Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 9/15 kr. 15-20
  • “Monnyina Pintinn Wɔ Gyidie no Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monnyina Pintinn Wɔ Gyidie no Mu”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƐSƐ SƐ YƐNYA GYIDI SƐ ONYANKOPƆN BƐBOA YƐN
  • SƐ YƐANKƆ SO AMFA YƐN ADWENE ANSI YESU SO A, YƐN GYIDI BƐTUMI AYƐ MMERƐW
  • FA W’ADWENE SI YESU SO MA ƆNHYƐ WO GYIDI DEN
  • “Ma Yɛn Gyidie Nyɛ Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • “Boa Me Wɔ Faako A Minni Gyidi No Mu!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Wowɔ Asɛmpa no Mu Gyidi Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Gyidi—Ɛyɛ Suban a Ɛhyɛ Yɛn Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 9/15 kr. 15-20
Bere a asuafo no bi rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛhare kodoɔ no, Petro deɛ wafi kodoɔ no mu renantew nsuo no so

“Monnyina Pintinn Wɔ Gyidie no Mu”

“Monnyina pintinn wɔ gyidie no mu, . . . monyɛ den.”​—1 KORINTOFOƆ 16:13.

NNWOM: 60, 64

WOBƐBUA SƐN?

  • Adɛn nti na gyidi yɛ ade a ɛsom bo?

  • Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛn gyidi reyɛ mmerɛw?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si Yesu so na yɛsuasua no?

1. (a) Bere a na mframa a ano yɛ den rebɔ wɔ Galilea po no so no, asɛm bɛn na ɛtoo Petro? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Adɛn nti na Petro fii ase memeeɛ?

ANADWO bi, na ɔsomafo Petro ne asuafo no bi retwa Galilea Po no. Ná mframa a ano yɛ den rebɔ hyia wɔn, enti ɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wɔbɛhare kodoɔ no. Wɔnkɔhwɛ a, Yesu na ɔnam po no so reba yi. Petro frɛɛ Yesu na ɔbisaa no sɛ ɔnnantew po no so mmɛhyia no anaa? Bere a Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ ɔmmra no, Petro si fii kodoɔ no mu nantew hyiaa no. Nanso ankyɛ na Petro fii ase sɛ ɔremem. Adɛn ntia? Efisɛ ɔhwɛɛ mframa ne asorɔkye no ma ehu kaa no. Petro teaam sɛ Yesu nnye no. Ɛhɔ ara na Yesu sɔɔ ne mu, na ɔkaa sɛ: “Wo a wo gyidie sua, adɛn nti na womaa w’adwene hinhimiiɛ?”—Mateo 14:24-32.

2. Dɛn na yɛrebɛsusu ho?

2 Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a ɛfa gyidi ho a yɛbɛtumi asua afi Petro asɛm no mu: (1) nea ɛmaa Petro nyaa ahotoso mfiase no sɛ Yehowa bɛtumi aboa no, (2) nea enti a Petro gyidi fii ase yɛɛ mmerɛw, ne (3) nea ɛboaa Petro maa ne gyidi san yɛɛ den. Sɛ yɛsusu saa nsɛm yi ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛbɛtumi ‘agyina pintinn wɔ gyidie no mu.’—1 Korintofoɔ 16:13.

ƐSƐ SƐ YƐNYA GYIDI SƐ ONYANKOPƆN BƐBOA YƐN

3. Adɛn nti na Petro si fii kodoɔ no mu, na dɛn na yɛn nso yɛayɛ a ɛte sɛ Petro deɛ no?

3 Ná Petro gyidi yɛ den. Adɛn nti na yɛreka saa? Bere a Yesu frɛɛ Petro no, Petro si fii kodoɔ no mu nantew nsuo no so. Petro nyaa ahotoso sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɛboa no ma watumi anantew nsuo no so sɛnea Yesu yɛe no. Saa ara na bere a Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛdi n’akyi no, yɛhyiraa yɛn ho so maa Yehowa na yɛbɔɔ asu. Adɛn ntia? Efisɛ yɛnyaa Yehowa ne Yesu nyinaa mu gyidi, na na yɛwɔ ahotoso sɛ wɔbɛboa yɛn.—Yohane 14:1; kenkan 1 Petro 2:21.

Gyidi a na Petro wɔ no ma ɔtumi yɛɛ biribi a ɛte sɛ nea onipa biara ntumi nyɛ

4, 5. Adɛn nti na gyidi yɛ ade a ɛsom bo?

4 Gyidi yɛ ade a ɛsom bo. Gyidi a na Petro wɔ no na ɛma ɔtumi nantew nsuo so, biribi a na ɛte sɛ nea onipa biara ntumi nyɛ. Yɛn nso, gyidi bɛtumi ama yɛayɛ nneɛma bi a ɛte sɛ nea yɛrentumi nyɛ. (Mateo 21:21, 22) Yɛn mu binom asesa yɛn suban ne yɛn nneyɛe araa ma nnipa bi a bere bi a atwam na wɔnim yɛn no hu yɛn a, wɔnhu yɛn. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa nti na yɛyɛɛ saa nsakrae yi, na ɔno na ɔboaa yɛn ma yɛyɛe. (Kenkan Kolosefoɔ 3:5-10.) Gyidi na ɛkaa yɛn ma yɛhyiraa yɛn ho so maa Yehowa ma yɛbɛyɛɛ ne nnamfo; sɛ Yehowa ammoa yɛn a, anka yɛrentumi nyɛ saa da.—Efesofoɔ 2:8.

5 Gyidi ma yɛnya akokoduru. Gyidi boa yɛn ma yɛtumi gyina ɔhaw a Ɔbonsam de ba yɛn so no ano; Ɔbonsam yɛ ɔtamfo a ne ho yɛ den. (Efesofoɔ 6:16) Afei nso, esiane sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso nti, sɛ yɛhyia ɔhaw a, ɛnsɛ sɛ yɛdwendwene ho pii. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ sɛ yɛnya ne mu gyidi na yɛde n’Ahenni no di kan a, ɔbɛma yɛn nsa aka nea yɛhia. (Mateo 6:30-34) Nea ɛsen saa no, esiane yɛn gyidi nti, Yehowa bɛma yɛn akyɛde a ɛsom bo a ɛne daa nkwa.—Yohane 3:16.

SƐ YƐANKƆ SO AMFA YƐN ADWENE ANSI YESU SO A, YƐN GYIDI BƐTUMI AYƐ MMERƐW

6, 7. (a) Dɛn na yɛbɛtumi de mframa ne asorɔkye a ɛma ehu kaa Petro no atoto ho? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛgye tom sɛ yɛn gyidi bɛtumi ayɛ mmerɛw?

6 Bere a Petro nam Galilea Po no so no, ehu kaa no. Adɛn ntia? Mframa ne asorɔkye no ntia. Yɛbɛtumi de mframa ne asorɔkye no atoto sɔhwɛ pii a Kristofo hyia nnɛ no ho. Sɛ ɔhaw a yɛhyia no ano yɛ den paa mpo a, Yehowa bɛma yɛn akokoduru ma yɛatumi agyina ano. Nanso, momma yɛnkae asɛm a ɛtoo Petro no. Ɛnyɛ sɛ na mframa ne asorɔkye no rebɔ ba ne so nti na ehu kaa no. Mmom Bible ka sɛ: “Berɛ a ɔhunuu sɛdeɛ mframa no rebɔ no ehu kaa no.” (Mateo 14:30) Petro ankɔ so anhwɛ Yesu, na mmom ɔde n’adwene sii mframa no ano den so. Afei ne gyidi fii ase yɛɛ mmerɛw. Saa ara na sɛ yɛkɔ so dwendwene ɔhaw a yɛrehyia ho a, anhwɛ a yɛbɛnya adwene sɛ Yehowa remmoa yɛn.

Sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛmfata so a, yɛn gyidi bɛtumi ayɛ mmerɛw ntɛm

7 Ɛsɛ sɛ yɛgye tom sɛ yɛn gyidi bɛtumi ayɛ mmerɛw. Adɛn ntia? Efisɛ Bible ka sɛ “bɔne a ɛtumi kyekyere yɛn ntɛm” yɛ obi gyidi a ɛtumi yɛ mmerɛw. (Hebrifoɔ 12:1) Sɛnea ɛtoo Petro no, sɛ yɛn nso yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛmfata so a, yɛn gyidi bɛtumi ayɛ mmerɛw ntɛm. Enti yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛn gyidi reyɛ mmerɛw? Nsɛmmisa a ɛdidi so yi bɛboa ma yɛahwehwɛ yɛn mu.

8. Nneɛma bɛn na ɛbɛtumi ama gyidi a na yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no ano abrɛ ase?

8 Sɛnea bere bi a atwam no na megye di paa sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bɛbam no, saa ara na ɛte nnɛ anaa? Nhwɛso bi ni. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsɛe Satan wiase no. Nanso anigyede ahorow pii a ɛwɔ Satan wiase no retwetwe yɛn adwene anaa? Sɛ saa na ɛte a, yɛn adwene bɛtumi ayɛ yɛn sɛ awiei no nnya mmae. (Habakuk 2:3) Ma yɛnsusu asɛm foforo ho nhwɛ. Yehowa na ɔde agyede no mae, na wahyɛ bɔ sɛ ɔde yɛn mfomso bɛfiri yɛn. Nanso sɛ yɛkɔ so dwendwene mfomso a yɛadi wɔ bere bi a atwam ho a, yɛbɛtumi afi ase anya adwene sɛ ebia Yehowa mfaa yɛn mfomso mfirii yɛn. (Asomafoɔ Nnwuma 3:19) Ɛno bɛtumi asɛe anigye a yɛde resom Onyankopɔn no, na ama yɛagyae asɛmpa no ka.

9. Sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a yɛn ankasa hia so a, dɛn na ɛbɛtumi aba?

9 Meda so ara de nsi ne ahokeka resom Yehowa anaa? Sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ Yehowa adwuma a, ɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene si yɛn anidaso no so. Nanso sɛ yɛafi ase de yɛn adwene asi nneɛma a yɛn ankasa hia so nso ɛ? Ebia yɛbɛtumi akɔyɛ adwuma bi a ɛbɛma yɛanya sika pii, nanso ɛremma yɛntumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Wei bɛtumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw, na ama ‘yɛayɛ aniha.’ Sɛ ɛba saa a, yɛrentumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu sɛnea anka ɛsɛ sɛ yɛyɛ no.—Hebrifoɔ 6:10-12.

Yesu asuafo no huu sɛ ɛhia sɛ wɔnya gyidi na ama wɔatumi de afoforo mfomso afiri wɔn

10. Sɛ yɛde afoforo mfomso firi wɔn a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi?

10 Ɛyɛ den ma me sɛ mede afoforo mfomso bɛfiri wɔn? Sɛ afoforo fom yɛn anaasɛ wɔyɛ ade ma ɛhaw yɛn a, ɛyɛ a yɛn bo fuw wɔn anaa yɛne wɔn nkasa bio? Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛtumi aba sɛ na yɛredwene yɛn ankasa ho dodo. Sɛ yɛde afoforo mfomso firi wɔn a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi. Adɛn nti na yɛreka saa? Sɛ obi yɛ yɛn bɔne a, na wabɛde yɛn ka. Sɛ yɛyɛ bɔne tia Yehowa a, ɛma yɛn nso yɛde no ka. (Luka 11:4) Enti sɛ yɛde afoforo bɔne firi wɔn a, na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛgye di sɛ Yehowa bɛhyira yɛn, na mfaso wɔ ne nhyira a yɛbɛnya so koraa sen sɛ yɛde bɔne bɛtua obi bɔne so ka. Yesu asuafo no huu sɛ ɛhia sɛ wɔnya gyidi na ama wɔatumi de afoforo mfomso afiri wɔn. Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmfa afoforo a wɔyɛ bɔne tia wɔn mpɛn pii no bɔne mfiri wɔn no, wɔsrɛɛ no sɛ: “Ma yɛn gyidie nyɛ kɛse.”—Luka 17:1-5.

11. Dɛn na yɛyɛ a ɛremma yɛnsua biribi mfi afotu mu?

11 Sɛ wɔtu me fo a, me bo fuw anaa? Hwehwɛ akwan a wobɛfa so asua biribi afi afotu no mu sen sɛ wobɛhwehwɛ mfomso wɔ afotu no ho anaasɛ wobɛhwehwɛ onipa a ɔde afotu no mae no ho mfomso. (Mmebusɛm 19:20) Sɛ yɛtie afotu a, ɛbɛma yɛanya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho!

12. Sɛ bere nyinaa obi nwiinwii tia wɔn a wɔdi nneɛma anim no a, mfomso bɛn na ɛwɔ ho?

12 Menwiinwii tia wɔn a wɔdi nneɛma anim wɔ asafo no mu no? Bere a Israelfo de wɔn adwene sii asɛmmɔne a akwansrafo du no de bae so no, ɛma wɔnwiinwii tiaa Mose ne Aaron. Yehowa bisaa Mose sɛ: “Da bɛn na wɔbɛgye me adie?” (Numeri 14:2-4, 11) Ná Yehowa nim sɛ Israelfo no nnye no nni efisɛ wɔnwiinwii tiaa Mose ne Aaron, mmarima a na Yehowa apaw wɔn no. Saa ara na ɛnnɛ sɛ yɛnwiinwii tia wɔn a Yehowa ama wɔdi ne nkurɔfo anim no a, ɛbɛtumi akyerɛ sɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no ayɛ mmerɛw.

13. Sɛ yɛhu sɛ yɛn gyidi ayɛ mmerɛw a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu?

13 Bere a woasusu nsɛmmisa yi ho awie no, sɛ wohu sɛ wo gyidi ayɛ mmerɛw a, mma w’abam mmu. Kae sɛ, ɔsomafo Petro mpo, bere bi ehu kaa no, na n’adwenem fii ase yɛɛ no nãã. Ɛtɔ mmere bi a na Yesu tumi ka kyerɛ asomafo no nyinaa sɛ wɔn “gyidie sua.” (Mateo 16:8) Nanso, yɛbɛtumi asua biribi titiriw bi afi Petro asɛm no mu. Momma yɛnhwɛ nea ɔyɛe bere a n’adwenem yɛɛ no nãã na ɔfii ase sɛ ɔremem wɔ po no so no.

FA W’ADWENE SI YESU SO MA ƆNHYƐ WO GYIDI DEN

14, 15. (a) Bere a Petro fii ase sɛ ɔremem no, dɛn na ɔyɛe? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘agyene yɛn ani ahwɛ’ Yesu?

14 Bere a Petro fii ase sɛ ɔremem no, dɛn na ɔyɛe? Ná Petro nim asudware paa, enti na anka ɔbɛtumi adware asan akɔ kodoɔ no ho. (Yohane 21:7) Nanso, adɛn nti na wanyɛ saa? Efisɛ wamfa ne ho anto ne ho so. Ɔsan de n’adwene sii Yesu so, na ɔmaa Yesu boaa no. Sɛ yɛhu sɛ yɛn gyidi ayɛ mmerɛw a, ɛsɛ sɛ yɛsuasua Petro. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

15 Sɛnea Petro san de n’adwene sii Yesu so hwehwɛɛ mmoa no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso ‘yɛgyene yɛn ani hwɛ’ Yesu. (Kenkan Hebrifoɔ 12:2, 3.) Ɛwom, yɛrentumi mfa yɛn ani nhu Yesu sɛnea Petro huu no no. Enti yɛbɛyɛ dɛn ‘agyene yɛn ani’ ahwɛ Yesu? Yɛbɛtumi asua nneɛma a ɔkyerɛkyerɛe na ɔyɛe no, na afei yɛasuasua no yie. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn gyidi den. Momma yɛnhwɛ akwan bi a yɛbɛtumi afa so asuasua Yesu.

Petro renantew nsuo so; ɔbaa bi rehyɛ ne gyidi den

Sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a Yesu yɛe so na yɛsuasua no yie a, yɛn gyidi bɛtumi ayɛ den (Hwɛ nkyekyɛm 15)

16. Ɔkwan bɛn so na Bible bɛtumi aboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn gyidi den?

16 Hyɛ ahotoso a wowɔ wɔ Bible mu no mu den. Ná Yesu gye di paa sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm, na ɛma yɛn afotu a ɛyɛ sen biara. (Yohane 17:17) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsuasua Yesu a, ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible da biara, yɛsua, na yɛdwendwene asuade a ɛwom no ho. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nsɛmmisa bi a ɛkyere yɛn adwene ho mmuaeɛ nso. Ebi ne sɛ, wogye di paa sɛ yɛte nna a ɛdi akyiri no mu? Sua Bible nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛkyerɛ sɛ yɛte nna a ɛdi akyiri mu ho ade fa hyɛ wo gyidi den. Wopɛ sɛ wohyɛ gyidi a wowɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no den? Ɛnneɛ sua Bible nkɔmhyɛ ahorow a abam no ho ade. Wogye di paa sɛ Bible bɛtumi aboa yɛn wɔ asetenam nnɛ? Wobɛtumi akenkan anuanom mmarima ne mmaa a Bible boaa wɔn ma wɔsesaa wɔn abrabɔ ma ɛbɛyɛɛ papa no ho asɛm.a (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)—1 Tesalonikafoɔ 2:13.

17. Dɛn na ɛmaa Yesu tumi gyinaa sɔhwɛ a emu yɛ den paa ano, na wobɛyɛ dɛn atumi asuasua no?

17 Fa w’adwene si nhyira a Yehowa ahyɛ ho bɔ no so. Yesu de n’adwene sii nhyira a ɔbɛnya daakye so, na ɛboaa no ma ɔgyinaa sɔhwɛ a emu yɛ den paa ano. (Hebrifoɔ 12:2) Wamma wiase nneɛma antwetwe n’adwene da. (Mateo 4:8-10) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua nea Yesu yɛe no? Ɛsɛ sɛ yɛdwendwene nneɛma pa a Yehowa ahyɛ ho bɔ no ho. Fa no sɛ wowɔ wiase foforo no mu. Kyerɛw nea wobɛyɛ wɔ Paradise anaa yɛ saa nneɛma no ho mfoni. Anaasɛ kyerɛkyerɛw nnipa a wɔanyane wɔn afi awufo mu a wopɛ sɛ wo ne wɔn bɔ nkɔmmɔ no din. Fa no sɛ ɛyɛ wo na Onyankopɔn ahyɛ wo bɔ, na ɛnyɛ nnipa nyinaa.

18. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ bɛtumi aboa wo ma wo gyidi ayɛ den?

18 Bɔ mpae ma wo gyidi nyɛ kɛse. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnsrɛ Yehowa ma ɔmma wɔn honhom kronkron. (Luka 11:9, 13) Bere a woresrɛ honhom kronkron no, bɔ mpae ma wo gyidi nyɛ kɛse. Gyidi ka aba a honhom kronkron sow no ho. Sɛ worebɔ mpae a, ka nneɛma pɔtee ho asɛm. Sɛ wohu sɛ ɛyɛ den sɛ wode afoforo mfomso bɛfiri wɔn a, srɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ wo gyidi den na ɔmmoa wo mma wontumi nyɛ saa.

19. Yɛbɛyɛ dɛn apaw nnamfo pa?

19 Paw nnamfo a wɔn gyidi yɛ den. Yesu de ahwɛyie paw ne nnamfo. Ná ne nnamfo paa ne asomafo no, ná wɔyɛ anokwafo, na na wɔtie no. (Kenkan Yohane 15:14, 15.) Suasua Yesu, na fa ahwɛyie paw wo nnamfo. Ɛsɛ sɛ wo nnamfo yɛ nkurɔfo a wɔn gyidi yɛ den na wɔtie Yesu. Nnamfo pa ka nokware kyerɛ wɔn ho wɔn ho, sɛ mpo ɛsɛ sɛ wɔtutu wɔn ho fo a, wɔyɛ saa.—Mmebusɛm 27:9.

20. Sɛ yɛboa afoforo ma wɔhyɛ wɔn gyidi den a, dɛn na ɛbɛfi mu aba?

20 Boa afoforo ma wɔnhyɛ wɔn gyidi den. Yesu nam ne kasa ne nneɛma a ɔyɛe so boaa n’asuafo no ma wɔhyɛɛ wɔn gyidi den. (Marko 11:20-24) Ɛsɛ sɛ yɛsuasua nea Yesu yɛe. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛhyɛ yɛn ankasa gyidi den, na yɛahyɛ afoforo nso gyidi den. (Mmebusɛm 11:25) Wobɛyɛ dɛn atumi aboa nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu? Sɛ worekyerɛkyerɛ afoforo Bible a, ma wɔn adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, ɔdwene yɛn ho, na Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm. Wobɛyɛ dɛn aboa wo nuanom mmarima ne mmaa ma wɔakɔ so ahyɛ wɔn gyidi den? Sɛ wohu sɛ obi renwiinwii tia anuanom a wɔdi nneɛma anim wɔ asafo no mu no a, mpere wo ho ntwe wo ho mfi ne ho. Fa anifere kwan so boa no ma ɔnsan nhyɛ ne gyidi den. (Yuda 22, 23) Sɛ woyɛ sukuuni na wo kyerɛkyerɛfo ka adannandi ho asɛm a, nya akokoduru fa kyerɛkyerɛ gyidi a wowɔ wɔ adebɔ mu no mu. Sɛ woyɛ saa a, nea wo kyerɛkyerɛfo ne wo sukuufo bɛyɛ wɔ ho no bɛyɛ wo nwonwa paa.

21. Dɛn na Yehowa de ahyɛ yɛn mu biara bɔ?

21 Yehowa ne Yesu boaa Petro ma ɔdii adwenem naayɛ ne ehu a ɛkaa no no so. Akyiri yi, Petro gyidi bɛyɛɛ den maa afoforo suasuaa no. Saa ara na Yehowa boa yɛn mu biara ma yɛgyina pintinn wɔ gyidi no mu. (Kenkan 1 Petro 5:9, 10.) Ɛgye mmɔdenbɔ na obi ahyɛ ne gyidi den, nanso sɛ yɛyere yɛn ho a, Yehowa bɛhyira yɛn.

a Wo deɛ, hwɛ asɛm a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa” a ɛba toatoa so wɔ Ɔwɛn-Aban a yɛde ma ɔmanfo no mu.

NSƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU

  • Yɛde yɛn adwene si Yesu so bere a yɛsua nneɛma a ɔkyerɛkyerɛe na ɔyɛe, na afei yɛsuasua no yie

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena