Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w16 December kr. 29-31
  • Odwo—Ɛno Ne Nyansa Kwan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Odwo—Ɛno Ne Nyansa Kwan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NYANSA WOM SƐ YƐBƐDA ODWO ADI
  • Hwɛ Sɛnea Wɔn A Wodwo No Wɔ Anigye!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Odwo—Ɛboa Yɛn Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Hyɛ Odwo!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “Mo Mu Hena Na Ɔyɛ Onyansafo Na N’adwenem Abue?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
w16 December kr. 29-31
Obi a ɔhwɛ ayarefo ne nkwakoraa ne mmerewa ne ɔbea bi a ne bo afuw rekasa

Odwo Ɛno Ne Nyansa Kwan

Toñi adwuma ne sɛ ɔhwɛ ayarefo ne nkwakoraa ne mmerewa. Da koro bi, ɔbɔɔ ofie bi dɔn, na ɔbea bi a n’ani afi gyee so. Ɔbea no didii Toñi atɛm, na ɔkasa tiaa no sɛ wamma adwuma ntɛm ammɛhwɛ ɔbea no maame a wabɔ aberewa no. Nokwasɛm ne sɛ, na Toñi nkaa akyi. Nanso, Toñi tɔɔ ne bo ase paa ɔbea no kyɛw.

ƐDA foforo a Toñi kɔɔ adwuma no, ɔbea no san didii no atɛm bio. Dɛn na Toñi yɛe? Ɔka sɛ: “Ná ɛyɛ den paa, efisɛ na atɛnnidi no nni nnyinaso biara.” Nanso, Toñi paa ɔbea no kyɛw bio, na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ wahu sɛ ɔrehyia nsɛnnennen.

Sɛ wone Toñi a, anka dɛn na wobɛyɛ? Anka wobɛbɔ mmɔden ada odwo adi? Anaa anka ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛhyɛ wo ho so? Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wuhyia tebea a ɛte sɛ nea yɛaka ho asɛm yi a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛhyɛ wo ho so. Sɛ nneɛma hyɛ yɛn so anaa obi hyɛ yɛn abufuw a, ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛda odwo adi.

Nanso, Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnna odwo adi. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn Asɛm no de odwo bata nyansa ho. Yakobo bisae sɛ: “Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo na n’adwenem abue? Ma ɔmfa ne bra pa no nna ne nnwuma adi denam odwo a efi nyansam so.” (Yak. 3:13) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ odwo yɛ nyansa a efi soro? Na dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya saa suban pa no bi?

NYANSA WOM SƐ YƐBƐDA ODWO ADI

Odwo tumi ma akasakasa ano brɛ ase. “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa, na asɛm a ɛyɛ yaw hyɛ abufuw.”​—Mmeb. 15:1.

Sɛ obi yɛ biribi ma ɛhaw wo na wode abufuw hyia no a, na ɛte sɛ nea worehyɛ asɛm no mu gya, anaa worehwanyan mu. (Mmeb. 26:21) Nanso, mpɛn pii no, mmuae bɔkɔɔ dwudwo abufuw. Mmuae bɔkɔɔ tumi ma obi a ɔmpɛ yɛn asɛm koraa mpo sesa adwene a ɔwɔ wɔ yɛn ho.

Toñi hui sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Bere a ɔbea no huu sɛnea Toñi daa odwo adi no, osui. Ɔbea no kae sɛ ɔrehyia ɔhaw pii wɔ n’abusua ne n’abrabɔ mu. Toñi dii ɔbea no adanse kama, na ɔne no fii ase suaa Bible. Odwo a Toñi daa no adi ne asomdwoe a ɔhwehwɛe na ɛkɔfaa weinom nyinaa bae.

Odwo betumi ama yɛn ani agye. “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.”​—Mat. 5:5.

Adɛn nti na wɔn a wodwo ani gye? Nnipa pii a na anka wɔyɛ anuɔdenfo ani agye efisɛ wɔahyɛ odwo, anaa wɔasua sɛ wɔbɛda odwo adi. Wɔn asetena ayɛ papa asen kan no, na wonim sɛ daakye pa bi da hɔ retwɛn wɔn. (Kol. 3:12) Adolfo yɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Spain. Ɔka asetena a na ɔwom ansa na ɔrebehu nokware no ho asɛm.

Adolfo ka sɛ: “Ná minni atirimpɔw biara wɔ asetena mu. Ɛnkyɛ na me bo afuw denneennen ma enti na me nnamfo binom mpo suro me, efisɛ na me koko nyɛ koraa. Sɛ me bo fuw a, na metaa yɛ basabasa. Awiei koraa no, asɛm bi sii ma mesesaa m’abrabɔ koraa. Mekoo ntɔkwaw bi ma wɔwɔɔ me sekan mpɛn nsia. Mogya tuu me araa ma anka mereyɛ awu.”

Nanso, seesei Adolfo de ne kasa ne ne nhwɛso rekyerɛkyerɛ afoforo ma wɔn nso abɛyɛ nnipa a wodwo. Ɔtew n’anim ma obiara, na ɔda suban pa adi. Ama nnipa pii ka kɔ ne nkyɛn. Adolfo ka sɛ, nsakrae a watumi ayɛ no ama n’ani agye. Na ɔda Yehowa ase sɛ waboa no ama otumi da odwo adi.

Sɛ yedwo a, yɛma Yehowa ani gye. “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.”​—Mmeb. 27:11.

Sɛ yɛbɛka a, Ɔbonsam a ɔyɛ Yehowa tamfo kɛse no retwa Yehowa mpoa. Sɛnea Ɔbonsam hyɛ da didi Yehowa atɛm no, anka ɛsɛ sɛ Yehowa bo fuw. Nanso, Bible ka sɛ Yehowa “bo kyɛ fuw.” (Ex. 34:6) Sɛ yɛbɔ mmɔden suasua sɛnea Onyankopɔn bo kyɛ fuw na odwo no a, na yɛrefa nyansa kwan a ɛsɔ Yehowa ani kɛse so.​—Efe. 5:1.

Asomdwoe nni wiase a yɛte mu yi mu. Enti yebetumi ahyia nnipa a wɔyɛ “ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, . . . dinsɛefo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka.” (2 Tim. 3:2, 3) Nanso, ɛsɛ sɛ Kristoni da odwo adi. Onyankopɔn Asɛm no kae yɛn sɛ, ‘nyansa a efi soro no pɛ asomdwoe, na ɛwɔ ntease.’ (Yak. 3:17) Enti sɛ yɛda no adi sɛ yɛpɛ asomdwoe na yɛda ntease adi a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nyansa a efi Onyankopɔn hɔ. Nyansa a ɛte saa bɛkanyan yɛn na sɛ obi hyɛ yɛn abufuw a, yɛada odwo adi. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛakɔ so abɛn Yehowa a ɔyɛ nyansa nyinaa Wura no kɛse.

Nea Ɛbɛboa Wo Ama Woada Odwo Adi

Sɛ obi teɛteɛ wo anaa ɔne wo anni no yiye a, dɛn na ebetumi aboa wo ama woahyɛ wo ho so na ama woayɛ w’ade wɔ ɔkwan a ɛbɛma Yehowa ani agye so? Adɛn nti na wunnwinnwen nnyinasosɛm a ɛsom bo a edidi so yi ho?

  1. 1 KWATI “WIASE HONHOM.”​—1 Kor. 2:12.

    Nnipa pii susuw sɛ, sɛ obi dwo a, ɛkyerɛ sɛ n’ani nyɛ den. Wosusuw sɛ, nea ɛkyerɛ sɛ obi yɛ den ne sɛ ɔbɛma n’ani ayɛ den. Nsusuwii a ɛte saa yɛ wiase honhom. Ɛnyɛ nyansa a efi soro. Nokwasɛm ne sɛ, Bible ka no pefee sɛ obi a odwo yɛ den ankasa. Ɛka sɛ: “Abodwokyɛre ne honhom a edwo . . . tumi ma sodifo sakra n’adwene, na tɛkrɛmabere tumi bu biribi a ɛte sɛ dompe a ɛyɛ den paa mu.”​—Mmeb. 25:15, The Amplified Bible.

    Nsɛmmisa a wubetumi adwinnwen ho:

    Mibu odwo sɛ su a ɛyɛ den anaasɛ mmerɛwyɛ?

    Merebɔ mmɔden akwati “ɔhonam nnwuma” te sɛ bobɔne ne ntawntawdi?​—Gal. 5:19, 20.

  2. 2 GYE BERE DWINNWEN NNEƐMA HO.

    Bible ka sɛ: “Ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae, na amumɔyɛfo ano woro nsɛmmɔne.” (Mmeb. 15:28) Sɛ yɛkasa bere a yɛn bo afuw a, yebetumi akeka nsɛm bi na akyiri yi yɛanu yɛn ho. Nanso, sɛ yedwinnwen nsɛm a yɛpɛ sɛ yɛka ho ansa na yɛakasa a, ebetumi ama yɛahu nsɛm a ɛfata sɛ yɛka, na yɛaka no odwo so. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma nea yɛne no rekasa no nso aka nsɛm a ɛfata.

    Nsɛmmisa a wubetumi adwinnwen ho:

    Sɛ me bo fuw ntɛmntɛm a, ɛbɛka me sɛn?

    Asomdwoe nti, metumi abu m’ani agu asisisɛm so anaa?​—Mmeb. 19:11.

  3. 3 BƆ MPAE DA BIARA.

    Bɔ Yehowa mpae ma ɔmma wo honhom kronkron. Honhom kronkron yɛ tumi a ɛsen tumi biara wɔ amansan yi mu. (Luka 11:13) Kae sɛ odwo ne ahosodi ka Onyankopɔn honhom kronkron aba no ho. Adolfo ka sɛ: “Mebɔ Yehowa mpae daa, na aboa me yiye, titiriw bere a nneɛma mu yɛ den ma me paa no.” Sɛ ‘yekura mpaebɔ mu denneennen’ a, Yehowa nso betie mpae a yefi yɛn komam bɔ de hwehwɛ honhom kronkron no.​—Rom. 12:12.

    Nsɛmmisa a wubetumi adwinnwen ho:

    Mebɔ mpae daa sɛ Yehowa nhwehwɛ me koma ne me nsusuwii mu anaa?

    So mesrɛ Yehowa sɛ ɔmma me ne honhom kronkron ne nyansa a mede bɛyɛ nea ɛsɔ n’ani?​—Dw. 139:23, 24; Yak. 1:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena