Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No
    Ɔwɛn-Aban—2000 | April 1
    • 6. (a) Dɛn nti na Yesu frɛɛ ahosakra no anisoadehu? (b) Ahosakra no yɛɛ dɛn ho mfonini?

      6 Ɛda adi sɛ anwonwasɛm yi sii wɔ Bepɔw Hermon sorɔnsorɔmmea no mu biako atifi, baabi a Yesu ne n’asomafo baasa daa hɔ anadwo. Akyinnye biara nni ho sɛ ahosakra no sii anadwo, na ɛma wohuu no yiye. Ade biako nti a Yesu frɛɛ no anisoadehu ne sɛ, na Mose ne Elia awuwu dedaadaw, na ɛnyɛ wɔn ankasa na woyii wɔn ho adi no. Kristo nkutoo na na ɔwɔ hɔ ankasa. (Mateo 17:8, 9) Adeyɛ a ɛhyerɛn saa no maa Petro, Yakobo, ne Yohane dii kan huu Yesu Ahenni tumi mu a na ɔbɛba wɔ anuonyam mu no ho mfonini. Mose ne Elia yɛ Yesu mfɛfo adedifo a wɔasra wɔn a ɔne wɔn bedi ade no ho mfonini, na anisoadehu no hyɛɛ n’adanse a odii wɔ Ahenni no ne ne hene a obedi daakye ho no mu den.

  • Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No
    Ɔwɛn-Aban—2000 | April 1
    • 8. (a) Dɛn so na asɛm a Onyankopɔn ka faa ne Ba no ho no twee adwene sii? (b) Ná mununkum a ɛbaa ahosakra no mu no kyerɛ dɛn?

      8 Onyankopɔn asɛm a ɔkae no fã a ɛho hia paa ne: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!” Asɛm yi twe adwene si Yesu so sɛ Onyankopɔn Hene a ɔde no asi agua so a ɛsɛ sɛ abɔde nyinaa tie no. Mununkum a ɛkataa wɔn so no kyerɛe sɛ anisoadehu yi mmamu bɛyɛ nea aniwa nhu. Wɔn a wohu Yesu Ahenni tumi mu a waba a aniwa nhu no no nkutoo na wɔde ntease aniwa behu “sɛnkyerɛnne” no. (Mateo 24:3) Nokwarem no, bɔ a Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara kosi sɛ wobenyan onipa Ba no afi awufo mu no kyerɛ sɛ ne so a wɔbɛma ne anuonyam a wɔbɛhyɛ no no bɛba wɔ ne wusɔre no akyi.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena