Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • cf ti 15 kr. 150-160
  • ‘Ɛyɛɛ No Mmɔbɔ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ɛyɛɛ No Mmɔbɔ’
  • “Bra Bedi M’akyi”
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Nkurɔfo Asɛm Yɛ N’asɛm
  • Ofii Ne Pɛ Mu Boaa Nkurɔfo
  • Ayamhyehye Na Ɛkaa Yesu Ma Ɔkaa Asɛm No
  • So Biribi Ka Wo Ma Woyɛ W’ade Sɛnea Yesu Yɛe no?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Yehowa—Yɛn Agya Mmɔborohunufo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • “Moahu Kristo Dɔ” No”
    Bɛn Yehowa
  • Yehowa De Ayamhyehye na Edi Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
“Bra Bedi M’akyi”
cf ti 15 kr. 150-160

TI 15

‘Ɛyɛɛ No Mmɔbɔ’

Yesu rebue mmarima mmienu bi a wɔn ani afura ani.

“Awurade, ma yɛn ani mmue

1-3. (a) Bere a anifuraefo mmienu bi srɛɛ Yesu hɔ mmoa no, dɛn na Yesu yɛe? (b) Dɛn na asɛm “wɔyɛɛ no mmɔbɔ” no kyerɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

NÁ ANIFURAEFO mmienu bi te kwan ho wɔ Yeriko kurotia. Da biara, na wɔhwɛ ɛhɔ baabi a nnipa pii nam, na wɔakogyina hɔ asrɛsrɛ sika. Nanso saa da yi de, na biribi rebesi, na na ɛbɛsesa wɔn asetena koraa.

2 Anifuraefo yi wɔ hɔ ara, prɛko pɛ na wɔtee dede bi. Esiane sɛ na wɔnhu nea ɛrekɔ so nti, wɔn mu baako bisae ma wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yesu, Nasaretni no na ɔretwam!” Ná Yesu retwam akɔ Yerusalem, na na wei ne bere a etwa to a ɔrekɔ hɔ. Ná ɛnyɛ ɔno nko ara na ɔnam; na nnipadɔm di n’akyi. Bere a anifuraefo no tee sɛ Yesu retwam no, wɔteɛteɛɛm denneennen sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!” Nnipadɔm no bo fuw wɔn, na wɔteɛteɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ dinn, nanso wɔannyae, wɔkɔɔ so ara teɛteɛɛm kɛse sɛ Yesu mmoa wɔn.

3 Yesu tee wɔn nne wɔ nnipadɔm no mu. Dɛn na na ɔbɛyɛ? Ná nneɛma pii wɔ n’adwene mu saa bere no. Ná aka bɛyɛ nnawɔtwe ma Yesu awu. Ná onim sɛ obehu amane na wɔakum no yayaayaw wɔ Yerusalem. Nanso ne nyinaa akyi no, wammu n’ani angu anifuraefo no so. Ogyinae, na ɔkaa sɛ wɔmfa wɔn a wɔreteɛteɛm no mmrɛ no. Anifuraefo no srɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn ani mmue.” “Ɛyɛɛ Yesu mmɔbɔ” ma ɔde ne nsa kaa wɔn ani, na wɔhuu ade.a Ntɛm ara na wɔdii n’akyi.—Luka 18:35-43; Mateo 20:29-34.

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu maa nkɔmhyɛ a ɛfa ne ho a ɛka sɛ, “ɔbrɛfo . . . asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ” no baa mu?

4 Ɛnyɛ saa bere yi nko ara na Yesu daa ayamhyehye adi. Ɔdaa ayamhyehye adi mpɛn pii, na ɔyɛɛ saa wɔ tebea ahorow mu. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ “ɔbrɛfo . . . asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ.” (Dwom 72:13) Nea ɛne saa asɛm no hyia no, Yesu nyaa tema maa afoforo. Ofii ne pɛ mu boaa nkurɔfo. Ayamhyehye a na ɔwɔ ma nnipa no na ɛkaa no ma ɔyɛɛ asɛnka adwuma no. Ma yɛnhwɛ sɛnea Nsɛmpa no ma yehu nea ɛkaa Yesu ma ɔdaa ayamhyehye adi wɔ ne kasa ne ne nneyɛe mu, ne sɛnea yɛn nso yebetumi ada ayamhyehye a ɛte saa adi.

Ná Nkurɔfo Asɛm Yɛ N’asɛm

5, 6. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ tema paa?

5 Ná Yesu wɔ tema paa. Ná ɔte wɔn a na wɔrehu amane no ase, na ɔmaa wɔn asɛm yɛɛ n’asɛm. Ɛwom sɛ nea wɔn a na worehu amane no refa mu no, Yesu amfa ne nyinaa mu bi de, nanso ɔtee nka maa wɔn. (Hebrifo 4:15) Bere a Yesu resa ɔbea bi a na mogya atu no mfe 12 yare no, ɔkaa sɛ, ɔbea no yare no yɛ “yare a emu yɛ den,” enti asɛm a Yesu kae no ma yehu sɛ, ogye toom sɛ yare no ama ɔbea no ahu amane pii. (Marko 5:25-34) Bere a Yesu huu Maria ne wɔn a na wɔne no resu wɔ Lasaro wu no ho no, awerɛhow a na wɔredi no maa Yesu ho yeraw no. Ɛwom sɛ na Yesu rebenyan Lasaro de, nanso awerɛhow maa n’ani taataa nusu.—Yohane 11:33, 35.

6 Bere foforo nso, ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛsrɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ a, wubetumi asa me yare.” Dɛn na Yesu, onipa a ɔyɛ pɛ a na ɔnyaree da no yɛe? Ɔkwatani no asɛm no kaa Yesu koma. Nokwarem no, “ɔyɛɛ no mmɔbɔ.” (Marko 1:40-42) Afei, Yesu yɛɛ biribi a na ɛyɛ nwanwa paa. Ná Mmara no kyerɛ sɛ akwatafo ho ntew, na wɔnni hokwan sɛ wɔkɔ nnipa mu. Ná Yesu nim wei paa. (Leviticus 13:45, 46) Yesu pɛ a, anka obetumi asa ɔbarima no yare a ɔremfa ne nsa nka no. (Mateo 8:5-13) Nanso, ɔteɛɛ ne nsa kaa ɔkwatani no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.” Amonom hɔ ara kwata no tu yerae. Ná nkurɔfo asɛm yɛ Yesu asɛm ampa!

Onuawa bi rekyekye onuawa foforo werɛ.

Da “tema” adi

7. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛanya tema ama nkurɔfo, na ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ada saa suban yi adi?

7 Yɛyɛ Kristofo, enti ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu na yenya tema ma afoforo. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya “tema.”b (1 Petro 3:8) Nea wɔn a wɔwɔ adwenemyare, anaa wɔwɔ yare koankɔ refam no, sɛ ebi ntoo yɛn a, ebetumi ayɛ den sɛ yebehu sɛnea wɔte nka ankasa. Nanso kae sɛ, ɛho nhia sɛ yɛfa tebea a obi refa mu no bi mu ansa na yɛahu no mmɔbɔ. Ɛwom sɛ Yesu ankasa anyare da de, nanso onyaa tema maa nnipa a na wɔyare no. Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn anya tema a ɛte saa ama afoforo? Sɛ wɔn a wɔrehu amane no reka wɔn haw akyerɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie wɔn yiye. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ me na biribi a ɛte saa ato me a, anka mɛte nka sɛn?’ (1 Korintofo 12:26) Sɛ yɛma nkurɔfo asɛm yɛ yɛn asɛm, na yenya tema ma wɔn a, ɛbɛma yɛatumi ‘akyekye wɔn a wɔabotow no werɛ.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Ɛtɔ mmere bi a, ɛnyɛ yɛn anom nsɛm nko ara na yɛde kyerɛ sɛ yɛwɔ tema, na mmom yebetumi asu nso de akyerɛ saa. Romafo 12:15 ka sɛ: “Mo ne wɔn a wosu nsu.”

8, 9. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ sɛnea afoforo te nka no, na ehia no?

8 Ná sɛnea afoforo te nka hia Yesu paa. Enti sɛnea ɔne nkurɔfo dii no kyerɛ sɛ na odwen wɔn ho. Kae bere a wɔde ɔbarima bi a n’aso asiw na ontumi nkasa yiye brɛɛ no no. Ɛda adi sɛ bere a Yesu hui sɛ ɔbarima no ho yeraw no no, ɔyɛɛ biribi a na ɔntaa nyɛ bere a ɔresa nkurɔfo yare no: “Ɔde [ɔbarima] no fii nnipadɔm no mu,” na ɔde no kɔɔ nkyɛn baabi a nnipadɔm no renhu no kɔsaa no yare.—Marko 7:31-35.

9 Bere foforo nso a wɔde ɔbarima bi a n’ani afura brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yare no, Yesu daa tema a ɛte saa ara adi kyerɛɛ no. Yesu ‘soo onifuraefo no nsa de no kɔɔ kurow no akyi,’ na ɔsaa no yare nkakrankakra. Ɛbɛyɛ sɛ wei boaa ɔbarima no ma n’ani no buee nkakrankakra sɛnea ɛbɛyɛ a owia hann no remma n’ani so nwowɔw no. (Marko 8:22-26) Hwɛ sɛnea Yesu dwen nnipa ho!

10. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwen sɛnea afoforo te nka ho?

10 Yesu akyidifo a yɛyɛ no hwehwɛ sɛ yedwen sɛnea afoforo te nka ho. Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yiye, na yɛkae nso sɛ, sɛ yɛamfa yɛn tɛkrɛma anni dwuma yiye a, ebetumi apira afoforo. (Mmebusɛm 12:18; 18:21) Yɛyɛ Kristofo a yedwen sɛnea afoforo te nka ho, enti ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ yɛn nuanom, yebu wɔn animtiaa, anaa yɛbɔ wɔn akutia. (Efesofo 4:31) Mpanyimfo, mobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ mudwen sɛnea afoforo te nka ho? Sɛ moretu obi fo a, monka nsɛm a ɛbɛma ne koma atɔ ne yam, na anhyɛ no aniwu. (Galatifo 6:1) Awofo, dɛn na mubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ, sɛnea mo mma te nka no hia mo? Sɛ moreteɛ mo mma so a, monyɛ no ɔkwan bi so a ɛremma wɔnte nka sɛ moregu wɔn anim ase.—Kolosefo 3:21.

Ofii Ne Pɛ Mu Boaa Nkurɔfo

11, 12. Bible mu nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔanhyɛ Yesu ansa na ɔrehu nkurɔfo mmɔbɔ?

11 Ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo bisaa Yesu hɔ mmoa ansa na ɔrehu wɔn mmɔbɔ. Nokwarem no, ayamhyehye nyɛ suban bi a yɛda no adi kɛkɛ, na mmom ɛyɛ suban a ɛkanyan yɛn ma yɛboa afoforo. Ɛnde, ɛnyɛ nwanwa sɛ ayamhyehye a Yesu wɔ no kanyan no ma ofii ne pɛ mu boaa afoforo. Sɛ nhwɛso no, bere a nnipadɔm bi tenaa Yesu nkyɛn nnansa a na wɔnni aduan biara a wɔbedi no, ɛnyɛ obi na ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔkɔm de nkurɔfo no anaa ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ ho biribi. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Yesu frɛɛ n’asuafo no baa ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: ‘Nnipadɔm yi yɛ me mmɔbɔ, efisɛ wɔatena me nkyɛn nnansa ni, na wonni hwee a wobedi. Mempɛ sɛ mɛma wɔde kɔm akɔ. Anhwɛ a na wɔakotwitwa ahwe wɔ kwan so.’” Afei, Yesu ankasa fi ne pɛ mu maa nnipadɔm no aduan dii anwanwakwan so.—Mateo 15:32-38.

12 Susuw nhwɛso foforo nso ho. Afe 31 Y.B. mu, bere a aka kakra ama Yesu adu Nain kurow no mu no, ohuu awerɛhosɛm bi. Ná nnipa bi a wɔreyɛ ayi ato santen refi kurow no mu, na ɛbɛyɛ sɛ na wɔde wɔn ani akyerɛ amusiei bi a ɛbɛn kurow no rekosie ‘okunafo bi babarima a odi no bakoro pɛ.’ Susuw yaw a ɛbɛyɛ sɛ na maame no redi no ho hwɛ! Ná ɔrekosie ne babarima a odi no bakoro, na na onni kunu a ɔbɛkyekye ne werɛ. Nnipa a na wɔato santen no nyinaa mu no, okunafo a ne ba awu no na Yesu ‘huu no.’ Yesu tee nka maa no, na Bible ka mpo sɛ, “ɔyɛɛ no mmɔbɔ.” Ɛnyɛ obi na ɔhyɛɛ Yesu sɛ ɔnyɛ tebea no ho biribi. Ayamhyehye a na ɔwɔ no na ɛkaa no ma ɔyɛɛ ho biribi. Enti, ‘ɔbɛn wɔn, na ɔde ne nsa kaa ade a funu no da so no,’ na onyan aberante no. Ɛno akyi no, dɛn na esii? Yesu anka ankyerɛ aberante no sɛ ɔmmɛka nnipadɔm no ho mma wɔne no nkɔ. Mmom no, ‘ɔde no maa ne maame,’ na ɔkaa wɔn boom bio sɛnea ɛbɛyɛ a okunafo no benya ɔboafo.—Luka 7:11-15.

Onuawa ababaa bi reboa onuawa bi a wanyin ama wadua nhwiren.

Fi wo pɛ mu yɛ nneɛma boa afoforo

13. Nneɛma bɛn na yebetumi afi yɛn pɛ mu ayɛ aboa wɔn a wɔhia mmoa de asuasua Yesu?

13 Yɛbɛyɛ dɛn adi Yesu nhwɛso no akyi? Nokwarem no, yɛrentumi mfa anwanwakwan so mma nkurɔfo aduan na yɛrentumi nyan awufo nso. Nanso, yebetumi afi yɛn pɛ mu ayɛ nneɛma aboa afoforo de asuasua Yesu. Ebia na yɛn nua Kristoni bi sikasɛm ayɛ basaa anaasɛ n’adwuma afi ne nsa. (1 Yohane 3:17) Ebia na okunafo bi fie asɛe a ehia sɛ wɔsiesie ma no ntɛm. (Yakobo 1:27) Ebetumi nso aba sɛ yenim abusua bi a wɔn dɔfo awu a wɔhia awerɛkyekye anaa mmoa. (1 Tesalonikafo 5:11) Sɛ yehu sɛ obi hia mmoa ampa a, ɛho nhia sɛ yɛtwɛn ma obebisa yɛn ansa na yɛaboa no. (Mmebusɛm 3:27) Sɛ yɛwɔ ayamhyehye a, ɛbɛka yɛn ama yɛafi yɛn pɛ mu aboa afoforo sɛnea yɛn tebea bɛma kwan. Ɛnsɛ sɛ woma wo werɛ fi da sɛ, ayamye kakra a wobɛda no adi, anaa nsɛm kakra a wubefi wo koma mu aka de akyekye obi werɛ no betumi akyerɛ sɛ wowɔ ayamhyehye paa.—Kolosefo 3:12.

Ayamhyehye Na Ɛkaa Yesu Ma Ɔkaa Asɛm No

14. Adɛn nti na Yesu de asɛmpaka adwuma no dii kan wɔ n’asetena mu?

14 Sɛnea yehui wɔ Ɔfã 2 wɔ nhoma yi mu no, Yesu yɛɛ nhwɛso soronko wɔ sɛnea ɔyɛɛ asɛmpaka adwuma no ho. Ɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.” (Luka 4:43) Adɛn nti na ɔde adwuma yi dii kan wɔ n’asetena mu? Ade a ɛkaa no ma ɔyɛɛ saa paa ne ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn. Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛkanyan Yesu. Ɛne sɛ, ayamhyehye a na ɔwɔ nti, ɔboaa afoforo maa gyidi a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no yɛɛ den. Akwan a Yesu faa so daa ayamhyehye adi nyinaa mu no, nea na ehia paa ne sɛnea ɔboaa nkurɔfo ma wɔbehuu Onyankopɔn no. Ma yensusuw nsɛm mmienu bi a esisii ho, ɛbɛma yɛahu sɛnea na Yesu bu nnipa a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no. Ɛbɛboa ama yɛasusuw nea ɛka yɛn ma yɛn nso yɛka asɛm no kyerɛ afoforo no ho.

15, 16. Nsɛm mmienu bɛn na esisii a ɛma yehu sɛnea na Yesu bu nnipa a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no?

15 Afe 31 Y.B. mu, bere a na Yesu de bɛyɛ mfe mmienu ayɛ asɛmpaka adwuma no denneennen akyi no, ɔtrɛw n’adwuma no mu “kokyinkyin nkurow ne nkuraa nyinaa mu” wɔ Galilea. Nea ohui wɔ hɔ no kaa ne koma. Ɔsomafo Mateo kaa sɛ: “Bere a ohuu nnipadɔm no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔayɛ sɛ nguan a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:35, 36) Ná Yesu dwen ahiafo ho. Ná onim sɛ wɔhia Onyankopɔn, nanso na wɔnnim no mpo na wɔatumi abɛn no. Ná onim nso sɛ nyamesom akannifo a anka ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn so no mmom teetee wɔn, na na wɔato wɔn asaworam koraa. Ayamhyehye kaa Yesu ma ɔbɔɔ mmɔden kaa anidaso asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no. Nea na wɔhia paa ne Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no.

16 Abosome kakraa bi akyi, bere a na aka kakraa bi ama wɔadi Twam Afahyɛ no wɔ afe 32 Y.B. no, asɛm bi a ɛte saa ara sii. Saa bere yi de, Yesu ne n’asomafo no faa ɔkorow twaa Galilea Po no sɛ wɔrekɔpɛ baabi a atew ne ho akɔhyɛ hɔ ahome kakra. Nanso, nnipadɔm bi faa po no ano dii wɔn anim kan. Yesu yɛɛ n’ade sɛn? “Bere a osii fam no, ohuu nnipadɔm kɛse bi, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Marko 6:31-34) Ɛha nso, nnipa no ‘yɛɛ Yesu mmɔbɔ,’ efisɛ na wɔhia honhom fam mmoa paa. Ná wɔnnim Yehowa Nyankopɔn yiye, na na wɔagyaw wɔn agu hɔ te sɛ “nguan a wonni hwɛfo.” Ayamhyehye na ɛkaa Yesu ma ɔkaa asɛm no, na ɛnyɛ sɛ na obu no sɛ adwuma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ kɛkɛ.

Onuawa bi reka asɛm no akyerɛ maame bi wɔ asɛnka mu, na wutumi hu sɛ odwen maame no ho.

Fi ayamhyehye mu ka asɛm no

17, 18. (a) Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ahu afoforo mmɔbɔ?

17 Yɛn a yɛyɛ Yesu akyidifo no, dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no? Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 9 mu no, wɔama yɛn adwuma sɛ yɛnka asɛm no nkyerɛ nkurɔfo na yɛmma wɔmmɛyɛ Yesu asuafo. (Mateo 28:19, 20; 1 Korintofo 9:16) Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu adwuma yi sɛ asɛyɛde bi kɛkɛ. Na mmom, ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no kanyan yɛn ma yɛka n’Ahenni no ho asɛmpa no. Ayamhyehye a yɛwɔ ma wɔn a wɔnsom Yehowa no nso ka ho bi na yɛka asɛm no. (Marko 12:28-31) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn ahu afoforo mmɔbɔ?

18 Ɛsɛ sɛ yenya adwene a na Yesu wɔ wɔ nnipa ho no bi. Ná obu wɔn sɛ “nguan a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ a wonni hwɛfo.” Fa no sɛ woakohyia oguan ba bi a wayera. Esiane sɛ oguan ba a wayera yi nni ɔhwɛfo a ɔde no bɛkɔ baabi a sare frɔmfrɔm ne nsu wɔ nti, ɔkɔm ne sukɔm de no. Anka oguan ba yi ho renyɛ wo mmɔbɔ anaa? Anka worenyɛ nea wubetumi biara mma no aduan ne nsu anaa? Nnipa pii a wɔntee asɛmpa no te sɛ saa oguan ba no. Esiane sɛ nyamesom akannifo ato wɔn asaworam nti, honhom fam kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔnni anidaso biara. Yɛwɔ nea wɔhia no, ɛno ne: Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛte sɛ aduan a ɛma ahoɔden, ne nsu a ɛma akomatɔyam no. (Yesaia 55:1, 2) Sɛ yɛhwɛ sɛnea nnipa a atwa yɛn ho ahyia no nnim Onyankopɔn no a, ɛma wɔyɛ yɛn mmɔbɔ. Sɛnea Yesu yɛe no, sɛ yɛn nso yɛte nka ma wɔn a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara aka Ahenni no ho anidaso asɛm akyerɛ wɔn.

19. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa Bible suani a ɔfata sɛ ofi asɛnka ase?

19 Yɛbɛyɛ dɛn aboa afoforo ama wɔadi Yesu nhwɛso akyi? Fa no sɛ yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Bible suani bi a ɔfata sɛ ofi asɛnka adwuma no ase nkuran. Anaasɛ, ebia yɛpɛ sɛ yɛboa obi a wagyae asɛnka kɔ ma ɔsan de ne ho hyɛ asɛnka adwuma no mu bio. Yɛbɛyɛ dɛn aboa nnipa a wɔte saa? Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kanyan wɔn koma. Kae sɛ, nea edi kan, nkurɔfo no ‘yɛɛ Yesu mmɔbɔ,’ afei ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. (Marko 6:34) Enti sɛ yetumi boa Bible suani bi ma ohu nnipa mmɔbɔ a, ɛbɛka ne koma ma wasuasua Yesu na waka asɛmpa no. Yebetumi abisa no sɛ: “Sɛn na Ahenni no ho ade a woasua no ama w’abrabɔ ayɛ kama? Wohwɛ a, ehia sɛ woka asɛmpa no kyerɛ wɔn nso a wɔnnya ntee asɛm no anaa? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn?” Nokwarem no, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom no no paa na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no.

20. (a) Dɛn na Yesu akyi a yebedi no hwehwɛ sɛ yɛyɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

20 Yesu akyi a yebedi no hwehwɛ sɛ yɛbɛka ne nsɛm no akyerɛ nkurɔfo na yɛayɛ yɛn ade te sɛ ɔno. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara na ehia sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yenya “adwene” a na ɔwɔ no bi. (Filipifo 2:5) Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ Bible no ma yehu nea enti a Yesu kaa nsɛm bi ne sɛnea na ɔte nka wɔ ho, ne nea enti a ɔyɛɛ n’ade wɔ ɔkwan bi so! Sɛ yenya “Kristo adwene” a, ɛbɛma yɛada tema adi na yɛahu afoforo mmɔbɔ, na ama yɛayɛ wɔn sɛnea Yesu yɛɛ nkurɔfo no. (1 Korintofo 2:16) Ti a edi hɔ no mu no, yɛbɛhwɛ akwan a Yesu faa so daa ɔdɔ adi kyerɛɛ n’akyidifo no.

a Wɔkyerɛ sɛ, Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘ɛyɛɛ no mmɔbɔ’ no, ɛyɛ Greek asɛmfua a emu dɔ sen biara a wɔde gyina hɔ ma ayamhyehye no mu baako. Nhwehwɛmu nhoma bi kyerɛ sɛ “ɛyɛ tema a wɔnya ma obi a ɔrehu amane, nanso ɛnso hɔ ara, ɛsan kyerɛ atenka a emu yɛ den a obi nya sɛ ɔbɛma obi a ɔrehu amane no ho atɔ no.”

b Nea Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “tema” kyerɛ ankasa ne sɛ “wo ne obi behu amane.”

Wobɛyɛ Dɛn Adi Yesu Akyi?

  • Sɛn na Yesu ne afoforo dii nsɛm a ɛma yehu sɛ na ɔwɔ ayamhyehye, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?—Mateo 11:28-30.

  • Adɛn nti na ɛho hia sɛ yesuasua sɛnea Yesu daa mmɔborɔhunu anaa ayamhyehye adi kyerɛɛ afoforo no?—Mateo 9:9-13; 23:23.

  • Nneɛma bɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ sɛnea afoforo te nka no, na odwen ho, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?—Luka 7:36-50.

  • Ɔkwan bɛn so na mfatoho a ɛfa Samariani mmɔborɔhunufo no ho no ma yehu sɛ ayamhyehye yɛ suban pa, na sɛn na yebetumi de aba a ɛwɔ asɛm no mu ayɛ adwuma?—Luka 10:29-37.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena