Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Sɛ Ɛsɛ sɛ Mutua Tow a, Muntua Tow”
    Ɔwɛn-Aban—1994 | November 15
    • Yɛ obi a ne ho nni asɛm. Ɛsɛ sɛ Kristofo ahwɛfo yɛ wɔn a ‘wɔn ho nni asɛm’ na wɔatumi afata ama wɔn dibea no. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa yɛ wɔn a wɔn ho nni asɛm Onyankopɔn anim. (1 Timoteo 3:2; fa toto Efesofo 5:27 ho.) Enti wɔbɔ mmɔden kura wɔn din pa mu wɔ mpɔtam a wɔte no wɔ towtua ho mpo. Yesu Kristo ankasa yɛɛ eyi ho nhwɛso. Wobisaa ne suani Petro sɛ Yesu tua asɔrefie tow a na ɛyɛ sika drakma abien pɛ no anaa. Nokwarem no, ná Yesu de ne ho wɔ saa tow yi tua ho, efisɛ na asɔrefie no yɛ n’Agya fie, na ɔhene biara nnye ne ba tow. Yesu kaa saa ara de, nanso otuaa saa tow no. Nokwarem no, ɔyɛɛ anwonwade mpo na onyaa sika a ehia no! Dɛn nti na otuaa tow a na ɔde ne ho wɔ ho ɔkwan biara so no? Sɛnea Yesu ankasa kae no, sɛnea “ɛbɛyɛ na yɛanto wɔn hintidua nti.”—Mateo 17:24-27.b

  • “Sɛ Ɛsɛ sɛ Mutua Tow a, Muntua Tow”
    Ɔwɛn-Aban—1994 | November 15
    • b Nea yɛnhyɛ no nsow ne sɛ Mateo Asɛmpa no nkutoo na ɛyɛɛ Yesu asase so asetra mu asɛm yi ho kyerɛwtohɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ honhom a Yesu yii no adi wɔ asɛm yi mu no maa Mateo, a na anka ɔno ankasa gyigye tow no, ho dwiriw no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena