauʹte? dii dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na onii a ɔwɔ tumi yi de asɛmfua no dii dwuma?
11 Nokwarem no, Kristofo a wɔresua asɛm yi ma sɛnea Nsɛmpa no akyerɛwfo a wɔde honhom kaa wɔn no de Hela asɛm he ge·ne·aʹ hauʹte, anaa “awo ntoatoaso yi” kaa Yesu nsɛm no kyerɛ wɔn nsusuwii kwan. Ɔde asɛm no dii dwuma mpɛn pii de daa su a ɛnteɛ adi. Enti, Yesu frɛɛ Yudafo nyamesom akannifo no sɛ “nhurutoa mma,” na ɔtoaa so kae sɛ wɔde Gehena atemmu bɛba “awo ntoatoaso yi” so. (Mateo 23:33, 36) Nanso, na wɔde atemmu yi bɛba asɔfo nyaatwomfo no nkutoo so? Dabida. Mpɛn pii no, Yesu asuafo tee sɛ ɔka “awo ntoatoaso yi” ho asɛm, na ɔde asɛmfua yi dii dwuma wɔ ɔkwan koro no ara so wɔ ɔkwan a ɛkɔ akyiri so. Na ɛyɛ dɛn?
“Awo Ntoatoaso Bɔne Yi”
12. Ɔkwan bɛn so na Yesu de “nkurɔfo akuwakuw” no totoo “awo ntoatoaso yi” ho bere a n’asuafo no retie no no?
12 Wɔ 31 Y.B. mu, wɔ Yesu Galilea som adwuma kɛse ne Twam no akyi pɛɛ no, n’asuafo tee sɛ ɔka kyerɛ “nkurɔfo akuwakuw” no sɛ: “Hena ho na mede awo ntoatoaso yi mɛto? Wɔte sɛ mmofra a wɔtete gua so refrɛfrɛ wɔn yɔnkonom a wɔne wɔn di agoru sɛ, ‘Yɛahyɛn atɛntɛbɛn ama mo, na moansaw; yesui na mo werɛ anhow.’ Saa ara na Yohane [Suboni] bae, wannidi na wannom, nanso nkurɔfo ka sɛ, ‘Ɔwɔ adaemone’; onipa Ba [Yesu] bae na odidi na ɔnom, na nkurɔfo ka sɛ, ‘Hwɛ! odidifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo.’” Wanyɛ nea ɛsɔ saa “nkurɔfo akuwakuw” a wɔmfa nnyinasosɛm nni dwuma no ani!—Mateo 11:7, 16-19, NW.
13. Henanom na Yesu kyerɛe sɛ wɔne “awo ntoatoaso bɔne yi” na ɔkasa tiaa wɔn wɔ n’asuafo no anim?
13 Akyiri yi wɔ 31 Y.B. mu, bere a Yesu ne n’asuafo fii asɛnka adwuma a ɛto so abien a wɔkɔyɛe wɔ Galilea ase no, “kyerɛwfo ne Farisifo no mu bi” bisaa Yesu sɛnkyerɛnne. Ɔka kyerɛɛ “nkurɔfo akuwakuw” a na wɔwɔ hɔ no sɛ: “Awo ntoatoaso abɔnefo ne awaresɛefo, hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no. Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na onipa ba no bedi asase komam nnansa awia ne anadwo. . . . Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ awo ntoatoaso abɔnefo yi.” (Mateo 12:38-46, NW) Ɛda adi sɛ na nyamesom akannifo ne “nkurɔfo akuwakuw” a wɔanhu sɛnkyerɛnne a Yesu wu ne ne wusɔre ma enyaa mmamu no nyinaa ka “awo ntoatoaso abɔnefo yi” ho.d
14. Yesu asuafo no tee sɛ ɔkasa tiaa Sadukifo ne Farisifo no dɛn?
14 Afe 32 Y.B. Twam no akyi, bere a Yesu ne n’asuafo no baa Galilea mansin Magadan mu no, Sadukifo ne Farisifo san bisaa Yesu sɛnkyerɛnne. Ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Awo ntoatoaso bɔne ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, na wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no.” (Mateo 16:1-4, NW) Nokwarem no, na saa nyamesomfo nyaatwomfo no ho wɔ asɛm sen biara sɛ akannifo wɔ “nkurɔfo akuwakuw” a na wɔnyɛ anokwafo a Yesu kasa tiaa wɔn sɛ “awo ntoatoaso bɔne yi” no mu.
15. Bere tiaa bi ansa na Yesu ahosakra no resi ne wɔ ɛno akyi pɛɛ no, asɛm bɛn na esii Yesu ne n’asuafo no ne “awo ntoatoaso yi” ntam?
15 Ɛrekɔ Yesu Galilea som adwuma awiei no, ɔfrɛɛ nnipakuw no ne n’asuafo baa ne nkyɛn kae sɛ: “Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho, awo ntoatoaso awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu.” (Marko 8:34, 38, NW) Enti ɛdaa adi sɛ saa bere no mu Yudafo bebree a wɔankyerɛ ahonu na wɔka bom yɛ “awo ntoatoaso awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi.” Enti ɛda adi pefee sɛ saa bere no mu Yudafo nnipakuw a wɔannya adwensakra no na wɔka bom yɛ “awo ntoatoaso awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo” no. Nna bi akyi, wɔ Yesu ahosakra akyi no, Yesu ne n’asuafo ‘baa nkurɔfokuw no nkyɛn’ na ɔbarima bi ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsa ne ba yare. Yesu kae sɛ: “O awo ntoatoaso a wonni gyidi na wɔakɔntɔn, me ne mo ntra hɔ nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkosi da bɛn?”—Mateo 17:14-17, NW; Luka 9:37-41.
16. (a) Nsɛm bɛn na Yesu tĩĩ mu ka tiaa “nkurɔfo akuwakuw” no wɔ Yudea? (b) Ɔkwan bɛn so na “awo ntoatoaso yi” dii nsɛmmɔne a ɛsen biara?
16 Ɛda adi sɛ ɛyɛ Yudea, wɔ 32 Y.B. Asese Afahyɛ no akyi, bere a “nkurɔfo akuwakuw” no boaboaa wɔn ho ano pitipiti” wɔ Yesu ho no, na ɔsan kasa tiaa wɔn sɛ: “Awo ntoatoaso yi yɛ awo ntoatoaso bɔne; wɔhwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara sɛ Yona sɛnkyerɛnne no.” (Luka 11:29, NW) Awiei koraa no, bere a nyamesom akannifo de Yesu kɔe sɛ wɔrekodi n’asɛm no, Pilato kae sɛ obegyae no. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na asɔfo mpanyin no tuu nkurɔfo akuwakuw no aso sɛ wɔnsrɛ Baraba, na wonkum Yesu. . . . Pilato see wɔn sɛ: Ɛnde dɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no? Wɔn nyinaa kae sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛndua mu! Na ose: Na bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteɛteɛɛm bebrebe sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛndua mu!” Na saa “awo ntoatoaso bɔne” no hwehwɛ sɛ wokum Yesu.—Mateo 27:20-25.
17. Ɔkwan bɛn so na “awo ntoatoaso kɔntɔnkye yi” mu binom tiee Petro asɛnka wɔ Pentekoste?
17 Enti “awo ntoatoaso a wonni gyidi na wɔakɔntɔn,” a wɔn nyamesom akannifo kanyan no nyaa kum a wokum Awurade Yesu Kristo no mu kyɛfa titiriw bi. Nnafua aduonum akyi, wɔ Pentekoste wɔ 33 Y.B. mu no, asuafo no nyaa honhom kronkron na wofii ase kaa kasa horow. Bere a wɔtee nnyigyei no, “nnipa pii behyiae,” na ɔsomafo Petro kasa kyerɛɛ wɔn sɛ “Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa” . . . “ɔno [Yesu yi] ara . . . na mofaa . . . wɔn a wonni mmara nsa so de no fam dua ho kum no.” Dɛn na saa atiefo no mu binom yɛe? “Ɛwowɔɔ wɔn komam.” Afei Petro de too wɔn anim sɛ wɔnsakra wɔn adwene. ‘Odii wɔn adanse na otuu wɔn fo sɛ: Momma wonnye mo mfi awo ntoatoaso kɔntɔnkye yi mu!’ Nea nnipa bɛyɛ mpensa yɛe wɔ ho ne sɛ ‘wɔde fɛw gyee n’asɛm no na wɔma wɔbɔɔ wɔn asu.’—Asomafo no Nnwuma 2:6, 14, 23, 37, 40, 41.
Wɔahu Nea “Awo Ntoatoaso Yi” Yɛ
18. Dɛn na Yesu de asɛm “awo ntoatoaso yi” kaa ho asɛm mpɛn pii?
18 Ɛnde, “awo ntoatoaso” a na Yesu taa ka ho asɛm wɔ n’asuafo anim no yɛ dɛn? Wɔtee ne nsɛm yi: “Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa” ase dɛn? Ɛda adi sɛ na Yesu rensakra sɛnea ɔde asɛm “awo ntoatoaso” a na ɔde aka ne bere sofo nnipadɔm ne wɔn ‘akwankyerɛfo anifuraefo’ a wɔka bom yɛ Yuda man no ho asɛm mpɛn pii no di dwuma no. (Mateo 15:14) “Awo ntoatoaso yi” hyiaa amanehunu a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no nyinaa, na afei etwaam kɔe wɔ “ahohiahia kɛse” a na ebi mmae da a ɛbaa Yerusalem so no mu.—Mateo 24:21, 34.
19. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Yudafo nhyehyɛe no “ɔsoro ne asase” twaam kɔe?
19 Wɔ afeha a edi kan no mu no, na Yehowa rebu Yudafo no ntɛn. Wogyee wɔn a wonyaa adwensakra a wonyaa Yehowa mmɔborohunu nsiesiei a ɛnam Kristo so no mu gyidi no fii “ahohiahia kɛse” no mu. Nneɛma a wɔhyɛɛ ho nkɔm no nyinaa bae sɛnea Yesu kae no, na afei Yudafo nhyehyɛe no, “ɔsoro ne asase”—ɔman mũ no nyinaa ne ne nyamesom akannifo ne nnipa abɔnefo—no twaam kɔe. Na Yehowa abu ntɛn!—Mateo 24:35; fa toto 2 Petro 3:7 ho.
20. Afotu a ɛyɛ ne bere mu de bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa de ntɛmpɛ tie?
20 Saa Yudafo a wotiee Yesu nkɔmhyɛ nsɛm no hui sɛ na wɔn nkwagye nnyina mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wobebu akontaa ahu “awo ntoatoaso” no tenten anaa “nna anaa mmere” bi a wɔakyerɛ no so da, na mmom na egyina wɔn ho a wɔbɛtwe afi wɔn bere so awo ntoatoaso bɔne no ho na wɔde nnamyɛ ayɛ Onyankopɔn apɛde no so. Ɛwom sɛ Yesu nsɛm a etwa to no fa mmamu kɛse a ebenya wɔ yɛn bere yi mu ho de, nanso na ɛsɛ sɛ afeha a edi kan no mu Yudafo Kristofo no tie afotu yi: “Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa ba no anim.”—Luka 21:32-36; Asomafo no Nnwuma 1:6-8.
21. Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ na asi?
21 Ɛnnɛ, “[Yehowa] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ.” (Sefania 1:14-18; Yesaia 13:9, 13) Mpofirim, wɔ Yehowa “da no ne dɔn” a wadi kan ahyɛ ato hɔ mu no, obegyae n’abufuw mu agu wiase nyamesom, amammui, ne aguadifo ne nnipa asowuifo a wɔka bom yɛ yɛn bere yi mu “awo ntoatoaso abɔnefo ne awaresɛefo” no so. (Mateo 12:39, NW; 24:36; Adiyisɛm 7:1-3, 9, 14) Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi agye wo afi “ahohiahia kɛse” no mu? Yɛn asɛm a edi hɔ no bebua na aka anidaso kɛse a ɛwɔ hɔ ma daakye no ho asɛm.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ nkɔmhyɛ yi ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo hwɛ February 15, 1994, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 14, 15 hɔ nsɛm no.
b Sɛ wopɛ ‘mfepɛn’ no ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma The Bible—God’s Word or Man’s? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no nkratafa 130-2.
c Bible nkyerɛase ahorow bi kyerɛ he ge·ne·aʹ hauʹte a ɛwɔ Mateo 24:34 no ase sɛnea edidi so yi: “nnipa yi” (The Holy Bible in the Language of Today [1976], a W. F. Beck yɛe); “ɔman yi” (The New Testament—An Expanded Translation [1961], a K. S. Wuest yɛe); “nnipa yi” (Jewish New Testament [1979], a D. H. Stern yɛe).
d Ɛnsɛ sɛ yebu “nkurɔfo akuwakuw” a na wɔnyɛ anokwafo a nyamesom akannifo ahantanfo no ne wɔn ammɔ no sɛ ʽam-ha·ʼaʹrets, anaa “famfo,” na mmom wɔne wɔn a Yesu “yam hyehyee no” maa wɔn no.—Mateo 9:36; Yohane 7:49.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn na yesua fi Daniel 9:24-27 mmamu mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na nnɛyi nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛ “awo ntoatoaso yi” a wɔde di dwuma wɔ Bible mu no ase?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu de asɛm “awo ntoatoaso” dii dwuma mpɛn pii?
◻ Ɔkwan bɛn so na Mateo 24:34, 35 nyaa mmamu wɔ afeha a edi kan no mu?
[Kratafa 12 mfonini]
Yesu de “awo ntoatoaso yi” totoo mmofra akuwakuw a wɔyɛ basabasa ho
[Kratafa 15 mfonini]
Yehowa nkutoo na na onim bere a ɔde atemmu bɛba Yudafo nhyehyɛe bɔne no so dedaw