Ti 43
Henanom Ne Yɛn Nuanom?
BERE bi Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no bisaa asɛm bi a na ɛyɛ nwonwa. Ɛne sɛ: “Hena ne me na, na hena ne me nuanom?” (Mateo 12:48) So anka wubetumi abua saa asɛm no?— Ɛda adi sɛ wunim sɛ na wɔfrɛ Yesu maame Maria. Nanso, so wunim ne nuabarimanom din?— So na ɔwɔ nuabeanom nso?—
Bible ka sɛ na wɔfrɛ Yesu nuabarimanom “Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda.” Na na Yesu wɔ nuabeanom a wɔte ase bere a na ɔreka asɛm no. Esiane sɛ na Yesu ne abakan nti, na wanyin sen wɔn nyinaa.—Mateo 13:55, 56; Luka 1:34, 35.
So na Yesu nuabarimanom no san yɛ n’asuafo?— Bible ka sɛ mfiase no, na ‘wonnye no nni.’ (Yohane 7:5) Nanso, akyiri yi, Yakobo ne Yuda bɛyɛɛ n’asuafo, na wɔkyerɛw Bible mu nhoma no bi mpo. So wunim nhoma ko a wɔkyerɛwee?— Yiw, ɛyɛ Yakobo ne Yuda nhoma no.
Ɛwom sɛ wɔammɔ Yesu nuabeanom din wɔ Bible mu de, nanso yenim sɛ anyɛ yiye koraa no na ɔwɔ baanu. Nanso ebetumi aba sɛ na wɔboro saa. So mmea yi bɛyɛɛ n’asuafo?— Bible no nkyerɛ, enti yennim. So wunim nea enti a Yesu bisae sɛ, “Hena ne me na, na hena ne me nuanom” no?— Ma yɛnhwɛ.
Na Yesu rekyerɛkyerɛ n’asuafo no bere a obi betwaa n’ano kae sɛ: “Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina afikyiri pɛ sɛ wɔne wo kasa.” Enti Yesu de hokwan no kyerɛɛ wɔn asuade titiriw bi denam saa asɛm a ɛyɛ nwonwa a obisae no so: “Hena ne me na, na hena ne me nuanom?” Ɔteɛɛ ne nsa kyerɛɛ n’asuafo no so kae sɛ: “Hwɛ me na ne me nuanom ni!”
Afei Yesu kyerɛkyerɛɛ nea na ɔkyerɛ no mu sɛ: “Obiara, a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabea ne ɛna.” (Mateo 12:47-50) Eyi kyerɛ abusuabɔ a emu yɛ den a na Yesu ne n’asuafo no wɔ. Na ɔrekyerɛkyerɛ yɛn sɛ obu n’asuafo no sɛ ne nuabarimanom, ne nuabeanom, ne ne nanom ankasa.
Saa bere no na Yesu ankasa nuabarimanom—Yakobo, Yosef, Simon, ne Yuda—nnye nni sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba. Ɛbɛyɛ sɛ wɔannye nea na ɔbɔfo Gabriel aka akyerɛ wɔn maame no anni. (Luka 1:30-33) Enti ebia na wɔmpɛ Yesu asɛm. Obiara a ɔyɛ saa no nyɛ onuabarima anaa onuabea pa. So wunim obi a ɔmpɛ ne nuabarima anaa ne nuabea asɛm?—
Bible ka Esau ne Yakob ho asɛm, ne sɛnea Esau bo fuwii araa ma ɔkae sɛ: “Merebekum me nua Yakob.” Ehu kaa wɔn maame Rebeka araa ma enti na ɛsɛ sɛ ɔma Yakob guan, na Esau ankum no. (Genesis 27:41-46) Nanso mfe pii akyi no, Esau sakrae, na ɔyɛɛ Yakob atuu few n’ano.—Genesis 33:4.
Bere kɔɔ so no, Yakob woo mmabarima 12. Nanso na Yakob mma mpanyimfo no mpɛ wɔn nua kumaa Yosef asɛm. Na wɔn ani bere no efisɛ ɔno na na wɔn papa pɛ n’asɛm paa. Enti wɔtɔn no maa nkoatɔfo bi a na wɔrekɔ Misraim. Ɛnna wɔkɔka kyerɛɛ wɔn papa sɛ aboa bi akum Yosef. (Genesis 37:23-36) So biribi a ɛte saa nyɛ hu?—
Akyiri yi Yosef nuabarimanom no nuu wɔn ho wɔ nea wɔyɛe no ho. Enti Yosef de kyɛɛ wɔn. So wutumi hu sɛnea na Yosef te sɛ Yesu no?— Bere a Yesu kɔɔ ahokyere mu no, n’ankasa asomafo guan gyaw no hɔ, na mpo Petro kae sɛ onnim no. Nanso te sɛ Yosef no, Yesu de wɔn nyinaa bɔne kyɛɛ wɔn.
Afei anuanom baanu, Kain ne Habel nso wɔ hɔ. Yebetumi asua biribi afi wɔn nso hɔ. Onyankopɔn hui wɔ Kain komam sɛ ɔnnɔ ne nua no ankasa. Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Kain sɛ ɛsɛ sɛ ɔsakra n’akwan. Sɛ na Kain dɔ Onyankopɔn ampa a, anka obetie no. Nanso na ɔnnɔ Nyankopɔn. Da koro Kain ka kyerɛɛ Habel sɛ: ‘Ma yɛnkɔ afum.’ Habel ne Kain kɔe. Bere a wɔn nkutoo wɔ afum no, Kain de ade bɔɔ ne nua no denneennen ma owui.—Genesis 4:2-8.
Bible ka kyerɛ yɛn sɛ asuade titiriw bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesua fi mu. So wunim saa asuade no?— ‘Eyi ne asɛm a moate afi mfiase no: Sɛ yɛnnodɔ yɛn ho; ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔne no mu no.’ Enti ɛsɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea dodɔ wɔn ho wɔn ho. Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ sɛ Kain.—1 Yohane 3:11, 12.
Dɛn nti na ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ sɛ Kain?— Efisɛ Bible ka sɛ ‘ofi ɔbɔne’ no, Satan Ɔbonsam mu. Esiane sɛ Kain yɛɛ n’ade te sɛ Ɔbonsam nti, na ɛte sɛ nea Ɔbonsam ne n’agya no.
Woahu nea enti a ehia sɛ wodɔ wo nuanom no?— Sɛ wonnɔ wɔn a, na hena mma na woresuasua wɔn?— Ɔbonsam mma. Worempɛ sɛ wobɛyɛ Ɔbonsam ba, ɛnte saa?— Ɛnde wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wopɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn ba?— Ɛne sɛ wobɛdɔ wo nuanom ankasa.
Nanso dɛn ne ɔdɔ?— Ɔdɔ yɛ nkate bi a emu dɔ a ɛwɔ yɛn mu a ɛma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nneɛma pa ama nnipa foforo. Sɛ yenya afoforo ho adwempa na yɛyɛ nneɛma pa ma wɔn a, yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Na henanom ne yɛn nuanom a ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn no?— Kae sɛ, Yesu kyerɛkyerɛe sɛ wɔne wɔn a wɔbom yɛ Kristofo anuanom nyinaa no.
Kristofo anuanom yi a yɛbɛdɔ wɔn no ho hia dɛn?— Bible ka sɛ: “Nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ?” (1 Yohane 4:20) Enti yentumi nnɔ nnipa kakraa bi wɔ Kristofo abusua no mu. Ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn nyinaa. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) So wodɔ anuanom mmarima ne mmea nyinaa?— Kae sɛ, sɛ woanyɛ saa a, wuntumi nnɔ Onyankopɔn ankasa.
Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom?— Wiɛ, sɛ yɛdɔ wɔn a, yɛntew yɛn ho mfi wɔn ho esiane sɛ yɛmpɛ sɛ yɛne wɔn kasa nti. Yɛbɛtew yɛn anim ama wɔn nyinaa. Yɛbɛyɛ nneɛma pa ama wɔn bere nyinaa na yɛanya ɔpɛ sɛ yɛne wɔn bɛkyɛ yɛn nneɛma. Na sɛ ɛba sɛ wohyia ɔhaw bi a, yɛbɛboa wɔn efisɛ yɛyɛ abusua kɛse biako ankasa.
Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom nyinaa ampa a, dɛn na ɛkyerɛ?— Ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no asuafo. Na so ɛnyɛ saa na yɛpɛ sɛ yɛyɛ?—
Wɔsan ka ɔdɔ a yɛbɛda no adi akyerɛ yɛn nuanom ho asɛm wɔ Galatifo 6:10; ne 1 Yohane 4:8, 21. Dɛn nti na wummue w’ankasa Bible mu nkenkan saa kyerɛw nsɛm no?
[Mfonini wɔ kratafa 223]
Henanom na Yesu kae sɛ wɔyɛ ne nuanom?
[Mfonini wɔ kratafa 224]
Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi nea Kain de yɛɛ Habel no mu?
[Mfonini wɔ kratafa 226]
Wobɛyɛ dɛn atumi ada no adi sɛ wodɔ wo nua?