Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w16 August kr. 30
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmara a Ɛbae Ansa na Kristo Reba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Dɛn Paa na Ɛgu Onipa Ho Fi?
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Dɛn na Egu Onipa ho Fĩ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
w16 August kr. 30
Farisini bi rehohoro ne nsa sɛnea wɔn amanne te, na wafee n’ani rehwɛ ɔbarima bi a wafi ase redidi

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Adɛn nti na na nsa ho a wɔhohoro ho asɛm hia Yesu atamfo no saa?

Ná Yesu atamfo kasa tia ɔne n’asuafo no wɔ nneɛma pii ho. Emu baako ne nsa ho a wɔhohoro. Ná ahotew ho nsɛm pii wɔ Mose Mmara no mu. Ebi fa nneɛma bi te sɛ obi ho a ɛsen, kwata, ne nnipa ne mmoa funu a ɛka obi ho. Mmara no san kyerɛɛ akwan a na wobetumi afa so atew obi a ne ho agu fĩ ho. Ebi ne afɔrebɔ, aguare, anaa nsu a wɔde petepete obi anaa ade a ɛho agu fĩ no so.​—Lev., ti 11-15; Num., ti 19.

Yudafo rabifo no kyerɛkyerɛɛ saa mmara yi mu kɔɔ akyiri dodo. Nhoma bi ka sɛ, na wɔyɛ nea ɛma obi anaa biribi ho gu fĩ biara ho nhwehwɛmu. Ɛka sɛ, “na wɔhwehwɛ nea ɛyɛe a obi anaa ade bi ho guu fĩ, ɔkwan a efĩ no betumi afa so atrɛw akɔka afoforo, nkyɛnsee ne nneɛma foforo a ɛho betumi agu fĩ ne nea ɛho ntumi ngu fĩ, ne amanne a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de tew nnipa anaa nneɛma a ɛho agu fĩ no ho.”

Yesu atamfo no bisaa no sɛ: “Dɛn nti na w’asuafo no nyɛ wɔn ade sɛnea mpanyimfo atetesɛm kyerɛ, na wɔde nsa a ɛho ntew didi?” (Mar. 7:5) Ɛnyɛ sɛ na saa nyamesomfo a wɔtan Yesu no reka sɛ, sɛ wɔde wɔn nsa a ɛho ayɛ fĩ didi a wɔbɛyare. Mmom na ɛyɛ rabifo no amanne sɛ, sɛ wɔrebedidi a, ɛsɛ sɛ wohwie nsu gu wɔn nsa so. Nhoma a yɛfaa mu asɛm kae no de kaa ho sɛ: “Wogyee nkuruwa a wɔde nsu no begu mu ho akyinnye. Saa ara na wɔyɛe wɔ nsu a ɛfata sɛ wɔde hohoro nsa, nea ɔfata sɛ ohwie nsu no gu obi nsa so, ne baabi a ɛfata sɛ obi hohoro ne nsa ma ekodu ho.”

Dɛn na Yesu ka faa saa mmara a nnipa ahyehyɛ no nyinaa ho? Ɔka kyerɛɛ Yudafo nyamesom akannifo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu sɛ: “Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfo ho nkɔm sɛnea wɔakyerɛw no, sɛ ‘Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me [Yehowa] ho kɔ akyirikyiri. Wɔsom me kwa, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛde.’ Moagyaa Onyankopɔn mmara mu, na mukura nnipa atetesɛm mu.”​—Mar. 7:6-8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena