Nna A Edi Akyiri—Ade Titiriw Soronko Bi
“Oppenheimer [a ɔboa ma wɔhyehyɛɛ atomik ɔtopae no] kaa nokware wɔ nea ɔde n’adwene bui sɛ abakɔsɛm sakraa ne kwan a ɛnam so wɔ 1945 mu no mu. Ɛremma bio da sɛ wɔbɛko ɔko titiriw bi wɔ ɔkwan a wɔfaa so koo Wiase Ko II no so.”—Weapons and Hope a Freeman Dyson kyerɛwee.
ATOMIK ɔtopae a wɔde dii dwuma wɔ 1945 mu no sakraa wiase. Ɛde nsakrae foforo bae wɔ ɔko abakɔsɛm mu. Saa na wɔn a wɔyɛɛ ɔtopae no mu biako, Robert Oppenheimer, huu tebea no. Bere a wɔsɔ hwɛe wɔ New Mexico no, Oppenheimer faa Hinduni Bhagavad Gita nsɛm kae se, “Mayɛ owu, wiase ahorow sɛefo no.” Oppenheimer kae nso sɛ, “Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ wiase yi mu ka bom, anyɛ saa a wɔn ase bɛhyew.”
Wɔ 1949 mu no nyansahufo boayikuw bi a na Oppenheimer ka ho a na wɔde afotu ma U.S. Atomik Ahoɔden Agyinatufo no bɔɔ kɔkɔ tiaa haidrogen ɔtopae a edi awu kɛse no a wɔbɛyɛ no. Wɔn amanneɛbɔ no kyerɛe sɛ: “Eyi yɛ akode a ɛkyɛn so; egyina baabi a ɛyɛ soronko koraa fi atomik ɔtopae no ho.” Na eyi te saa esiane haidrogen ɔtopae no tumi a ɛwɔ sɛ ɛsɛe ade no a wobetumi ama ayɛ kɛse denam deuterium a ne bo nyɛ den koraa a wɔde bɛka ho so no. Wɔ mfe anan pɛ mu no, na atomik ɔtopae no abɛyɛ agode bi kɛkɛ.
Enrico Fermi ne Isidor Rabi a na wɔn nso wɔyɛ afotu boayikuw no mufo no de kɔkɔbɔ a emu yɛ den mpo mae: “Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ saa akode yi adesɛe nni ano no ma wɔ a ɛwɔ hɔ ne ne yɛ ho nimdeɛ no yɛ asiane ma adesamma nyinaa. Sɛ wɔhwɛ no ɔkwan biara so a sɛnea ɛte biara no ɛyɛ adebɔne.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã bi no.) Na wonim sɛ afei de onipa betumi asɛe n’ankasa ho. Wobuu ani guu saa afotu a etia haidrogen atopae a wɔbɛyɛ no so.
‘Ɔsɛe ho Nkɔmhyɛ Ahorow a Ɛwɔ Nyansahu mu Nnyinaso’
Wɔyɛ ɔsɛe tumi a wontumi nnye nni a afei nnipa anya no ho nhwɛso wɔ nokwasɛm biako bi a Ɔbenfo Lown a ɔyɛ National Physicians for the Prevention of Nuclear War no titrani biako fa kaa asɛm no mu: “Nnɛyi po ase ɔkohyɛn biako biara wɔ bɛyɛ Wiase Ko II mu akode nyinaa a wɔaka abom no mpɛn awotwe—nea ɛdɔɔso a ɛbɛsɛe Kusuu Fam Asasetifi kurow kɛse biara.” Yɛsrɛ wo hyɛ nsow—ɛno ne po ase ɔkohyɛn biako pɛ adesɛe tumi. Tumi akɛse no wɔ po ase akohyɛn ne asase so akohyɛn a nuklea akode wom pii. Sɛ wɔde asase so ne wim akode ahorow no ka ho a, ne nyinaa ka bom yɛ nuklea akode akɛse bɛboro 50,000!
Abakɔsɛm mu bere bɛn mu na onipa anya tumi a ɛsõ na ɛyɛ hu sɛɛ akura pɛn? Ɔbenfo Lown gye tom sɛ abakɔsɛm mu bere biara anya n’adiyifo a wɔantie wɔn. Nsonsonoe bɛn na ɛwom nnɛ? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛn bere yi ne nea edi kan a ɔsɛe ho nkɔmhyɛ fi nyansahu mu nhwehwɛmu a ɛyɛ nokware mu.” Ose sɛ ɛba sɛ nuklea ɔko biara si a, “ɛyɛ ahantan ara kwa sɛ yɛbɛyɛ te sɛ nea ɔdesani bi benya nkwa wɔ ɔsɛe a ɛte sɛɛ a nnipa de ba no mu.”
“Amanaman Ahoyeraw” a Akɔ Soro
Wɔ 1945 mu no, onipa gyaee nuklea akodi honhommɔne no tii ntafowa kanea a ɛne nyansahu nimdeɛ no mu na onni ɔkwan biara a ɔbɛfa so asan de no ahyɛ mu bio. Obetumi asɛe ne nuklea akode ahorow no, nanso ɔkwan bɛn so na obekum nimdeɛ a ebetumi ama wɔasan ayɛ bio bere biara no ano? Enti, nea esii ankasa wɔ Hiroshima ne Nagasaki no ne nuklea akode akɛse a wɔayeyɛ no ama “nneɛma a ɛyɛ hu” ne “sɛnkyerɛnne akɛse” a efi soro, “amanaman ahoyeraw . . . a wonhu nea wɔnyɛ” fi 1914 no anya nkɔanim.—Luka 21:11, 25, NW.
Sɛnea yetumi di nkitaho ntɛm ara no nso ama amanaman ahoyeraw no ayɛ kɛse. Saa afeha 20 yi mu nkutoo na nnɛyi nkitahodi nhyehyɛe (radio, TV, computer, asramman) tumi ma adesamma nyinaa te ɔko ne asiane ahorow ho nsɛm ntɛm ara. Wɔ saa kwan no so no wɔtrɛw ehu ne amanaman ahoyeraw mu wɔ ɔkwan a wɔ bere a atwam mu no na ɛrentumi nyɛ yiye so. Ɛnyɛ sɛ wiase no mufo te ho asɛm nko na mmom ɛdenam TV so no, wotumi hwɛ ɔko ne mogyahwiegu no bere a ɛrekɔ so no!
Ɔko Twã No
Wɔ saa afe 1988 yi mu no, mmusua ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa a wɔanya adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri mu no fã bi mu osuahu. Ɔkwan bɛn so? Wɔahwere ɔdɔfo biako anaa nea ɛboro saa wɔ wiase nyinaa ako anaasɛ ntawntawdi atitiriw (Korea, Vietnam, Iraq-Iran, Lebanon, ne nea ɛkeka ho) a atew adesamma so no biako mu. Ebia na w’abusua no yɛ wɔn a wotumi kae agya, nana, wɔfa, anaa nuabarima a wɔhweree no no mu biako. Afei nso, ɛnanom, nanabeanom, nuabeanom, ne sewaanom wuwui wɔ ako mu wɔ Europa Awudi no mu.
Nea ɛka ho no, wɔ yɛn awo ntoatoaso yi mu no, asraafo atwiw afa Europa ne Akyirikyiri Apuei adi akɔneaba, wɔato ɔmanfo a wɔnyɛ asraafo mmonnaa na wɔafow wɔn nneɛma. Enti, wɔn a wonyaa nkwa, titiriw mmea no, wɔ basabasa a wɔyɛɛ wɔn no twã de besi nnɛ. So onipa abrɛ ase koraa saa wɔ ɔsɛe ne nkwaseadeyɛ mu pɛn?
Adiyisɛm mu ɔko ne okum ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ no ne owu ɔpɔnkɔ nsonso no atiatia asase so sɛnea ebi mmae da fi 1914 ampa.—Adiyisɛm 6:4.
Na ɔkɔm “ɔpɔnkɔ tuntum” no nso ɛ? (Adiyisɛm 6:5) So aba yɛn awo ntoatoaso yi so?
[Kratafa 7 adaka]
Wubebua Dɛn? Ɛdefi 1914 no . . .
1. Ako atitiriw bɛn na woako?
2. Nsasewosow akɛse bɛn na wokae?
3. So nyarewa ne ɔyaredɔm akɛse bi aka adesamma?
4. Ɔkɔm akɛse bɛn na aka wiase no?
5. So atoro adiyifo ne atoro mesiafo aba?
6. So adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ basabasayɛ ne amumɔyɛ akɔ anim?
7. So ɔdɔ ne yɔnkodɔ a ano dwudwo aba?
8. So ahyehyɛde biara sɛ ɛde asomdwoe bɛba wiase?
9. So amanaman ahoyeraw ne daakye ho hu wɔ hɔ?
10. So wuhu wiase nyinaa ahenni adansedi adwuma bi ho adanse?
(Hwɛ kratafa 11 pɛ mmuae.)
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
Sɛnea nneɛma te mprempren no, wiase nyinaa ko betumi aba pɛnkoro pɛ bio—sɛ nuklea ɔko. Afei wɔrennya aman anaa ahenni horow biara bio. Nokwasɛm biako yi nkutoo ma yɛn mmere yi yɛ soronko na ɛde bi ka nkyerɛkyerɛmu “nna a edi akyiri” no ho.—2 Timoteo 3:1.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
“Nnɛyi po ase ɔkohyɛn biako pɛ wɔ Wiase Ko II ma akode nyinaa a wɔaka abom bɛyɛ mpɛn awotwe—nea ɛdɔɔso a ebetumi asɛe Kusuu Fam Asasetifi kurow kɛse biara”