Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 1/1 kr. 8-18
  • Ɔkwan Bɛn So Na Wonam Kyerɛ W’asetra Kwan?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Bɛn So Na Wonam Kyerɛ W’asetra Kwan?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • W’ahonim​—Ɛyɛ Dɛn?
  • Adwenhorow A Ɛnkari Pɛ
  • Onyankopɔn Akwankyerɛ A Ɛkari Pɛ Na Ɛho Wɔ Mfaso
  • Kristofo Nyɛ Wɔn A Wonni Mmara
  • Wobɛyɛ Dɛn Akura Ahonim Pa Mu?
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Ahonim A Onyankopɔn De Ama Wo No Ho Mfaso A Wubenya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • So Woatete W’ahonim Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • W’ahonim Tumi Kyerɛ Wo Kwan Yie?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 1/1 kr. 8-18

Ɔkwan Bɛn So Na Wonam Kyerɛ W’asetra Kwan?

“Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam [Yehowa] mmara so.”​—Dwom 119:1.

1. Dɛn na abakɔsɛm da no adi sɛ ɛho hia ma anigye?

‘DƐN na egye na obi anya asetra a anigye wom?’ Ɛho mmuaema mu no ebia nnipa pii bɛbobɔ ɔhonam fam nneɛma te sɛ aduan, ntama ne adan, anaasɛ nneɛma afoforo a nkurɔfo yɛ de gye wɔn ani din. Nanso abakɔsɛm da no adi sɛ nea ɛho hia kɛse na woanya anigye ne adwene a wowɔ wɔ asetra ho ne sɛnea wobɔ wo bra. Bere a wo ne w’adwumawura, wo mfɛfo ne w’abusuafo di no​—so wobɛka nokware? so wobɛfa nea ɛnyɛ wo de? so wode wo ho bɛhyɛ adeyɛ anaa agodi bi a ɛmfata mu?

2. Ɔkwan bɛn na nnipa binom fa so kyerɛ wɔn asetra kwan, na nsemmisa bɛn na ɛde ba?

2 Wɔ nsɛm a ɛtete sɛɛ ho gyinaesi mu no, ebinom pɛ sɛ wonya mmara horow pɔtee bi a wonim anaasɛ wobetumi ahwehwɛ bere a ɛho hia. Ebinom yɛ nea “wɔte nka” sɛ eye sɛnea wɔn ahonim te. Nanso, ebia wubebisa sɛ, Esiane sɛ Bible no ka “ahonim” ho asɛm pii nti, ɛyɛ dɛn? Edi dwuma dɛn? So edi dwuma a ɛho hia wɔ gyinae horow a yesisi ne anigye a yebenya mu? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi aka, sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no, sɛ: “Ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn mede mabesi nnɛ yi”?​—Asomafo no Nnwuma 23:1.

W’ahonim​—Ɛyɛ Dɛn?

3, 4. Dɛn ne “ahonim,” na henanom na wɔwɔ bi?

3 Nnipa pii susuw sɛ ahonim yɛ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho nimdeɛ. Nanso, yɛwɔ baabi a yebetumi anya ɛho nsɛm a edi mu ankasa afi, a ɛne Onyankopɔn Asɛm. Bible no boa yɛn ma yehu sɛ ahonim yɛ biribi a edi adanse wɔ yɛn mu. Enti Paulo kae sɛ: “M’ahonim nso redi me adanse honhom kronkron mu.” (Romafo 9:1) Ɔde Hela asɛmfua syneiʹdesis, a asekyerɛ ankasa ne nea ɛma obi hu n’ankasa ho, dii dwuma. Enti ahonim ne tumi a ɛma obi hwɛ n’ankasa ho na obu ne ho atɛn, di n’ankasa ho adanse.

4 Ahonim nyɛ ade a wonya wɔ asetra mu, efisɛ Bible da no adi sɛ Onyankopɔn de hyɛɛ nnipa baanu a wodi kan no mu. (Grenesis 3:7, 8) Ɔreka asodi a ɛda Yudafo ne Amanaman mufo so ho asɛm no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Na amanaman mufo a wonni mmara no de wɔn awosu yɛ mmara no mu nneɛma a, eyinom a wonni mmara no yɛ mmara ma wɔn ho. Wɔde eyi kyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara adwuma no wɔn komam, na wɔn ahonim nso di wɔn adanse, na wɔn nsusuwii toto wɔn ho ano, anaasɛ nso eyi wɔn ho ano.” (Romafo 2:14, 15) Yiw, nnipa a wonni Onyankopɔn mmara a wɔakyerɛw mpo abu nneɛma te sɛ awudi, adewia ne mogyafra sɛ ɛyɛ bɔne. Yetumi hu wɔ nkyekyem ahorow yi mu nso sɛ ahonim yɛ adwuma a koma no ne adwene (“nsusuwii”) no bom di.

5. Dɛn ne ɔkwan biako a w’ahonim fa so di dwuma?

5 Ahonim no dwumadi a ɛda adi sɛ yenim no yiye ne yɛn nneyɛe ho atɛn a ebu ‘wɔ adeyɛ no akyi,’ wɔ adeyɛ bɔne no akyi, no. Sɛ yehu sɛ yɛayɛ bɔne anaasɛ yɛayɛ biribi a ɛmfata a, yɛn ahonim kasa tia yɛn na ebu yɛn fɔ. (Fa toto 2 Samuel 24:10; 1 Yohane 3:20 ho.) Sɛ yetie no a, saa dwuma a ahonim di no betumi aboa yɛn denam ka a ɛka yɛn ma yekwati bɔne a ɛte saa a yɛbɛsan ayɛ no so. Na ebetumi nso ama yɛanya ahonu, apa kyɛw anaasɛ mpo yɛayɛ mfomso no ho biribi, sɛ yebetumi a.​—Dwom 32:3, 5; Mateo 5:23, 24; Luka 19:1-8.

6. Ɔkwan foforo bɛn so na w’ahonim betumi adi dwuma?

6 Yɛn ahonim betumi adi dwuma wɔ ɔkwan foforo so. Ɛwom sɛ ebinom ka sɛ ahonim pa nkasa de, nanso sɛ yehyia gyinaesi anaasɛ asɛm bi a emu yɛ den a, ɛsɛ sɛ yɛn ahonim kasa na ɛka yɛn ma yɛyɛ nea ɛteɛ. Yehu nhwɛso pa wɔ pene a Yosef ampene Potifar yere nneyɛe no so no mu. Ɛwom sɛ na Onyankopɔn mfaa mmara bi a wɔakyerɛw a etia awaresɛe mmae, nanso Yosef ahonim kaa no ma ɔpow ahohwibɔ. (Genesis 39:1-9) Ansa na yɛbɛyɛ biribi no, sɛ yetie yɛn ahonim a, ebia yebekwati ahoyeraw a ahonim bɔne de ba no.

7. Dɛn na yɛpɛ sɛ yehu wɔ saa adesua yi mu?

7 Asemmisa no da so wɔ hɔ sɛ: Tumi bɛn na ɛsɛ sɛ ahonim nya? So wugye di sɛ ɛsɛ sɛ yegyina ahonim so si abrabɔ ne asetra mu nsɛm pii ho gyinae anaa? Anaa, so mmara horow mmom ye? Ɛho hia sɛ yehu. Afei nso, so asiane ahorow bi wɔ hɔ a ɛho hia sɛ yehu? Dɛn na Onyankopɔn Asɛm, a ɛka sɛ “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn” no kyerɛ?​—2 Timoteo 3:16.

Adwenhorow A Ɛnkari Pɛ

8. Wɔaka abrabɔ pa ho asɛm wɔ akwan abien bɛn a emu biara kɔ akyiri dodo so?

8 Ntawntawdi a ɛda mmara horow ne ahonim ntam no yɛ nea akyɛ. Wɔ asɛm a ɛfa “Ahonim Dwumadi wɔ Abrabɔ Mu” ho mu no, Encyclopaedia Britannica (nea ɛto so 11) no kyerɛkyerɛ mu sɛ abrabɔ pa “yɛ nea ɛtɔ da bi a wobu sɛ ɛyɛ mmara a ɛda hɔ, ɛtɔ da bi nso a wosusuw sɛ ɛyɛ sɛnea obi te nka. Wɔn a wɔpɛ mmara no de wɔn ho to tumi anaasɛ ahyɛde so; na wɔn a wogye sɛnea obi te nka di no de wɔn adwene kɔ yɛn nkate tumi horow so titiriw​—yɛn ahonim, yɛn adwene ne yɛn nkate.” Ná nnipa a wɔyɛ katee wɔ gyinabea abien yi ho wɔ hɔ bere a na Yesu ne n’asomafo no wɔ asase so no. Yebetumi ahu akwankyerɛ a ɛkari pɛ ne ɔsoro nyansa a ɛwɔ Bible mu no yiye denam tebea a na ɛwɔ hɔ saa bere no a yɛbɛhyɛ no nsow no so.

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na Farisifo no daa adwene biako a ɛmfata adi? (b) Nea ɛbɔ eyi abira no adwene bɛn na na Helafo ne Romafo dodow no ara kura?

9 Yudafo Farisifo no sii mmara horow so dua kɛse. Esiane sɛ na Mose mmara no nnɔɔ wɔn so nti, wɔhyehyɛɛ mmara horow anaasɛ wɔde “nsɛm a nnipa ahyehyɛ” pii a ɛsɛee Onyankopɔn ahyɛde horow mae. Mmara horow yi a wɔhyehyɛe a ɛkɔɔ akyiri sen nea na Onyankopɔn hwehwɛ akyi no, mmara so dua kɛse a wosii no maa afoforo nyaa adwene sɛ trenee betumi afi nnipa ahyɛde horow yi a wobehu na wɔadi so no mu aba.​—Mateo 15:1-20; 23:1-5; Luka 18:9-12.

10 Nhomanimfo Samuel H. Butcher se: “Na wɔn a wɔbɔ eyi abira nso ne Helafo. Wɔ Helafo mu no . . . wɔankyerɛw mmara horow anaa ahyɛde horow bi a ɛfa abrabɔ pa ho a ɛsɛ sɛ wodi so da. Mmara horow a ɛnsakra haw adeyɛ.” Romafo fam de, Encyclopaedia Britannica no se: “Cicero ne Seneca maa wɔn adwene kyerɛɛ wɔn kwan. Wosii asɛm biara ho gyinae sɛnea tebea no te, na wosusuw nea enti a obi yɛɛ biribi no ho kɛse sen dekode a ɔyɛe no ankasa.” Helafo ne Romafo adwene yi hyetae wɔ afeha a edi kan no mu. So na Kristofo begye atom? Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam . . . wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum.”​—Kolosefo 2:8; Asomafo no Nnwuma 17:18-21.

11. Adwene abien a ɛmfata yi daa adi akyiri yi wɔ abakɔsɛm mu dɛn?

11 Wɔ mfeha a edi akyiri no mu nso no, adwenhorow a ɛmfata yi mu biara benyaa akyidifo, wɔ nnipa a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo mpo mu. Ná wonim wɔn a wɔfrɛ wɔn Jesuits no sɛ wosi abrabɔ pa a egyina asɔre mmara horow pii a wontumi nkan so no so dua. Ɔsesɛw no akyi no, Protestantsom sii ankorankoro ahofadi ne ahonim so dua, a ɛde nnɛyi adwene a ɛne sɛ “tebea no na ɛkyerɛ,” a Episkopaliani Dr. Joseph Fletcher ma ɛtrɛwee no bae no. The National Observer bɔ amanneɛ sɛ: “Dr. Fletcher ada akyinnyegyesɛm bi adi a ɛfa ankorankoro ahofadi ne asɛyɛde ho, a egyina onua dɔ ho adwene so, a ɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɛma onipa a ɔte ase nnɛ de ne ho fi tete mmara ne ahyɛde horow a emu yɛ den te sɛ ‘Mmara Nsɛm Du’ no ho. . . . Bere a ɔdɔ nkutoo na ɛkyerɛ kwan no, ɛnde nneyɛe ahorow te sɛ yafunu a wotu gu, ɔbarima ne ɔbea nna bere a wɔnwaree, awaregu ne nneɛma afoforo a na wobu sɛ ɛyɛ bɔne no bɛyɛ nea Dr. Fletcher bu sɛ eye wɔ tebea horow bi mu.”

12. Asiane bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛho hia sɛ yekwati?

12 Nokwarem no, adesamma taa kɔ akyiri dodo​—sɛ́ ebia mmara horow kyerɛ wɔn kwan anaasɛ ahonim kyerɛ wɔn kwan. Ebinom a wohu sintɔ a ɛwɔ adeyɛ biako a ɛkɔ akyiri dodo mu no pow na wɔdan kɔ foforo a ɛno nso kɔ akyiri dodo no so, te sɛ ɛdɔn mu dade a ɛtow fi nifa bɛsen kɔ benkum. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mfinimfini Mmere no mu no, adwene no dan fii Jesuitfo a wɔpɛ mmara bebrebe no su no so kɔɔ ahofadi ne ahonim so dua a na Asesɛwfo si no so. Afei nso, ebia na wunim awofo bi a wɔyɛ katee dodo wɔ wɔn mma ntetee mu. Nanso bere a saa mmofra yi nyinii no, wɔampɛ ma wɔdan kɔɔ su a ɛbɔ eyi abira koraa no so, maa kwan ma wɔn mma yɛɛ nea wɔpɛ nyinaa, na ɛde tebea a ɛyɛ awerɛhow bae. Yetumi hu nokware a Bible mu asɛm no yɛ: “[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, na enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”​—Yeremia 10:23.

Onyankopɔn Akwankyerɛ A Ɛkari Pɛ Na Ɛho Wɔ Mfaso

13. Mmoa bɛn na Bible de ma yɛn wɔ abrabɔ pa ne ahonim ho?

13 Yehowa de mmoa a ɛfata ama Kristofo wɔ Kyerɛwnsɛm no mu na yɛatumi akwati: (1) mmara horow so dua a yebesi ma aboro so, a ebetumi de asetra ne ɔsom ho adwene a ɛyɛ katee aba, anaa (2) si a wosi ahonim mu ahofadi so dua dodo, a ama ebinom abenya nnipa adwene a ɛma bɔneyɛ ho kwan mpo no. Sɛnea ɛbɛyɛ ‘na yɛahu kari a Onyankopɔn Asɛm kari pɛ na yɛanya n’akwankyerɛ ho mfaso no, ɛho hia sɛ yenya su a na Dawid wɔ no: “[Yehowa], kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so. Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, na wo ne me nkwagye Nyankopɔn.”​—Dwom 25:4, 5.

14, 15. Dɛn na yebetumi asua afi Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu wɔ Yudafo no adwene wɔ Mmara no ho ne Onyankopɔn de ho?

14 Bible da no adi sɛ Yesu kasa tiaa akyerɛwfo ne Farisifo a na mmara horow so dua titiriw na wosi no. Ebetumi aba sɛ Yudafo kakraa a na wɔmpɛ sɛ wɔde adwene a Onyankopɔn de ama wɔn no di dwuma no pɛɛ mmara horow a wɔde mae a na ɛkyerɛ faako a ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa ho kodu, nea na ɛyɛ “adwuma” homeda no, nnɔbae a na ɛsɛ sɛ woyi so ntotoso du du ma, ne ade no. Eyi de mmara horow a emu yɛ duru bae, ɛde nkyerɛase horow a enni awiei bae, na ɛdan adwene fii nea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ ankasa ne n’afã horow a ɛsom bo no so. Yesu ka kyerɛɛ nyamesom akwankyerɛfo no sɛ: “Muyi ɛme ne onunum ne tetɛ so ntotoso du du ma, na mugyaw mmara mu nea ɛsom bo no: atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi.”​—Mateo 23:23; Marko 7:3, 4.

15 Mose mmara no boaa Israelfo no ma wodii yiye wɔ honhom mu, abrabɔ mu ne akwanhosan mu na ɛma wohui nso sɛ, sɛ́ abɔnefo no wohia Mesia no. (Galatifo 3:19, 23-25; Romafo 7:7-14) Esiane sɛ na ɛyɛ gyinapɛn a ɛyɛ pɛ nti, Israelni biara antumi anni so pɛpɛɛpɛ na watumi anya ahonim a ɛyɛ pɛ. (Hebrifo 9:9, 10) Enti, ɛwom po sɛ na saa mmara yi fi ɔsoro de, nanso bere a Onyankopɔn atirimpɔw a ɛwɔ ho no baa awiei no, oyi fii hɔ. Afei, sɛ anka obegyina mmara tenteenten a wɔakyerɛw so ne nkurɔfo a ne Din da wɔn so adi no, na Onyankopɔn de ‘ne mmara no bɛhyɛ wɔn adwene ne wɔn koma mu.’​—Yeremia 31:33; Hebrifo 10:16; 2 Korintofo 3:5-11.

16. Afotu bɛn na wɔde ma (a) nnipa a wɔyɛ katee wɔ wɔn ankasa so no ne (b) yɛn ne yɛn adwene wɔ mmara horow ho wɔ ha?

16 Bere a wonim eyi no, ɛsɛ sɛ nnipa a ɛnnɛ wɔhwɛ afoforo dwumadi so no hwɛ yiye na wɔamfa nnipa ahyɛde horow a ɛho nhia angu wɔn so. Pɛ a wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ saa no mu bɛyɛ den wɔ wɔn a wɔyɛ katee wɔ wɔn ankasa so na enti wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ afoforo susuw nneɛma ho saa kwan no ara so no fam. Nanso, Paulo kyerɛw Kristofo sɛ: “Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo gyidi so, na mmom yɛyɛ mo anigye ho yɔnko adwumayɛfo; efisɛ gyidi na mode gyina hɔ.” (2 Korintofo 1:24) Nea ɛka eyi ho no, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa hwɛ yiye na wɔanhwehwɛ sɛ obi a ɔwɔ tumi bɛhyehyɛ mmara horow ama wɔn wɔ asɛm biara ho. Mmom no, ɛsɛ sɛ yenya nea Onyankopɔn Asɛm ka ho nimdeɛ pii na atete yɛn ahonim ne yɛn adwene.​—Hebrifo 5:14.

17 Adwene a ɛnteɛ bɛn nso na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho?

17 Nanso, asiane foforo nso ne sɛ yɛbɛtow akɔ akyiri dodow wɔ ɔkwan foforo so, ate nka sɛ Kristoni biara wɔ ho kwan sɛ ɔyɛ biribiara a n’ahonim ma kwan. Nnansa yi, nnipa kakraa ama eyi ayɛ asɛm a emu yɛ den, aka sɛ: “Kristosom nyɛ mmara horow som” na wɔdan adwene kɔ kyerɛw nsɛm ahorow a ɛte sɛ eyi so: “Adehyedi mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedi no nyɛ ɔkwan mma ɔhonam, na momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho! Na mmara no nyinaa wie pɛ asɛm biako mu, ɛne sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Galatifo 5:13, 14) Ɛyɛ ampa sɛ Kristofo nni Mose mmara no ase anaasɛ ɔsoro mmara bebrebe bi a wɔahyehyɛ ase. Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na ‘obi amfa nnaadaasɛm anto yɛn mmrada,’ efisɛ nokwaredi a yɛde hwehwɛ Bible no mu no da no adi sɛ ɛde mmara anaasɛ ahyɛde horow bi ma yɛn.​—Kolosefo 2:4.

Kristofo Nyɛ Wɔn A Wonni Mmara

18, 19. Ɛhe na Kristofo gyina wɔ Bible mmara horow ne ahyɛde horow ho?

18 Paulo kyerɛw Korintofo no sɛ ɛsɛ sɛ woyi ɔbarima bi a wabɔ aguaman fi asafo no mu. Ɔde kaa ho sɛ abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da, awifo, aniberefo, asabofo, amaanefo ne amimfo “rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 5:1, 6, 7, 11-13; 6:9-11) Yɛkenkan nso sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ‘twe wɔn ho fi nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya angu na wowui ne aguamammɔ ho,’ ne sɛ ɛsɛ sɛ woyi wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ anuanom nanso wɔkyerɛ atoro nkyerɛkyerɛ no fi asafo no mu. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; Tito 3:10; 2 Yohane 9-11) Ɛda adi pefee sɛ mmara horow wɔ ha. Obi a ɔkɔ so yɛ nnebɔne a ɛtete saa no rentumi nyɛ nokware Kristoni. Na sɛ Onyankopɔn somfo kɔ so yɛ nneɛma bɔne yi a ɔnkyerɛ ahonu a, ɛsɛ sɛ wotu no.

19 Yehu Bible mu ahyɛde horow nso wɔ nsɛm a wontumi ntu obi wɔ ho ho. Sɛ nhwɛso no, Paulo kyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ ahokwafo ware “Awurade mu nko,” na ɔhyɛe sɛ “sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnidi nso.” (1 Korintofo 7:39; 2 Tesalonikafo 3:10) Ebia obi bɛka sɛ, ‘Esiane sɛ sɛ mantie saa afotu no a wɔrenyi me mfi asafo no mu nti, eyinom rentumi nyɛ mmara horow a anibere wom.’ Nsusuwii a nyansa nni mu bɛn ni! Onyankopɔn bu saa mmara horow yi sɛ ɛho hia. So Paulo anka ankyerɛ Tesalonikafo no sɛ ‘wɔnhyɛ’ anihafo a wɔhyɛ da bu ani gu mmara a ɛfa adwumayɛ ho so no ‘nsow’ na wɔne wɔn “mmɔ fekuw” anaa?​—2 Tesalonikafo 3:14, 15.

20, 21. Dɛn na yebetumi asua wɔ asafo akwankyerɛ ho, na ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ ho?

20 Ahyɛde horow bi wɔ hɔ a eye ma asafo no yiyedi ankasa. Sɛ ebia, kan no na Kristofo bi tumi ka kasa horow. Paulo kyerɛe sɛ baanu anaa baasa pɛ na ɛsɛ sɛ wɔkasa bere koro mu, sɛ wɔnyɛ no nnidiso nnidiso, ne sɛ ɛsɛ sɛ asekyerɛfo wɔ hɔ​—ahyɛde horow a ɛde asomdwoe ba na ɛma nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ (1 Korintofo 14:26-33) Saa nso na, ebia mpanyimfo a wɔwɔ asafo bi mu nnɛ betumi de akwankyerɛ horow ama a ɛfa Ahenni Asa apon ano a ɛnsɛ sɛ wogyinagyina, nkongua a ɛnsɛ sɛ wogye sisi hɔ kwa, anaasɛ mfiri a ɛsɛ sɛ wɔde sisi mmeae a ɛrenhaw afipamfo anaasɛ ɛremfa asiane bi mma ho. Asafo mu ahyɛde horow a ɛtete saa nyɛ nea ɛne Kyerɛwsɛm nhyia efisɛ ekura atirimpɔw koro no ara (asomdwoe ne biribiara a ɛbɛkɔ so pɛpɛɛpɛ) , sɛnea Paulo afotu a ɛfa kasa horow ho no yɛe no. Nea ɛne eyi sɛ ne Bible mu afotu a ese: “Muntie mo mpanyimfo” no. (Hebrifo 13:17) Esiane sɛ yɛn ho a yɛbɛtwe afi bɔne ahorow te sɛ atorodi anaasɛ adewia ho fa osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn ho nti, ɛsɛ sɛ asɛm yi yɛ nea ɛfa tie a yebetie mpanyimfo no akwankyerɛ wɔ asafo mu nsɛm ho no ho. Na ne yɛ nyɛ den nso, sɛ wɔmmfa mmara horow a wɔhyehyɛ so ‘nni wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn agyapade no so bakoma’ a.​—1 Petro 5:3.

21 “Ahyɛde” afoforo anaa akwan afoforo a wɔnam so yɛ nneɛma no ho wɔ mfaso ma wiase nyinaa nguankuw no. Sɛ nhwɛso no, wɔma Yehowa Adansefo bu wɔn adansedi adwuma ho nkontaa. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 2:41, 42; 8:14 ho.) Ebia obi a ɔtɔ kɔ ankorankoro ahofadi so ma ɛboro so no bɛkasa atia saa nhyehyɛe yi. Nanso susuw dwuma pa a adi esiane sɛ wɔn a wɔhwɛ nguankuw yi so no fi nkontaabu ahorow no mu ahu faako a wɔayɛ ahenni adansedi adwuma no akodu, faako a mmoa ho hia, ne bere a wobetumi ahyehyɛ asuafo afoforo sɛ asafo no nti no ho. Na so yɛn ani nnye wiase nyinaa nkontaabu no akenkan ho? (Hesekiel 9:11; Marko 6:30; Asomafo no Nnwuma 14:21-23; 15:3; 19:1-6) Esiane sɛ yɛwɔ awerɛhyem sɛ Onyankopɔn rekyerɛ ne nkurɔfo kwan nti, yebetumi ada akyigyina ne biakoyɛ honhom adi.

22. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛtoa ahonim ho adesua no so?

22 Mmara horow anaa ahyɛde horow pɔtee akyi no, nnyinasosɛm ahorow a ɛho wɔ mfaso wɔ Kyerɛwnsɛm mu a Kristofo a wonim nyansa betumi de adi dwuma na ‘wɔn kwan ayɛ pɛ.’ (Dwom 119:1) Nnyinasosɛm ahorow ho wɔ mfaso titiriw wɔ yɛn ahonim a yɛbɛtete no ma adwen Onyankopɔn adwene no mu. Na dɛn na ɛno kyerɛ wɔ ‘nsɛm a egyina ahonim so’ mu? Ebinom ate nka sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ biribi a egyina m’ahonim so a, ɛnde na nea meyɛ no yɛ m’ankasa m’asɛm.’ Ma yɛnhwehwɛ asɛm no mu wɔ adesua a edi so no mu na yɛnhwɛ sɛnea yebetumi atete yɛn ahonim na yɛanya ɛho mfaso kɛse.

[Ase hɔ asɛm]

Hwɛ November 1, 1981, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 10, 11; ne March 15, 1982, Engiresi de, kratafa 31.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

□ Dɛn ne w’ahonim, na akwan horow bɛn so na ebetumi aboa wo?

□ Nsusuwii abien a ɛmfata bɛn na ɛwɔ hɔ wɔ abrabɔ pa ho?

□ Ɔkwan bɛn so na Bible boa yɛn ma yenya adwene a ɛteɛ wɔ abrabɔ pa ho akwankyerɛ ho?

□ Kyerɛwsɛm mu nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara anaa ahyɛde horow ho bɛn na yehia?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Ɛho hia sɛ nnipa a wɔyɛ katee wɔ wɔn ankasa so no hwɛ yiye wɔ mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛyɛ mmara pii ama afoforo na wɔahyɛ wɔn ma wɔadi so ho

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

Mfomso mu no, ebinom ate nka sɛ Kristoni wɔ hokwan sɛ ɔyɛ biribiara a n’ahonim ma kwan

[Kratafa 18 mfoni]

Wɔ abrabɔ pa ho nsɛm mu no, nkurɔfo adan fi adwene biako a ɛkɔ akyiri dodo so akɔ foforo so

ASƐYƐDE NKATE AHONIM

MMARA HOROW AHYƐDE HOROW TUMI

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena