Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 5/1 kr. 10-15
  • Kristo Ba a Waba a Yɛbɛma Wɔahu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristo Ba a Waba a Yɛbɛma Wɔahu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ba a Yɛn Awurade Aba”
  • Sɛnkyerɛnne No
  • Abɔfo Dwumadi
  • Ɔsoro Owusɔre
  • Wiase Nyinaa Asɛnka
  • Mo ho Ntew a Mo ho Nni Asɛm
  • Yesu Mmae Anaasɛ Ba a Yesu Aba—Nea Ɛwɔ He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Kristo Aba!
    Nyan!—1993
  • Mesia No Ba A Waba Ne Ne Nniso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Kristo Mmae—Wote Ase Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 5/1 kr. 10-15

Kristo Ba a Waba a Yɛbɛma Wɔahu

“Sɛ Onipa ba no ba n’anuonyam mu a, . . .  ɔbɛpaapae nnipa mu.”​—MATEO 25:31, 32, New World Translation.

1. Kristoman asɔfo akyerɛkyerɛ nsɛm a ɛwɔ Mateo 24:3 no ase den?

AKA nnansa ma Yesu awu no, n’asuafo no mu baanan baa ne nkyɛn de ahopere bisaa no sɛ: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛba, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ ba a waba [Hela, pa-rou-si’a], ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” Mfeha pii mu no, Kristoman asɔfo ne nhoma akyerɛwfo akyerɛ nsɛm yi a wobisaa Yesu wɔ Mateo 24:3 (King James Version) no ase sɛ ɔbɛba bio wɔ honam mu, ma adesamma nyinaa ahu no. Enti, wɔakyerɛkyerɛ sɛ Kristo sanba no bɛyɛ adeyɛ kɛse bi a wɔde ani behu. Wɔfrɛ no Kristo ba a ɛto so abien. Nanso so wɔn nsusuwii ahorow no teɛ?

2, 3. (a) Nsonsonoe bɛn na Studies in the Scriptures, Po 2 ma ɛdaa nsɛmfua “ɔreba” ne “ba a waba” ntam? (b) Ntease bɛn na Yehowa nkurɔfo benyae wɔ nea Kristo pa-rou-si’a no kyerɛ ho?

2 Sɛ́ afeha a ɛto so 19 mu hann kurafo no, eduu 1889 mu no ná Yehowa nkurɔfo a wɔasra wɔn no anya Kristo sanba ho asɛm no ho adwene a wɔateɛ no dedaw. Wɔ Studies in the Scriptures, Po 2, nkratafa 158 kosi 161 no, Charles T. Russell, Watch Tower Bible and Tract Society no titrani a odi kan kyerɛwee sɛ: “Parousia . . . kyerɛ ba a waba, na ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛ ase da sɛ ɔreba, sɛnea ɛwɔ Engiresi Bible pii mu no . . . ’Emphatic Diaglott,’ Apam Foforo no nkyerɛase a ɛsom bo yiye no kyerɛ parousia ase wɔ ɔkwampa so sɛ, ba a waba . . . ɛnyɛ sɛ ɔreba, sɛ nea ɔnam kwan so, na mmom ba a waba, sɛ [Yesu] abedu dedaw na ose, ‘Sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa Ba no parousia [ba a waba] bɛyɛ.’ Hyɛ no nsow sɛ, ɛnyɛ ba a Noa reba na wɔde toto ba a yɛn Awurade reba ho . . . Enti ɛyɛ bere a Noa wɔ nnipa no mu ‘ansa na nsuyiri no reba’ na wɔde toto bere a Kristo aba wiase wɔ ne ba a ɛto so abien no mu ‘ansa na ogya no’​—Awurade [Yehowa] ɔhaw kɛse Da a ɛde bere yi beba awiei no, aba no ho.”​—Mateo 24:37.

3 Enti afeha 19 mu Yehowa nkurɔfo nyaa ntease a ɛteɛ sɛ Kristo pa-rou-si’a no bɛyɛ nea aniwa renhu. Ná wɔabenya ntease nso sɛ Amanaman Mmere no bɛba awiei wo 1914 twabere mu. Bere a honhom mu ntease nyaa nkɔso no, akyiri yi wɔbɛtee ase sɛ wɔde Yesu Kristo sii ahengua so wɔ soro sɛ Ahenni no mu Hene wɔ saa afe 1914 no ara mu.​—Mmebusɛm 4:18; Daniel 7:13, 14; Luka 21:24; Adiyisɛm 11:15.

“Ba a Yɛn Awurade Aba”

4. ‘Ba a yɛn Awurade Yesu Kristo aba’ no kyerɛ dɛn?

4 Ɛnde, wɔ yɛn nna yi mu no, Bible mu asɛm “ba a yɛn Awurade Yesu Kristo aba” no kyerɛ dɛn? (1 Tesalonikafo 5:23) Nhoma bi ka sɛ asɛm “ba a waba,” pa.rou.si’a, “bɛyɛɛ asɛm titiriw a wɔde ka sra a onipa bi a ɔwɔ dibea, [titiriw] no ahemfo ne ahempɔn kɔsrasra ɔmantam bi mu no ho asɛm.” Enti asɛm yi kyerɛ ba a Awurade Yesu Kristo aba anuonyam mu sɛ Ɔhene fi 1914 ne ɛno akyi, wɔ bere a wɔde no sii ahengua so wɔ soro no akyi. Waba a aniwa nhu no,’redi hene wɔ n’atamfo mfinimfini,’ sɛ Ɔhene a ɔredi ade ma nkɔmhyɛ mu ahyɛde yi anya mmamu.(Dwom 110:2) Bɛyɛ mfe 79 ni no, asase so nnipa rehu nea efi ba a Kristo aba tumidi mu a aniwa nhu mu aba no.

5. Nsɛm a esisi wo pa-rou-si‘a no mu bɛn na nsɛmma nhoma yi mu adesua nsɛm abiɛsa no bɛka ho asɛm?

5 Wɔ nsɛm abiɛsa a edidi so yi mu no, yɛbɛhwehwɛ nea Kristo Ahenni atumi ayɛ wɔ bere yi mu ho adanse a ɛda nsow mu. Nea edi kan no, yɛbɛka Bible nkɔmhyɛ pii a ɛka nsɛm a asisi dedaw anaasɛ ɛresisi mprempren mpo ho asɛm too hɔ ho asɛm. Nea etia abien no, yɛbɛka adwuma kɛse a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw a Yesu de redi dwuma wɔ ba a waba n’ahenni mu bere yi nyinaa mu reyɛ no ho asɛm. (Mateo 24:45-47) Asɛm a ɛto so abiɛsa no bɛka awiei koraa, “ahohiahia kɛse” bere, no ho asɛm akyerɛ yɛn. Ɛno ne bere a Yesu ba sɛ Yehowa Brafo na wabɛsɛe abɔnefo na wagye atreneefo no. (Mateo 24:21, 29-31) Ɔsomafo Paulo kaa saa ɔsɛe bere no ho asɛm sɛ ma a wɔbɛma “mo a wohiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na wadi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no werɛ.”​—2 Tesalonikafo 1:7, 8.

Sɛnkyerɛnne No

6. Sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã horow bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Mateo atiri 24 ne 25?

6 Mfeha dunkron a atwam ni no, Yesu asuafo a woyɛ hann kurafo no bisaa no ba a ɔbɛba Ahenni tumi mu daakye ho sɛnkyerɛnne anaa adanse. Ne mmuae a wɔakyerɛw wɔ Mateo atiri 24 ne 25 no kaa sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã horow, a n’afã horow no nyinaa renya mmamu wɔ aman nyinaa mu ho asɛm. Saa sɛnkyerɛnne no mmamu kyerɛ ahohia ne sɔhwɛ kɛse bere. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ na obi annaadaa mo. Na nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ: Mene Kristo no; na wɔabɛdaadaa nnipa pii. Na mobɛte ɔko ne akosɛm. Monhwɛ na mo bo antu. Efisɛ etwa sɛ ɛba, nanso na awiei no nnya nnui ɛ.”​—Mateo 24:4-6.

7. Sɛnkyerɛnne no afã horow bɛn na yɛahu ne mmamu fi 1914?

7 Yesu hyɛɛ nkɔm foforo sɛ akodi ahorow a ebi mmae da bɛba. Wɔ ne mmamu mu no, wɔafrɛ emu abien sɛ wiase nyinaa ako, biako fi 1914 kosi 1918, na nea ɛto so abien no fi 1939 kosi 1945. Afei nso, ɔkae sɛ ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. Wɔbɛtaa nokware Kristofo denneennen. Nea ɛne nkɔmhyɛ no hyia no, wɔataa Yehowa Adansefo, nnɛyi hann kurafo, wɔ mfe aduɔwɔtwe a atwam no mu, bere a wɔka Ahenni ho asɛmpa no wɔ “wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse” no. (Mateo 24:7-14) Yearbook of Jehovah’s Witnesses biara de adanse a ɛkyerɛ sɛ sɛnkyerɛnne no afã horow yi renya mmamu no bi ka ho.

8, 9. (a) Ba a Yesu aba ahenni tumi mu no kyerɛ dɛn? (b) Dɛn na Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa atoro Kristo ho no kyerɛ wɔ beae a ɔbɛba ne sɛnea ɔbɛba no ho?

8 Esiane sɛ Yesu ahenni bedi asase nyinaa so nti, nokware som retrɛw wɔ nsasepɔn nyinaa so. Ne ba a waba (pa-rou-si’a) sɛ ɔhene no yɛ ɔhwɛ bere ma wiase nyinaa. (1 Petro 2:12) Nanso so ahenkurow anaa beae pɔtee bi wɔ hɔ a wobetumi akohu Yesu? Yesu nam nkɔm a ɔhyɛe sɛ atoro Kristo pii bɛba wɔ bere a wɔhwɛ ne ba a waba kwan no so buae. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ [Kristo no] wɔ sare so! a, monnkɔ; hwɛ ɔwɔ mpia mu! a, munnye nnni! Na sɛnea anyinam pae fi apuei na ɛhyerɛn kɔ atɔe no, sɛnea onipa ba no ba [a waba] no [pa-rou-si‘a] nso bɛyɛ ara nen.”​—Mateo 24:24, 26, 27.

9 Ná Yesu, “onipa Ba no,” nim beae a ɔbɛtra bere a ne ba a waba afi ase ankasa no sen onipa foforo biara wɔ asase so. Ná ɔrentra ɛha anaa ɛhɔ anaa asase so beae pɔtee bi. Ná ɔrenyi ne ho adi wɔ beae bi a atew ne ho, “sare so,” na wɔn a wɔbɛhwehwe Mesia no akohu no a asase so ahene nhu wɔn, baabi a n’akyidifo betumi anya ntetee wɔ n’akanni ase, na wɔasiesie wɔn ho asɛe amammui tumidi na wɔayɛ no wiase no Mesia Sodifo. Afei nso, na ɔmfa ne ho nsie “mpia mu,” a nnipa kakraa bi a wɔapaw wɔn na wobehu beae a ɔwɔ no, na kokoam hɔ no, ɔne n’aboafo ayɛ atirisopam ne kokoam nhyehyɛe bi de atu wiase nniso horow agu, na wama wɔasra no sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Dabida!

10. Ɔkwan bɛn so na Bible nokware anyinam rehyɛn wɔ wiase nyinaa?

10 Mmom no, ná wɔremfa biribiara nsie wɔ ba a Yesu aba sɛ Ɔhene wɔ n’ahenni mfiase no ho. Sɛnea Yesu ka siei no, Bible mu nokware kɔ so hyerɛn wɔ mmeae pii, fi apuei kɔpem atɔe, wɔ wiase nyinaa. Nokwarem no, sɛ́ nnɛyi hann kurafo no, Yehowa Adansefo da wɔn ho adi sɛ “amanaman hann, na [Yehowa] nkwagye akodu asase ano.”​—Yesaia 49:6.

Abɔfo Dwumadi

11. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde abɔfodɔm di dwuma ma Ahenni hann hyerɛn? b) Bere bɛn na wɔboaboaa awi kuw no ano, na kuw bɛn mu na woaboaboa wɔn ano akɔ mu?

11 Kyerɛw nsɛm afoforo a ɛfa Yesu ba a waba ho no ka ne ho asɛm sɛ abɔfodɔm ka ne ho anaasɛ ‘ɔsoma wɔn.’ (Mateo 16:27; 24:31) Yesu kae wɔ awi ne wura ho bɛ no mu sɛ “afuw no ne wiase,” na “twa bere no ne wiase awiei; twafo no ne abɔfo.” Nanso eyi nkyerɛ sɛ bere a ɔba n’ahenni tumi ne anuonyam mu no, abɔfo nkutoo na ɔde wɔn di dwuma wɔ asase so sɛ asomafo. Efi 1919 no, abɔfo a wɔyɛ adwuma wɔ Yesu akwankyerɛ ase boaboaa awi kuw a wɔne wɔn a wɔde honhom awo wɔn a wɔwɔ asase so, a na Wiase Nyinaa Ko 1 mu nsɛm a esisii no abɔ wɔn ahwete no ano, na wosiesiee eyinom maa dwumadi afoforo wɔ Ɔhene no din mu. (Mateo 13:38-43) Wɔ 1920 mfe no mu no, nnipa afoforo mpempem pii begyinaa Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no afã, na wɔde Onyankopɔn honhom sraa wɔn. Wɔde wɔn a wɔasra wɔn yi kaa nkaefo a wɔwɔ hɔ dedaw no ho wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Eyinom bom yɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no nnɛ.

12. Ahotew bɛn na abɔfo no anya mu kyɛfa, na dɛn na ɛde baa asase so?

12 Wɔakyerɛw adwuma no mu kyɛfa a abɔfo nya wɔ ba a Yesu bae wɔ ahengua so a wɔde no sii wɔ 1914 akyi no ho nhwɛso foforo ho asɛm wɔ Adiyisɛm 12:7-9: “Mikael [Yesu Kristo] ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.” Enti, mprempren wɔasiesie ɔsoro ma aka asase a ɛyɛ Ahenni no fa a wobesiesie koraa de atew Yehowa din ho no nkutoo. Wɔ afe 1993 yi mu no, ɔsoro kɔkɔbɔ yi ho da so ara hia sɛ: “Asase . . . nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”​—Adiyisɛm 12:12.

Ɔsoro Owusɔre

13, 14. (a) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ akɔ so fi 1918 reba? (b) Dɛn na Paulo ne Yohane da no adi wɔ nkaefo a woasra wɔn nnɛ no ho?

13 Anwonwasɛm foforo a esi wɔ Kristo ba a waba no mu ne ɔsoro owusɔre no mfiase. Ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ wobedi kan anyan Kristofo a wɔasra wɔn a wɔadeda bere tenten wɔ wɔn adamoa mu no ma wɔne Kristo Yesu atra honhom atrae. Wɔde adanse ama mfe pii de akyerɛ sɛ ɛte sɛ nea eyi sii fi 1918 reba. Paulo kyerɛw sɛ: “Wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu. Na obiara wɔ ne dibea: Kristo ne aba a edi kan, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea wɔ ne ba a waba [pa-rou-si’a] mu no di hɔ.” (1 Korintofo 15:22, 23 NW) Wosi wɔn a wɔasra wɔn no wusɔre wɔ bere a Kristo aba no so dua wɔ 1 Tesalonikafo 4:15-17 (NW): “Eyi na yɛnam Yehowa asɛm so ka kyerɛ mo, sɛ yɛn a yɛtete ase na yɛreka akosi Awurade ba a waba [pa-rou-si’a] no mu rentwa wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no ho . . . Kristo mu awufo bɛsɔre kan. Ansa na woaba abɛfa yɛn a yɛtete ase na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yenkohyia Awurade ewim.” Nnipa 144,000 na wɔyɛ Kristo dea sɛ wɔn a wɔasra wɔn a awiei koraa no wobenya akatua a ɛyɛ nwonwa yi.​—Adiyisɛm 14:1.

14 Sɛnea Paulo kyerɛ no, wɔn a wɔasra wɔn nkaefo a wɔte ase nnɛ no nni tete Kristofo mogya adansefo anokwafo a wɔasra wɔn ne asuafo anokwafo no anim kan nkɔ Ahenni no mu. Ɔsomafo Yohane kaa wɔn a wɔasra wɔn a wowu nnɛ no ho asɛm bio sɛ: “Nhyira ne awufo a wowu Awurade mu fi mprempren rekɔ yi. Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi,” kyerɛ sɛ, wɔ wɔn wusɔre akyi asetra mu. (Adiyisɛm 14:13) Na Paulo ka sɛ: “Hwɛ, meka mo ahintasɛm: Yɛn nyinaa renna, na yɛn nyinaa bɛsakra afrɛ so, amonom, akyiri torobɛnto no hyɛn so; na ɔbɛhyɛn torobɛnto, na awufo no anyan sɛ wɔn a wɔmporɔwee da, na yɛn de, yɛbɛsakra.” (1 Korintofo 15:51, 52) Anwonwade a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

15, 16. (a) Mfatoho bɛn na Yesu de mae wɔ Luka 19:11-15, na dɛn nti na ɔde mae? (b) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ yi renya mmamu?

15 Bere bi a na Yesu reka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ n’asuafo kuw bi no, ɔde mfatoho bi dii dwuma na aboa wɔn ma wɔasiesie wɔn nsusuwii a ɛnteɛ no. Kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Wosusuwii sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara. Enti ɔkae sɛ: Ɔdehye bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye n’ahenni na wasan aba. Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkosi sɛ mɛba . . . Na ɛbae sɛ onyaa ahenni no na ɔsan bae no, ɔhyɛe sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na onhu nea obiara adi gua anya.”​—Luka 19:11-15.

16 Ná Yesu ne saa “ɔdehye” a ɔkɔɔ soro, “asase bi so akyirikyiri,” a na ɔrekonya ahenni no. Onyaa saa Ahenni no 1914. Ɛno akyi pɛɛ no, Kristo a wɔayɛ no Ɔhene no ne wɔn a wɔkyerɛɛ sɛ wɔyɛ n’akyidifo no buu akontaa na wahu nea wɔayɛ de ahwɛ Ahenni ho nneɛma a ɔde hyɛɛ wɔn nsa no. Wɔpaw anokwafo kakraa bi ma owura no kamfoo wɔn sɛ: “Wiɛ akoa pa, sɛ woadi ketewaa mu nokware nti, di nkurow du so tumi.” (Luka 19:17) Saa ba a Kristo aba bere yi kyerɛ Ahenni ho asɛnka adwuma a wɔbɛkɔ so ayɛ no denneennen, a Onyankopɔn atemmu a etia abɔnefo a wɔbɛka akyerɛ ka ho, na na adwuma yi so hwɛ ka tumi a wɔde maa “akoa pa” no ho.

Wiase Nyinaa Asɛnka

17. Anigyesɛm bɛn na esi wɔ pa-rou-si’a no mu?

17 Ná dɛn bio na ebesi wɔ saa pa-rou-si’a yi mu? Ná ɛbɛyɛ anigye kɛsɛ bere wɔ asɛnka adwuma no ne afoforo a wɔbeboa wɔn ma wɔasiesie wɔn ho atwa ahohiahia kɛse a ɛreba no mu. Saafo a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” yi mufo a wɔboa nkaefo no bɛyɛ “ayeyi nhoma.” (Adiyisɛm 7:9; 2 Korintofo 3:1-3) Paulo ka otwa adwuma yi mu anigye ho asɛm bere a ose: “Na hena ne yɛn anidaso anaa anigye anaa ahohoahoa abotiri yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba [pa-rou-si’a] no mu? So ɛnyɛ mo anaa?”​—1 Tesalonikafo 2:19.

Mo ho Ntew a Mo ho Nni Asɛm

18. (a) Paulo mpaebɔ bɛn na ɛfa pa-rou-si’a no ho? (b) Honhom bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa da no adi wɔ bere yi mu, na wɔ akwan bɛn so?

18 Paulo bɔɔ mpae nso sɛ wɔntew wɔn a wɔtete ase wɔ Kristo ba a waba bere yi mu no ho: “Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so a ɛho remma asɛm bi yɛn Awurade Yesu Kristo ba [pa-rou-si’a] mu.” (1 Tesalonikafo 5:23) Yiw, ɛnnɛ, sɛ́ ebia yɛyɛ wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo anaa nguan foforo bebree no mufo no, biakoyɛ honhom ka yɛn bom nokwaredi mu, na yɛn ho akɔ so atew a yɛn ho nni asɛm wɔ bere soronko yi mu. Ɛsɛ sɛ yenya boasetɔ nso. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Enti anuanom, montɔ mo bo ase nkodu Awurade ba [pa-rou-si’a]. . . . Monhyɛ mo koma den, efisɛ da a Awurade bɛba [pa-rou-si’a] no abɛn.”​—Yakobo 5:7, 8.

19. Pa-rou-si’a no ho kɔkɔbɔ bɛn na Petro de mae, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

19 Ɔsomafo Petro nso kaa biribi kyerɛɛ yɛn a yɛtete ase mprempren yi. Ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ fɛwdifo, a wɔdɔɔso wɔ asase no afanan nyinaa no ho. Petro se: “Munhu eyi kan sɛ, nna a ebedi akyiri mu no, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba abɛka sɛ: ‘Ne ba a waba [pa-rou-si’a] no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.’” (2 Petro 3:3, 4, NW) Wɔ fɛwdifo pii a wɔwɔ hɔ wɔ ba a Kristo aba yi mu no nyinaa akyi no, Yehowa nkurɔfo kɔ so hyerɛn sɛ wiase hann ma nnipa pii nkwagye.

Ntimu Nsemmisa

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo kɔɔ so nyaa pa-rou-si’a no ho ntease nkakrankakra?

◻ Ɔkwan bɛn so na Mateo 24:4-8 renya mmamu?

◻ Ɔkwan bɛn so na abɔfo ne Kristo a wɔasi no hene no reyɛ biako?

◻ Dɛn ne anwonwade a ɛyɛ anigye a ɛte sɛ nea pa-rou-si’a no de bae?

◻ Anigye bɛn na ɛba bere yi, na henanom na wonya?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena