-
Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni AbɛnƆwɛn-Aban—1982 | June 1
-
-
Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
SƆHWƐ NE AMANEHUNU AHOROW BERE
8. Ɔrema asomafo no mmuae no, nneɛma bɛn na Yesu dii kan kaa ho asɛm?
8 Wɔ n’asomafo asemmisa no ho mmuaema mu no, Yesu dii kan kaa nneɛma ahorow a ɛbɛkɔ akowie Yerusalem sɛe mu wɔ saa awo ntoatoaso no mu ho asɛm. “Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monhwɛ na obi annaadaa mo. Na nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ: Mene Kristo no; na wɔabɛdaadaa nnipa pii. Na mobɛte ɔko ne akosɛm. Monhwɛ na mo bo antu. Efisɛ etwa sɛ ɛba, nanso na awiei no nnya nnui ɛ.”—-Mateo 24:1-6.
9. Yudafo a wɔbɛsɔre akã sɛ wɔne Mesia no renni dɛn ho adanse sɛ ɛrekɔ so, na ɛrenkowie ade a ná wɔpɛ bɛn mu?
9 Yudafo bɛsɔre, a ɛnyɛ sɛ wɔbɛka sɛ wɔne Yesu a wɔasan aba wɔ ɔhonam mu, na mmom wɔbɛka sɛ wɔne Mesia anaa Kristo a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Nanso na ɛnsɛ sɛ asomafo no anaasɛ wɔn mfɛfo a wɔyɛ asuafo no ma saa nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔne Mesia anaa Kristo no daadaa wɔn, efisɛ nneɛma ahorow a wɔbɛyɛ no renni Yesu Kristo “ba a waba” anaasɛ parousia no ho adanse na ɛremfa ogye mmrɛ Yudafo man no nso. Ná atua a Yudafo tew tiaa Romafo wɔ afe 66 Y.B. mu no bɛyɛ Mesia mmɔdenbɔ, nanso ekowiee Yerusalem sɛe ne Yudafo no a wɔbɔɔ wɔn hwetee mu. Saa nnipa a wɔadaadaa wɔn yi Mesia ho anidaso no dii huammɔ kɛse.
10. Na akodi ahorow nso ɛ, na dɛn na ná ɛnsɛ sɛ eyinom ma ehu ka asuafo no?
10 Wɔ saa mfirihyia aduasa yi mu no ná akodi ahorow bɛkɔ so, a asuafo no bɛte anaasɛ wɔbɛbɔ wɔn ho amanneɛ wɔ atesɛm mu. Nanso bere a ná saa akodi ahorow no kã tebea a Yudafo man no wom no, ɛnyɛ ɛno ankasa na ɛde Yudafo nneɛma nhyehyɛe no awiei bae. Enti na ɛnsɛ sɛ asuafo no ma ehu ka wɔn ma wɔyɛ ade a ne bere’nsoe. “Na awiei no nya nnui ɛ.”
11. Dɛn na Yesu ka too hɔ sɛ ɛbɛyɛ”awoko yaw mfiase” no?
11 Yesu rekyerɛkyerɛ nea ná waka a ɛfa ɔko ne ɔko ho nsɛm no mu no, ɔkae sɛ: “Na ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. Na eyinom nyinaa ne awoko yaw mfiase.” -Mateo 24:7, 8. Afei nso, Marko 13:8.
12, 13. (a) So na ɛsɛ sɛ saa nneɛma ahorow a ɛka bom yɛ “awoko yaw mfiase” no ba nkurɔfo pɔtee bi so? (b) Nneɛma bɛn na na ɛbɛba asuafo no so ɛsiane sɛ wɔrebɔ Mesia no ho dawuru, na wɔyɛ n’akyidifo nti?
12 Esiane sɛ na amanehunu ahorow yi yɛ “awoko yaw mfiase” ara kwa nti, na awiei no “no nya nnui ɛ.” Na saa amanehunu ahorow no yɛ nea ɛreba ho sɛnkyerɛnne ara kwa, a na ɛnyɛ owu yaw a ɛbɛba awiei koraa no. Ná saa nneɛma ahorow yi bɛka nnipa no nyinaa nanso na nneɛma ahorow bi wɔ hɔ a ɛbɛba Yesu asuafo no so titiriw efisɛ wɔn na wɔbɔɔ nokware Mesia anaasɛ Kristo no ho dawuru na wodii n’anammɔn akyi. Enti, Yesu kɔɔ so kae sɛ:
13 “Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo. Na ɛno na ɛbɛto nnipa bebree hintidua; na wobeyi wɔn ho ama, na wɔatentan wɔn ho. Na atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree. Na sɛ amumɔyɛ rebɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo. Na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no. Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba”—Mateo 24:9-14. Fa toto Marko 13:9.13 ho.
14. (a) Dɛn na esi so dua sɛ saa nneɛma no bae wɔ awo ntoatoaso a na ɛwɔ hɔ saa bere no mu? (b) Na awiei no rentumi mma Yerusalem ne Yudafo nneɛma nhyehyɛe no so gye se wowie adwuma bɛn ansa?
14 Bible mu nhoma a wɔfrɛ no “Asomafo no Nnwuma” no di saa Yesu Kristo nkɔmhyɛ asɛm no mmamu wɔ saa awo ntoatoaso no mu mpo ho adanse, efisɛ oduruyɛfo Luka na ɔkyerɛw saa nhoma yi bɛyɛ 61 Y.B. mu. Bible mu nhoma afoforo, nkrataa ahorow a efi honhom mu a asomafo no ne asuafo afoforo kyerɛwee ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ 70 Y.B. mu no, si amanneɛbɔ a ɛwɔ Asomafo no nnwuma mu no so dua, na ɛde Kristofo amanehunu wɔ ɔtaa ase ne amanaman ntam ɔtan a wonyae wɔ Kristosom ho ho kyerɛwtohɔ no bi bɛka ho. Nã Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no atwam wɔ Mfinimfini Apuei akodu Asia Kuma, Asia Asasepɔn no so, Afrika, Europa ne nsupɔw ahorow a ɛwɔ Mediteranea Po no mu so. Ɛwom sɛ annan wiase nyinaa amma Kristosom mu, ade a na wɔmmɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ, nanso nea efii mu bae ne adanse a wodii amanaman no nyinaa (Kolosefo 1:6, 23) Na awiei a ɛyɛ hu no rentumi mma Yerusalem ne Yudafo nneɛma nhyehyɛe no so, gye sɛ Kristofo adansefo a wɔyɛ nnam no wie saa adwuma a edi mũ yi.
YERUSALEM SƐE A ƐTO SO ABIEN A ƆKYERƐE SƐ ABƐN
15. Dɛn na Yesu kae sɛ ɛbɛkyerɛ bɛn a na Yerusalem ne Yudafo nhyehyɛe no sɛe abɛn? Na dɛn na ɔkae sɛ wɔnyɛ wɔ ɛno akyi?
15 Ɔkyerɛɛ nneɛma ahorow a ná ebedi “awiei” no anim aba nyinaa wiei no, afei Yesu kyerɛɛ ade titiriw a na ɛbɛkyerɛ bɛn a Yerusalem ne nneɛma nhyehyɛe a na ɛrekɔ so wɔ mu no ne n’asɔredan no awiei abɛn. Ɔkae sɛ: “Enti sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no sɛ egyina kronkronbea hɔ no a,—nea ɔkan .no, ma ɔnte ase!—ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so. Nea ɔwɔ ɔdan atifi no, mma onnsian mmɛfa biribi mmfi ne dan mu; na nea ɔwɔ wuram nso nnsan n’akyi mmɛfa ne ntama. Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue! Na mommɔ mpae na mo aguan no amma awɔw bere anaa homeda.”
16. Sɛnea Yesu kae no,na dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yudafo Kristofo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no fi Yerusalem ne Yudea ntɛm so saa?
16 Dɛn nti na na ɛho hia kɛse sɛ Yudafo Kristofo ne afoforo a wɔabɛyɛ Kristofo a wɔwɔ Roma mansin a ɛne Yudea mu no de mmirika fi mu, a wɔmmfa nneɛma a ɛho nhia, na wɔfa kwan tẽe, wɔ bere a ɛfata mu, na wɔkɔpɛ guankɔbea wɔ mmepɔw a ɛwɔ ɔmansin a yɛabɔ din no akyi no so? Yesu toa so sɛ: “Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba. Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara; nanso wɔn a wɔapaw wɔn no nti wobetwa nna no so.”—Mateo 24:15-22.
17. (a) Na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Yesu asomafo no ne wɔn mfɛfo Kristofo no bu wɔn ani gu n’afotu yi so (b) Enti, afei asemmisa bɛn na na ɛda adi?
17 Na ɛnsɛ sɛ asomafo no ne asuafo afoforo no werɛ fi Yesu afotu yi anaasɛ wobu ani gu so. Sɛ wɔn mu binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobeguan afi Yudea bere a wɔahu akyide no sɛ egyina kronkronbea hɔ akyi no a, ebetumi ama wɔahwere wɔn nkwa; ebia wɔrenka saa nnipa kakraa a wɔka wɔn ho asɛm sɛ “ɔhonam” a wogye wɔn nkwa esiane sɛ wotwa ahohiahia nna no so nti no ho. Nanso dɛn ne “akyide” a sɛ wohu sɛ egyina kronkronbea hɔ a ebedi adanse sɛ ná ɛnkaa bere pii afei ansa na “ahohia.hia kɛse” a ɛsɛe ade no aba no?
18, 19. (a) Ɛdenam hena so na ná wɔaka akyide a ɛbɔ ɔman yi ho asɛm ato hɔ dedaw, na ɛwɔ he? b) Sɛnea Luka kyerɛwtohɔ a ɛfa ne nkɔmhyɛ no ho kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ nea ɛbɛyɛ saa akyide no?
18 Yesu amma wɔn adwene mu anyɛ wɔn naa wɔ nea na ɛno yɛ ho. Ɔkae sɛ ɛne akyide a “odiyifo Daniel kae no.” (Mateo 24:15) “Akyide” a odiyifo Daniel kaa ho asɛm too hɔ a ɛfa Yerusalem ɔsɛe a ɛto so abien no ho no ne nea wɔaka ho asɛm wɔ Daniel 9:26, 27 no (titiriw sɛnea Greek Septuagint Version no kyerɛ wɔ Hebri Bible kyerɛwsɛm no mu no.)a Wiase abakɔsɛm da saa “akyide” no adi sɛ ɛno ne Roma asraafo abosonsomfo no wɔ wɔn “sahene” ase. Sɛ́ eyi ne nkɔmhyɛ no nkyerɛase ankasa no yɛ nea ɛda adi denam Mateo kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu nkɔmhyɛ no ho wɔ saa beae yi a yɛde bɛtoto Luka kyerɛwtohɔ wɔ beae a ɛne no hyia wɔ Yesu nkɔmhyɛ no mu no ho no so. Luka 21:20.24 se:
19 “Na sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraase no, mommma wɔnnkɔ mu, efisɛ eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw [a Daniel 9:26, 27 ka ho] no nyinaa aba mu. Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue! Na ahohia kɛse bɛba asase no so, na abufuw bɛda ɔman yi so. Na wɔbɛtotɔ nkrante ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.”-Fa toto Marko 13:14.20 nso ho.
20, 21. (a) Bere bɛn mu na Yudafo Kristofo a wɔwɔ Yudea no huu akyide no sɛ egyina “kronkronbea” hɔ? (b) Enti akyide no gyinaa hɔ bere tenten ahe?
20 Ɛyɛ afe 66 Y.B. mu na Yudafo Kristofo a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea no fii ase huu “akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no,” sɛ ebegyina “kronkronbea” a ɛne Yerusalem ne nkurow a atwa ho ahyia no. Ɛyɛ saa afe no mu na Yudafo a wɔnyɛ Kristofo no tew atua wɔ Mesia ho anidaso ahorow mu tiaa di a Roma Ahemman no bɛkɔ so adi wɔn so no ho. Sɛ́ nea efii eyi mu bae no, Roma ɔsahene, Cestius Gallus, fii Siria bae na ɔde “dɔm” betwaa Yerusalem ho hyiae. Ɛyɛ bere a na Yudafo no di Asese Afahyɛ (anaasɛ. Ntamadan) no, fi Tishri 15 kosi 21, a ɛwɔ saa afe no mu no na ɛbɛyɛ October 22-28 a ɛyɛ nnafua ason (Gregorian mmerebu) . Ɔsahene Cestius Gallus de n’asraafo no bae ara beduu bɛyɛ akwansin asia fi kurow a wɔrehyɛ fã wɔ mu no mu. Yudafo a na wɔasiesie wɔn ho no sɔre tiaa wɔn na wopirapiraa Romafo no bi.
21 Afei nea wɔyɛe ne sɛ “wɔtwɛnee nnansa.” Afei Ɔsahene Gallus piaa Yudafo no san kɔɔ Yerusalem, na ɔmaa n’asraafo no bɛn kurow no. Nanso bosome Tishri da a etwa to (bɛyɛ November 5) ne nea edi kan a ɔmaa n’asraafo no hyɛn kurow Yerusalem mu. Ampa afei de na ɔwɔ beae a Yudafo no bu sɛ ɛyɛ “kronkronbea.” Nnafua anum, na Romafo no ani si asɔrefi afasu no so, na da a ɛto so asia no wotutuu afasu no ase. Ɛda adi sɛ eyi yɛ nea Yudafo no bu sɛ ɛyɛ kronkron mu kronkronbea no so a wɔtow hyɛ. Afei de na ɛyɛ mmerɛw sɛ Romafo no bɛfa kurow mũ no nyinaa, nanso afei mpofirim ara, Ɔsahene Gallus san n’akyi fii kurow no mu kɔe a na obi ntumi nhu nea enti a ɔyɛɛ saa. Yudafo a ayɛ wɔn dɛ no kɔtoaa Romafo a na. wɔresan akɔ no ne wɔn koe na wopirapiraa wɔn mu bi. ma enti san a na wɔresan no danee nkogudi.b Ná eyi yɛ animguase ma Romafo a na wɔadi wiase nyinaa so nkonim no. Ná Yerusalem ade ne ho! Na wɔrehyɛ eyi ho fã no Yudafo twaa nnwetɛbona foforo a wɔakyerɛw ne fã biako Sɛ “Yerusalem Kronkron.”
22. Dɛn nti na saa Yerusalem ahofadi a wɔsan de sii hɔ no annaadaa Yudafo a wɔyɛ Kristofo no, na ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ wɔn ho aguaa?
22 So na wɔadaadaa Yudafo Kristofo a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea mansin mu no denam saa Yudafo asase yi a enyaa ahofadi bio yi so anaa? Ɛnyɛ wɔn a wɔde Yesu nkɔmhyɛ ne n’afotu no hyɛɛ wɔn koma mu no. Na wɔahu Yerusalem kurow kronkron no sɛ dɔm atwa ho ahyia ankasa. Na wɔahu “akyide a ɛbɔ ɔman” no ne wɔn nsɛnkyerɛnne ahorow a na asraafo no som sɛ anyame, no sɛ egyina “kronkronbea” hɔ. “egyina nea ɛnsɛ.” (Marko 13:14) Na ɛsɛ sɛ wofi eyi mu ‘hu sɛ na [Yerusalem] sɛe abɛn.’ (Luka 21:20) Afei de na bere adu sɛ wobefi Yerusalem anaasɛ wɔrenkɔ mu, na mmom sɛ wobeguan afi Yudea mansin nyinaa mu akɔ mmepɔw no so wɔ akyirikyiri, sɛ nhwɛso no. akɔ apuei fam, atwa Yordan Asubɔnten no akɔ Perea mansin mu. Ɛhɔ, wɔ asasesin a wɔrebɛsɛe no no akyi no, na Yudafo Kristofo no betumi atoa Onyankopɔn nokware Mesia ahenni ho asɛmpa a wɔreka no so, mmom sen sɛ wɔne Yudafo a na wonnye nni a wɔrebɛsɛe wɔn no bewu.
23, 24. (a) Dɛn nti na Yudea ahofadi no ankyɛ? (b) Yerusalem nkahyem no mu bɛyɛɛ den a na ɛyɛ hu dɛn?
23 Yudafo a wɔwɔ Yudea no ahofadi no bɛyɛɛ bere tiaa bi de. Roma ɔsahene Vespasian bedii ɔsahene Gallus ade na oduu Palestina afe a edi hɔ, 67 Y.B. mfiase. Mmɔden ahorow a ɔbɔe sɛ ɔde ɔman no nkae bɛhyɛ n’ase no maa Yudafo no nyaa kwan siesiee wɔn ho yiye. Ɔhempɔn Nero wui wɔ 68 Y.B. mu akyi no, wɔbɛyɛɛ Vespasian ɔhempɔn. Ofii Palestina no. oduu Roma bɛyɛ 70 Y.B. mfinimfini. Ɔde Roma asraafo a wɔwɔ Siria no hyɛɛ ne ba Ɔsahene Tito nsa. Yudafo Twam afahyɛ wɔ afe 70 mu bɛnee, na Yudafo a wɔnyɛ Kristofo bɛyɛɛ Yerusalem kurow no ma a na wɔrebedi afahyɛ no. Ɛyɛ saa bere no na ɔsahene Tito de asraafo akuw aman bae bɛkaa Yudafo a wɔrehyɛ fã no hyɛɛ kurow no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ɔkɔm ade Yudafo atuatewfo no, ɔyɛɛ nea Yesu ka too hɔ no, gyee ban a ɛyɛ den, ‘otwaa wɔn ho ka.’ a ne tenten bɛyɛ akwansin anum hyiaa kurow no ho nyinaa. na amma Yudafo no biara antumi anguan.
24 Yudafo a na wɔaka wɔn ahyɛ Yerusalem mu no ade bɛyɛɛ mmɔbɔ. Afeha a edi kan no mu Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo, Flavius Josephus, ka amanehunu ahorow a efii Rome nkahyem no mu bae ho asɛm pefee wɔ ne nhoma ahorow no mu. Ná kɔ ara na Yudafo a wɔrewuwu no dodow rekɔ anim. Ɛbɛdaa adi sɛ, sɛ nkahyem no kyɛe pii a, anka “ɔhonam biara” nni kurow a nã wɔaka wɔn ahyem no mu a obenya nkwa. Na ɛte sɛ nea na Yesu aka ato hɔ a ɛfa “ahohiahia kɛse” yi a ɛbɛba Yerusalem ne Yudea so ho no: “Na sɛ [Yehowa] antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔapaw wɔn a ɔpaw wɔn no nti, watwa nna no so.”—Marko 13:19. 20.
25. (a) Ɔkwan bɛn so na wotwaa saa ahohiahia a ɛbaa Yerusalem so no nna no so? (b) So Yudafo a wɔkae no ne “wɔn a wɔapaw wɔn” a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ no mu no?
25 Adom so no, nna a wɔde kaa wɔn hyɛɛ mu no bɛyɛɛ tiaa, wokan fi Nisan 14 akosi Elul 7 a, ɛyɛ nnafua 142 pɛ, anaasɛ bɛyɛ asram asia bi. Kyerɛ sɛ sɛnea Gregorian mmerebu kyerɛ no, ebedu August 30, 70 Y.B. no, na biribiara aba awiei. Wɔmaa Yudafo honam bi nyaa nkwa, Yudafo 97,000, sɛnea Josephus amanneɛbɔ no kyerɛ no, na ɔbɔ amanneɛ nso sɛ nnipa 1,100,000 wuwuii wɔ nkahyem no mu. So na nnipa 97,000 a wonyaa nkwa no ne “wɔn a wɔapaw wɔn” a wɔn nti na Yehowa twaa nna no so no? Ɛnde gye sɛ wofrɛ wɔn nnipa a wɔapaw wɔn ama nnommumfa ne nkoasom. Efisɛ na ɛte sɛnea Yesu aka no: “Na ahohia kɛse bɛba asase no so, na abufuw bɛda ɔman yi so. Na wɔbɛtotɔ nkrante ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.”—Luka. 21:23. 24.
26. (a) Ɛnde, na henanom ne “wɔn a wɔapaw wɔn” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Yesu nkɔmhyɛ no mu no? (b) Ɔkwan bɛn so na esiane wɔn nti wotwaa Yerusalem ahohiahia nna no so?
26 Dabi! ɛnyɛ “wɔn a wɔapaw wɔn” a wɔn nti na wotwaa Yerusalem “ahohiahia kɛse” nna no so no ne saa Yudafo 97,000 a wɔyɛ mmɔbɔ a wɔafa wɔn nnommum, a na Yehowa “‘abufuw” kɛse da wɔn so wɔ saa “aweredi nna” no mu no. Wɔn a na Yehowa ‘apaw wɔn’ no ne Yudafo Kristofo a na wama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ wonguan mfi Yudea nyinaa, a n’ahenkurow Yerusalem ka ho a ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase no. Ná ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa fi beae a asiane wɔ hɔ no asomdwoe mu, denam gyidi mu a wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ Yesu afotu sɛ wonguan ntɛm ara bere a wɔahu “akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no sɛ egyina kronkronbea hɔ” no akyi no so. Bere a Yehowa yii ne Ba Yesu Kristo asuafo a “wɔapaw” wɔn yi nyinaa fii beae a na ɔsoro atemmu wɔ hɔ wiei akyi no, na obetumi ama n’aweredi a ɛbaa Yudafo atuatewfo no so no ayɛ tiaa. Sɛnea wɔakyerɛw no: “[Yehowa] bedi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa” (Romafo 9:28; Yesaia 10:23) Ɛnde, ɛfata sɛ “wɔn a wɔapaw wɔn . .. no nti” wotwaa nna a ahohiahia kɛse baa Yerusalem so no so.
27. (a) So Yesu de ne nkɔmhyɛ no baa awiei wɔ Yerusalem ɔsɛe ho nkyerɛkyerɛmu no so, anaa ɔkaa nea ɛsen saa? (b) Dɛn nti na yɛka sɛ Amanaman no gyaee Yerusalem so atiatia wɔ 1914 mu?
27 Wiase abakɔsɛm gye nokware a Yesu nkɔmhyɛ no yɛ tom. Nanso Yesu nkɔmhyɛ no mma awiei wɔ saa kyerɛwtohɔ a ɛfa asase so Yerusalem sɛe ho yi so, efisɛ pii wɔ hɔ a ɔbɛka a ɛfa ne ba a waba ne “nneɛma nhyehyeɛ no awiei” ho “sɛnkyerɛnne” no ho. Ɔka nea ɛkɔ akyiri sen Yerusalem sɛe wɔ 70 Y.B. mu, efisɛ wɔ Luka 21:24 no, ɔka sɛ: “Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de nkosi sɛ amanaman no bere bewie du.” Yesu hwɛɛ saa amanaman mmere a wɔahyɛ a wɔtaa frɛ no Amanaman Mmere no “awiei” kwan. Ɛno kyerɛ sɛ ɔhwɛɛ afe 1914 Y.B. kwan, efisɛ saa afe no mu na hokwan a na Yerusalem wɔ sɛ ebenya Mesia ahenni wɔ ɔhene Dawid Daa Ɔdedifo no nsam a na amanaman no tiatia so no gyaee. Dɛn nti na yɛka eyi, bere a wɔ afe 1914 mu no na Yerusalem kurow a wɔasan akyekye wɔ Mfinimfini Apuei no da so ara wɔ Turkifo a wɔyɛ Mohammedanfo nsam no? Nea enti a ɛte saa ne sɛ saa afe no mu, wɔ Amanaman Mmere no awiei no, Yehowa Nyankopɔn de Ɔhene Dawid Daa Ɔdedifo no sii ahengua so, a ɛnyɛ asase so Yerusalem a ɛwɔ Turkifo nsam no, na mmom wɔ ɔsoro Yerusalem.—Hebrifo 12:22.
NE MMAMU WƆ SƐNKYERƐNNE KWAN SO YERUSALEM A ENNI NOKWARE NO SO
28. Bere a na ɔreka Yerusalem sɛe ho asɛm sɛ ɛbɛyɛ hu no, ntease ahorow bɛn mu na na Yesu reka Yerusalem ho asɛm?
28 Ɛda adi sɛ, wɔ ne nkɔmhyɛ no mu no, na Yesu de Yerusalem kurow no redi dwuma, a na ɛnyɛ nea ɛfa ɛno ho nko, na mmom wɔ sɛnkyerɛnne kwan so nso, sɛ ɛyɛ biribi foforo a ɛso sen saa ho mfonini. Ɛnte saa a, anka ɔrenka mfa ne sɛe wɔ 70 Y.B. mu no ho sɛ, “ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.” (Mateo 24:21; Marko 13:19) Nnipa a wɔwɔ nimdeɛ nyinaa nim sɛ Yerusalem ɔsɛe a ɛbaa 70 Y.B. mu no nyɛ amanehunu a ɛsen biara fi wiase asefi, na, wiase nyinaa nsuyiri a ɛbae wɔ Noa nna no mu no nso ɛ? Na sɛ ɔsɛe a ɛte sɛ nea Romafo de baa Yerusalem so wɔ 70 Y.B. mu no bi mmae wɔ ɛno akyi a, Wiase Ko I ne Wiase Ko II wɔ afeha a ɛto so aduonu yi mu no nso ɛ? Na Yesu asɛm no nyɛ nea ɔregugum, na mmom ɛda adi sɛ ná ɔresusuw Yerusalem ho sɛ sɛnkyerɛnne kwan so ade, a ɛyɛ biribi a ɛbɛba wiase nyinaa so wɔ ɔsɛe a ɛte saa ara mu ho kɔkɔbɔ nhwɛso. Na ɔresusuw sɛnkyerɛnne kwan so Yerusalem a enni nokware, a ɛne nnɛyi de a ɛwɔ hɔ no ho. Na ɛne dɛn? Ɛyɛ Kristoman ne ne nyamesom akuw ɔhaha pii a ɛbɔ ne ho abira no.—1 Korintofo 10:11.
29. (a) Nea ɛka Kristoman sɛe ho no, dɛn bio na Yesu nkɔmhyɛ no fa ho? (b) Ɛnde dɛn na ɛne fi bere a Yesu hyeɛ nkɔm no kosi Yerusalem sɛe so no hyia?
29 Yesu nkɔmhyɛ no asekyerɛ yi yɛ nokware, ɛnyɛ wɔ Kristoman ne amammuifo, aguadifo, asraafo ne atemmufo a ɔne wɔn abɔ aguaman no sɛe a ɛreba no fam nko, na mmom wɔ wiase nsɛm ahorow a ebesisi de akowie ne sɛe mu pɛɛ no fam nso. Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ afeha a ɛto so aduonu yi mu no ama nnɛ Kristoman wɔ bere bi mu a ɛte sɛ bere a Yesu de nkɔmhyɛ no mae wɔ Ngo Bepɔw no so kosii bere a Romafo sɛee Yerusalem ne n’asɔrefi no wɔ 70 Y.B. mu no. Saa Kristoman bere titiriw a ɛne no hyia yi fii ase wɔ ‘amanaman mmere a wɔahyɛ’ no awiei wɔ afe 1914 mu. Susuw nneɛma a asisi fi saa bere no ho.
30. Efi 1914 no, so Kristoman ahu nea Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ “awoko yaw mfiase” no?
30 Nneɛma bɛn na Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ “awoko yaw mfiase” no? So na ɛnyɛ ɔko, ɔkɔm, asasewosow ne ɔyaredɔm? (Mateo 24:7, 8; Marko 13:8; Luka 21:10, 11) “Ɔko” bɛn wɔ Kristo asomafo nna no mu wɔ afeha a edi kan no mu na ɛne Wiase Ko I ne II sɛ, sɛ yɛrenka akodi afoforo no nyinaa fi Wiase Ko II awiei wɔ 1945 Y.B. mu reba no ho asɛm a? So ɔkɔm, asasewosow, ne ɔyaredɔm a ɛbae afe 33 kosi 70 Y.B. mu no sen aduankɔm, asasewosow ne ɔyaredɔm a aba Kristo man ne wiase no nkae nyinaa so fi Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu no?
31. (a) Dɛn na Yesu kae sɛ ɛbɛba n’asuafo no so ansa na Yerusalem sɛe no aba? (b) Ɛnnɛ henanom amanehunu na ɛte sɛ asuafo a na wɔwɔ hɔ saa bere no de no?
31 Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no nso sɛ wɔbɛtaa n’asuafo no denneennen, ayi wɔn ama ahohiahia na wɔakum wɔn, yiw, sɛ amanaman nyinaa bɛtan wɔn; afei nso, sɛ atoro adiyifo, atoro Mesia bɛsɔre, ne Onyankopɔn ho amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso a ɛbɛma wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ anyamesomfo no fã kɛse ara dɔ ano adwo; ne hia a Kristofo boasetɔ ho behia wɔ bere a ɛte sɛɛ mu no nso. (Mateo 24:9-18; Marko 13:9-13; Luka 21:12-19) Nneɛma a ɛkɔɔ so yi hyɛɛ afeha a edi kan asomafo mmere no agyirae. Na nneɛma a akɔ so wɔ wiase fi bere a Amanaman Mmere no baa awiei wɔ 1914 no nso ɛ? So wiase no asakra abɛyɛ Kristofo ara ma enti Kristo nokware asuafo a wɔtaa wɔn no agyae? So nyamesomfo kakraa bi wɔ hɔ a ‘ɔno [Kristo] din nti aman nyinaa tan wɔn’ kɛse sen Yehowa adansefo Kristofo? So nyamesom mu ɔtaa horow bi wɔ hɔ a ɛsen nea wɔde aba Yehowa adansefo Kristofo yi so fi 1914 tɔnn besi nnɛ bere yi no? Kyerɛwtohɔ no wɔ hɔ a obiara betumi ahwɛ.
32. Ade foforo bɛn na ná ɛbɛhyɛ asomafo no bere no nsow kosi 70 Y.B. mu, na ɛnam henanom so na eyi nyaa mmamu saa bere no?
32 Ná ade foforo wɔ hɔ a ɛda nsow wɔ afeha a edi kan asomafo no mmere ansa na 70 Y.B. reba no ho. Yesu ka kyerɛɛ n’asɔretiafo a wɔwɔ Yerusalem no sɛ: “Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.” (Mateo 21: 43) Mpo wɔ wɔne wɔn atoro Mesia ahorow no akyi no, ná Yudafo no nsow Onyankopɔn ahenni no aba denam ka a wɔbɛka akyerɛ Amanaman mufo no so. Ansa na wɔrebɛsɛe Yerusalem no, wɔamfa asɛm a Osuboni Yohane kae no ammɔ dawuru sɛ ɔsoro ahenni no abɛn. Dabi, efisɛ wɔ ne Yerusalem asɔrefi no mu nsrahwɛ a etwa to mu no Yesu ka kyerɛɛ nyamesomfo akyerɛwfo ne Farisifo no sɛ: “Moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ankasa monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, momma wɔn kwan nkɔ mu.” (Mateo 23:13) Ɛnde, henanom na ɛsɛ sɛ wɔkamfo wɔn sɛ wɔmaa Yesu asɛm a tumi wom no nyaa mmamu ansa na afe 70 Y.B. reba. sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba”? (Mateo 24:14; Marko 13:10) Ɛyɛ wɔn a ná ‘ne din nti aman nyinaa tan wɔn’—n’ankasa n’asuafo no.
33. Efi 1914 no, henanom nso na wɔaka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa wɔ wiase nyina, na ɔkwan bɛn so na ɛsono ahenni a wɔka ho asɛm yi wɔ nea Kristoman bɔ no dawuru no ho?
33 Saa ara na wɔ bere a ɛne no hyia yi mu, fi bere a Amanaman Mmere no baa awiei wɔ 1914 Y.B. mu no, ɛyɛ wɔn a ada adi sɛ ‘[Kristo] din nti aman nyinaa tan wɔn’ no na wɔrema Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no ho no anya mmamu nnɛ. Wɔn na wɔ ɔtan ne ɔtaa akyi no, wɔde Onyankopɔn Mesia ahenni ho asɛmpa a wɔka no ahyɛ asase so ma, de adi amanaman no nyinaa adanse no. Onyankopɔn ahenni ho asɛm yi nte sɛ nea Kristoman akɔ so aka fi ne mfiase wɔ Ɔhempɔn Konstantino nna no mu wɔ afeha a ɛto so anan no mu no—ahenni a ɛwɔ n’asɔremma ɔpehaha pii no mu, wɔ wɔn koma mu, ahenni a awiei koraa no ɛba denam wiase a ɛsakra ba Kristoman asom ahorow mu so no. Nea ɛne eyi bɔ abira koraa no, ahenni a Yehowa adansefo Kristofo aka ho asɛm fi bere a Amanaman Mmere no baa awiei wɔ 1914 mu no yɛ nniso ankasa a ɛdaa adi wɔ ɔsoro saa afe no mu. Ɛyɛ Onyankopɔn ahenni a wɔde asi hɔ wɔ ɔhene Dawid Daa ɔdedifo no nsam, a ebebubu amammui nniso horow a ɛwɔ asase so yi nyinaa na ɛde daa nkwa, asomdwoe ne anigye ahyira asase sotefo no.
34. (a) Ná saa amanaman ntam Ahenni asɛm a wɔka yi bɛyɛ nokwasɛm bɛn ho “sɛnkyerɛnne” fã? (b) Ná Ahenni ho asɛm yi a wɔbɛka awie no bedi ɔsɛe bɛn anim?
34 Saa adwuma nwonwaso yi a wɔyɛ, a ɛne asɛmpa yi a Yehowa adansefo Kristofo ka wɔ asase nyinaa so de di amanaman adanse no kyerɛ biribi. Ɛyɛ “sɛnkyerɛnne” a na ɛbɛhyɛ ɔhene Yesu Kristo a ɔredi tumi wɔ honhom mu no “ba a waba” anaasɛ parousia no agyirae no fã a ɛreda adi kɛse. Efi afe a wɔde no sii ahengua so wɔ soro wɔ Onyankopɔn nsa nifa no, saa asɛm a wɔka wɔ afie afie mu ne denam nnɛyi akwan horow a wɔnam so ne afoforo di nkitaho nyinaa so no yɛ nea Yehowa adansefo Kristofo na wɔadi ho dwuma bɛboro mfirihyia aduonum ni, na wɔagyina mu wɔ wiase akodi ahorow ne ɔhaw akɛse afoforo mu. Ɛda adi sɛ adanse a ɛfa Onyankopɔn Mesia ahenni a ɛrenkyɛ ɛbɛba abedi nsɛm nyinaa ho dwuma a wodi kyerɛ amanaman nyinaa no abɛn n’awiei. Saa wiase nyinaa Ahenni asɛnka adwuma yi na ná ebedi “awiei” no anim. Nnɛ nnipa a wɔte asase so nyinaa ate Ahenni ho asɛm a wɔka no. “Amanaman nyinaa” rentra hɔ bio a wonni wɔn adanse Yesu kae se, “Ɛno ansa na awiei no bɛba” ama nneɛma nhyehyɛe yi?
“AKYIDE A ƐBƆ ƆMAN“
35. (a) ”Sɛnkyerɛnne” no fã bɛn na ɛdaa no adi sɛ ná Yerusalem amamfoyɛ no abɛn yiye ampa? (b) Esiane sɛ saa afeha a edi kan wiase tumi no nni hɔ bio nti, asɛm bɛn na yebisa?
35 “Sɛnkyerɛnne” no fã foforo si so dua sɛ “awiei” a wɔde bere pii ahwɛ kwan no abɛn. Ɛwom sɛ na nneɛma ahorow a ɛyɛ hu betumi aba wɔ mmere a na emu yɛ den no mu a na awiei no nnya nnui de, nanso Yesu kaa ade kɛse biako ho asɛm too hɔ a ɛno daa no adi sɛ amanehunu bere no reyɛ adu, ne sɛ amamfoyɛ bere no reyɛ ato wɔn a woretwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobeguan akɔ ahobammɔ mu no. Wɔ wɔn a na wɔte Romafo mansin Yudea mu wɔ afeha a edi kan no mu no fam no, ná ɛyɛ Yerusalem a dɔm betwaa ho hyiae, “akyide a ɛbɔ ɔman” no a egyinaa baabi a ná ɛnsɛ sɛ egyina, “kronkronbea” hɔ no. Afei de na bere adu ama Yudafo a wɔwɔ Yesu mu gyidi sɛ ɔne Mesia no sɛ wobeguan afi Yudea koraa. Nanso so yehu biribi te sɛ “akyide” a ɛbɔ ɔman nnɛ? Da a ɛda adi no mfa biribi pa bi mmrɛ Kristoman, efisɛ ɔyɛ afeha a edi kan Yerusalem a anni nokware no nnɛyi nsɛso. Wiase Tumi a ɛto so Asia wɔ Bible abakɔsɛm mu, Roma abosonsomfo Ahemman no asraafo na wɔsɛee Yudafo kuropɔn kronkron a ɛhɔ na wɔsom no. Nanso nnɛ, saa wiase tumi no nni hɔ!
36. Dɛn nti ne nea akyide a ɛbɔ ɔman no de ba no bɛka nnɛyi Wiase Tumi a Ɛto so Ason no?
36 Ɛnnɛ, efi 1914 no, wiase no nsɛm ayɛ nea Wiase Tumi a Ɛto so Ason, Britania ne Amerika Wiase Tumi a ɛbɔ ho Abien no na ɛda so ara redi so. Esiane sɛ Britania hene anaa ɔhemmaa no kyerɛ sɛ ɔne Anglikan Asɔre no ti, na United States, Amerika Asennibea Kunini no aka sɛ Amerika yɛ “Kristofo man” no nti, saa Wiase Tumi a Ɛto so Ason yi yɛ Kristoman fã titiriw ne n’akyigyinafo kɛse. Enti, wɔ nyamesom mu no, nea akyide a ɛbɔ ɔman no de ba no bi bɛka no.
37. Dɛn na Adiyisɛm 17:9-11 ka kyerɛ yɛn de kyere sɛ ebia ná nea ɛtɔ so ason no ne wiase tumi a etwa to?
37 Nanso, Bible no nhoma a etwa to no da WIASE TUMI A ƐTO SO AWOTWE bi adi. Nea ɛyɛ anigye no, Adiyisɛm 17 :9-11 ka nea wɔka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane wɔ n’anisoadehu a ɛfa aboa kɛse kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du, a nyamesom mu aguaman, “Babilon Kɛse,” no te ne so ho no ho asɛm kyerɛ yɛn. Nkyekyem no ka sɛ: “Ɛha na adwene a nyansa wom no wɔ. Ti ason no yɛ mmepɔw ason a ɔbea no te so, na ɛyɛ ahene baason. Baanum agu, obiako wɔ hɔ, ɔfoforo no nnya mmae ɛ, na ɔba a, etwa sɛ ɔtra hɔ kakraa bi. Na aboa a dabi na ɔwɔ hɔ na afei de, onni hɔ no, ɔno ara nso ne nea ɔto so awotwe, na ofi ason no mu, na ɔkɔ ɔsɛe mu.”
38. Wɔ ɔsomafo Yohane nna no mu no. ná wiase tumi ahorow bɛn na ahwe ase dedaw, nea ɛwɔ he ná na ɛwɔ hɔ, na nea ɛwɔ he na ná ɛsɛ sɛ ɛba, na ɛbɛtra hɔ bere tenten ahe?
38 Ɔsomafo Yohane nna no mu, wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛna Wiase Tumi a Ɛto so Asia no de no akɔto supɔw Patmo so sɛ deduani. Na Wiase Tumi a Ɛto so Ason no nnya mmae, efisɛ abakɔsɛm di ho adanse sɛ edii kan bae wɔ afeha a ɛto so dunwɔtwe no mu, bere a Britania bɛyɛɛ aguadi ne po so asraafo hemmaa no. Enti Wiase Tumi a Ɛto so Ason yi adi bɛboro mfirihyia ahanu pɛ nnɛ, na eyi yɛ ‘bere kakraa bi’ sɛ wode toto bɛyɛ mfeha dunwɔtwe a Wiase Tumi a Ɛto so Asia no de dii tumi no ho a. Enti aboa kɛse kɔkɔɔ no ti a ɛto so ason no begyinaa hɔ maa Wiase Tumi a Ɛto so Ason no; ti a aka no gyina hɔ ma wiase tumi ahorow asia a edii ɛno anim no, Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela ne Bama. Saa wiase tumi ahorow ason yi nyinaa ne nyamesom mu aguaman “Babilon Kɛse,” a ɔne wiase atoro som ahe mman no anya nkitahodi.—Adiyisɛm 17:16, 18.
39. Dɛn nti na ɛnyɛ Komunist Rusia anaasɛ Komunist aman horow no ne Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe no?
39 Esiane sɛ aboa kɛse “no ara ne nea ɔto so awotwe” nti, egyina hɔ ma wiase tumi a ɛto so awotwe. Eyi nyɛ Komunist Rusia, anaasɛ Komunist aman ahorow no, efisɛ Rusia ne Komunist aman ahorow no ‘mfi ason no mu,’ kyerɛ sɛ, emfi wiase tumi ahorow ason a edii ɛno anim no mu na ɛbae. Ɛdefa Komunist aman ahorow no ho no wontumi nka sɛ “aboa no da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.”—Adiyisɛm 17:8.
40. (a) Ɛnde dɛn ne Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe no? (b) Bere bɛn na na saa wiase tumi no nni hɔ, na bere bɛn na ɛbae?
40 Enti dɛn ne Wiase Tumi a Ɛto so nwotwe, a Babilon, wiase atoro som ahemman atra no so abesi nnɛ, sɛnea aguaman Babilon Kɛse no traa aboa kɛse kɔkɔɔ a ɔsomafo Yohane hui wɔ anisoadehu no mu so no? Ɛyɛ amanaman ntam ahyehyɛde ma wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra no. Ansa na Wiase Ko II reba no ná wɔfrɛ eyi Amanaman Apam, na efi Wiase Ko II akyi no, wɔafrɛ no Amanaman Nkabom. Wɔhyehyɛɛ “wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra” ho dwumadi kuw yi wɔ afe a edi kan wɔ ɔko no akyi, 1919 mu, nanso ɛkɔɔ bun mu a na entumi nyɛ hwee, enni ahoɔden, bere a Wiase Ko II pae gui wɔ 1939 mu no. Wɔ Wiase Ko II mu no ‘anyɛ’ biribiara sɛ́ ade a ɛbɔ wiase asomdwoe ho ban. Wiase Ko II baa awiei wɔ 1945 -mu akyi no. epue fii ebun no mu. a afei de na ekura edin foforo a ɛne Amanaman Nkabom. “Ɔwɔ hɔ” fi saa bere no. Ɛnnɛ wiase aman ahorow a. wɔwom yɛ 156. Eyinom nyinaa de akode asiesie wɔn ho, a emu anum de nuklea atopae ahorow asiesie wɔn ho dedaw.
41. Dɛn nti na Amanaman Nkabom no nyɛ Kristofo ahyehyɛde, na dɛn na ɛma ɛyɛ akyide ma Onyankopɔn?
41 Nanso, dɛn nti na sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɛse, Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe, a ɛne Amanaman Nkabom a ɛwɔ hɔ nnɛ no, na wɔkyerɛ sɛ ɛne “akyide a ɛbɔ ɔman” no? To a wɔde no toto aboa kɛse a ɔwɔ ti ason a aguaman bi te ne so ho no kyerɛ sɛ ɛho ntew wɔ Onyankopɔn anim, ɛyɛ “akyide” ma No. Esiane sɛ “ofi” wiase tumi ahorow “ason” a ɛnyɛ Kristofo de mu nti, ɛnyɛ Kristofo ahyehyɛde Aman ahorow a wɔwɔ Amanaman Nkabom no mu no fã nka sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso ɛha na yehu aman ahorow a wɔwɔ Kristoman mu no sɛ wɔne wɔn a wɔnyɛ Kristofo anaasɛ abosonsomfo aman ahorow ayɛ biako wɔ amammui mu. Amanaman Nkabom no yɛ wiase yi fã na ɛyɛ “wiase adamfo,” na enti, ɛyɛ “Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4; Yohane 8:23; 18:36) Wɔn a wɔsom no no de Mesia ho anidaso abata ho, na Kristoman gye tom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Mesia ahenni a wɔde asi hɔ no nsiananmu Akyide!
42. Amanaman Nkabom no bɛyɛ se asraafo dɔm bɛn bere a ɛba bɛyɛ ade a “ɛbɔ ɔman” no?
42 Wɔkamfo Amanaman Nkabom no sɛ atumi ayɛ nneɛma pa ahorow pii. ɔkwan bɛn so ma wobetumi afrɛ no ɔmammɔfo, ade a “ɛbɔ ɔman” ma ayɛ yiye? Wiɛ, ná Wiase Tumi a Ɛto so Asia, Roma Ahemman no, rebɔ mmɔden sɛ ɛbɛkora Roma Asomdwoe no so wɔ asase so nyinaa, na ná ɛrebɔ mmɔden sɛ ɛbɛma asomdwoe atra Mfinimfini Apuei; nanso akyiri yi n’asraafo na ɛbɛsɛee Yerusalem, nyamesom kurow kronkron no. Saa ara .na, Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe, a ɛne Amana.man Nkabom no, nwie n’adwuma a wɔaka ato hɔ wɔ wiase no ansa na “ɔkɔ ɔsɛe mu.” (Adiyisɛm 17:11) Nanso ɛbɛdan abɛyɛ ade a “ɛbɔ ɔman.” Ama hena? Adiyisɛm 17:15-18 da no adi kyerɛ yɛn. Ɛhɔ na yɛkenkan sɛ:
43. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 11:15-18 ka amamfoyɛ adwuma no ho asɛm sɛn yɛrenne kwan so?
43 “Nsu a wuhui a aguaman no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow. Na mmɛn du a wuhui no, ne aboa no. wɔn na wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no. Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne tirim asɛm mmra mu na wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no nkosi sɛ Onyankopɔn nsɛm no bɛba mu. Na ɔbea a wuhuu no no ne kurow kɛse a edi asase so ahene so hene no.”
44. Ɛnde dɛn na anamman Nkabom no ma abɛyɛ amamfo, na dɛn ne nea nyansa wom a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnɛ wɔ ade a ɛrebɛyɛ amamfo no ho, na ama wɔayɛ Onyankopɔn man?
44 Enti Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe a ɛne Amanaman Nkabom no, bɛdan abɛyɛ ade a “ɛbɔ ɔman” bere a ɛma sɛnkyerɛnne kwan so amanaman ntam aguaman, a ɛne Babilon Kɛse no yɛ amamfo no. Ná tete Babilon a ɛda Asubɔnten Eufrate ho no yɛ kurow, na enti wɔde Babilon Kɛse no toto “kurow kɛse” ho. Na esiane sɛ “edi asase so ahene so hene” nti, Babilon Kɛse no kyere wiase atoro som ahemman. Nea ɛsɛ sɛ nnipa a wɔn adwenem da hɔ yɛ nnɛ ne sɛ wobefi saa Babilon, wiase atoro som ahemman no mu ansa na ɔsɛe aba tuo so, efisɛ anyɛ saa a wɔbɛsɛe wɔn aka ne ho. Eyi ara na honhom mu frɛ a efi soro no ka kyerɛɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn man no sɛ wɔnyɛ, sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanya ne nnebɔne no bi, na monnnya ne haw no bi.”—Adiyisɛm 18:1-4.
-
-
Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni AbɛnƆwɛn-Aban—1982 | July 1
-
-
Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
45. (a) Dɛn na yebetumi aka wɔ sɛ ebia nnipa a wɔwɔ Kristoman mu asɔre horow mu no afi Babilon Kɛse mu dedaw no ho, na dɛn ntia? (b) Enti, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔsɛe Kristoman ka Babilon Kɛse no ho?
45 Eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔdaadaa yɛn. Esiane sɛ Kristoman ka sɛ edi Kristo akyi nti, ɛnsɛ sɛ n’asɔremma a wɔwɔ ne nyamesom akuw ɔhaha no mu no susuw sɛ woafi Babilon Kɛse no mu dedaw. Bere tenten a wɔda so yɛ Kristoman fã no, wɔda so ara wɔ Babilon Kɛse no mu na wonya ne bɔne no mu kyɛfa. Dɛn ntia? Efisɛ Kristoman ankasa yɛ Babilon Kɛse no fã, nokwarem no, ɛno ne wiase atoro som ahemman no fã titiriw. Bio nso, Kristoman a adi akodi ne mogyahwiegu ho fɔ no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so nnɛyi Yerusalem a enni nokware a ɛsɛ sɛ Yesu nokware akyidifo nyinaa guan fi mu na wɔanya nkwa. Enti, sɛ Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe (Amanaman Nkabom no) sɛe Babilon Kɛse no a, ɛbɛsɛe Babilon Kɛse no fã a edi sõ sen biara, a ɛne Kristoman, no nso. Ɛsɛ sɛ wɔn a wodɔ asetra a ɛne nokware Nyankopɔn no akwankyerɛ hyia no guan fi Kristoman mu ntɛm, sɛnea Yesu Kristo akyidifo a ná woyɛ Yudafo no guan fii Yudea ne Yerusalem bere a wohuu “akyide a ɛbɔ ɔman . . . no sɛ egyina” baabi a ná Yudafo no bu sɛ ɛyɛ kronkron no.
46. Ɔkwan bɛn so na wɔnam de kɔkɔbɔ maa nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn ho suro ntɛm sɛ womfi Babilon Kɛse no mu wɔ afe 1917 mu?
46 Wɔ Ɔhene Yesu Kristo a ɔredi tumi no “ba a waba” anaasɛ ne parousia yi mu fi 1914 Y.B. no, wɔabɔ nnipa a wɔwɔ Nyankopɔn ho suro kɔkɔ sɛ womfi Babilon Kɛse no mu na ɔsɛe a ɛbɛba no so no bi anka wɔn. Wodii kan de kɔkɔbɔ mae wɔ nhoma a wɔtoo din “The Finished Mystery”—a People’s Pulpit Association yɛe wɔ July 1917 mu, bere a Amerika de ne ho kɔhyɛɛ Wiase Ko I mu akyi no mu. Saa nhoma yi de Adiyisɛm nhoma no nyinaa, a ti dunson ne dunwɔtwe ka ho, no nkyekyem biara ho nkyerɛkyerɛmu mae. Saa nhoma yi na aban no barae wɔ afe a edi hɔ no mfiase hɔ no. Nanso, ansa na eyi reba no, wodii kan de kɔkɔbɔ no mae Kwasida, December 30, 1917 ma ɛkɔɔ akyiri. Wɔyɛɛ no saa da no anɔpa denam kratawa bi a ekura nkratafa anan, Bible Students Monthly, Po 9, No. 9, a wɔtoo din “Babilon Asehwe” a wɔkyekyɛe wɔ ɔman no mu nyinaa no so. Saa kratawa a emu nsɛm no ano yɛ den a wɔkyekyɛe fi ɔman no ti kosii ti yi akyi no, wɔmaa baguam asɛnka ahorow wɔ Babilon asɛmti no ho saa Kwasida awiabere no.—Hwɛ The Watch Tower and Herald of Christ Presence, December 15, 1917, kratafa 370, wɔ asɛmti “Ahofama Da-December da 30” no ase.
47. (a) Wiase ko I akyi no, dɛn na Bible Asuafo pɛe sɛ wohu titiriw? (b) Dɛn na January 1, 1921 Engiresi Ɔwɛn-Aban no kae wɔ ho?
47 Esiane sɛ “akyide a ɛbɔ ɔman” no na ɛbɛsɛe nnɛyi Babilon Kɛse (a Kristoman ka ho) no nti, nea Bible asuafo fii ase susuw ho wɔ ɔko no akyi ne sɛ wobehu nea saa akyide no yɛ wɔ afeha a ɛto so aduonu yi nsɛm mu. Bere a wɔde Amanaman Apam no sii hɔ na wɔde Palestina asase no so hwɛ hyɛɛ Britania Ahemman no nsa no, Ɔwɛn-Aban a ɛbae January 1, 1921 no kratafa 12 kae wɔ asɛmti “Daniel Kaa ho Asɛm” ase sɛ:
“. . . esiane sɛ asase no yɛ Yehowa de nti, ɛda adi sɛ saa aboa [a Adiyisɛm ti 13 ka ho asɛm] no nni hokwan sɛ edi Palestina asase no so tumi; na wɔn ade a nnipa ahyehyɛ, Amanaman Apam (a ɛno na ɛde Palestina asase no so tumidi ahyɛ Britania Ahemman no nsa) no yɛ akyide ma Awurade. Enti, saa akyide yi gyina baabi a ɛnsɛ sɛ egyina. . . .
Ɛnde hyɛ ade foforo a edi adanse sɛ yɛadu wiase no awiei no nsow; a ɛne sɛ, akyide no gyina nea ɛnsɛ sɛ egyina—‘egyina kronkronbea hɔ,’ Asase Kronkron, Onyankopɔn ankasa asase no so; na wohu sɛ ‘dɔm atwa Yerusalem ho ahyia’—aboa foforo no dɔm; na ma nea otumi kan no nte ase na onhu sɛ yɛadu wiase no awie. . . .
48. Afe 1926 mu no. wɔma ɛdaa adi sɛ amanaman ntam ahyehyɛde ma wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra no yɛ dɛn, na wɔdaa eyi adi bere bɛn?
48 Ɛwom sɛ na egyina Mateo 24:15, ne Marko 13:14 (Authorized Version) so de, nanso ɛdaa adi sɛ na nkyerɛkyerɛmu no teɛ, sɛ ná “akyide a ɛbɔ ɔman” no ne Amanaman Apam no saa bere no. Mfe bi akyi no, wɔma ɛdaa adi sɛ saa amanaman ntam ahyehyɛde ma asomdwoe ne dwoodwoo asetra no ne Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe wɔ Bible nkɔmhyɛ mu. Saa nkyerɛkyerɛmu yi bae Kwasida anadwo, May 30, 1926, wɔ baguam asɛnka bi a wɔmae wɔ Royal Albert Hall, London, England, na wɔtoo din “Nea Enti A Wiase Tumi Horow Rehinhim.—Ano Aduru” no ase. Bere a ɔreka asɛmti “Apam a Wɔaka ho Asɛm Asie” no ho asɛm no, ɔkasafo, Ɔwɛn Aban Asafo no Titrani, J. F. Rutherford, kae sɛ:
“Onyankopɔn kaa wiase tumi ahorow ason, a ɛne, Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela, Roma ne Britania Ahemman no ho asɛm siei, na ɔka siei nso sɛ nea ɛto so awotwe befi ason no mu aba. Wɔyɛ akyiri yi de no nso ho mfonini sɛ ‘aboa,’ efisɛ n’atirimpɔw ne sɛ ebedi asase sofo so. Na Awurade kaa n’awo, bere tiaa a ɛde bɛtra hɔ ne ɔsɛe mu koraa a ɛbɛkɔ ho asɛm siei. -Adiyisɛm 17:10, 11; Yesaia 8:9, 10.”—Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban, July 15, 1926, kratafa 215.
49. Dɛn nti na “Wɔn a wɔapaw wɔn” nkaefo no ntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobefi Babilon Kɛse no mu kosi sɛ wobehu sɛ dɔm atwa ne ho ahyia?
49 Enti bere a Wiase Ko I baa awiei 1918 mu no, wɔn a Yehowa apaw wɔn no nkaefo a wɔasra wɔn no fii ase huu “akyide a ɛbɔ ɔman no” na wɔtee ase na wohuu nea ba a waba wiase no kyerɛ. Na wɔabɛyɛ nkoa ama Babilon Kɛse no ne n’amammui ne sraadi mu ahokafo no wɔ Wiase Ko I mu, na afei de wɔyɛ aso tie ɔsoro frɛ a ɛka sɛ womfi ne mu no. Nnipa a wɔwɔ Nyankopɔn suro a akyiri yi ɔde wɔn bɛkaa ne nkurɔfo a “wɔapaw wɔn” no nkaefo no ho no nso tiee ɔsoro frɛ no na wofii ‘Babilon Kɛse (a Kristoman ka ho) no mu. Esiane sɛ sɛnkyerɛnne kwan so Yerusalem na enni nokware, a ɛne Kristoman, no nyɛ nea asase so Yerusalem ne Palestina asase so nkutoo na ɛwɔ na mmom ɛwɔ wiase nyinaa nti, ɛho nhia sɛ wɔn a wɔreguan afi ne mu no twɛn kosi sɛ wobehu sɛ Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe (amanaman ntam ahyehyɛde ma wiase‘ asomdwoe ne dwoodwoo asetra) no asraafo atwa Kristoman ho ahyia ansa. Ahyɛde a wɔnam ɔbɔfo so de mae sɛ, “Me man, mumfi ne mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi” no antwɛn ankosi sɛ biribi a ɛte saa bɛba.
50. (a) Guan a Yehowa nkurɔfo a “wɔapaw wɔn” no guan fii mu ntɛm no kyerɛ dɛn, na ɛyɛ nhwɛso pa ma henanom? (b) Bere a “akyide” no ahyia dɛn akyi na ɛbɛsɛe Babilon Kɛse no?
50 Nanso, na guan a Yehowa nkurɔfo a “wɔapaw wɔn” no beguan ansa na eyi aba no bɛkyerɛ sɛ Kristoman a enni nokware ne Babilon Kɛse no afã horow nyinaa sɛe no rebɛn na ɛbɛba wɔ awo ntoatoaso yi mu, wɔ bere tenten a Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe no de bɛtra hɔ, na ɛyɛ tiaa te sɛ “dɔnhwerew biako” no mu. Ahoɔhare a wɔn a Yehowa “apaw wɔn” no de guanee no yɛɛ nhwɛso pa maa Kristo “nguan foforo” “nnipakuw kɛse” no a ɛsɛ sɛ wodi akyi efi afe 1935 Y.B. de besi nnɛ. Sɛnkyerɛnne kwan so Yerusalem a enni nokware, Kristoman, ne Babilon Kɛse no fã a aka a “akyide” no asraafo dɔm bɛsɛe wɔn no ntumi nyɛ nea ɛwɔ akyiri mprempren. Hyɛ no nsow sɛ “akyide” no sɛe Babilon Kɛse no bere a, sɛ́ Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe no, afi “bun” no mu asan aba no akyi. Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe, bere a ná ɛyɛ Amanaman Apam no, kɔɔ owu tebea a ɛte sɛ “bun” mu bere a Wiase Ko II fii ase 1939 mu no, na efii “bun” no mu bae wɔ 1945 mu, nanso ɛbae sɛ Amanaman Nkabom. (Adiyisɛm 17:8, 11, 12) Ɛno yɛ bɛyɛ mfe aduasa a atwam ni. Ɛyɛ nea asiane wom sɛ obi bɛkɔ so atwentwɛn ne nan ase!
NEA ENTI A “AHOHIAHIA KƐSE” A EBI MMAE DA NO BƐBA
51. (a) Dɛn nti na ahohiahia a ɛbɛba sɛnkyerɛnne kwan so Yesusalem a enni nokware no so no bɛyɛ “kɛse” yiye? (b) Dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔtwentwɛn wɔn nan ase wɔ Babilon Kɛse no mu a wobeguan afi no so?
51 Nnɛyi sɛnkyerɛnne kwan so Yerusalem a enni nokware, Kristoman, sɛe no bɛyɛ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da” bio no fã ankasa (Mateo 24:21) Kristoman ahemman no wɔ wiase nyinaa, ɛsõ sen Israel asase a nã asase so Yerusalem kurow no wɔ so sɛ n’ahenkurow no. Babilon Kɛse no ahemman, a “edi asase so ahene so tumi” no da so yɛ kɛse sen Kristoman de no. Enti, sɛ sɛnkyerɛnne kwan so “mmɛn du” no ne “aboa” kɔkɔɔ no fi ase tan aguamman nyamesom Babilon Kɛse no na wɔsɛe no a, ɛbɛyɛ nyamesom mu asiane a ebi mmae da, a ɛka asase yi nyinaa. Kristoman rennya Onyankopɔn ahobammɔ bio sɛnea Babilon Kɛse no fã a aka a edi ɔbrasɛe ne mogyahwiegu ho fɔ no rennya n’ahobammɔ no. Sɛ na Yerusalem sɛe a ɛbae wɔ afe 70 Y.B. mu no yɛ hu na ɛyɛ nkɔmhyɛ mfonini a, ɔsɛe a ɛbɛba wiase nyinaa nyamesom so mo nso bɛyɛ hu. Ɛno na wobehu nyamesom a wɔantie ɔfrɛ a efi soro sɛ womfi ne mu no, na mmom wɔkɔɔ so traa Babilon Kɛse no mu no sɛ wɔyɛɛ ne bɔne no bi na wɔanya ne haw no bi sɛnea ɛfata.
52. (a) Dɛn nti na ɛnyɛ Babilon Kɛse no sɛe nkutoo ne “ahohiahia kɛse”no? (b) Bere a Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe no adi dwuma sɛ nea ɛbɔ ɔman akyi no, dɛn na ɛyɛ?
52 Ɛnyɛ Babilon Kɛse no sɛe no nkutoo ne “’ahohiahia kɛse” a ɛreba no. Ɛyɛ ne fã bi ara kwa. Amammui, aguadi ne asetra mu ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ wiase no ne nyamesom Babilon Kɛse no wɔ fekubɔ a ɛho ntew, wɔadi anigyede akyi na wɔahwehwɛ honam fam ahonyade. Wɔanya ne mogya ho asodi, Yehowa Nyankopɔn a ɔsɔre tia no, Yesu Kristo nokware akyidifo a ɔtaa wɔn ne “ahenni no ho asɛmpa” a wɔka kyerɛ de di adanse no a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiw ano no mu kyɛfa. Esiane eyi nti ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ne wɔn di. Amammui nhyehyɛe horow no nso boa Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe, Amanaman Nkabom no, na wɔn aman horow no yɛ emufo. Na saa Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe a ɛnyɛ Kristofo ahyehyɛde no ne Yehowa Mesia ahenni no di asi animtiaabu mu. Bere a Kristoman mu asɔfo no pene so no, ɛyɛ n’ade wɔ asase so te sɛ nea egyina Onyankopɔn ahenni ankasa a ɛnam Kristo so no ananmu. Bere a asɛe ne kan dɔfo, Babilon Kɛse no akyi no, ɛde akodi tumi kɛse bɛsɔre atia Yehowa Hene a ɔredi tumi, Oguammaa Yesu Kristo, a nyamesuro biara nni mu.
53. Dɛn nti na nea wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 17:12-14 no bɛyɛ “ahohiahia kɛse” no awiei?
53 Ɔsomafo Yohane kaa saa akodi a etwa to yi ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kasa yi mu sɛ: “Na mmɛn du a wuhui no ne ahene du a wonnyaa ahenni ɛ, nanso wɔne aboa no benya ahoɔden sɛ ahene [ɛdenam Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe no mufo a wɔbɛyɛ no so] dɔnhwerew biako. . . . Eyinom ne Oguammaa no bɛko, na Oguammaa no bedi wɔn so nkonim, —efisɛ ɔyɛ Awuranom mu Awurade ne Ahene mu Hene,—ɔne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wodi no nokware no.” (Adiyisɛm 17:12-14) Eyi bɛkyerɛ “ahohiahia kɛse” no awiei, a ɛne, “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” wɔ Harmagedon no. Ɔde saa amansan nyinaa ko no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri ma wɔ Adiyisɛm 19:11-21.
54. Asase so atamfo baahe na Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ne wɔn hyia wɔ akodi mu, na ɔsɛe no bɛyɛ dɛn, sɛ wɔde toto nea atwam ho a?
54 Eyi bɛka nnipa bɛboro ɔpepepem anan a wɔte yɛn asase yi so no. Agya panyin Noa bere so nsuyiri a ɛbae no mpo, ɛwom sɛ ɛbaa asase so nyinaa de, nanso ná nnipa a wɔdɔɔso saa ho asɛm nnim, esiane sɛ na ɛyɛ mfe 1,656 pɛ fi bere a wɔbɔɔ onipa nti. Wɔ ne “da kɛse no mu ko” no mu no, Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no betumi abɔ asase so aman a wɔwɔ nuklea ɔtopae no nyinaa agu na obetumi ahyia n’atamfo a wɔwɔ asase so a wɔaka abom no nyinaa wɔ akodi mu. (Adiyisɛm 16:13-16) Ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ ɔsɛe a ebi mmaa asase so da, na ebi remma bio. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ, bere a Yesu reka nea ɛsen tete Yerusalem amamfoyɛ wɔ 70 Y.B. mu no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Na sɛ [Yehowa] antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔapaw wɔn a ɔpaw wɔn no nti, watwa nna no so.”—Marko 13:20.
55. (a) Dɛn nti na ahohiahia nna no a wotwa so tiaa no ye ‘wɔn a wɔapaw wɔn nti? (b) Henanom na wɔma saa nhyehyɛe yi ho ba wɔn mfaso?
55 Na ɛbɛyɛ nwonwa de, nanso ɔhonam bi benya nkwa.’ Nea enti a eyi bɛyɛ saa ne sɛ Yehowa betwa “ahohiahia kɛse” no nna no so, na ɔbɛyɛ saa esiane “wɔn a wɔapaw wɔn a ɔpaw wɔn no nti.” Ɛnyɛ ne nkurɔfo a “wɔapaw wɔn” no a obeyi wɔn afi asase ani so na ɔnam bɛyɛ eyi, na mmom sɛ obeyi wɔn afi fekuw a wɔne nneɛma nhyehyɛe a wɔabu no fɔ yi bɛbɔ no so, na ɛdenam eyi a wɔbɛyɛ ansa na bere a wɔahyɛ sɛ “ahohiahia kɛse” no befi ase no adu no so no, Yehowa bu sɛ etwa sɛ otwa ahohiahia nna no so tiaa. Ɛnyɛ ne nkurɔfo a “wɔapaw wɔn” asra wɔn no nko na ɔde wɔn kɔ dwoodwoo asetra mu wɔ n’ahobammɔ ase, na mmom oyi “atreneefo” “nnipakuw kɛse” a wɔte sɛ nguanten a wɔyɛ Kristo honhom mu nuanom nketewaa no mpo yiye no nso. (Mateo 25:31-40) Bere a wɔayi ne nkurɔfo a “wɔapaw wɔn” ne “nnipakuw kɛse” afi nnipa a wɔte sɛ mpapo no ho no, Yehowa Nyankopɔn nam ne Guammaa Yesu Kristo so betumi adi n’aweredi a ɔde ba atamfo nyinaa a wɔyɛ wiase nyinaa nneɛma nhyehyɛe no fã no ho dwuma “atwa no tiaa.”—Romafo 9:28.
56. Wɔ Yerusalem sɛe a ɛbae 70 Y.B. mu no mu no, henanom ne “honam”a wogyee wɔn nkwa no, ɛwom mpo sɛ na wonni ɔdom bɛn?
56 Eyi bɛkyerɛ sɛ wobegye “ɔhonam” bi nkwa wɔ asase so ha. Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn remma wɔmmpopa adesamma abusua no mfi asase ani, sɛ́ ebia ɛnam nuklea ɔtopae ahorow a nnipa ayɛ so anaasɛ ɛdenam ɔsoro abrafo dɔm so. Wogyee “ɔhonam” a ɛyɛ Yudafo 97,000 wɔ Yerusalem ɔsɛe a ɛbae 70 Y.B. mu no mu. Saa nnipa 97,000 no hui bere a Roma asraafo twaa Yerusalem ho hyiae wɔ afe 66 Y.B. mu no. Nanso na bere tiaa a wɔde kaa wɔn hyɛɛ mu ne “akyide” no a egyinaa faako a na ɛnsɛ sɛ egyina, wɔ kronkronbea hɔ no, nyɛ wɔn “ahohiahia kɛse” no fã. Na “ahohiahia” no nyɛ afã ahorow abien. Ɔsahene Cestius Gallus gyaee ne ntua no mpofirim, na Romafo dɔm no san a wɔsan wɔn akyi no bɛdanee nkogudi, na ɛmaa Yudafo no dii nkonim anigye so. Nanso bere a “ahohiahia kɛse” no fii ase 70 Y.B. fefɛw bere mu no, saa 97,000 no nyaa nkwa esiane ahohiahia nna, no a wotwaa so tiaa nti. Wogyee nnipa 97,000 no nkwa ɛwom mpo sɛ na wɔnyɛ Yehowa nkurɔfo a “wɔapaw wɔn” de. Na mmom wɔkyɛee wɔn nkwa so ma wɔbɛyɛɛ nkoa wɔn nkwa nna a aka nyinaa wɔ Roma Ahemman no mu.
57. Henanom na wɔbɛyɛ “honam” a wobegye wɔn nkwa wɔ”ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu no, na dɛn na wɔbɛka wɔ wɔn ho?
57 “Ahohiahia kɛse” a ɛreba no nna no so tiaa a wobetwa no da no adi sɛ wɔbɛsan agye “ɔhonam” bi. Nanso, saa bere yi de, “ɔhonam” a wobegye wɔn nkwa no renyɛ wɔn atamfo no bi te sɛ saa Yudafo atuatewfo a ná wɔnyɛ Kristofo a wɔfaa wɔn nnommum wɔ tete Yerusalem no. Saa bere yi de wɔahyɛ sɛ ɔsɛe bɛba n’atamfo nyinaa so. “Ɔhonam” a wobegye wɔn aka ne nkurɔfo a “wɔapaw wɔn” no ho no bɛyɛ nnipa asoɔmmerɛwfo a wɔte sɛ nguanten “nnipakuw kɛse” a wɔatie n’ahyɛde na wɔatwe wɔn ho afi nneɛma nhyehyɛe a wɔabu no fɔ (a Kristoman ka ho) no ho na wɔabegyina N’afã no. Bere a wogye wɔn animono kɔ Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no mu wɔ Kristo mfirihyia apem ahenni no ase no, wobetumi aka wɔ “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “honam” yi ho sɛ: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu.” (Adiyisɛm 7 :14) Hwɛ anigye ara a “nnipakuw kɛse” a wobefi mu aka no benya saa bere no! Na hwɛ ayamye ara a ɛyɛ wɔ Yehowa fam sɛ otwa ahohiahia no so tiaa!
MESIA NO KƆKƆBƆ A ETIA ATORO MESIA AHOROW
58, 59. (a) Ɔkwan bɛn so na atoro Kristo ahorow a Yesu hyɛɛ wɔn ho nkɔm no bedi huammɔ, na wɔmaa Yudafo no kɔɔ so hwehwɛɛ hena wɔ Yerusalem sɛe no akyi? (b) Dɛn na Yesu kae bio wɔ akwan a atoro Kristo ahorow yi nam so di dwuma no ho?
58 Wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ne “ba a waba” (parousia) no ne ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ ho “sɛnkyerɛnne” no ho no. Yesu daa no adi sɛ atoro Kristo ahorow bɛba ansa na Yerusalem amamfoyɛ wɔ 70 Y.B. mu no adu. Ofii ne nkɔmhyɛ no ase sɛɛ, ka kyerɛɛ n’asomafo a ná wɔabisa no asɛm no sɛ: “Monhwɛ na obi annaadaa mo. Na nnipa bebree de me din ‘bɛba abɛka sɛ mene Kristo no; na wɔabɛdaadaa nnipa pii.” (Mateo 24:4. 5) Nanso ɛda adi sɛ wɔyɛ atoro, nnaadaafo, efisɛ wɔantumi annye Yerusalem, na wɔamfa ogye biara amma Yerusalem sɛe no akyi no, na ebehia sɛ Yudafo a wɔannye Yesu anni sɛ Mesia no kɔ so hwɛ Mesia bi kwan wɔ ɔhonam fam. Nanso, na ebehia sɛ Kristofo, Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo no kɔ so hwɛ nokware Mesia, Onyankopɔn Ba Yesu no parousia a wɔahyɛ ho bɔ no kwan. Yesu kaa akwan horow a nnaadaafo no bɛfa so adaadaa nnipa a wɔwɔ ho anigye ma wɔadi wɔn a wɔyɛ wɔn ho sɛ Mesia no akyi no ho asɛm bere a ɔhyɛɛ Yerusalem ankasa a Roma asraafo bɛsɛe no ho nkɔm akyi no. Ɔkɔɔ so kae sɛ:
59 “Ɛno na sɛ obi ka sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! anaasɛ ɔwɔ ha! a. munnnye nnni! Na atoro Kristo ne atoro adiyifo bɛsɔre. na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no po. Hwɛ, maka makyerɛ mo dedaw. Enti sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ, ɔwɔ sare so! a, monnkɔ; hwɛ, ɔwɔ mpia mu! a, munnnye nnni! Na sɛnea anyinam pae fi apuei na ɛhyerɛn kɔ atɔe no, sɛnea onipa Ba no ba [pa.rou.si’a] nso bɛyɛ ara nen. Na nea afunu wɔ no, ɛhɔ na akɔre bɛboaboa wɔn ho ano.”—Mateo 24:23-28.
60. Den nti na obi a ɔyɛ atoro Kristo bɛyɛ nea ɔwɔ”sare so” anaasɛ “mpia mu?
60 Ná Yesu “onipa Ba no” nim sɛnea obedi ne ba no ho dwuma no yiye sen onipa foforo biara wɔ asase so. Na ɔremmɛtra “ɛha” anaasɛ “ɛhɔ” anaasɛ asase so baabi pɔtee biara. Ná ɔrenkɔhyɛ kokoam baabi “wɔ sare so,” a enti ebehia sɛ wɔn a wɔhwehwɛ Mesia no kɔ kɔhwehwɛ no wɔ hɔ a asase no so atumfoɔ nhu no, sɛnea ɛbɛyɛ na watumi akyerɛkyerɛ wɔn wɔ hɔ ma wɔasiesie wɔn ho abɛtow ahyɛ amammui nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no so. atu agu na wɔde no asi hɔ sɛ wiase yi Mesia Sodifo. (Asomafo no Nnwuma 5:36, 37; fa toto 1 Samuel 22:1, 2 ho.) Na ɔremfa ne ho nsie “mpia mu” nso, a nnipa kakraa bi a wapaw wɔn nkutoo na wonim faako a ɔwɔ, na bere a nkurɔfo nhu no no wayɛ kokoam nhyehyɛe bi de atu wiase nniso agu na wama wɔasra no sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ. (Fa toto 2 Ahene 9:4-14 ho.) Nea ɛbɔ eyi abira no, na biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ wɔkata so wɔ Yesu ba a waba sɛ ɔhene na ɔreda ne ‘ho adi anuonyam mu no ho.
61, 62. (a) Na ɔkwan bɛn so na Kristo parousia no bɛyɛ te sɛ anyinam? (b) Asɛm bɛn a Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo a ɛfa dawurubɔ ho na ɛfa n’asuafo ho nnɛ?
61 Ne ba a waba anaasɛ parousia no bɛka nkurɔfo te sɛ anyinam. Na ne parousia no bɛyɛ te sɛ anyinam, a ɛnyɛ pa a ɛbɛpa mpofirim a wɔnhwɛ kwan na wɔahu no bere tiaa bi pɛ mu no. Ɛnyɛ nea wɔresi so dua wɔ ha ne pa a anyinam pa mpofirim a wɔmmɔ ho amanneɛ no, na mmom sɛnea ɛhyerɛn wɔ baabiara, fi apuei fam kosi atɔe fam no. (Luka 17:24) Ɔhyerɛn tumi a anyinam wɔ no te sɛ nea wɔaka wɔ Dwom 97:4 no: “N’anyinam haran wiase, asase hu. na ɛpopo.” Saa nso na na asase sotefo renka sum mu wɔ onipa Ba no parousia no fam. Efi asase ano kosi ano no ɛna wɔbɛma nnipa nyinaa ahu ba a waba anuonyam mu no. Na wɔbɛma ada adi te sɛ anyinam denam ne haran tumi, ne hyerɛn a ɛkɔ akyiri no so. Kristo asuafo a wɔwɔ hɔ nnɛ, a wonim ne parousia a aniwa nhu no, na nsɛm a ɔka kyerɛɛ n’asomafo mfeha dunkron a atwam ni no fa wɔn ho:
62 “Enti munnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adi, anaa ahintaw a wɔrenhu. Nea meka mekyerɛɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na nea mote no mo asom no, mompae mu nka no adan atifi”—Mateo 10:26, 27.
63. (a) Atirimpɔw bɛn nti na atoro Kristo ne atoro adiyifo ahorow a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm no sɔre? (b) Ɔkwan bɛn so na anokwafo a “wɔapaw wɔn” no te sɛ ɔkɔre a wɔboaboa wɔn ho ano wɔ baabi a afunu wɔ?
63 Nea enti a atoro Kristo ne atoro adiyifo ba ne sɛ “sɛ obetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no po.” (Mateo 24:23-25; Marko 13:21-23) Nanso “wɔn a wɔapaw wɔn” a wɔyɛ anokwafo no remma wɔnnaadaa wɔn. Wɔrenkyinkyin nkɔ mmeae ahorow sɛ wɔrekɔhwehwɛ ɔhonam famni bi a aniwa hu no. Wɔremma onipa a aniwa hu no a ɔkyerɛ sɛ ɔne Kristo no ntwetwe wɔn adwene, ɛdenam nneɛma ahorow bi a ɔyɛ de di ne ho adanse no so. (Luka 17:22, 23) Fi Kyerɛwnsɛm mu no wonim faako a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ. Wɔte sɛ ɔkɔre a akyirikyiri a otumi hu no ma nneɛma a ɛwɔ fam wɔ asase so no yɛ akɛse, a mfomso biara nni ho no. (Hiob 39:27-29) Enti, wɔmmoaboa wɔn ho ano nni atoro Kristo bi akyi mma ɔkɔm nne wɔn honhom fam. Te sɛ akɔre no wotumi hu faako a afunu a wodi a ɛyɛ yiye no wɔ na wɔboaboa wɔn ano wɔ hɔ, wɔn a “wɔapaw wɔn” no hu faako a honhom fam aduan ankasa wɔ no, kyerɛ sɛ, wohu nokware Kristo no wɔ ne honhom mu ba a waba a aniwa nhu no no, na ɛhɔ ne faako a wɔboaboa wɔn ho ano na wɔanya honhom mu aduan —Luka 17:37.
64. (a) Ɛhe nkutoo na atoro Kristo ahorow tumi da wɔn ho adi, na den ntia? (b) Ɛhe na sɛnea Yesu kae afei no ne sɛnkyerɛnne no bepue wɔ saa nna no mu ahohiahia no akyi
64 Ɔhene Yesu Kristo nna ne ho adi ɔhonam fam wɔ asase so baabiara a aniwa hu no. Ɛno ara ne nea atoro Kristo horow, a wɔyɛ nnipa ara kwa a wɔwɔ honam ne mogya, no betumi ayɛ. Nanso ɛnte saa wɔ Awurade Yesu Kristo a wɔanyan no, ahyɛ no anuonyam, na ɔredi tumi no fam. (1 Timoteo 6:14.16) Saa nokwasɛm yi na ɔtwee n’asomafo no adwene kɔɔ so bere a ɔtoaa ne nkɔmhyɛ no so no, sɛ: “Na nna no mu ahohiahia akyi no, ntɛm ara na owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma befi soro ahwehwe ase, na ɔsoro ahoɔden awosow. Ɛno na onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa besu, na wobehu onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu. Na ɔbɛsoma n’abɔfo ma wɔde torobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔapaw wɔn no ano afi mframa anan no mu afi ɔsoro ano akɔpem ano.”—-Mateo 24:29-31; Marko 13:24-27.
ƆSORO ANWONWADE A EDI’AKYI NTƐM ARA’
65. Saa nna no mu ahohiahia’ bɛn na na Yesu reka ho asɛm wɔ hɔ, na so nneɛma a ɔka siei no bae ɛno ‘akyi ntɛm ara’ anaasɛ ɛne “ahohiahia” a ɛte saa no toaa mu?
65 Ɛdenam asɛm ‘nna no mu ahohiahia akyi ntɛm ara’ no so no, na Yesu rekyerɛ “ahohiahia kɛse” a Romafo de baa Apuei fam Yerusalem so wɔ 70 Y.B. mu no nna no. Nanso, sɛ yɛhwehwɛ abakɔsɛm kyerɛwtohɔ ahorow no mu dɛn ara a, yenhu nneɛma a Yesu kaa ho asɛm sɛ ɛno ‘akyi ntɛm ara’ ɛbɛtoatoa so aba, a emu ntwa no. Bere a “ahohiahia kɛse” no baa awiei wɔ Yerusalem sɛe mu no akyi pɛɛ no, ‘onipa Ba no sɛnkyerɛnne anna adi ɔsoro.’ na Roma asraafo dɔm no ne “asase so mmusuakuw” ‘ansu’ esiane onipa Ba no a wohuu no mununkum mu ankasa wɔ “ahoɔden ne anuonyam kɛse mu” nti no. Nokware abakɔsɛm kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ, bere a Roma dɔm no sɛee Yerusalem kurow kronkron no akyi no, wɔkɔtow hyɛɛ Yudafo kurow a etwa to a ɛyɛ den a na ɛda Bepɔw Masada so wɔ Po a Awu no agya wɔ atɔe fam no so, na wodii so nkonim wɔ afe 78 Y.B. mu, na wɔnam so wiee Yudea mantam no nyinaa so nkonimdi. Wiɛ, ɛnde, so Yesu dii mfomso wɔ eyi fam anaa?
66. Enti, ɛha no so na Yesu yɛ atoro diyifo, anaasɛ ɛda adi sɛ dɛn na atoto wɔ asɛm”ntɛm ara’ no ho?
66 Dabi, na Yesu nyɛ atoro diyifo wɔ ha. Wɔ Onyankopɔn honhom kronkron no akwankyerɛ ase no na ɔrentumi nni mfomso. Ɛnde, dɛn na atoto wɔ ha? Ɛda adi sɛ ɛyɛ ntease a nkurɔfo wɔ wɔ asɛm nna no ‘akyi ntɛm ara’ no ho. Ɛda adi sɛ “ntɛm ara” asekyerɛ wɔ ha no te sɛ Yohane 6: 21 (Authorized Version) de no, faako a, bere a Yesu nantew Galilea Po no ani na ɔkɔtraa ɔkorow a na n’asuafo no wɔ mu no mu akyi no, ɛka sɛ: “Na ntɛm ara ɔkorow no duu asase a wɔrekɔ so no so.” Akyinnye biara nni ho sɛ egyee bere tenten bi ansa na wɔredu. Ɛte sɛ asɛmfua “ntɛm” a ɛwɔ Adiyisɛm 1:1 no, faako a yɛkenkan sɛ: “Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm” no. Saa asɛm “ntɛm” no yɛɛ bere a emu twe, efi bere a ɔsomafo Yohane nsa kaa n’anisoadehu no bɛyɛ 96 Y.B. besi Adiyisɛm no mmamu ahorow wɔ yɛn afeha a ɛto so aduonu yi mu no so. (Hwɛ bere tenten a asɛmfua “ntɛm” a ɛwɔ Romafo 16:20 no yɛ.)
67. Ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛte Yesu asɛm ‘akyi ntɛm ara’ no ase dɛn?
67 Sɛnea ɛbɛyɛ na Yesu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:29 no ne nokwasɛm ahorow a ɛwɔ hɔ no ahyia no, ɛsɛ sɛ yɛte nea Yesu kae sɛ nna no ‘akyi ntɛm ara’ no ase sɛ ɛbɛtra mfehaha dodow bi de abedu yɛn afeha a ɛto so aduonu yi so.a Saa bere yi, wɔ onipa Ba no ba a waba efi afe 1914 Y.B. mu no, yɛwɔ nneɛma ne nsɛm a asisi a ɛne nea Yesu ka siei wɔ saa nkyekyem no mu no hyia.
68, 69. (a) Ɔkwan bɛn so na wiase nsɛm tebea fi 1914 no ayɛ te sɛ nea Yesu ka siei wɔ wim nneɛma ho no? (b) Ɔkwan bɛn so na esiane mmoa a enni wɔn ankasa mu nti, nnipa ayɛ sɛ wɔn a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yesaia 59:9,10 ne Sefania 1:17,18 no?
68 Abakɔsɛm akyerɛwfo begye atom sɛ efi 1914 Y.B. mu no, adesamma ahyɛn asetra bere a emu yɛ sum sen biara mu. Ɛte sɛnea owia no ‘aduru sum’ wɔ adekyee mu, te sɛ nea ɔsram no ‘anhyerɛn’ anadwo, na ɛte sɛnea, anadwo koro no ara a ɔsram anhyerɛn no, nsoromma no fi soro hwehwee fam wɔ anadwo sum no mu. Nneɛma nhyehyɛe a wɔabu no fɔ, a Kristoman ka ho fam no, daakye anidaso a ɛhyerɛn biara nni hɔ mma wɔn adekyee anaasɛ anadwo. Basaa a nnipa ayɛ, wɔ Kristoman mu mpo, ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no yɛ nea tete Bible nkɔmhyɛ ahorow yɛ ho mfonini yiye wɔ saa nsɛm yi mu:
69 “Yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum ni, ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam. Yesinsiane ɔfasu ho sɛ afuraefo, na yesinsiane sɛ wɔn a wonni aniwa; yehintiw awia ketee sɛ kusuu mu, yehinhim atwentwemfo mu sɛ awufo.” (Yesaia 59:9, 10) “Na mehiahia nnipa ho na wɔanantew sɛ afuraefo, efisɛ [Yehowa] na wɔayɛ no bɔne; na wɔn mogya begu sɛ mfutuma, na wɔn honam sɛ nwura dodow; na wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn, [Yehowa] abufuw da no, na ne ninkuntwe gya no mu na asase no nyinaa bɛhyew, na ɔdwerɛw a ɛba mpofirim ara na ɔde bɛba asase sofo nyinaa so.”—-Sefania 1:17, 18.
70. (a) Wɔ nea abɔde ho nyansahu da no adi no mu no, ɔkwan bɛn so na nsakrae aba ɔsoro? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔawosow ɔsoro ahoɔden?
70 Ɛte sɛnea kommyɛ a na ɛwɔ ahunmu no ayera. Nnɛyi nyansahufo ka biribi a ɛte sɛ ogya a eturuturuw kɔ akyiri akwansin mpempem pii wɔ wim a ɛwɔ atomik ahoɔden kɛse na ɛsan de nneɛma nketenkete pii a ano yɛ den ba na ɛka yɛn asase yi ho asɛm kyerɛ yɛn. Bere nyinaa no nuklea ahoɔden a aniwa nhu fi ahunmu baabi a yennim ba yɛn asase yi so. Yɛn mfiri ahorow a wɔde hwehwɛ wim nneɛma no nya nkate ahorow bi a efi nsoromma a hwɛde a ano yɛ den a wɔde hwehwɛ wim nneɛma no mpo ntumi nhu nanso edi adanse sɛ ɛwɔ ahunmu no so. Ahunmu akwantufo akɔ ɔsram no so mpɛn asia, ɔsram no a nnipa bi a wɔpɛ akodi bɛpɛ sɛ wɔde hɔ yɛ baabi a wɔn asraafo ne wɔn akode wɔ, na wɔafi hɔ ako atia wɔn atamfo wɔ asase so no. Na sɛ yesusuw wimhyɛn a etumi de ahoɔhare kɛse tu ne akode ahorow a wotumi tow fi asasepɔn biako so kɔ foforo so a wɔde atomik ne nuklea akode a etumi sɛe ade kɛse ahyehyɛ mu no ho a, ɛma yɛte Yesu asɛm no ase yiye: ‘Na ɔsoro ahoɔden bɛwosow.’ (Mateo 24:29) Nnipa atow ahyɛ wim nneɛma so na wɔahaw sɛnea na nneɛma te wɔ hɔ no.
71. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛpo abɛyɛ biribi a ɛyɛ hu, na wɔresɛe mframa a atwa yɛn ho ahyia no nso? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na London Medical News Tribune no daa no adi wɔ 1970 mu?
71 Ɛpo mpo a bere bia atwam no na obiara nnim nea ɛwɔ saa amansan yi ase no abɛyɛ baabi a wodi akɔneaba nnɛ. Abɛyɛ nea po ase akodi ahyɛn ahorow nenam mu, a wɔde nnɛyi atuo ahorow a ano yɛ den ahyehyɛ mu na wotumi tow fi po ase ma ɛde ɔsɛe ba asase sotefo a wonni ahobammɔ biara no so. Nea ɛka eyi ho no, wɔresɛe ɛpo no esiane nneɛma a edi awu a wɔtow gu mu no nti. Ɛpo no betumi abɛyɛ nea nkwa biara ntumi ntra mu te sɛ Ɛpo a Awu a ɛwɔ baabi a ɛba fam sen biara wɔ asase so, wɔ Mfinimfini Apuei no. Bere koro no ara mu no, wɔresɛe mframa a ɛwɔ po so ne asase kesee so no denam wusiw ahorow a etumi sɛe ade a efi mmeae ahorow a wɔyɛ ‘mfiridwuma, efi kar mu ne wimhyɛn ahorow mu no so. Enti London (England) Medical News-Tribune no huu nea ɛreba no yiye bere a ɛde kɔkɔbɔ mae wɔ March 27, 1970 de no mu, wɔ atifi asan: “Ebedu 1984 no Asase Yi Betumi Ayɛ Nea Awu” no ase.
“ONIPA BA NO SƐNKYERƐNNE [WƆ] ƆSORO“
72, 73. (a) Sɛ ɛnyɛ asase yi ankasa a, ɛnde dɛn na wɔbɛsɛe no, na ɔkwan bɛn so? (b) Mesia no ho sɛnkyerɛnne bɛn na wɔde mae mfeha dunkron a atwam ni na sɛnkyerɛnne bɛn na ɔkae sɛ wɔde bɛma wɔ ne parousia no mu?
72 Nanso, nuklea akodi a nnipa de bɛba rensɛe asase okyinsoromma yi da. Wɔrenka ho asɛm da sɛ “Asase Okyinsoromma Kɛse a Ná Ɛwɔ Hɔ No.” Ne Bɔfo no remma kwan mma asase yi nyɛ nea abɔde a nkwa wom, a nnipa ka ho nni so. Ɛyɛ amanaman ntam nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ mprempren wɔ asase so no na wɔbɛsɛe no. Ne sɛe no befi Onyankopɔn nkyɛn denam ne Mesia Hene, Yesu Kristo, a n’abɔfo kronkron no nyinaa ka ne ho, no so. Bere a ɔwɔ asase so wɔ ɔhonam fam na wɔfrɛɛ no onipa Ba no, Yudafo akyinnyegyefo no ka kyerɛɛ Yesu sɛ “ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro sɛnkyerɛnne bi” a ebedi adanse sɛ ɔno ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no ampa. Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne foforo biara, gye sɛ asase so sɛnkyerɛnne, “Yona sɛnkyerɛnne no.” Wɔde saa sɛnkyerɛnne no mae bere a Yesu wui ma wosiee no bɛyɛ nnansa na wonyan no fii awufo mu da a ɛto so abiɛsa no. (Mateo 16:1-4; 12:39, 40) Nanso nnɛ, wɔ ne parousia a aniwa nhu no mu no, asase sotefo benya “Sɛnkyerɛnne . .. [wɔ] ɔsoro.” Bere a ɔkaa sɛnea ɔsoro ahoɔden bɛwosow ho asɛm akyi no, Yesu kɔɔ so kae sɛ:
73 “Ɛno na onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa besu, na wobehu onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu.”——Mateo 24:30.
74, 75. (a) Wɔ Mateo 24:30 no Yesu asɛm “ba” no fa dɛn ho. na ‘ɛba‘ wɔ ɔkwan bɛn so? (b) Saa sɛnkyerɛnne . . . [wɔ] ɔsoro” no no nkɔmhyɛ no ne Daniel nkɔmhyɛ bɛn na ehyia?
74 Eyi mfa ne parousia no mfiase anaasɛ ba a ɔba honhom mu no ho, na mmom ɛfa ne “‘ba” (Hela: er.kho’me.non) wɔ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da” no ho. Ne “ba” no ho asɛm a wɔka sɛ ɔnam “ɔsoro mununkum so” no ma ɛda adi sɛ ɛyɛ nea aniwa ntumi nhu, denam n’adwene a ɔdan ba asase so ne ne tumi kɛse no a ɔde di dwuma wɔ ɔsɛe mu no so. Wɔbɛma nkurɔfo ahu sɛ emfi nnipa, na mmom efi soro, efi onipa Ba a wɔahyɛ no anuonyam a odi dwuma sɛ Onyankopɔn Ananmusifo no. Eyi ne sɛnkyerɛnne a odiyifo Daniel hui wɔ soro no hyia, nea ɔka ho asɛm sɛ:
75 “Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ obi a ɔte sɛ onipa Ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim. Na ɔno na wɔde tumi me anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa ahorow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.”—Daniel 7: 13, 14.
76. (a) Bere bɛn na Daniel anisoadehu no fii ase nyaa mmamu? (b) Ɔkwan bɛn so na mmusuakuw nyinaa behu onipa Ba no sɛ ‘ɔreba,‘ na henanom na wɔrenka wɔn ho saa bere no wɔ pɛsɛmenkominya kwan so su a wosu no mu?
76 Na saa Daniel anisoadehu no mmamu yɛ nea aniwa ntumi nhu, wɔ ɔsoro honhom mu ahemman no mu, efi 1914 Y.B. reba no. Enti, wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu no, onipa Ba a wɔahyɛ no anuonyam no, de ne tumi ne n’ahoɔden di dwuma tia Babilon Kɛse no (a Kristoman ka ho) ne atamfo aman a wɔwɔ asase so no. Ɔsɛe a ɔde ba wɔn so no ho adanse, a wobetumi ahu na wɔate nka no bɛyɛ te sɛ “sɛnkyerɛnne . . . [wɔ] ɔsoro” ama wɔn. Esiane ɔsɛe a wohu sɛ ɛreba wɔn so nti, “asase so mmusuakuw nyinaa besu.” Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo a “wɔapaw wɔn” nkaefo no ne “nnipakuw kɛse” a wɔte sɛ nguanten, a wɔn nyinaa atew wɔn ho afi Babilon Kɛse no ne n’akyigyinafo ho no renka asase so mmusuakuw a ehu aka wɔn no ho wɔ pɛsɛmenkominya kwan so su a wosu no mu. Saa bere no na wɔaboaboa wɔn nyinaa ano kɔ Ɔhene a ɔredi tumi, Yesu Kristo, nsa nifa.—Adiyisɛm 7:9-17; Mateo 25:31-40.
“WƆN A WOAPAW WƆN” NO A ABƆFO BOABOA WƆN’ ANO
77. (a) Ebedu saa bere no na dɛn na wɔaboaboa ano awie, na efi bere bɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔayɛ anoboaboa adwuma yi te sɛ nea wɔnam “torobɛnto” a ne nne sõ so?
77 Saa bere no na wɔawie nea edi hɔ a Yesu ka ho asɛm no, a ɛne sɛ: “Na ɔbɛsoma n’abɔfo ma wɔde torobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔapaw wɔn ano afi mframa anan no mu afi ɔsoro ano akɔpem ano.” (Mateo 24:31) “Wɔn a wɔapaw wɔn” no anoboaboa a abɔfo yɛ no akɔ so wɔ ne parousia no mu. Ɛyɛ 1919 mu wɔ ɔko no akyi na “wɔn a, wɔapaw wɔn” no fii ase guan fii Babilon Kɛse no nnommumfa mu na wɔsan baa wɔn honhom mu trabea a Onyankopɔn de ama wɔn wɔ asase so mu, a ɛte sɛ Yudafo nkae a wofi Babilon san baa wɔn asase so wɔ afe 537 A.Y.B. mu no. Te sɛ torobɛnto nne kɛse no dawurubɔ no akɔ so fi saa bere no, sɛ, wɔde Onyankopɔn Mesia ahenni no asi hɔ wɔ ɔsoro ne sɛ ɛsɛ sɛ wogyina ɔsoro ahenni no afã pintinn na wɔka “ahenni no ho asɛmpa yi” wiase nyinaa. Wɔabɔ asɛmpa yi dawuru wɔ baabi a “mframa anan” no bɔ kɔ nyinaa te sɛ nea wɔde torobɛnto na ɛyɛ saa. Wɔate fi ɔsoro ano akosi ano.
78. (a) “Wɔn a wɔapaw wɔn” yi a abɔfo boaboa wɔn ano no ada adi ma nnipa nyinaa ahu, titiriw denam dɛn so? (b) Henanom titiriw na wɔahu anoboaboa a ɛte saa na wɔayɛ ho biribi?
78 Nea ɛne ɔfrɛ a ɛte sɛ nea wɔde “torobɛnto a ne nne so” na ɛyɛ saa no hyia no, ɔsoro abɔfo a wɔka onipa Ba no ho wɔ ne ba a waba no mu no akɔ so aboaboa ne nkurɔfo a “wɔapaw wɔn” no ano afi asase afanan nyinaa. Saa anoboaboa yi ada adi ma nnipa nyinaa ahu, titiriw wɔ nhyiam akɛse a wɔayɛ, efi Amanaman Ntam Bible Asuafo nhyiam kɛse a wɔyɛe wɔ September 1-8, 1919 mu no so, de besi amanaman ntam nhyiam horow a Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa yɛe wɔ afe 1973, a wɔtoo din “Ɔsoro Nkonimdi” no so. (Hwɛ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa ho dawurubɔ a ɛwɔ kratafa 94 ne 95, wɔ February 1, 1973, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu no.) Titiriw no, “nnipakuw kɛse” no nim boa a abɔfo reboaboa “wɔn a wɔapaw wɔn” no ano wɔ Kristo parousia no mu no, na wɔn nso wogyina Yehowa Mesia ahenni no afã na wɔne “wɔn a wɔapaw wɔn” a wɔaboaboa wɔn ano no bom hyia na wɔne wɔn yɛ adwuma
79. Ɛdenam baabi a Yesu nkɔmhyɛ no anya mmamu abedu yi so no, ɛda adi sɛ dɛn a asase so mmusuakuw bɛyɛ na abɛn?
79 Efi Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ ho no mmamu so de besi saa bere yi mu no, n’asuafo nim sɛ bere no abɛn sɛ “asase so mmusuakuw nyinaa besu” esiane nea wohu sɛ ɛreba wɔn so wɔ onipa Ba a wɔahyɛ no anuonyam no nsam no nti.
-