Mpanyimfo—Monyɛ Onyankopɔn Nguankuw No Brɛbrɛ!
“Yɛyɛɛ yɛn ho brɛbrɛ wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma.”—1 TESALONIKAFO 2:7.
1. Dɛn nti na Yehowa Ɔdansefo nokwafo biara betumi ate ahobammɔ nka?
YEHOWA ne Oguanhwɛfo Kɛse no. Ɔyɛ nsiesiei pii ma ne nkoa a wɔte sɛ nguan no na ɔde wɔn fa “akwantrenee so” ne din kronkron no nti. Enti, ɛho nhia sɛ wɔn a wɔyɛ n’apɛde no suro bɔne biara na wobetumi ahwɛ wɔn Nyankopɔn a ɔwɔ ayamhyehye no ma wakyekye wɔn werɛ. Ampa, Yehowa Ɔdansefo nokwafo biara wɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ ɔte nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ wɔ Onyankopɔn ɔhwɛ a efi ɔdɔ mu no mu.—Dwom 23:1-4.
2. Sɛ Onyankopɔn anuonyam no sɛso no, su horow bɛn na Yesu yii adi?
2 Yesu Kristo yɛ “[Onyankopɔn] anuonyam haran ne ne su sɛso.” (Hebrifo 1:1-4) Enti, Yesu a ɔne Oguanhwɛfo Pa no nso da ɔdɔ ne ayamhyehye adi. (Yohane 10:14, 15) Sɛ nhwɛso no, bere bi “ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.”—Marko 6:34.
3. (a) Te sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo no, su horow bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo ahwɛfo nkumaa yi adi? (b) Afotu ne kɔkɔbɔ bɛn na ɔsomafo Paulo de maa ahwɛfo?
3 Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa ‘sua Onyankopɔn na wɔnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ wɔn no.’ (Efesofo 5:1, 2) Enti ɛsɛ sɛ wonya ɔdɔ ne ayamhyehye. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ nokware wɔ Onyankopɔn nguankuw no ahwɛfo nkumaa no ho titiriw. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a honhom kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa Ba mogya atɔ wɔn no yiye. Na minim sɛ me kɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛe nguankuw no so, nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre na wɔaka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.”—Asomafo no Nnwuma 20:28-30, New World Translation.
4. (a) Bere bi akyi no, dɛn na ɛbae a na ɛne Paulo kɔkɔbɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 20:29, 30 no hyia? (b)Nsemmisa bɛn na ɛfata sɛ yesusuw ho afei?
4 Bere bi akyi no, awaefo a wɔyɛ “mpataku bɔne” bae na ‘wɔankyɛe nguankuw no so.’ Nanso ɛyɛ yɛn anigye dɛn ara sɛ mpanyimfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu no nyɛ atirimɔdenne saa! Nanso, mfɛfo gyidifo betumi ahwɛ kwan sɛ ahwɛfo a wɔde honhom apaw wɔn no ne wɔn bedi nsɛm wɔ ɔkwan bɛn so? Na ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔapaw wɔn saa no betumi ayɛ Yehowa nguan no brɛbrɛ?
Ɛnsɛ sɛ Wodi Nguankuw no so Bakoma
5. (a) Mpɛn pii no, wiase akannifo ne wɔn manfo di no dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ atirimɔden nni afã biara wɔ n’akyidifo mu?
5 Yebetumi ahwɛ kwan ma afata sɛ Kristofo mpanyimfo ne yɛn bedi nsɛm wɔ ayamhyehye mu. Wɔnte sɛ wiase sodifo a mpɛn pii odi wɔn nkoa so bakoma no. Sɛ nhwɛso no, wɔbɔ amanneɛ sɛ Franse hene Charlemagne (odii ade 768-814 Y.B. mu) “hyɛɛ Saxonfo wɔ owu yaw ase ma wogyee asubɔ, ɔtwee wɔn a wobuu Mmuadadi ne Bɔneka so no aso denneennen, na ɔde ɔhyɛ sii nsɛm a wɔde dan ti ananmu baabiara.” (The History of the Christian Church a William Jones kyerɛwee) Atirimɔden nni afã biara wɔ Yesu akyidifo mu, efisɛ ɔkae sɛ: “Munim sɛ abosonsomfo no sodifo di wɔn so bakoma, na wɔn mu nnipa akɛse no hyɛ wɔn so atirimɔden so. Ɛnte saa wɔ mo mu, na mmom ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse mo mu no yɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi anim wɔ mo mu no yɛ mo akoa, sɛnea Onipa ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsom nnipa afoforo, na ɔde ne nkwa ayɛ agyede ama afoforo pii no.”—Mateo 20:25-28, An American Translation.
6. (a) Ɛdefa mpanyimfo ho no, nokwasɛm atitiriw bɛn na ɛda adi? (b) Ntease wom sɛ asafo no hwɛ dɛn kwan fi mpanyimfo no nkyɛn, na ɛsɛ sɛ saa mmarima yi bu wɔn ho dɛn?
6 Kristoni ɔbarima a ‘ɔpɛ hwɛfodwuma no apɛ adwuma pa.’ (1 Timoteo 3:1) Sɛ yesusuw Yesu afotu a yɛaka ho asɛm no ho a, saa nokwasɛm atitiriw yi da adi: (1) Ɛnsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo hyɛ afoforo so atirimɔden so; (2) Ɛsɛ sɛ wɔn a wodi asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ Yesu akyidifo mu no yɛ wɔn nkoa, ɛnyɛ wɔn wuranom; ne (3) ɛsɛ sɛ mmarima a wɔpɛ hwɛfodwuma no bu no sɛ ɛyɛ “adwuma pa,” ɛnyɛ dibea bi a ɛkorɔn. (Mmebusɛm 25:27; 1 Korintofo 1:31) Asɛmfua “ɔpanyin” no mma obi so nsen Onyankopɔn asomfo afoforo. Mmom no, ntease wom sɛ asafo no bɛhwɛ kwan sɛ mpanyinfo nyinaa bɛyɛ wɔn a wɔanyin honhom mu, wɔwɔ osuahu, na wɔbrɛ wɔn ho ase a wodi anim wɔ ɔsom kronn mu. Ampa, ɛsɛ sɛ mpanyinfo bu wɔn ho sɛ Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne mfɛfo Kristofo nkoa a wɔbrɛ wɔn ho ase.—Romafo 12:11; Galatifo 5:13; Kolosefo 3:24.
7. (a) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo de 2 Korintofo 1:24 di dwuma dɛn wɔ wɔne afoforo nsɛnnii mu? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ wɔ akwankyerɛ ahorow a wonya fi Sodikuw no nkyɛn no ho?
7 Sɛnea ɛte no, ahobrɛase mu a ɔpanyin befi asom afoforo no besiw no kwan na wammɔ mmɔden sɛ “obedi” wɔn so “bakoma.” Na hwe sɛnea eye sɛ yɛn ahwɛfo no da su a ɛte sɛ nea na Paulo wɔ no adi! Ɔka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Korinto no sɛ: ‘Yɛnyɛ mo gyidi so wuranom, na mmom yɛyɛ me anigye ho yɔnko adwumayɛfo.’ (2 Korintofo 1:24) Nea ɛne no hyia no, wɔn a wofi ɔdɔ mu hwɛ mfɛfo gyidifo so no mfa nnipa mmara a ɛho nhia nyɛ wɔn so adesoa. Mmom no, Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow kyerɛ ahwɛfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu kwan ma wɔsom wɔ ɔkwan a ayamye wom na ɛboa so. Wɔkyerɛ obu a emu dɔ nso ma Onyankopɔn nguankuw no denam akwankyerɛ ahorow a wɔn nsa ka fi Yehowa Adansefo Sodikuw no hɔ a wɔde di dwuma ntɛm ara no so.—Asomafo no Nnwuma, ti 15.
8. Su bɛn na na Paulo wɔ wɔ mfɛfo gyidifo ho, na ɛsɛ sɛ eyi ka afeha 20 yi mu mpanyimfo dɛn?
8 Esiane sɛ na Paulo yɛ Onyankopɔn nguankuw no brɛbrɛ nti, otumi ka kyerɛe Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no sɛ: “Yɛyɛɛ yɛn ho brɛbrɛ wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma, na sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo.” (1 Tesalonikafo 2:7, 8) Paulo yɛɛ sɛnea ɔbagyigyefo bi a ɔdɔ ne mma kɛse araa ma ɔde wɔn ahiade di n’ankasa de kan na ɔyɛ wɔn brɛbrɛ no yɛ. Hwɛ sɛnea ese sɛ eyi ka afeha a ɛto so 20 yi mu mpanyimfo ma wɔyɛ Onyankopɔn nguankuw no brɛbrɛ!
Ahotɔ ne Ɔhome Fibea
9. Yehowa nnɛyi nkurɔfo tebea bɛn na wɔkaa ho asɛm siei wɔ Yesaia 32:1, 2?
9 Odiyifo Yesaia retwe adwene akɔ Yesu Kristo ahenni nniso wɔ saa bere yi mu no so no, ɔka siei sɛ “trenee so” na ɔhene bi “bedi hene” na “asafohene” bedi asafohene ‘atɛntrenee so.’ Enti, mpanyimfo a wɔwɔ mprempren teokrase ahyehyɛde no mu no redi ɔsoro Ahenni a wɔde asi hɔ no nneɛma ho dwuma—asafohene adwuma ampa ara! Yesaia de nkɔmhyɛ foforo ka mmarima a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa yi ho asɛm sɛ: “Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.”—Yesaia 32:1, 2.
10. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin biara a ɔwɔ Yehowa Adansefo mu yɛ dɛn fibea?
10 Nea ɛnte sɛ Kristoman nyamesom akannifo nhyɛsofo no, mpanyimfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu no yɛ ahotɔ ne ɔhome fibea. Sɛ́ mpanyimfo akuw no, wɔma asomdwoe, kommyɛ, ne ahotɔ nya nkɔso wɔ Yehowa nkurɔfo mu. Sɛ́ ankorankoro no, ɔpanyin biara betumi aboa ama tebea pa yi akɔ so denam Onyankopɔn nguankuw no a ɔbɛyɛ wɔn brɛbrɛ no so.
Atɛntrenee ne Trenee Mu
11. (a) Tebea a na ɛwɔ afeha a edi kan Kristofo nyinaa mu bɛn na ɛwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu nnɛ? (b) Asɛyɛde bɛn na ahwɛfo wɔ wɔ asafo no ho, na dɛn ntia?
11 Ɛwom sɛ nsɛnnennen sɔree wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo ahorow mu de, nanso ne nyinaa mu no na wɔwɔ asomdwoe, biakoyɛ, ne anigye. (1 Korintofo 1:10-12; 3:5-9; Efesofo 1:2; Yakobo 2:1-9; 3:2-12; 4:11, 12; 1 Yohane 1:3, 4) Honhom mu tebea pa wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow pii mu nnɛ nso esiane Oyankopɔn nhyira, Kristo akanni, ne ahwɛfo a wɔapaw wɔn adwumayɛ a efi nokwaredi mu nti. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya asomdwoe, biakoyɛ, ne anigye wɔ asafo no mu nti, saa mmarima yi hwehwɛ ɔsoro mmoa na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Onyankopɔn ahyehyɛde no ho atew abrabɔ mu ne honhom fam. (Yesaia 52:11) Ahyehyɛde a ɛho ntew rentumi nya asomdwoe ne anigye da, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛrennya Onyankopɔn mpeneso ne ne nhyira. ‘N’aniwa yɛ kronkron a ontumi nhwɛ bɔne’ sɛ obenya bɔneyɛ ho koma. (Habakuk 1:13) Ɛnde, nea ɛka nneɛma afoforo ho no, wɔhwɛ kwan sɛ mpanyimfo bedi nsɛm wɔ ɔkwan a ɛteɛ na egyina kyerɛwnsɛm so so. Nanso nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔkae bere a wodi nsɛm bi ne nea ɛwɔ he?
12. Ɛwom sɛ wɔnhwehwɛ sɛ mpanyimfo hwehwɛ asafo no mufo kokoam nsɛm a emmu Bible mu mmara anaasɛ nnyinasosɛm ahorow so mu de, nanso esiane Galatifo 6:1 nti, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?
12 Ade biako ne sɛ, wɔ nsɛm a ɛyɛ ebinom ankasa nsɛm mu no, ebetumi ayɛ yiye sɛ ankorankoro besiesie nsɛm no kokoam. (Mateo 18:15-17) Esiane sɛ mpanyimfo no nyɛ ‘yɛn gyidi so katabaakofo’ nti wɔnhwɛ kwan sɛ wɔbɛhwehwɛ ebinom ankasa nsɛm a emmu Bible mmara anaa nnyinasosɛm ahorow so wɔ ɔkwan a ɛyɛ anibere so no mu. Sɛnea ɛte no, sɛ adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ obi “yɛ mfomso ansa na n’ani aba so a,” ɛsɛ sɛ wɔn a wɔfata honhom mu no ‘bɔ mmɔden sɛ wɔbɛteɛ onipa a ɔte saa no so odwo honhom mu.’—Galatifo 6:1, New World Translation.
13. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo gyina bɔneyɛ ho adanse nkutoo so na ɛyɛ biribi, na ɛnyɛ atesɛm so?
13 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo som “atɛntrenee mu,” a wɔnhwɛ anim bere nyinaa. Enti ɛsɛ sɛ wogyina bɔneyɛ ho adanse so na ɛyɛ ade, ɛnyɛ nea wɔte so. Paulo tuu fo sɛ: “Ntie asafo mu panyin so nkurobɔ, gye adansefo baanu anaa baasa anom.” (1 Timoteo 5:19) Sɛnea Yehowa gyinapɛn ahorow kyerɛ no, tete Israel no na ɛsɛ sɛ wogyina ‘adansefo baanu anaa baasa anom, ɛnyɛ biako so’ kum obi a wɔabɔ no bɔne a ɛsɛ owu ho sobo no. Bio nso, ɛda adi sɛ na nea wɔbɔ no sobo no nya hokwan yi ne ho ano wɔ n’anototofo no anim, na sɛ wonya adanse a ɛdɔɔso a, adansefo no nsa na egu no so kan kum no.’—Deuteronomium 17:6, 7.
14. (a) Dɛn na Diotrefe dii mfomso bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ? (b) Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ fi mpanyimfo hɔ bere a wodi nsɛm no?
14 Ɛsɛ sɛ wonya kyerɛwnsɛm mu nnyinaso pa ansa na asenni boayifo adi dwuma. Ɛyɛ yɛn anigye dɛn ara sɛ asafo mu ahwɛfo nte sɛ ɔhantanfo Diotrefe a na ɔwɔ afeha a edi kan Y.B. mu no! Odii mfomso bɔɔ mmɔden sɛ ‘obetu wɔn’ a wɔpɛ sɛ wogye anuanom akwantufo ahɔho no ‘afi asafo no mu.’ Ɔsomafo Yohane ammu eyi ne nnebɔne a foforo adewa na mmom ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Meba a, mɛkae ne nnwumma.” (3 Yohane 9, 10) Enti, ɛsɛ sɛ nnɛyi asenni boayikuw hwɛ hu sɛ Bible mu nnyinaso bi wɔ hɔ ma tu a obetu obiara afi asafo no mu.a Nokwarem no, Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ Kristofo mpanyimfo bebu atɛntreene wɔ wɔne afoforo nsennii mu. Ampa, ɛsɛ sɛ wɔn a wodi Yehowa asase so ahyehyɛde no mu nsɛm ho dwuma no yɛ “mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo.”—Exodus 18:21.
15. Afã bɛn na ɛsɛ sɛ mpaebɔ nya wɔ nsɛm a boayifo di mu?
15 Ɛsɛ sɛ Kristofo asenni boayifo biara hwehwɛ Yehowa mmoa wɔ mpaebɔ a efi komam mu. Ɛsɛ sɛ wɔde mpaebɔ fi nhyiam a wɔne onuabarima anaaa onuawa bi a wɔabɔ no bɔne a anibere wom ho sobo yɛ no ase na wɔde wie. Nokwarem no ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔbɛbɔ mpae wɔ nsusuwho no mu bere biara a Onyankopɔn mmoa ho ahiade pɔtee bi bɛsɔre no.—Yakobo 5:13-18.
16. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo di nsɛm dɛn, na dɛn ntia?
16 Mpanyimfo nim sɛ mfɛfo gyidini biara a wɔabɔ no bɔneyɛ ho sobo no yɛ “oguan” wɔ Onyankopɔn nguankuw no mu na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no brɛbrɛ. (Fa toto Hesekiel 34:7-14 ho.) Ɛho hia sɛ wɔyɛ nguan ankasa brɛbrɛ efisɛ wɔyɛ mmoa ahufo a wɔde wɔn ho to wɔn hwɛfo so na ama wɔanya ahobammɔ. Enti, mfonini kwan so nguan a wɔwɔ mo asafo no mu no nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ wɔte ahobammɔ nka wɔ Oguanhwɛfo Kɛse Yehowa Nyankopɔn ne Oguanhwɛfo Pa Yesu Kristo ɔhwɛ ase. Nanso ɛsɛ sɛ nguankuw no ahwɛfo nkumaa no yɛ ade wɔ ɔkwan a ɛboa komam asomdwoe ne ahobammɔ nkate a Yehowa nkoa a wɔte sɛ nguan no wɔ no. Ɛnde, sɛ woyɛ Kristoni ɔhwɛfo kumaa a, so wo nuanom mmarima ne mmea no te ahobammɔ ne kommyɛ nka wɔ wo hwɛ ase? Ampa, ɛsɛ sɛ mpanyimfo kura Bible mmara ne nnyinasosɛm ahorow mu pintinn. Nanso wɔhwehwɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu sɛ wɔne nguan no di wɔ ɔdɔ mu na wodi nsɛm odwo, kommyɛ, ayamye, ne ayamhyehye mu.
17. Kyerɛwnsɛm mu nsɛmpɔw bɛn na ɛsɛ sɛ ɛtra mpanyimfo adwenem, titiriw no wɔ mu?
17 Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ‘yɛn nyinaa fom mpɛn pii’ wɔ nea yɛka mu. (Yakobo 3:2) Yɛn mu biara hia Onyankopɔn mmɔborohunu ne Kristo “mpata afɔre” no. (1 Yohane 1:8-2:2; Dwom 130:2) Enti ɛsɛ sɛ Kristoni ɔhwɛfo kumaa bu ne ho sɛ ɔba fam na ɔkae Yesu nsɛm yi nso: “Sɛnea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara!” (Luka 6:31) Ɛsɛ sɛ wɔde saa afotu yi di dwuma titiriw wɔ boayifo asenni mu. Ɛsɛ sɛ mmarima a wɔfata honhom mu no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛteɛ Kristoni a wayɛ bɔne no so ‘odwo honhom mu, bere a wɔhwɛ wɔn ho na wɔansɔ wɔn nso anhwɛ.’—Galatifo 6:1; 1 Korintofo 10:12.
18. (a) Sɛ mpanyimfo ne afoforo di no atirimɔden so wɔ nsɛm a wodi mu a, dɛn na ebetumi afi mu aba? (b) Esiane Marko 9:42 nti, dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyinfo ne Kristofo afoforo hwɛ wɔn ho yiye wɔ ho na wɔanyɛ?
18 Sɛ mpanyimfo ne afoforo di no atirimɔden so bere a wodi wɔn asɛm a, eyi betumi apira ankorankoro a wɔte saa no. Nanso sɛ nkate anaa honam mu opira amfi mu amma mpo a, ebetumi apira wɔn kɛse honhom mu, na mpanyimfo no fata a wɔfata nso ho betumi aba asɛm. (Fa toto Yakobo 2:13 ho.) Enti, wɔ boayifo asenni ne mmere afoforo nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo nya ayamye na wɔhwɛ wɔn ho yiye na wɔanto afoforo hintidua. Nokwarem no, ɛho hia sɛ Kristofo nyinaa hwɛ yiye wɔ eyi mu, efisɛ Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔbɛto nketewa yi a wogye me di no mu biako hintidua no, eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo kɛse sɛn ne kɔn mu, na wɔde no kɔto po mu.” (Marko 9:42) Na owiyammo a ɛda soro so araa ma na egye mmoa ahoɔden na wɔde adan no, na obiara nni hɔ a wɔde ade duruduru a ɛte sɛɛ bɛto ne kɔn mu de no ato po mu a obenya nkwa. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ ɔpanyin hwɛ yiye sɛ ɔrento hintidua a ebetumi ama ɔno anaasɛ obiara a ɔto no hintidua saa no apira honhom mu daa.—Filipifo 1:9-11.
Monkɔ so Nyɛ Wɔn Brɛbrɛ
19. Afotu bɛn na Petro de maa mfɛfo mpanyimfo, na eyi a wɔbɛyɛ ho ade ɔkwan a ɛfata so no bɛka wɔn anidaso ahorow dɛn?
19 Ɔsomafo Petro kyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ mfɛfo ahwɛfo hwɛ nguankuw no bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no, monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no. Na oguanhwɛfo panyin no yi ne ho adi a, moanya anuonyam abotiri a ɛrensɛe da no.” (1 Petro 5:2-4) Ɛdenam afotu a ɛte sɛɛ a ahwɛfo a wɔasra wɔn no de di dwuma na woyɛ Onyankopɔn nguankuw no brɛbrɛ no so nkutoo na wobenya wɔn soro akatua sɛ honhom abɔde a wonwu da no na mpanyimfo a wɔwɔ asaase so anidaso no nsa aka daa nkwa wɔ asaase so Paradise a ɛreba no mu.
20. (a) Ɛsɛ sɛ Kristofo ahwɛfo nkumaa ne wɔn mfɛfo gyidifo di nsɛm dɛn? (b) Wote nka dɛn wɔ ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ no ɔsom a ɛyɛ nhwɛso no ne wɔn ɔhwɛ a mmɔborohunu wom no ho?
20 Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo nyinaa yɛ Nguanhwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ ne mmɔborohunu. Enti bere a Kristofo ahwɛfo nkumaa kura ɔsoro gyinapɛn ahorow mu pintinn no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ɔdɔ ne mmɔborohunu wɔ wɔne mfɛfo gyidifo a wɔte sɛ nguan no nsɛnnii mu. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Adansefo anokwafo nyinaa ani sɔ mpanyimfo a wɔde wɔn ho bɔ afɔre saa a wɔhwɛ nea wɔde ahyɛ wɔn nsa no so yiye na wɔne Onyankopɔn nguankuw no di no brɛbrɛ no ɔsom a ɛyɛ nhwɛso pa no. Yebetumi ada saa anisɔ a obu a ɛfata ka ho no adi denam osetie a yɛbɛyɛ ama wɔn a wodi yɛn anim no so.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ obi gye di sɛ wodii mfomso a anibere wom wɔ atemmu mu a, obetumi de gyinae a wɔasi sɛ wobetu no no akɔdan afoforo. Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma a Watɛhtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no nkratafa 146 ne 147.
Wususuw ho Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ atirimɔden nni afã biara wɔ n’akyidifo mu?
◻ Sɛ mpanyimfo nsa ka akwankyerɛ fi Sodikuw no hɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?
◻ Sɛnea Yesaia 32:1, 2 kyerɛ no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ dɛn fibea?
◻ Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ mpanyimfo gyina atesɛm ara kwa so yɛ biribi?
◻ Ɛsɛ sɛ Kristofo ahwɛfo nkumaa ne nguankuw no di nsɛm dɛn?