Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 60 kr. 144-kr. 145 nky. 7
  • Ahosakra no Yɛ Kristo Anuonyam Ho Mpopoe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahosakra no Yɛ Kristo Anuonyam Ho Mpopoe
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Kristo Ahosakra No Ka Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Bere a Yesu Ba Wɔ Ahenni Anuonyam Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • So Wobɛyɛ Ɔnokwafo Te Sɛ Elia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ɔmaa Ne Nyankopɔn Kyekyee Ne Werɛ
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 60 kr. 144-kr. 145 nky. 7
Yesu asakra ne ho wɔ Petro, Yakobo, ne Yohane anim; Mose ne Elia abɛpue hɔ

TI 60

Ahosakra No Yɛ Kristo Anuonyam Ho Mpopoe

MATEO 16:28–17:13 MARKO 9:1-13 LUKA 9:27-36

  • AHOSAKRA NO

  • ASOMAFO NO TEE ONYANKOPƆN NNE

Ɛfiri Kaesarea Filipi rekɔ Bepɔ Hermon so bɛyɛ kilomita 25, na Kaesarea hɔ na na Yesu rekyerɛkyerɛ nkurɔfo. Ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no, ɔde asɛm kɛse bi too dwa. Ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, wɔn a wɔgyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ da kɔsi sɛ wɔbɛhunu sɛ onipa Ba no reba n’ahennie mu.”—Mateo 16:28.

Ɛbɛyɛ sɛ asuafo no ante Yesu asɛm no ase. Bɛyɛ nnawɔtwe akyi no, ɔfaa asomafo no mmiɛnsa kaa ne ho kɔɔ bepɔ tenten bi so. Asomafo no ne Petro, Yakobo ne Yohane. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ anadwo, efisɛ na wɔn mmiɛnsa nyinaa ani kum. Yesu gu so rebɔ mpae no, ɔsakraa wɔ wɔn anim. Asomafo no huu sɛ n’anim hyerɛn te sɛ awia, na n’atade nso hyerɛn sɛ kanea.

Ɛhɔ ara na nnipa mmienu bɛpuee hɔ, na na wɔn su te sɛ “Mose ne Elia.” Wɔfirii ase ne Yesu kaa ne “kɔ a na ɛtwa sɛ ɛba mu wɔ Yerusalem no ho asɛm.” (Luka 9:30, 31) Yesu kɔ a na wɔreka ho asɛm no fa ne wuo a ɔbɛwu na wanyane akɔ soro no ho. (Mateo 16:21) Saa nkɔmmɔ no ma ɛdaa adi sɛ, sɛnea na Petro adwene yɛ no no, na ɛnte saa koraa. Ná biribiara nni hɔ a ɛbɛma Yesu akwati animguase wuo no.

Afei deɛ na nna no atete asomafo mmiɛnsa no ani so, na nea wɔtee ne nea wɔhui no maa wɔn ho dwirii wɔn. Ná ɛyɛ anisoadehu, nanso ɛyɛɛ wɔn sɛ asɛm paa. Petro mpo deɛ na ɔpɛ sɛ ɔnya nea ɛrekɔ so no mu kyɛfa. Enti ɔkaa sɛ: “Rabi, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha, enti ma yɛnsi ntomadan mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako.” (Marko 9:5) Ɛbɛyɛ sɛ na Petro pɛ sɛ anisoadehu no toa so nti na ɔyɛɛ sɛ ɔresi ntamadan no.

Bere a Petro gu so rekasa no, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi kasaa mununkum no mu sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ medɔ no a megye no tom; montie no.” Bere a asomafo no tee Onyankopɔn nne no, ehu kaa wɔn ma wɔde wɔn anim butubutuu fam. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsɔre, monnsuro.” (Mateo 17:5-7) Asomafo mmiɛnsa no sɔree no, wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara. Ná anisoadehu no aba awiei. Anim tetee a wɔresian afiri bepɔ no so no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnka anisoadehunu no ho asɛm nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ wɔbɛnyane onipa Ba no afiri awufoɔ mu.”—Mateo 17:9.

Elia a asomafo no huu no wɔ anisoadehu no mu nti, wɔbisaa Yesu sɛ: “Adɛn nti na atwerɛfoɔ no ka sɛ ɛtwa sɛ Elia ba ansa?” Yesu buaa wɔn sɛ: “Elia aba dada a wɔanhu no.” (Mateo 17:10-12) Ná Yesu reka Yohane Suboni ho asɛm. Yohane bɛdii dwuma bi te sɛ Elia de no. Elia bɛsiesiee kwan mu maa Elisa, ɛnna Yohane nso bɛsiesiee kwan mu maa Kristo.

Hwɛ sɛnea anisoadehu no bɛhyɛ Yesu ne asomafo no nyinaa nkuran! Ɛyɛ anuonyam a Kristo bɛnya wɔ n’Ahenni mu no ho mpopoe. Enti yɛbɛtumi aka sɛ sɛnea Yesu kae no, asuafo no huu sɛ “onipa Ba no reba n’ahennie mu.” (Mateo 16:28) Wɔde wɔn ‘ani kann huu n’animuonyam.’ Ná Farisifo no repɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Hene a wayi no, nanso wamma wɔn sɛnkyerɛnne biara. Yesu asuafo a wɔbɛn no no deɛ, ɔma wɔhuu n’ahosakra no, na ɛsii so dua sɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ahenni no ho no bɛba mu. Ɛno nti na akyiri yi Petro kyerɛw sɛ: “Wɔahyɛ nkɔmhyɛsɛm no mu den ama yɛn.”—2 Petro 1:16-19.

  • Ɔkwan bɛn so na ebinom huu sɛ Yesu reba n’Ahenni mu ansa na wɔrewu?

  • Dɛn na Mose ne Elia kaa ho asɛm kyerɛɛ Yesu wɔ anisoadehu no mu?

  • Adɛn nti na ahosakra no hyɛɛ Kristo akyidifo no nkuran?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena