-
Mfirihyia Apem Ahene A Wonni AdedifoƆwɛn-Aban—1981 | March 1
-
-
Mfirihyia Apem Ahene A Wonni Adedifo
1. Fi hena bere so reba na ada adi sɛ ahenni horow a nnipa ahyehyɛ nyɛ nea ɛma abotɔyam?
AHENNI HOROW a nnipa ahyehyɛ mfaa adesamma ahiade ahorow mmae. Anyɛ yiye koraa no efi afeha a ɛto so aduonu abien ansa na Yɛn Bere Yi reba, anaasɛ bɛboro mfirihyia 4,150 a atwam ni, na adesamma abusua no fii ase nyaa ahenni ahorow a nnipa ahyehyɛ. Onipa a odii kan dii hene no din de Nimrod, Noa a ɔpam adaka no nanankanso, na ɛda adi sɛ Nimrod yɛɛ n’ankasa ho hene, sɛnea kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis 10:8-12 kyerɛ no.
2. (a) Na Noa suban wɔ ahenni ho ne dɛn? (b) Nniso bɛn na nnipa dodow no ara ani gye ho titiriw nnɛ?
2 Noa, a ɔtraa ase huu Nimrod ahenni mfiase no, anyɛ no Babel (anaasɛ Babilon) hene. Noa anyɛ n’ankasa ho ɔhene mpo, na mmom ɔkɔɔ so yɛɛ agyapanyin a ɔyɛ ti ma adesamma abusua a na emu retrɛw no ara kwa. (Gen. 9:28, 29; 10:32 kosi 11:9) Ɛnnɛ, wɔ mmeae pii no, nkurɔfo mpɛ ahene ne adedifo a wofi mmusua pɔtee bi mu. Ɛda adi sɛ wɔpɛ nniso horow a wɔtow aba paw, te sɛ kwasafo ne demokrase nniso a ɛwɔ amampanyin a wɔapaw. Wɔ demokrase yi ase no ɛnkyɛ na nnipa no kyerɛ sɛ wɔmpɛ adedifo a wofi amanyɛ kuw biako mu titiriw no bio na wɔhwehwɛ nsakrae denam sodifo afoforo a wofi amanyɛ kuw foforo mu a wɔpaw wɔn so.
3. Hena na ahenni a nnipa ahyehyɛ afono no, na dɛn na ɔka kyerɛe bere a wɔde nnipa ahenni a edi kan sii hɔ no?
3 Ɛnyɛ nnipa nko na ahenni horow a nnipa ahyehyɛ a wɔn asefo adedifo ka ho no afono wɔn. Onyankopɔn nso saa ara. Nokwasɛm ni, Onyankopɔn mpɛ nniso horow a nnipa ahyehyɛ a ɛwɔ asase so no bio.a Sɛ nnipa da so pɛ wɔn a, Ɔno de ɔmpɛ. Nokwasɛm ni, ɛyɛ N’agyapade so (asase so) na nniso a nnipa ahyehyɛ adi tumi ɔkwammɔne so, anaasɛ wɔadi tumi a ɛmfata. Ɛno nti na Ɔma wɔkaa no faako a onipa a odi kan yɛɛ ne ho ɔhene no bedii tumi no, wɔ Babilon ankasa, sɛ wɔ N’ankasa ne bere a wapaw mu no ɔbɛsɛe nniso horow a nnipa ahyehyɛ no nyinaa na abue kwan ama ne Ba, Yesu Kristo mfirihyia apem ahenni no. Ɛdenam ne diyifo Daniel so no ɔka kyerɛɛ Nebukadnesar, Babilon hene no sɛ: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.”—Dan. 2:44.
4, 5. (a) Henanom ne ahemfo a wodi adesamma so a Onyankopɔn dɔ wɔn? (b) Sɛnea ɔsomafo Yohane kyerɛ no, ɔdɔ a saa ahemfo no wɔ ma Onyankopɔn no ma wonya ɔdɔ ma henanom nso?
4 Esiane N’atirimpɔw yi nti, Ɔsorosoroni Nyankopɔn a ɔwɔ soro no mpɛ saa ahene no ne amammui atumfoɔ afoforo a wɔwɔ asase so no asɛm. Wɔn nso wɔnnɔ No, ɛwom mpo sɛ ebia wɔn mu bebree yɛ ahene ne amammui atumfoɔ wɔ nea wɔfrɛ no Kristoman mu de. Sɛ wɔdɔ No a, anka wɔbɛyɛ nea Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba, no ka kyerɛɛ n’akyidifo no: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan,” na anka wɔrenkura amammui dibea mu wɔ nniso a nnipa ahyehyɛ mu nnɛ. (Mat. 6:33) Ɛho hia yiye sɛ adesamma nya obi a ɔsoro Nyankopɔn no dɔ no ma odi wɔn so hene. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ saa nso wɔ ɔhene a ɔte saa no mfɛfo adedifo ho: adesamma yiyedi nti ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a Onyankopɔn dɔ wɔn. Ɛno nti na ɔbɛma wɔakɔ so adi hene. Na ɛno titiriw nti na wɔde ahenni hokwan maa wɔn. Wɔyɛ, na wɔbɛyɛ nokware teasefo Nyankopɔn koro no adɔfo. Eyi kyerɛ sɛ, wɔbɛyɛ nnipa a wɔte asase so no adɔfo nso. Wɔ saa asɛm yi ara ho no ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ:
5 “Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ? Na ahyɛde yi na yɛanya ne nkyɛn sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.”—1 Yoh. 4:20, 21.
6. Ɔkwan bɛn so na pɛ a atumfo apɛ sɛ wonya ahye ne tumidi ahorow no akã adesamma?
6 Nnipa ahene ne amammui atumfo afoforo atwe wɔn man no ahye a ɛpaapae aman ne nkurɔfo mu no ɛho ninkunu. Amammui sodifo biara hwehwɛ sɛ odi n’ankasa n’asasesin so tumi, na ɔhwɛ kwan sɛ nnipa a wɔwom no bedi no nokware. Wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no, wɔakyekyɛ asase no mu aman ne nsasesin bebree, a emu biara mu no wodi ɔman no so tumi, na eyi ntumi mmaa adesamma nyinaa a wɔbɛka wɔn abom no nyɛɛ yiye. Aman ntam akokoakoko akɔ so. Enti, afei, asemmisa bi a ɛyɛ anigye sɔre.
7. Ɛdefa ɔsoro nniso ma asase no ho no, dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw, na ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 14:1-5 da eyi adi?
7 Ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma Yesu Kristo nkutoo adi hene mfirihyia apem. Onyankopɔn dɔba no nkutoo rennyina hɔ sɛ ɔhene wɔ ɔsoro Bepɔw Sion, nea ahenni agua no si no. Na mmom sɛnea ɔsomafo Yohane ka kyerɛ yɛn no: “Mihui, na hwɛ, oguammaa no gyina Sion bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’agya din wɔn moma so no ka ne ho. . . . Na wɔtoo dwom foforo bi, ahengua no ne ateasefo baanan ne mpanyimfo no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan anan a wɔatɔ wɔn afi asase so no nko. Wɔn na wodi oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ. Eyinom na wɔatɔ wɔn afi nnipa mu ayɛ wɔn mmakan ama Onyankopɔn ne oguammaa no, na wɔanhu atoro bi wɔ wɔn anom; na wonni dɛm.”—Adi. 14:1-5.
8. Ɛdefa nsasesin mu dwumadi ahorow a wɔde hyehyɛ Ahenni adedifo 144,000 no nsa no ho, ne ɔkasa a wɔbɛka ho no, nsemmisa bɛn na ɛsɔre?
8 Esiane sɛ ahene adedifo 144,000 na wobedi asase so nti, so eyi kyerɛ sɛ wɔbɛkyekyɛ asase no mu nsasesin 144,000, a 144,000 no muni biara di asasesin biako so, a nnipa a wɔwom no som saa onii ko no sɛ ɔhene a ɔhyɛ Yesu Kristo Ti ne Ɔhene no ase? So asase sotefo a wɔbɛpaapae wɔn mu saa no remma ahye mma, ɛwom mpo sɛ aniwa nhu de, na so eyi remma mpaapaemu mmɛda wɔn a wɔtete asase so mmeae horow no ntam anaa? Afei nso, so wɔbɛpaw Ahenni ɔdedifo no mu bi a na anka ɔka China kasa no ma wadi faako a wɔn a wɔka China kasa no te no so, na Ahenni ɔdedifo a ɔka Russia kasa adi nnipa a wɔka Russia kasa so, na Ahenni ɔdedifo a ɔka Engiresi kasa adi wɔn a wɔka Engiresi kasa so, ne nea ɛkeka ho, sɛnea ɔkasa mu nkyekyemu ne kuw ahorow no te? So ɔkasa mu nkyekyem bɛkɔ so atra hɔ, na asiw ntease a ɛbɛba kwan?
9 (a) Hefo mu na wɔayiyi Ahenni adedifo 144,000 no afi, na ahyɛde bɛn a Yesu de mae na ɛne no hyia? (b) Ɛdefa wɔn kasa mu mpaapaemu ho no, asemmisa bɛn na ɛba?
9 Eyinom yɛ nsemmisa a ɛfata. Nanso wɔ eyi fam no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛda adi sɛ Bible no nkyerɛ dwumadi ahorow a ɛyɛ ahemfo asɛyɛde a Yesu Kristo, Ɔhene ne Ti no, de bɛma wɔn a wɔbom yɛ 144,000 Kristo mfɛfo adedifo no. Bɛboro mfeha dunkron a atwam ni fi bere a wɔde Kristofo asafo no sii hɔ wɔ 33 Y.B. mu no, wɔafa saa Kristo mfɛfo adedifo 144,000 yi afi aman, nkurɔfo ne mmusua a wɔka kasa horow mu. Yesu Kristo a wɔanyan no no ka kyerɛɛ n’akyidifo a na wɔaboa wɔn ho ano wɔ Galilea nna bi ansa na ɔreforo akɔ soro no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu.” (Mateo 28:19) So ɛsɛ sɛ yesusuw sɛ wɔ ɔsoro, wɔ Ahenni anuonyam mu no, wɔnam kasa horow so bɛpaapae ahemfo ahokafo 144,000 no mu ma wɔabehia wɔn a wɔkyerɛ nsɛm ase anaa? Ɔsomafo Paulo kyerɛw “nnipa ne abɔfo tɛkrɛma” ho asɛm.—1 Kor. 13:1.
10. Ɔkasa bɛn na 144,000 no bɛka wɔ ɔsoro, na dɛn na ɛba kasa a na wɔka kan wɔ asase so no so?
10 Akyinnye biara nni ho sɛ, 144,000 a wɔanyan wɔn na wɔahyɛ wɔn anuonyam no nyinaa bɛka ɔsoro kasa koro, ɔkasa a ɛyɛ akyɛde a wɔde ma wɔn bere a wɔde honhom nipadua foforo nyan wɔn fi awufo mu no. Eyi nkyerɛ sɛ wɔbɛpopa wɔn kan asase so ɔkasa no afi wɔn adwene mu. Dabi, efisɛ kasa a na wɔka no a wɔbɛkae no so na wɔnam behu wɔn ho sɛ wɔyɛ nnipa koro no ara. Nanso bere a wɔanyan wɔn kɔ ɔsoro no wɔbɛka Awurade Yesu Kristo kasa, na ɔno bɛka ne soro Agya, Yehowa Nyankopɔn kasa.
ABUSUA BIAKO, ƆKASA BIAKO
11. Wɔ mfirihyia apem ahenni no ase no, wɔbɛyɛ nnɛyi ɔkasa mu nyiyim a ɛwɔ asase so no dɛn, wɔ ɔkwan bɛn so, na dɛn ntia?
11 Saa nso na wobeyi nnɛ mmere yi asase so kasa horow no afi adesamma mu wɔ Kristo ne n’ahokafo ahemfo 144,000 mfirihyia apem ahenni no ase. Ná Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase no ne sɛ nnipa abɔde a wɔka kasa koro, ɔkasa a na ɛyɛ wɔn asase so agya a odi kan, Adam a na ɔyɛ pɛ no kasa, bɛhyɛ so ma fɛfɛɛfɛ. Wɔ Eden turo no mu no adesamma abusua no fii ase kaa kasa koro. Nsuyiri a ɛbaa asase so wɔ Noa nna no mu akyi no, Onyankopɔn maa adesamma nyaa trenee mfiase foforo, a na wɔka kasa biako, ɔtreneeni Noa, a na ɔto so du wɔ Adam awo ntoatoaso mu no kasa. Saa kasa koro no traa hɔ kosii bere a wɔpɛe sɛ wɔto Babel Aban Tenten no
12. Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so asakra nea ɔkasa mu basabasayɛ a ɔma ɛbae wɔ Babel Abantenten no ho de bae no?
12 Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no paapaee abantofo a na wɔayɛ biako a na wɔde wɔn mmɔdenbɔ reyɛ adwuma bɔne no mu. Ɔkwan bɛn so? Ɔnam ɔkasa no a ɔyɛɛ no basabasa na enti ɔma wɔbɔ petee asase so sɛ ɔkasa akuw ahorow no so. (Gen. 11:1-9) Nea ɛne Ne mfitiase atirimpɔw hyia no, Onyankopɔn bɛma adesamma nyinaa asan abɛka abusua kasa koro, ɔkasa a Ɔde maa adesamma agya a odi kan no, nanso emu nsɛmfua dɔɔso koraa sen kan de no, a ebetumi aba sɛ ɔkasa afoforo a Onyankopɔn ma ɛbae bere a na wɔreto Babel Aban Tenten no mu nsɛmfua ahorow bi ka ho no.
13. Enti henanom na ɛde bere tiaa mu ɔkasa ho asɛnnennen bɛbrɛ wɔn, nanso mfaso horow bɛn na ebefi mu aba?
13 Wɔ wɔn a wɔtraa ase ansa na Nsuyiri no reba, a nnipa baawɔtwe a wonyaa nkwa wɔ Noa bere so nsuyiri no mu no ka ho no, eyi renyɛ asɛnkɛse biara mma wɔn wɔ wɔn wusɔre a wonya ba nkwa mu wɔ Onyankopɔn Mfirihyia Apem ahenni no mu no mu. Nanso wɔ adesamma fã kɛse no ara fam no, ɛbɛkyerɛ ɔkasa foforo a wobesua, ɔkasa a Onyankopɔn pɛ sɛ adesamma nyinaa ka no. Esiane ɔkasa ho akyerɛkyerɛfo pa a Ahenni no de wɔn bedi dwuma nti, ɛnsɛ sɛ eyi haw adwene kɛse. Wobetumi de kasa foforo no akyerɛkyerɛ nkokoa a wɔanyan wɔn no mpo afi mmofraase. Wɔ saa kwan yi so no wɔn nyinaa betumi ne wɔn ho wɔn ho adi nkitaho tee, a obiara te ɔfoforo kasa nyinaa ase. Nkabom bɛn na eyi de bɛba adesamma abusua no mu sɛɛ yi! Susuw sɛnea wɔn nyinaa betumi akan Hebri Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ho hwɛ,b sɛ obiara betumi akan ama ne ho, na wɔahu sɛnea ne nkɔmhyɛ ahorow no nyinaa abam ne sɛnea ekura abakɔsɛm a ɛyɛ nokware ho kyerɛwtohɔ besi odiyifo Malaki bere so! Ɛno na nnipa komapafo betumi aka sɛnea ɔsomafo Paulo kae no: “Ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo.”—Rom. 3:4.
14. Ɔkwan bɛn so na wobeyi nnɛyi ɔman, abusua ne honam ani hwɛbea mu nyiyim afi hɔ ama wɔn a wonya afa wɔ owusɔre a edi kan no mu no?
14 Sɛnea ɛbɛyɛ wɔ ɔkasa mu akwanside no ho no, saa nso na ɛbɛyɛ wɔ nnɛyi akwanside ahorow a ɛwɔ hɔ esiane abusua, ɔman ne ɔkasa nti no ho. Wɔ Ahenni adedifo 144,000 a wonya “owusɔre a edi kan” no mu kyɛfa no fam no, akyiri yi akwanside ahorow no bɛyɛ nea atwam. Na saa akwanside ahorow no nyinaa fa ɔhonam nipadua no ho. Wɔn wusɔre no renyɛ honam nipadua a na wɔwɔ kan wɔ asase so ha no, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Anuanom, nea me [ɔsomafo Paulo] ka ne sɛ: Ɔhonam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni, nso nea ɛporɔw no renni nea ɛmporɔw.” (1 Kor. 15:50) . “Na sɛ [Kristofo] yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de yennim no saa bio.” (2 Kor. 5:16) Wɔ “owusɔre a edi kan” no mu no Ahenni adedifo 144,000 no ba “honhom tebea mu,” ɛnyɛ ɔdesani tebea a ɔman, abusua ne honam ani hwɛbea mu nyiyim wɔ mu mu. (2 Pet. 1:4) Wɔn nyinaa bɛyɛ anuanom wɔ ɔsoro abusua soronko bi mu, Onyankopɔn mma: “Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo.” (Rom. 8:17) Enti biakoyɛ bɛba wɔn ntam esiane “honhom mu tebea” no nti.
15, 16. (a) Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakura biakoyɛ mu no, ɔkwan bɛn so na Ahenni adedifo 144,000 no di akwanside ahorow a ɛwɔ nnipa mu wɔ asase so no so nkonim? (b) Ade a Yesu srɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu maa wɔn bɛn na wokura mu?
15 Nanso, bere a na wɔwɔ asase so ɔhonam mu wɔ sɔhwɛ ase mpo no, saa Ahenni adedifo 144,000 yi amma ɔman, abusua ne honam ani hwɛbea mu nyinyim a ɛwɔ adesamma nyinaa mu no ampaapae wɔn mu. Wɔ ɔhonam mu de, wɔyɛ “amanaman nyinaa asuafo.” (Mat. 28:19) Nanso wɔyɛ Kristo asuafo kan, na wobu ɔman ne abusua a wofi mu anaa sɛnea wɔn honam ani hwɛbea te no sɛ nea ɛto so abien ara kwa. Sɛ́ wɔyɛ Kristo asuafo a wɔabɔ wɔn asu no ka wɔn bom asase so na ebunkam ɔhonam mu ne adesamma akwanside ahorow nyinaa so. Ɛno nti na wɔda wɔn ho adi na wɔtwe wɔn ho fi wiase yi mu ɔman, abusua ne honam ani hwɛbea ho ntawntawdi ho na wɔmmfa wɔn ho nnhyehyɛ amammui mu, kurow, ɔman anaasɛ amanaman ntam de mu no. Wɔde wɔn ho fam nea Yesu Kristo srɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu maa wɔn no ho:
16 “Me de, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na wɔn a wode wɔn ama me no, efisɛ wɔyɛ wo dea . . . Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. . . . Na mede anuonyam a wode ama me no mama wɔn, sɛ wɔnyɛ biako, sɛnea yɛyɛ biako no. Mewɔ wɔn mu na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ biakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.”—Yoh. 17:9-23.
WODI AMANAMAN NTAM ASOMDWOE SO
17. (a) Ɛdefa akodi ho no, ɔkwan bɛn so na 144,000 no nsuasuaa Kristoman mu nyamesomfo ne wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yudafo no? (b) Sɛ́ ɔsoro ahemfo no, ahyɛde a efi Kyerɛwnsɛm mu bɛn na wɔbɛhwɛ ma nnipa a wɔwɔ asase so adi so?
17 Ɛno nti na, wɔ asase so no, Ahenni adedifo 144,000 no nsuaa Roma Katolekfo a wɔde honam fam akode ko tia Roma Katolekfo, Ortodoks Asɔremma a wɔko tia Ortodoks Asɔremma, Protestantfo a wɔko tia Protestantfo ne ɔhonam fam Yudafo a wɔko tia ɔhonam fam Yudafo, esiane sɛ wɔte ɔman nniso horow a wɔde akodi a edi awu asi wɔn anim no mu nti. Wɔmfaa Asɛmpa no nyɛɛ asuafoyɛ adwuma no anaasɛ wɔmfaa Kyerɛw Kronkron no nkuraa wɔn nsa biako mu bere a nkrante anaasɛ etuo kura nsa biako mu. Ɛwom sɛ wofi aman ahorow so de, wɔadi nnyinasosɛm a wɔaka wɔ Yesaia 2:4 nkɔmhyɛ no mu no so: “Wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw, ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi; na wɔrensua akodi bio!” Na sɛ wɔadi ɔsoro ahyɛde yi so bere a wɔn ankasa wɔ asase so no a, wɔde bedi dwuma bere a wɔabɛyɛ ahemfo wɔ asase so no, na wɔbɛhwehwɛ sɛ wɔn a wodi wɔn so wɔ asase so no bedi ahyɛde koro no ara a ɛma asomdwoe no so.
18. Amanaman kuw foforo a wɔwɔ asase so bɛn na wɔredi ahyɛde yi so, sɛnea ɔsomafo Yohane hu siei no?
18 Sɛ́ nea ɛbɛba yi ho nhwɛso a ɛyɛ anigye no, nnipakuw kɛse a wofi aman horow so a mprempren wɔde wɔn ho abɔ Ahenni adedifo no nkaefo no ho na wɔredi ahyɛde koro no ara a ɛma asomdwoe no so wɔ hɔ. Ɛyɛ kuw soronko a wɔkaa wɔn ho asɛm siei sɛ wɔbɛboaboa wɔn ho ano saa bere yi wɔ wiase abakɔsɛm mu no, sɛnea ɔsomafo Yohane ka ho asɛm no, sɛ: “Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw, na wɔde nne kɛse teɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa [Yesu Kristo] no dea! . . . Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu. Eyi nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na nea ɔte ahengua no so no bɛkata wɔn so.”—Adi. 7:9-15
19. Nnipa a wɔne wɔn ho wɔn ho atra abusuabɔ bɛn mu dedaw wɔ asase so na wobefi Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no ase, na asɛm a Petro ka kyerɛ wɔn a wɔdɔ nkwa tenten bɛn na wobedi so?
19 Esiane sɛ Onyankopɔn de n’ahobammɔ ntamadan kata “nnipakuw kɛse” yi a wɔwɔ hɔ nnɛ no so na ɔma wofi “ahohiahia kɛse” a abɛn no mu dwoodwoo nti, wɔn a wɔde anikan hyɛn Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no mu wɔ asase so no bɛyɛ amanaman nnipakuw a wɔwɔ asomdwoe. Aman a wɔpɛ akodi no befi hɔ saa bere no! “Nnipakuw kɛse” a wɔafi ahohiahia mu aka a wɔne wɔn ho wɔn ho anya asomdwoe dedaw na wɔbɛhyɛ adesamma abusua no ase wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu wɔ asase so. Esiane sɛ wɔdɔ daa nkwa nti, wɔbɛkɔ so ayɛ wɔn ade ma ɛne nsɛm a ɔsomafo Petro fa kae no ahyia: “Na nea ɔpɛ sɛ ɔdɔ nkwa na ohu nna pa no, ma onyi ne tɛkrɛma mfi bɔne mu, ne n’ano na anka nnaadaasɛm; ma onkyi bɔne na ɔnyɛ papa, ma ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyiri.”—1 Pet. 3:10, 11; Dw. 34:12-14.
20. (a) Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔama Bible nkɔmhyɛ bɛn a ɛfa ne ho aba mu nti na Kristo remma wɔnsɛe saa asomdwoe no? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristo ahenni no bɛyɛ te sɛ Salomo de no?
20 Wɔ “ahohiahia kɛse” no ahum no akyi no, asase so asomdwoe a ɛte sɛ nyankontɔn bepue. Yehowa mfirihyia apem Hene, Oguammaa Yesu Kristo, remma kwan mma wɔnsɛe saa asomdwoe no. Sɛ wanyɛ saa a, ɔremma nkɔm a wofi tete hyɛ faa ne ho no mma mu: “Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn babanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyame otumfoɔ, Daa agya, Asomdwoe-hene; na wama n’ahenni mu atrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ akosi daa.—Asafo Yehowa mmɔdenbɔ bɛyɛ eyi.” (Yes. 9:5, 6) Momma yɛnkae sɛ Yesu yɛ nea “ɔsen Salomo.” (Mat. 12:42) Ɔhene Salomo, Dawid ba, no mfirihyia aduanan ahenni no mu no, wohuu asomdwoe wɔ mu, nea na ɛne din Salomo, a asekyerɛ ne “Asomdwoeni” hyia no. Nanso, Yesu Kristo, bɛma mfirihyia apem asomdwoe atra hɔ.
“DAWID AHENGUA SO NE N’AHENNI SO”
21. Hena ahengua ne ahenni ho na wontumi ntew Asomdwoe Hene no ahenni anaasɛ n’asomdwoe no mfi?
21 Sɛ yɛkan Yesaia 9:5, 6 bio a, yehu sɛ Asomdwoe Hene no “ahenni” no bɛyɛ “Dawid ahengua ne n’ahenni so.” Yentumi ntew asomdwoe a enni awiei a wɔahyɛ ho bɔ yi mfi Dawid a odii hene wɔ mfe 1070-1037. A.Y.B. mu no ahengua ne ahenni ho. Ennyina Amerika ɔmampanyin anaasɛ Amanaman Nkabom nnipa ahyehyɛde ma wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra no so. Dɛn nti na eyi te saa?
22. Dɛn so na Yehowa mmɔdenbɔ nam bɛma saa nkɔmhyɛ no aba mu? (b) Ɛdefa ɔsom ho no, na Dawid yɛ onipa bɛn?
22 Esiane apam a etim hɔ daa anaasɛ ɔsoro bɔhyɛ a “Asafo Yehowa” ne ɔhene Dawid yɛe wɔ Yerusalem wɔ n’ahenni no mfiase hɔ no nti. Egyina dɛn so? Wiɛ, na Dawid nyɛ obi a ɔmpɛ nyamesom. Na ɔyɛ obi a n’ani gye Onyankopɔn som ho yiye, nanso na ɔnte sɛ aman a na wɔnyɛ Israelfo a na wɔpɛ ahonisom a na wɔwɔ ne bere so no. Wo ankasa wubetumi akan nnwom bebree a Dawid kyerɛwee a ɛwɔ Nnwom Nhoma no mu no, na wubehu sɛ na Dawid yɛ obi a ofi ne koma nyinaa mu som Yehowa, Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Wɔ ne nnwom a agye din no biako, Dwom 23, mu no, Dawid kae sɛ: “Yehowa ne me hwɛfo, hwee renhia me. Yiye ne adɔe nko na ebedi m’akyi me nkwa nna nyinaa, na mɛsan makɔtra Yehowa ofi makyɛ yiye.” (Dwom 23:1, 6) Afei nso, wɔ Dwom 40:9, 10 mu no ɔkae sɛ: “Sɛ merebɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, ɛne nea mehwehwɛ, na wo mmara wɔ me komam. Maka trenee ho asɛmpa asafo kɛse mu, hwɛ, mammũa m’ano; Yehowa, wunim!”
23, 24. (a) Ɔde Onyankopɔn apam Adaka no baa Yerusalem bere bi akyi no, dɛn na Dawid pɛe sɛ ɔyɛ wɔ faako a ɔde besi ho? (b) Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Dawid wɔ adansi ho?
23 Ɔhene Dawid de Yerusalem yɛɛ n’ahenkurow asram bi akyi no, ɔma wɔde Apam Adaka kronkron, “Onyankopɔn adaka,” no baa Yerusalem na ɔde sii ntamadan bi a na ɛbɛn ahemfie hɔ no mu. Dawid huu nsonoe kɛse a ɛda ahemfie a ɔte mu, “kyeneduru dan,” no ne Yehowa Apam Adaka no de no ntam no. Awiei koraa no, osusuw asɔredan a edi mu a obesi ama Yehowa adaka no ho kyerɛɛ odiyifo Natan. (2 Sam. 7:1-3) Nanso Yehowa de n’asɛm kɔmaa Dawid sɛ:
24 “Woaka mogya bebree agu, na woadi ako akɛse: nsi ofi mma me din, na woaka mogya bebree agu fam wɔ m’anim. Hwɛ, wɔbɛwo babarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ asomdwoe nipa, na mɛma ne ho adwo no afi n’atamfo nyinaa ho ahyia; na Salomo [asomdwoeni] na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoe ne kommyɛ nso na mede mɛba Israel so, ne bere so; ɔno na obesi ofi ama me din.”—1 Be. 22:8-10.
25. Ɔrekyerɛ sɛ n’ani asɔ no, ofi bɛn na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ obesi ama Dawid?
25 Ná eyi nkyerɛ sɛ Yehowa ani ansɔ ɔpɛ a na Dawid wɔ sɛ obesi asɔredan de ahyɛ Onyankopɔn din anuonyam no. Yehowa ani sɔe, na ɔrekyerɛ sɛ n’ani sɔ no, ɔyɛɛ apam anaasɛ ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛkyekye ofi ama Dawid, ɛnyɛ ofi ankasa a wɔbɛtra mu na mmom ahene a wobefi Dawid abusua mu aba. Wɔnam odiyifo Natan so de asɛm yi kɔmaa ɔhene Dawid: “Na Yehowa aka akyerɛ wo sɛ Yehowa na ɔbɛkyekye ofi ama wo. Na wo fi ne wo ahenni betim akosi daa, wo anim, wo ahengua besi pintinn akosi daa!”—2 Sam. 7:11-16.
26. Wɔ aseda mu no, dɛn na Dawid kae wɔ Yehowa din ne N’atirimpɔw wɔ “ofi” no ho no ho?
26 Ɔnam aseda so regye ɔsoro apam yi atom no, Dawid kae wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Na afei, Yehowa Nyankopɔn, asɛm a woaka wo akoa ne ne fi ho no, ma ennyina nkosi daa, na yɛ sɛnea woaka no. Na ma wo din nsõ nkosi daa [na wonse] sɛ: Asafo Yehowa ne Israel so Nyankopɔn; na ma wo akoa Dawid fi nsi wo anim pintinn! Na wo, asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn, woayi wo akoa asiti sɛ: mɛkyekye ofi mama wo: enti na wo akoa ahu ne koma mu sɛ ɔde sɛɛ mpae yi rebɔ wo yi. Na afei, Awurade Yehowa, wo ara ne Nyankopɔn, na wo nsɛm bɛyɛ nokware, na woaka wo akoa asɛmpa yi: ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wubehyira wo akoa ofi na ensi wo anim daa; na wo, Awurade Yehowa, na woaka, na wo nhyira mu na wobehyira wo akoa fi daa.”—2 Sam. 7:25-29.
27. Sɛnea ɛbɛyɛ na wakyerɛ sɛ okura Ahenni apam a ɔne Dawid yɛe no mu no, dɛn na Yehowa nam Yesaia so kae, na akyiri yi ɔnam Hesekiel so ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia?
27 Ɔsorosoroni Awurade Yehowa buaa Dawid mpaebɔ no. Ɛno nti na, bɛboro mfirihyia ahasa akyi no, ɛdenam ne diyifo Yesaia so no, ɔkae sɛ asafo Yehowa mmɔdenbɔ na ɛde Asomdwoe Hene no ahenni no besi “Dawid ahengua ne n’ahenni so” pintinn na ɔbɛwowaw no “afi sesɛɛ de akosi daa.” (Yes. 9:5, 6, nky. 6, 7, Twi Bible foforo) Bɛboro mfe ɔha akyi, bere a na aka kakra ma wɔasɛe Dawid ahenni asefo a na wɔwɔ Yerusalem no, Yehowa kyerɛe sɛ na ɔda so ara kura ɔne Dawid Ahenni apam no mu denam ka a ɔkae sɛ nea ahenni no yɛ ne de no remfi Dawid fi no so. Ɔreka n’ankasa ho asɛm akyerɛ Sedekia, ɔhene a otwa to a ɔtraa Dawid ahengua so wɔ Yerusalem no, Yehowa nam ne diyifo Hesekiel so kasae na ɔkae sɛ: “Wɔayi abotiten no na wɔapɔn ahemmotri no; eyi nyɛ eyi; nea aberɛ ase no, wɔbɛma so, na nea ama so no bɛbere asɛ; nnanani, nnanani, nnanani na mɛdan no; na eyi nso rentra hɔ, de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba, na mede mama no.”—Hes. 21:31, 32; 21:25-27, Twi Bible foforo.
28. (a) Bere bɛn na wotuu Dawid fi ahenni no gui, na dwuma bɛn na Serubabel dii wɔ Yuda mfirihyia aduɔson akyi? (b) Nkɔm bɛn na Sakaria hyɛ faa Dawid fi a wɔbɛtew ho no ho?
28 Wotuu Dawid ahengua no gui bere a wɔsɛee Yerusalem afe 607 A.Y.B. mu, na wade Yudafo a wofii mu kae no kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no. Mfirihyia aduɔson akyi no woyii Yudafo nkaefo bi a wosuro Nyankopɔn no fii Babilon sɛ wɔnsan nkɔ Yuda asase no so na wonkosi asɔrefi foforo wɔ faako a na kan asɔrefi a ɔhene Salomo sii wɔ Yerusalem no wɔ no. Wɔde Sealtiel ba Serubabel, Ɔhene Dawid aseni, sii hɔ sɛ Yerusalem ne Yuda amrado. Yehowa maa adiyifo Hagai ne Sakaria sɔree na wɔahyɛ Amrado Serubabel nkuran wɔ adwuma a na ɛfa asɔrefi a wobɛsan asi no ho no yɛ mu. Ɔrekyerɛ sɛ na ɔda so ara kura nokwaredi mu ma ɔne Dawid Ahenni apam no mu no, Yehowa de ne honhom kaa odiyifo Sakaria sɛ ɔnka sɛ: “Ɛda no so wobebue nsu aniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.”—Sak. 13:1.
29. Bere bɛn na Yerusalem ne Yuda nyaa Edomni hene, na asemmisa a ɛfa Ahenni apam a wɔne Dawid yɛe no ho bɛn na ebetumi aba sɛ na ɛwɔ hɔ?
29 Bɛboro mfirihyia ahanan twaam na Palestina asase no bɛhyɛɛ Romafo ahemman no tumi ase. Ɛdenam Roma Aban Agyinatufo no paw a wɔpaw no so no, obi a ɔnyɛ Yudani, Edomni a wɔfrɛ no Herode ɔkɛseɛ, bɛyɛɛ Yerusalem ne Yudea mantam no so hene. Wɔ saa mfehaha yi nyinaa akyi no, so na Yehowa Nyankopɔn werɛ mfii daa ahenni, asomdwoe a na ɛremma awiei no ho apam a na ɔne Dawid ayɛ no? Ne nyinaa mu no, ná bɛboro mfirihyia apem abɛsen fi bere a Onyankopɔn yɛɛ saa apam no, na ɛde besi nnɛ no so apam no nyɛɛ dedaw, ne bere ntwaam, a biribiara nkyerɛ sɛ ɛda so wɔ hɔ esiane sɛ aba tebea bi a ɛte sɛnea atwam mu no nti? Ebia nnipa a wonni gyidi susuw saa. Nanso Onyankopɔn ɛ?
-
-
Ɔfã 8: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni AbɛnƆwɛn-Aban—1981 | August 1
-
-
Ɔfã 8: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
ƆSORO ATEMMUFO A WONWU DA
20. (a) Mfirihyia apem no mu no, dɛn nti na wɔrenyaw adesamma bere ne bere mu te sɛ Israel atemmufo nna no mu? (b) Dɛn nti na “nnipakuw kɛse” a wofi ahohiahia no mu ka no mpo bɛkɔ so ahia ogye?
20 Nanso, atemmufo a Yehowa koro yi ara apaw wɔn a wɔne Yesu Kristo ne n’atemmufo ahokafo 144,000 no renwuwu nnyaw asase sotefo, ɛwom mpo sɛ wɔayi Satan Ɔbonsam ne n’adaemone afi asase so denam bun mu a wɔde wɔn gu no so de. Esiane sɛ wɔwɔ “nkwa a ɛnsɛe ahoɔden” nti, wɔn nyinaa bɛkɔ so asom wɔ mfirihyia apem atemmu bere no mu. Wɔrentratra nhengua so ara kwa mmu ntɛn na wɔnhyehyɛ mmara horow, na mmom wobedi dwuma te sɛ agyefo, sɛnea atemmufo anokwafo a wonyaa Onyankopɔn anim dom tete hɔ no yɛe no. “Ateasefo” a wotwa “ahohiahia kɛse” no denam Onyankopɔn ahobammɔ so na wɔkɔ so tra ase bere a wɔatow Satan ne n’adaemone no agu bun no mu no mpo bɛkɔ so ahia ogye ara. Esiane trenee gyinabea a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim nti, wɔkyɛe wɔn so wɔ asase so de wɔn kɔ mfirihyia apem atemmu da no mu, nanso, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wogye wɔn fi mu. Ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ bɔne, sintɔ, mmerɛwyɛ ne owu tebea a wɔwom a wɔkyɛee wɔn so wɔ nneɛma nhyehyɛe yi sɛe no mu ne Satan ne n’adaemone no a wɔtow wɔn guu bun no mu no mu no.
21, 22. (a) Dɛn nti na sɛ wonyan nnipa a wɔawuwu no a, wobehia ogye bio? (b) Dɛn nti na wobebu ebinom te sɛ Hiob ne Dawid “atreneefo” bere a wɔanyan wɔn no?
21 Saa ara na ɛte wɔ “awufo” a ɛho hia sɛ wonyan wɔn fi nkae ada mu no ho: Sɛ wobu wɔn sɛ “wɔn a wɔteɛ” anaasɛ “wɔn a wɔnteɛ” bere a wɔanyan wɔn afi owu mu no oo, ebehia sɛ wogye wɔn nyinaa fi bɔne, sintɔ ahorow, mfomso ahorow, ɔdesani mmerɛwyɛ ahorow ne owu a ɛba wɔn so no mu. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wobu wɔn sɛ “wɔteɛ” no nkyerɛ sɛ wɔyɛ pɛ wɔ abrabɔ ne nipadua mu. Nanso, teɛ a wɔteɛ wɔ Onyankopɔn ani so no kyerɛ sɛ wɔyɛ mmarima ne mmea a wokuraa wɔn mudi ma Onyankopɔn no mu te sɛ Hiob a ofi Us asase so a na ɔwɔ boasetɔ no. (Hiob 2:3, 9; 27:5; Yak. 5:11; Hes. 14:14, 20) Anaasɛ, te sɛ Ɔhene Dawid a ofi Yerusalem a wansuro sɛ ɔbɛma ne Nyankopɔn abu no ntɛn no, efisɛ wɔ Dwom 26:1-3, 11 no, Dawid kae sɛ:
22 “Yehowa, bu me ntɛn, na me de, me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra na mede me ho metoo Yehowa so, manwatiriw. Yehowa, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nan m’asaabo ne me koma. ‘Na wo adɔe wɔ m’ani so daa, na menantew wo nokware mu. Na me de, me pɛyɛ mu [na] mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.”
23, 24. (a) Owusɔre bɛn nti na nnipa a wɔtraa ase ansa na Kristofo bere no reba no kuraa wɔn mudi mu a wɔampɛ sɛ wɔne amumɔyɛfo bɛbɔ? (b) Dɛn na Hebrifo 11:35-40 ka wɔ saafo no ho?
23 Nnipa afoforo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba a wowuwui wɔn mudi mu, na wɔampɛ sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi Yehowa ho denam adifudepɛ adeyɛ bi so anaasɛ nnebɔneyɛfo a wɔne wɔn bɛbɔ fekuw so ne mmarima ne mmea a wɔabobɔ wɔn din anaasɛ wɔaka wɔn ho asɛm wɔ nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo no ti dubiako no. Wɔhwɛɛ owusɔre a ɛde kɔ daa nkwa mu wɔ asase so tebea horow a eye wɔ nniso pa ase, a wobetumi atra ase daapem wɔ asomdwoe ne anigye a edi mu mu na wɔakura mudi mu ama Onyankopɔn teasefo no kwan. Ɛdefa eyi ho no wɔakyerɛw wɔ Hebrifo 11:35-40 sɛ:
24 “Mmea faa wɔn awufo a wɔsɔree; na ebinom nso, wɔde wɔn goruu atɔperɛ, na wɔampɛ ogye, na wɔn nsa aka owusɔre a eye kyɛn so. Na afoforo nso huu animguasede ne ɔhwe, ne mpokyerɛ ne duam nna nso; wosiw wɔn abo, de ɔwan paee wɔn mu, wɔsɔɔ wɔn hwɛe, de nkrante kum wɔn; wokyinii nguanten ne mmerekyi nhoma mu, ehiaa wɔn, wɔn ho guan wɔn, wohuu amane, wɔn a wɔnsɛ wiase, wokyinkyinii sare so ne mmepɔw so, abodan ne asase so atuw mu. Na eyinom nyinaa a wɔnam gyidi so nyaa adanse pa no, wɔn nsa anka bɔhyɛ no, efisɛ Onyankopɔn siesiee biribi a eye kyɛn so siee yɛn, na wankwati yɛn anyɛ wɔn pɛ.”
25, 26. (a) Saa “atreneefo” no, sɛ wonyan wɔn a, dɛn nti na wɔrensuro Atemmu Da? (b) Dɛn nti na wɔn a “wɔnteɛ” no, sɛ wonyan wɔn a, wobenya akwanside bi, sɛ wɔde wɔn toto wɔn a “wɔteɛ” no ho a?
25 Esiane sɛ wowui wɔ wɔn mudi ma Onyankopɔn mu nti, wobenyan eyinom a “wɔteɛ” yi wɔ wɔn mudi ma Onyankopɔn mu, ɛwom mpo sɛ wɔrennyan wɔn wɔ ɔdesani pɛyɛ ne abrabɔ a asɛm biara nni ho mu de. Wɔrensuro mfirihyia apem Atemmu Da, kɛse a wɔnam owusɔre so de wɔn aba mu no. Gyidi a wonyae ansa na wɔrewu a wɔde benyan wɔn no bɛyɛ mmoa kɛse ama wɔn asen wɔn a “wɔnteɛ” no wɔ nkɔanim a wobenya akodu ɔdesani pɛyɛ ankasa mu wɔ bɔne mu ahofadi koraa ho no mu. Kyerɛ sɛ, wobedi wɔn a “wɔnteɛ” no anim wɔ saa kwan no so.
26 Ɛdefa eyi ho no wɔakyerɛw sɛ: “Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu ye sen nea ɔkyea n’anom na ɔyɛ ɔkwasea.” Afei nso: “Ɔtreneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wobehyira ne mma wɔ n’akyi.” (Mmeb. 19:1; 20:7) Nanso, ɛbɛyɛ den kɛse ama wɔn a “wɔnteɛ” a wokuraa subammɔne ne akɔnnɔ bɔne mu kosii owu mu no. Eyinom bɛyɛ akwanside ahorow na ahaw wɔn wɔ daa nkwa wɔ ɔdesani pɛyɛ a bɔne biara nnim a wobenya wɔ paradise asase so ho mmirikatu no mu. Afei nso, wɔ asetra yi mu no, wɔn a “wɔnteɛ” yi mufo pii amfa honhom mu hokwan ne nsiesie ahorow a na ɛwɔ hɔ no anni dwuma, na mmom wobuu wɔn ani guu so, na wobuu no animtiaa, wɔpowee. Enti, wɔwɔ bonniayɛ ne atuatew suban a ɛsɛ sɛ wodi so. Eyi bɛma ayɛ den ama wɔn. Yesu Kristo de nsɛm a ɛtete saa ho nhwɛso horow mae, bere a ɔka kyerɛɛ Korasin, Betsaida ne Kapernaum nkurow a wɔankyerɛ ahonu no mufo no:
27. Ɔkwan bɛn so na Yesu de Korasin, Betsaida ne Kapernaum yɛɛ eyi ho nhwɛso?
27 “Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ ahoɔdenne a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra wɔn adwene atweaatam ne nso mu dedaw. Nso mise mo sɛ, atemmu da no ɛbɛfanim Tiro ne Sidon asen mo. Na wo Kapernaum a wɔama wo so akɔ soro, wɔbɛhyɛ wo abrɛ wo ase akɔ asaman; efisɛ ahoɔdenne a wɔayɛ no wo mo yi, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛbɛtra hɔ de abedu nnɛ. Nso mise mo sɛ, atemmu da no ɛbɛfanim Sodom asase asen wo.”—Mat. 11:20-24.
28, 29. (a) Dɛn nti na tete Niniwefo ne nifa hɔ hemmaa no bebu Yuda awo ntoatoaso a na ɛwɔ Yesu bere so no fɔ? (b) Atemmu Da no, ɔkwan bɛn so na wɔbɛma wɔn a nnɛ wɔanya hokwan ahorow ne wɔn a wɔannya hokwan wɔ nyamesom mu no nsɛm tebea akari pɛ?
28 Ɔrekasa akyerɛ Yudafo awo ntoatoaso a na wɔde wiase adwene horow resɛe wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ na wɔde wɔn gyidi gyinaa nneɛma a aniwa hu so no, Yesu kae sɛ: “Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wɔabu wɔn fɔ; efisɛ Yona asɛnka mu no wɔsakraa wɔn adwene; na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha. Nifa hɔ hemmaa no bɛsɔre atemmu no mu, na wabu wɔn fɔ; efisɛ ofi asase ano nohoa betiee Salomo ‘nyansa; na hwɛ, nea ɔsen Salomo wɔ ha.”—Mat. 12:38-42.
29 Ɛnde, hwɛ ahodwiriw ara a ɛbɛyɛ ama nyamesomfo bebree a wobu wɔn ho atreneefo, a na wogye wɔn ho di sɛ wɔyɛ atreneefo sen wɔn a na wɔfrɛ wɔn abosonsomfo anaasɛ aman mufo no. Wobehu sɛ na wɔyɛ nyamesom mu nyaatwomfo, na na abosonsomfo a wobu wɔn animtiaa no yɛ anokwafo, asoɔmmerɛwfo, nnipa a wɔwɔ anisɔ a, asodi kɛse nna wɔn so esiane nimdeɛ a na wonni nti. Afei nnipa a na anka wommu wɔn wɔ nyamesom mu no nokwaredi ne wɔn suban no bebu nnipa a wonyaa hokwan ahorow nanso wɔboapa buu wɔn ani guu hokwan ahorow yi so no fɔ. Enti wɔbɛma biribiara akari pɛ wɔ nnipa a nnɛyi wɔwɔ hokwan ahorow ne wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no ntam.
ATEMMU DA NO HO MFASO HOROW
30, 31. (a) Atemmu Da no, so ɛho behia sɛ wɔkenkan adesamma nyinaa nneyɛe a atwam kyerɛ wɔ wɔn anim na wɔhwehwɛ sɛ ebia wodi bem anaasɛ wodi fɔ? (b) Ɛdenam Yudafo a wɔde wɔn dii dwuma wɔ mmara no ase no so no, dɛn na ɛdaa adi wɔ adesamma nyinaa ho?
30 Akyinnye biara nni nokware a asɛm a ɛwɔ Roma 3:22, 23 (Twi Bible Foforo) yi yɛ no ho: “Nsonoe biara nni mu, efisɛ wɔn nyinaa yɛɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” Enti, Atemmu Da no, ebehia sɛ wogye “ateasefo ne awufo” nyinaa fi bɔne ho nkekae horow ne abrabɔ mu mmerɛwyɛ ne nipadua mu sintɔ ahorow nyinaa a wɔde aba Atemmu Da no mu no ho. Adanse no nyinaa tia adesamma, sɛnea Romafo 3:23 ne kyerɛw nsɛm afoforo da no adi pefee no, na ɛho nhia sɛ wɔsan bobɔ so wɔ wɔn a wɔrebu wɔn ntɛn no anim hwɛ sɛ wodi bem anaasɛ wodi fɔ. Ɛdenam mmara a Onyankopɔn nam Mose so de maa ɔhonam fam Yudafo no a wɔantumi anni so no so no, wɔma ɛdaa adi sɛ nnipa biara nni hɔ, a Yudafo a wɔadom wɔn no mpo ka ho, a wobetumi adi Onyankopɔn mmara so pɛpɛɛpɛ. Enti, ɛdenam nhwɛso a Yudafo a wɔwɔ mmara no ase yɛe no so no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ adesamma nyinaa di fɔ wɔ Onyankopɔn anim a anoyi biara nni hɔ. Ɛte sɛ nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee bere tenten a atwam ni no:
31 “Na yenim sɛ, biribiara a mmara se no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no mu, na wɔamua ano nyinaa, na wiase nyinaa adi Onyankopɔn atemmu mu fɔ.”—Rom. 3:19.
32. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔka wɔ “hokwan a ɛto so abien” a nnipa nya wɔ Atemmu Da no mu no ho? (b) Ɛnde, sɛ ebia wɔbɛtra paradise asase no so anaasɛ dabi no gyina hena so, na dɛn ntia?
32 Esiane sɛ wɔwoo wɔn bɔne mu na wobuu wɔn kumfɔ nti, adesamma annya “hokwan” biara. Na wɔrentumi mmu wɔn ankasa ho bem wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ pɛ koraa no anim denam trenee nnwuma a ɛyɛ pɛ a wɔbɛyɛ so ma wɔn ho afi wɔ bɔne ho. Enti, Atemmu Da no nyɛ nea ɛde nea wɔfrɛ no “hokwan a ɛto so abien” ma adesamma. Mmom no, ɛde hokwan a edi kan ankasa a adesamma betumi de anya daa nkwa wɔ ɔdesani pɛyɛ ne bemdi koraa mu wɔ asase so paradise mu no ma wɔn. Atemmu Da no ma adesamma nya hokwan a Kristo afɔre a ɛyɛ pɛ no de mae no ma wɔatew wɔn ho afi bɔne ho na wɔama wɔn so akɔ “Onyankopɔn anuonyam” a edi mu a abɔ wɔn no mu. Esiane eyi nti, nea “ateasefo ne awufo” bɛyɛ wɔ Atemmu Da no mu no na ɛbɛkyerɛ sɛ ebia wɔbɛtra paradise asase no so daapem anaasɛ dabi. Wɔn kan kyerɛwtohɔ no yɛ nea wɔayɛ dedaw a wontumi nyɛ ho hwee, a ebia ɛbɛboa wɔn anaasɛ ɛbɛhaw wɔn. Atemmu Da no bɛma wɔn kwan ma wɔada nea wofi wɔn koma mu ankasa pɛ sɛ wɔyɛ no adi, a bɔne nkɛntɛnso biara nhaw wɔn. Ɔsoro atemmufo no bedi dwuma de afotu ne akwankyerɛ aboa wɔn.
33. Sɛnkyerɛnne kwan so kasa mu no, ɔkwan bɛn so na wɔayɛ hokwan a Atemmu Da de ba no ho mfonini wɔ Adiyisɛm 20:11-15?
33 Wɔayɛ hokwan yi a wobenya no Atemmu Da no ho mfonini ama yɛn wɔ Adiyisɛm 20:11-15, wɔ sɛnkyerɛnne kwan so ɔkasa yi mu: “Na mihuu ahengua fitaa kokuroo, ne nea ɔte so no a asase ne soro guan n’anim, na wonhuu baabi mmaa wɔn. Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu; na wobuee nhoma foforo bi a, ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma no mu no so bubuu awufo ntɛn, sɛnea wɔn nnwuma te. Na ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na owu ne asaman yii awufo a ɛwɔ mu no mae, na wobuu wɔn mu biara ntɛn sɛnea wɔn nnwuma te. Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu; eyi ne owuprenu no. Na obiara a, wɔanhu no sɛ wɔakyerɛw no nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.”
34. (a) So owusɔre a wɔyɛ ho mfonini wɔ hɔ no fa wɔn a wonya kyɛfa wɔ “owusɔre a edi kan” no mu no ho? (b) Dɛn ho kyerɛwtohɔ na enni “nhoma” a wobuebuee no akyiri yi no mu, na dɛn ntia?
34 Sɛnkyerɛnne kwan so mfonini yi mfa wɔn a wonyaa kyɛfa wɔ “owusɔre a edi kan” no mu a wodii kan kaa wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 20:3-6 sɛ “owuprenu” no renhaw wɔn no ho. Mfonini yi fa wɔn a wonya kyɛfa wɔ owusɔre a ɛde kɔ asase so asetra mu no mu, a mfirihyia apem no awiei nkutoo na wobebu wɔn sɛ wɔfata daa nkwa, bere a wɔatumi ada wɔn ho adi sɛ wɔadu trenee ho wɔ ɔdesani pɛyɛ mu no ho. “Nhoma” a wobuebue a wɔnam nea wɔakyerɛw wɔ mu no so bu wɔn ntɛn kɔ nkwa anaasɛ owu mu no nyɛ nhoma horow a wɔakyerɛkyerɛw nneɛma bɔne a wɔayɛ atwam wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu wɔ mu. Ɔsoro atemmufo no nhia mfirihyia apem na wɔde ahwehwɛ nnipa asetra a atwam ho kyerɛwtohɔ ahorow mu de ahu sɛ obiara a wɔanyan no no di bem anaasɛ odi fɔ. Wɔnyɛ nnipa a wonnim adesamma abakɔsɛm a atwam. Ɛnyɛ nea atemmufo no twe wɔn adwene kɔ so ne adesamma asetra a atwam, na mmom adesamma daakye. Adesamma hia akwankyerɛ ma daakye!
35, 36. (a) Ɛnde saa “‘nhoma” no yɛ dɛn ho mfonini, na henanom na wobehu emu nsɛm no? (b) Dɛn nti na obiara a ɔwɔ asase so no rennya anoyi biara sɛ na onnim?
35 Enti saa “nhoma” a wobuebue no yɛ afotu, akwankyerɛ ne ahyɛde horow foforo a atemmufo a wogyina Onyankopɔn ananmu no de bɛma adesamma. Enti, wɔbɛka “nhoma” a wobuebue no mu nsɛm akyerɛ adesamma nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahu nea wobegyina so abu wɔn ntɛn ne nea wɔbɛhwɛ kwan afi wɔn nkyɛn wɔ wɔn daakye abrabɔ ne dwumadi ho. Wɔrennyaw adesamma a wonnim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, wɔbɛma obiara ahu mmara no sɛnea atemmu nhoma horow no kyerɛ. Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no rentra asase so baabi a aniwa nhu wɔn na wɔafura nnipa ani, adaadaa nnipa na wɔakyinkyim mmara ne afotu a wɔda no adi no. Dabida; efisɛ na saa “ɔsoro” dedaw no afi Onyankopɔn a ɔde Atemmu Da no sii hɔ no anim kɔ. Enti, akɔmfo, adebisafo anaasɛ ntafowayifo, nsoromma mu ahwɛfo biara rentra hɔ, na wɔrentontɔn nneɛma a wɔde bisa ade ne adaemonesɛmdi ho nneɛma a ɛtete saa biara. “Ɔsoro foforo” no nkutoo na ɛbɛtra hɔ, na wɔbɛma trenee asosɔw agu asase so. Sɛnea yɛkenkan no:
36 “Ɔsoro, momma trenee mfi soro nsosɔw na emfi wim tɔnn suwisie mu ntɔ ngu; asase nso mmue, na ɛmmra ogye, na ɛne trenee mmom mfifi, me, Yehowa, na mebɔe.”—Yes. 45:8.
ASASE SO “AHENE”
37. (a) Ɔkwan bɛn na ɔsoro atemmufo no bɛfa so aka “nhoma” no mu nsɛm akyerɛ adesamma? (b) Ɔkwan bɛn na adesamma bɛfa so ahu bere a wɔde Onyankopɔn mmara ne ahyɛde horow redi dwuma?
37 Wɔkaa ɔkwan pɔtee a ɔsoro atemmufo a aniwa nhu wɔn no bɛfa so aka “nhoma” a wobuebue no mu nsɛm akyerɛ asase sofo no nkyerɛɛ yɛn wɔ Bible mu. Nanso, Onyankopɔn soro ahenni no benya ananmusifo wɔ asase so. Hu a wobehu wɔn wɔ adesamma mu no bɛyɛ adanse a edi mu sɛ “asase foforo” ne adesamma abusua foforo aba. “Asase” dedaw a na Satan fi honhom mu di so no aguan afi Onyankopɔn anim na wɔannya baabi amma no, gye sɛ ɔsɛe mu. Asenniibea ahorow, mmaranimfo ne asenni nhyehyɛe no bɛyɛ ade a atwam; afei de, Onyankopɔn mmara na ɛbɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ onipa sua hu no yiye, de bu ntɛn na ɔde di dwuma. Na sɛ Ahenni no asase so ananmusifo yɛ biribi a, nkurɔfo behu na wɔbɛte ase pefee sɛ Onyankopɔn mmara ne n’ahyɛde horow na wɔde redi dwuma.
38. So ebehia sɛ ɔsoro Hene Yesu Kristo de ne ho to n’asase so nananom no so na wanya anuonyam anaasɛ ɔno ankasa benya ne de?
38 Wɔde mfirihyia apem Atemmu Da yi ho nsɛm ahorow ama yɛn wɔ nkɔmhyɛ kwan so Kyerɛwnsɛm no mu. Fa Dwom 45 a ɛfa Onyankopɔn Hene a wɔasra no Yesu Kristo anaasɛ Mesia no ho no sɛ nhwɛso. Bere a ɔkaa Yesu Kristo ne n’ayeforo asafo no soro aware ne wɔn a wodi ayeforokuw yi akyi no ho asɛm nkɔmhyɛ kwan so akyi no, Dwom no ka sɛ: “Wɔkɔhyɛn ɔhene aban mu. Wo mma besi wo agyanom ananmu, wode wɔn besisi asase nyinaa so ahene.” (Dw. 45:16, 17 [nky. 15, 16, Twi Bible Foforo]) Ampa, ná ɔsoro Hene Yesu Kristo wɔ nenanom a wɔwɔ anuonyam a wɔbobɔɔ wɔn din wɔ Bible kyerɛwtohɔ mu, sɛ wɔtraa Ɔhene Dawid asase so ahengua a na ɛwɔ Yerusalem no so anaasɛ wantra so mpo a. Nanso ɛho renhia sɛ ɔsoro hene no de ne ho to wɔn so na wanya din anaasɛ wanya anuonyam. Ɔno ankasa benya ne de, ɛwom sɛ wɔ asase so no Yesu Kristo ampɛ sɛ ɔtra ɔhonam fam ahengua biara so wɔ Yerusalem anaasɛ baabi foforo biara de.
39. Ɔkwan bɛn so na Ɔhene Yesu Kristo bɛkorɔn anuonyam mu asen Ɔhene Dawid mpo wɔ asasesin ho?
39 Ɔsoro Hene Yesu Kristo bɛkorɔn asen Dawid wɔ din, nidi, kɛseyɛ anaasɛ anuonyam mu mpo. Ɔbɛtrɛw n’ahenni mu akɔ akyiri asen asasesin biara a ɔhene Dawid dii so nkonim wɔ ne bere so no ahye nyinaa (Gen. 15:17-21) Yiw, ɔbɛtrɛw mu akodu Apuei ne Atɔe, Keseefam ne Kusuufam mpo, wɔ okyinsoromma no so baabiara, wɔ “asase nyinaa” so. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ “Salomo,” sɛ́ ɔhene Yesu Kristo nkɔmhyɛ nsɛso, no ho no: “Onyankopɔn, fa w’atemmu ma ɔhene, ne wo trenee ma ɔhene ba; ma ɔmfa trenee nni wo man so, na ɔmfa atemmu nhwɛ w’amanehunufo. Obedi hene afi po so akosi po so, de afi asubɔnten no so akosi asase ano.”—Dw. 72:1, 2, 8.
40. Ɛdefa ɔhene mma ho no, asɛm bɛn na ɛsɔre wɔ ha esiane sɛ Yesu anwo ba wɔ asase so na ɔyɛ Dawid daa ɔdedifo nti?
40 Nanso, so ɛte sɛ nea asɛm bi sɔre wɔ ha? Ɔhene yi a ɔyɛ kɛse na onim nyansa sen Salomo, ɔhene Dawid ba no, anware bere a ɔwɔ asase so ha sɛ onipa a ɔyɛ pɛ a na obetumi awo mma na wanya abusua a ɛyɛ pɛ no. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ no benya mmamu sɛ “wo mma besi w’agyanom ananmu, wode wɔn besisi asase nyinaa so ahene”? Bio nso Yesu Kristo a ɔwɔ soro no ne ɔhene Dawid daa ɔdedifo, na esiane ne “nkwa a ɛnsae ahoɔden” no nti, obedi hene daa a ɔrenhia ɔdedifo, ɔrenhia ɔba a obedi n’ade. Sɛnea ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria wɔ ne ba Yesu a na ɔbɛwo no no ho no: “Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no; na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.”—Luka 1:32, 33.
41, 42. (a) Dɛn nti na mfɛfo adedifo 144,000 no nyɛ “mma” a wɔde wɔn besisi asase so? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo a ɔwɔ soro no benya asase so “mma” ma nkɔmhyɛ kwan so abodin bɛn anya mmamu?
41 Yenim sɛ Yesu Kristo mfɛfo adedifo 144,000 no nyɛ ne honhom mu mma, na mmom wɔyɛ Onyankopɔn mma, “Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo.” (Rom. 8:17) Ɛnde, henanom ne eyinom a wɔaka wɔn ho asɛm sɛ “wo mma, wode wɔn besisi asase nyinaa so ahene” no? Ɛda adi pefee sɛ eyinom nyɛ Ɔhene Yesu Kristo ɔsoro mma. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asase so mma, a esiane sɛ wɔwɔ asase so nti, wobetumi de wɔn asisi ahene “wɔ asase nyinaa so.” Eyinom bɛyɛ ne mma denam owusɔre no so, titiriw awufo a “wɔteɛ” no. Sɛnea nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 9:5, 6 (nkyekyem 6, 7, Twi Bible Foforo) kyerɛ no, abodin a wɔde hyɛɛ no bɔ a ɛne Daa Agya no renyɛ abodin hunu. Ɔbɛyɛ adesamma abusua a wɔanyan wɔn no agya ankasa. Ɔno ne “Adam a odi akyiri” a ɔbɛyɛɛ “honhom a ɔma nkwa” no. (1 Kor. 15:45, 47) Onipa Adam a odi kan no tɔn n’asefo nyinaa kɔɔ bɔne ne owu mu, nanso “onipa a ɔto so abien” a “ofi soro” no de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no too hɔ na ɔde atɔ wɔn afi tebea a ɛte saa a wonya fii Adam mu no mu. Enti yɛkenkan sɛ:
42 “Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntam gyinafo koro, ɔne onipa Yesu Kristo a ɔde ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa.” (1 Tim. 2:5, 6) “Nea wɔbrɛɛ no ase ma ɛkaa kakraa ma ɔtoo abɔfo a ɔne Yesu no, yehu sɛ owu amanehunu nti wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri, na wafa Onyankopɔn dom so aka owu ahwɛ ama onipa biara nnipa.”—Heb. 2:9.
43. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔhene no bɛyɛ “nnipakuw kɛse” a wofi ahohiahia kɛse mu a wonhia owusɔre biara no agya? (b) Ɔkwan bɛn so na agya a ɔbɛyɛ ama adesamma no bɛyɛ nea ɛtra hɔ daa.
43 Ɛdenam ne ho a ɔde bɔɔ afɔre wɔ Onyankopɔn pɛ so no so no, Yesu Kristo nyaa hokwan sɛ ɔde nkwa bɛma adesamma abusua a owu da wɔn so no, na ɔnam saa kwan yi so abɛyɛ wɔn agya. Ɔde nkwa bɛma “awufo,” “wɔn a wɔteɛ” ne “wɔn a wɔnteɛ” nyinaa, denam frɛ a ɔbɛfrɛ wɔn afi wɔn nkae ada mu anaasɛ nsu ase adamoa mu na afei wama wɔn a wɔpɛ nyinaa aba ɔdesani asetra a ɛyɛ pɛ mu no so. “Ateasefo” a wofi “ahohiahia kɛse” no mu ka na wɔkɔ Kristo mfirihyia apem ahenni no mu no nso, ɔbɛma saa “atreneefo” yi so akɔ nkwa a ɛyɛ “mmoroso” mu, na wɔanya asetra sɛ abɔde adesamma a wɔwɔ anuonyam a ɛyɛ pɛ mu. (Yoh. 10:10; 2 Tim. 4:1; Aso. 24:15) Obewie eyi nyinaa ansa na mfirihyia apem no aba awiei. Nanso, nkwa mmoroso a n’asase so mma yi nya no betumi akɔ so daapem, na ebinom wɔ hɔ a wɔnam mudi mu a wokura wɔ pɛyɛ mu no so bɛkyerɛ sɛ wɔfata daa nkwa. Eyinom bɛyɛ ne mma daa, na ɔbɛyɛ wɔn Daa Agya.
44, 45. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔhene no befi n’ahenni no ase a na ɔwɔ asafohene a wɔdɔɔso wɔ asase so, na dɛn nti na wɔn a wɔpaw wɔn no nyinaa bɛyɛ te sɛ “ɔhene mma”? (b) Nanso, so ɛho hia sɛ obi a odi afoforo so no fi adehye abusua mu ansa na wɔafrɛ no safohene (sar) anaa?
44 Ne mfirihyia apem ahenni no mfiase no, Ɔhene nuonyamfo Yesu Kristo befi ase apaw wɔn a wɔfata afi n’asase so mma mu ma wɔayɛ “asase so ahene.” Saa “ahene” yi dodow befi “ateasefo” a wonya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” ne Satan ne n’adaemone no a wɔtow wɔn gu bun mu no mu no mu. Wobenya afoforo nso afi “awufo” a “wɔteɛ” a wonyan wɔn fi owu nna mu no nso mu, na wɔn dodow bɛdɔɔso a ɛbɛma wɔatumi de wɔn asisi “ahene asase nyinaa so.” Ɛte sɛ nea Dwom 45:16 kyerɛ sɛ nnipa a “wɔteɛ” a wɔwɔ “agyanom” a wobenyan wɔn mu no bɛka “ahene” a wɔte saa ho. Bere bi a atwam no na eyinom yɛ ne nenanom, nanso afei wɔabɛyɛ ne “mma” denam owusɔre so. Esiane sɛ wɔyɛ ɔsoro hene no mma nti, wɔn a wɔapaw wɔn yi bɛyɛ ‘ahene mma.’
45 Nanso, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ, Hebri asɛmfua ma “ahene” a ɛwɔ Dwom 45:16 no yɛ sarím. Wɔ tete Israelfo mu no, ɛnyɛ obiara a wɔfrɛɛ no “sar” no na na ofi adehye abusua mu. Wɔ wɔn mu no, wɔfrɛɛ apem so panyin, ɔha so panyin, aduonum so panyin ne du so panyin mpo sɛ “sar.” Na wotumi frɛ ɔhene nkoa so panyin anaasɛ n’abodoo tofo so panyin sɛ “sar.”—Ex. 18:21, 25; Deut. 1:15; 20:9; .1 Sam. 8:12; Gen. 40:2. Fa toto Gen. 23:5, 6 ho.
46, 47. (a) So ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpaw wɔn yi nyinaa yɛ ɔhene no agyanom mpanyimfo, na ebehia sɛ wɔyɛ nnipa bɛn? (b) Henanom yiyedi na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani kũ ho, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 32:1, 2 no?
46 Ɛnyɛ wɔn a wɔpaw wɔn ma wɔayɛ “ahene wɔ asase so nyinaa’ no nyinaa na ɛho hia sɛ wɔyɛ Yesu Kristo agyanom mpanyimfo. Nea ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ ne nnipa anokwafo, “nnipa a wɔyɛ den,” “mmarima anyansafo a wɔdɛnsow,” te sɛ wɔn a odiyifo Mose paw wɔn ma wɔyɛe atemmufo no, na yɛkenkan wɔ wɔn ho sɛ: “Mose yiyii Israelfo nyinaa mu nnipa a wɔyɛ den, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitiriw [sarím], apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so, ne du du so mpanyin [sarím]. Na wobuu ɔman no atɛn bere nyinaa mu: nsɛm a ɛyɛ den no, wɔde brɛɛ Mose, na nsɛm nketewa de, wɔn ara dii.” (Ex. 18:25, 26; Deut. 1:15, Twi Bible Foforo.) Asase so ahene a Ɔhene Yesu Kristo bɛpaw wɔn no ani bekũ nkurɔfo no yiyedi ho, na wɔasiesie nsɛm a emu yɛ den wɔ asomdwoe mu. Wɔbɛyɛ akokodurufo, na wɔabɔ nea ɛteɛ ho ban, te sɛ ahene a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Yesaia 32:1, 2, no, nea ɛka sɛ:
47 “Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene, na asafohene [sarím] nso, atemmu so na wobedi asafohene; na wɔbɛyeyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.”
48, 49. (a) Esiane sɛnea nnɛyi mmara ho dwumadi te no nti, gyidi bɛn na abɔnefo anya a ama nsɛmmɔnedi akɔ anim? (b) Sɛnea Ɔsɛnkafo 8:11-13 kyerɛ no, henanom na wobedi yiye—wɔn a wɔkɔ so di nsɛmmɔne anaasɛ henanom?
48 Wɔ ɔsoro Asomdwoe Hene (sar) no nna no mu no, atɛntrenee a wɔde bedi dwuma ne mmaratofo a wɔne wɔn bedi no renyɛ nyaa, ɛrenyɛ ade a ebegye bere tenteenten esiane sɛ wonni atemmufo a wɔdɔɔso ma wɔadi mmaratofo asɛm ntɛmso nti. Bere tenten, na ɛtɔ da bi a mfe bebree, a egye ansa na wɔadi nnebɔneyɛfo asɛm na wɔadi atɛntrenee ho dwuma no ahyɛ nsɛmmɔnedifo nkuran ma wɔagye adi sɛ awiei koraa no wobetumi afa wɔn ho adi. Amumɔyɛ akɔ anim kɛse wɔ afeha a ɛto so aduonu yi fã a edi akyiri yi mu, nanso mfeha dubiako a etwaam Ansa na Yɛn Bere yi refi ase no, ɔkyerɛwfo a wɔde honhom kaa no a ɔhyɛɛ nneɛma nsow yiye no kae sɛ:
49 “Sɛ nneyɛe bɔne ho afobusɛm mma mu ntɛmntɛm nti na nnipa mma komam ayɛ wɔn mu ma sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Sɛ ɔdebɔneyɛfo di asɛmmɔne mpɛn ɔha”—susuw ho hwɛ! Nanso ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no kɔ so ka sɛ: “na ɔtra hɔ kyɛ a, ɛnyɛ dɛn ara a minim sɛ ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn a wɔfɛre n’anim no yiye; na ɛrenwie ɔbɔnefo yiye; na ɔremma ne nna nkyɛ, ɔte sɛ sunsuma, sɛ́ ɔmfɛre Onyankopɔn anim ntia.”—Ɔsɛnk. 8:11-13.
50. (a) Nnɛyi atɛntrenee ho dwumadi a ɛkɔ so nyaa no fi dɛn a efi soro di adesamma so nti? (b) Ɛdefa trenee ho no, ɔkwan bɛn so na asase foforo no betie “ɔsoro foforo” no?
50 Nea enti a ɔkwan a wɔfa so di nsɛmmɔnedifo asɛm nnɛ no yɛ nyaa anaasɛ ɛtɔ da bi a wɔnyɛ wɔn hwee koraa mpo no ne sɛ yɛte ‘asase dedaw’ a ɛwɔ ‘ɔsoro dedaw’ no ase no mu na Satan ɔbonsam ne “ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom” no na wodi adesamma abusua no so tumi. Adesamma abusua dedaw a aporɔw no a wɔbɛsɛe no ne Satan ne n’adaemone no a wɔde wɔn begu bun mu no beyi nea esiw atɛntrenee kwan nyinaa afi hɔ wɔ Asomdwoe Hene (sar) ne ne mfɛfo atemmufo 144,000 no mfirihyia apem atemmu bere no mu. Esiane sɛ trenee bɛsosɔw afi “ɔsoro foforo” hɔ agu nti, “asase foforo” a nnipa te so no nso bɛsow aba trenee saa ara. Yehowa aka eyi asie sɛ: “Asase nso mmue, na ɛmmra ogye, na ɛne trenee mmom mfifi: Me Yehowa, na mebɔe.”—Yes. 45:8.
51. Ɛnde, bere bɛn na yɛne Yesaia nyinaa hwɛ kwan?
51 So yɛn kɔn nnɔ trenee ne atemmu a ɛteɛ bere a ɛte saa anaa? Saa bere no, onipa trenee kwan renyɛ basabasa te sɛ ɛnnɛ, na mmom ɛbɛyɛ fɛfɛɛfɛ. Esiane sɛ na ɔrehwɛ saa bere pa no kwan nti, odiyifo Yesaia a ɔhwɛɛ asase so owusɔre kwan no fi honhom mu kyerɛwee sɛ: “Ɔtreneeni kwan yɛ tee, ɔsesɛw ɔtreneeni tempɔn pɛ. Nso w’atemmu kwan so na yɛhwɛ wo, Yehowa, kwan, yɛn kra ani gyina wo din ne wo nkae! Me kra ani gyina wo anadwo, na me mu honhom nso, mede mefe wo; na sɛ wo atemmude ka asase a, wiasefo sua trenee. Wodom ɔbɔnefo a, onsua trenee; asɛntrenee asase so na odi amumɔyɛsɛm, na onhu Yehowa kɛseyɛ.”—Yes. 26:7-10.
52, 53. Wɔ asɛntrenee asase so mpo, wɔ Onyankopɔn dom ase no, hefo na ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobesua trenee? (b) Wɔn fam no, asɛm bɛn na ɔsomafo Petro kae a ɛda adi sɛ ɛfata?
52 Mfirihyia apem “asɛntrenee asase” a wobedi asɛntrenee wɔ nnipa ne ne yɔnko nnipa ntam no bɛyɛ baabi a wobeyi ayamye kɛse adi akyerɛ adesamma nyinaa wɔ ɔdesani sintɔ tebea a onya fii awo mu no mu. Adesamma abusua no mufo binom de wɔn ho ahyɛ bɔne mu pii asen afoforo, na wɔanya nipasu a ɛmfata esiane sɛ wɔnka wɔn hwee nti. Nea wɔn ani gye ho ne abɔnefosɛm. Ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛnea ɛbɛyɛ den ama abɔnefo a wɔte saa sɛ wobesua trenee bere a nea ɛteɛ nkutoo na atwa wɔn ho ahyia, na wɔda Onyankopɔn ayamye adi kyerɛ wɔn denam Ɔhene Yesu Kristo so mpo no. Mmoa a wɔde bɛma wɔn nyinaa akyi no, wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛmfata. Wɔrempɛ sɛ wogye Yehowa kɛseyɛ ne Mmara-mafo a ɔyɛ anaasɛ teɛ a Ne trenee gyinapɛn ahorow teɛ ma asetra no tom. Ɛdefa wɔn ho no, ɛda adi sɛ nnyinasosɛm a ɔsomafo Petro de sii hɔ no fata:
53 “Na ɛbere no adu a atemmu fi ase Onyankopɔn fi mu; na sɛ efi yɛn so kan a, ase bewie wɔn a wontie Onyankopɔn asɛmpa no dɛn? Na sɛ ɛyɛ den sɛ wobegye onipa trenee a, ɛhe na nea ɔmfɛre Onyankopɔn ne ɔdebɔneyɛfo befi?”—1 Pet. 4:17, 18
54. So ɛho hia sɛ wɔkora wɔn a wogye Onyankopɔn dom no kwa no so kosi Atemmu Da no awiei, na dɛn ntia?
54 Wɔ “asɛntrenee asase” no so no, nnipa a wobegye Onyankopɔn “dom” no kwa na wɔahwere emu atirimpɔw a ɔdɔ wom no, na wɔda wɔn ho adi sɛ wɔsakra wɔn a ɛnyɛ yiye no, ɛho renhia sɛ wɔkora wɔn so kosi mfirihyia apem no awiei ansa na wɔatwa wɔn agu sɛ wɔmfata mma daa nkwa wɔ paradise a wɔasan de asi hɔ wɔ asase so no mu. Wɔn a wɔteɛ wɔn so a ɛnyɛ yiye no, ebia onii a Onyankopɔn apaw no sɛ ommu ateasefo ntɛn trenee mu no betwa wɔn agu, a ɛnyɛ sɛ ɔreyɛ wɔn ade a ɛmfata. Ɔrenkyerɛw eyinom din wɔ “nkwa nhoma no mu,” enti, nea ɛbɛfata wɔn ara ne “owuprenu” no, sɛnea “ogyatare” a ɛde ɔsɛe koraa ba yɛɛ ho mfonini no. (Adi. 20:14, 15) Ɛnde, hwɛ nyansa ara a ɛwom sɛ yɛbɛyɛ osetie ama “Onyankopɔn asɛmpa” no mprempren na yɛanya ɔdɔ ama trenee esiane Atemmu Da a ɛreba no nti!
-