Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Bobeturo Mu Adwumayɛfo Ho Mfatoho
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • “Ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi, efiewura bi a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔhwehwɛ apaafoɔ akɔ ne bobeturo mu. Berɛ a ɔne adwumayɛfoɔ no ka maa no sii sɛ ɔbɛma wɔn da koro denare baako no, ɔde wɔn kɔɔ ne bobeturo mu. Berɛ a ɔfirii adi bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa nso no, ɔhunuu ebinom sɛ wɔgyinagyina dwam a wɔnyɛ hwee; ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobeturo no mu, na mɛma mo deɛ ɛsɛ.’ Enti wɔkɔeɛ. Ɔsan firii adi bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia ne nkron kɔyɛɛ saa ara. Afei bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so dubaako no, ɔfirii adi kɔhunuu ebinom sɛ wɔgyinagyina hɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Adɛn nti na mogyinagyina ha da mũ nyinaa a monyɛ hwee?’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Obiara mmɔɔ yɛn paa ntira.’ Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobeturo no mu.’”—Mateo 20:1-7.

  • Bobeturo Mu Adwumayɛfo Ho Mfatoho
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Asɔfo ne nyamesom mpanimfoɔ a aka no, na wɔbu Yudafo mmɔborɔwafo no sɛ wɔnsom Onyankopɔn yie. Enti mpanimfoɔ no ani so deɛ, na wɔte sɛ adwumayɛfo a wɔamma Onyankopɔn bobeturo no mu ntɛm. Yesu mfatoho no mu no, nnipa a wɔbaa adwuma no mu “dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa” (anɔpa nnɔn 9:00), anaa wɔn a wɔbaa dɔn a ɛtɔ so nsia, nkron ne dubaako (anwummere nnɔn 5:00) no, wɔn nyinaa gyina hɔ ma mmɔborɔwafo no.

      Mmarima ne mmaa a na wɔdi Yesu akyi no, na mpanimfoɔ no bu wɔn sɛ nnipa a “wɔadome wɔn.” (Yohane 7:49) Ná wɔn mu dodo no ara yɛ apaafo ne mpataayifo. Afei afe 29 mu no, Onyankopɔn a ɔyɛ “bobeturo wura” no somaa Yesu sɛ ɔnkɔfrɛ saa mmɔborɔwafo no mma wɔmmɛyɛ n’apaafo, kyerɛ sɛ wɔmmɛyɛ Yesu asuafo. Saafo no ne “akyikafoɔ” a Yesu kaa sɛ wɔbaa dɔn a ɛtɔ so dubaako no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena