Asiane Ahorow—Mmere No Ho Sɛnkyerɛnne?
ƆMAN bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na akɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. Na eyinom nyinaa ne awoko yaw mfiase.” Yesu Kristo nam saa nsɛm yi so kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no mfeha 19 a atwam ni sɛ nneɛma bɔne a ɛtete saa ne afei amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔbɛka no wiase nyinaa befi sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã horow a ɛhyɛ “wiase awiei no” agyirae ase.—Mateo 24:3-14.
Eyi nti, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ, So yɛrehu asasewosow, ahum, nsuyiri, ɔpɛ, ne ɔkɔm a ano yɛ den pii sen awo ntoatoaso a atwam no anaa? Na ɛmfa ho nyansahu ne mfiridwuma mu nkɔanim no, so ama nnipa bebree rehu amane anaa?
Nnipa pii gye di sɛ ɛte saa. Sɛ́ nhwɛso no, nsɛmma nhoma New Scientist bɔ kɔkɔ sɛ “asiane pii betumi asisi wiase wɔ 1990 mfe no mu asen mfe dudu a atwam no.” Saa ara na Wiase Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Wim Tebea ho Nsɛm So no panyin kae wɔ June 1991 UN Chronicle mu sɛ: “Sɛnea nsɛm asisi no mu da hɔ yiye. Efi 1960 mfe no mu kosi 1980 mfe no mu no . . ., asiane akɛse dodow akɔ anim mmɔho anum, na nneɛma a wɔhwere no akɔ anim mmɔho abiɛsa.” Bere a Amanaman Nkabom ahyehyɛde a ɛhwɛ akwahosan so no nsɛmma nhoma World Health rekyerɛkyerɛ asɛm no mu kakra no, ɛkae sɛ: “Asiane ahorow a emfi nnipa ne adesɛe a efi mu ba ho nhwɛso horow wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Nanso, bere a yɛrebɛn afeha a ɛto so 21 no, yehyia asase so nnipa dodow, abɔde ntam abusuabɔ ne mfiridwuma nyinaa ho nsɛm a adi afra a ɛsakra, na ɛma asiane ahorow a emfi nnipa ne nea efi nnipa ho asɛm haw nnipa bebree.”
Ɛnyɛ obiara a ɔde n’adwene si nsɛm a esisi nnansa yi so no nwonwa sɛ ɔbɛte nsɛm a ɛtete saa. Nsɛm a etu koma a ɛtete saa pii wɔ amanneɛbɔ nsɛm mu, sɛ́ ɛyɛ ogya bepɔw a ɛpae wɔ Philippines, asase a ɛwosow wɔ California, nsu a eyiri wɔ Bangladesh, ɔkɔm a esi Somalia, ahum a etu wɔ Hawaii, anaa ɛpo so ahum a etu wɔ Nicaragua no. Ɔsram biako mpo ntwam a wɔnte asiane bi ho amanneɛbɔ wɔ wiase no fã bi.
Ebinom bu wɔn ani gu eyi so sɛ adewa bi. Wɔkyerɛ sɛ asiane dodow a ɛte sɛ nea akɔ anim wɔ yɛn bere yi mu no yɛ amanneɛ a wɔbɔ no yiye anaa kyerɛwtohɔ a wɔyɛ no yiye ara kwa. Wɔka bio sɛ nnipa a wɔadɔɔso nnɛ no nti na asiane ma nnipa pii hu amane no. So nea ɛfa asɛm no ho nyinaa nen?
Hyɛ nea ɛwɔ New Scientist asɛm a wɔafa aka wɔ atifi hɔ mu no nsow. “Wɔbɔɔ asiane ahorow 523 ho amanneɛ wɔ 1960 mfe no mu, ne 767 wɔ 1970 mfe no mu. Eduu 1980 mfe mu no, na adu 1,387.” Ɛkɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ “ade biako a ama ayɛ te sɛ nea nkɔanim aba ne asiane ahorow a wɔbɔ ho amanneɛ pefee wɔ China ne Soviet Union.” Afei ɛde ka ho sɛ: “Ɛmfa ho mpo sɛ ɛte saa no, asiane ahorow dodow rekɔ anim.” Wontumi mfa amanneɛ a wɔbɔ no yiye ne kyerɛwtohɔ a wɔyɛ no yiye nkutoo nyɛ anoyi mma asiane dodow a akɔ anim kɛse no.
Afei nso, March 1992 UN Chronicle no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ mfe aduonu a atwam mu no, ‘ɔhaw, ahokyere ne amanehunu’ a asiane a emfi nnipa de aba no akunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 3 na ama ɔpepem 800 ahu amane.” Eyi kyerɛ sɛ bɛyɛ asase so nnipa 7 biara mu 1 na asiane anaa awerɛhosɛm bi ato no. Eyi yɛ aniberesɛm ampa, na ɛma ɛda adi pefee sɛ yɛwɔ bere bɔne mu.
Esiane sɛ Bible no hyɛ nkɔm sɛ ahohia kɛse a ɛte saa bɛba bere bi nti, so ɛkyerɛ sɛ asiane ahorow ne amanehunu a efi mu ba no fi Onyankopɔn? Nnipa pii susuw saa. Nanso dɛn na nokwasɛm ahorow no kyerɛ? Na nea ɛho hia sen saa no, dɛn na Bible no da no adi?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Anim: W. Faidley/Weatherstock
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Mfinimfini hɔ mfonini: Mark Peters/Sipa Press
WHO/League of Red Cross