Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Mete ase sɛ wɔde Hela asɛmfua “toʹte” (ɛno na) no di dwuma de da nea edi hɔ ba no adi. Ɛnde dɛn nti na Mateo 24:9 kenkan sɛ: “Ɛnna [“toʹte”] wobeyi mo ama ahohiahia,” bere a asɛm koro no ara a ɛwɔ Luka 21:12 ka sɛ: “Na nea edi eyinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo”?
Ɛyɛ nokware sɛ wotumi de toʹte da biribi a edi hɔ ba, nea esi wɔ asɛm bi akyi, adi sɛnea yɛbɛka no no. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛte ase sɛ ɛno nkutoo ne ɔkwan a wɔfa so de asɛmfua no di dwuma wɔ Bible mu.
A Greek-English Lexicon of the New Testament and Other Early Christian Literature, a Bauer, Arndt, ne Gingrich yɛe no kyerɛ sɛ wɔde asɛmfua toʹte no di dwuma wɔ akwan titiriw abien so wɔ Kyerɛwnsɛm no mu.
Emu biako ne “saa bere no.” Eyi tumi yɛ “ɛnna a ɛfa nea atwam ho.” Nhwɛso a wɔde ama ne Mateo 2:17: “Ɛnna nea odiyifo Yeremia kae no baa mu.” Eyi mfa nea ebesi wɔ asɛm bi akyi ho, na mmom ɛkyerɛ bere pɔtee bi a atwam, saa bere no. Saa ara nso na wobetumi de toʹte adi dwuma ama “ɛnna a ɛfa nea ɛmmae ho.” Yehu ɛho nhwɛso biako wɔ 1 Korintofo 13:12: “Na sesɛɛ de, yɛnam ahwehwɛ so hwɛ ade wɔ bɛ mu, na ɛno mu de, anim ne anim; sesɛɛ de, mihu ade fa-ne-fa, na ɛno mu de, mehu ade mu sɛnea wɔahu me nso mu.” Ɛha no, Paulo de toʹte dii dwuma de kyerɛɛ ‘saa bere a ɛbɛba daakye no.’—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Sɛnea nsɛmfua asekyerɛ nhoma yi kyerɛ no, ɔkwan foforo a wɔfa so de toʹte di dwuma ne sɛ wɔde “da biribi a ɛba wɔ bere bi akyi adi.” Nsɛmfua asekyerɛ nhoma yi ma nhwɛso pii a ɛwɔ mmuae a Yesu de maa asomafo no wɔ asɛm a wobisaa no wɔ ne ba ho sɛnkyerɛnne ho no ho kyerɛwtohɔ abiɛsa no mu.a
Bere a nsɛmfua asekyerɛ nhoma yi rema toʹte a wɔde “da biribi a ɛba wɔ bere bi akyi adi” ho nhwɛso ahorow no, ɛfaa Mateo 24:10, 14, 16, 30; Marko 13:14, 21; ne Luka 21:20, 27. Nsɛm a ɛka ho a wosusuw ho no kyerɛ nea enti a ɛfata sɛ wɔte ase sɛ ɛfa nea ebesi wɔ asɛm bi akyi ho. Na eyi boa ma wɔte Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa sɛnea nsɛm besisi daakye ho no ase.
Nanso, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ bere biara a wɔde toʹte bedi dwuma wɔ saa kyerɛwtohɔ ahorow yi mu no na ɛda biribi a ɛbɛba wɔ bere bi akyi adi ɔkwan biara so. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mateo 24:7, 8 no, yɛkenkan sɛ Yesu ka siei sɛ ɔman bɛsɔre ɔman so, na ɔkɔm ne asasewosow bɛba. Nkyekyem 9 toa so sɛ: “Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) So ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛfa no sɛ akodi, aduankɔm, ne asasewosow a wɔhyɛɛ ho nkɔm no nyinaa bɛba, na ebia agyae, ansa na ɔtaa no afi ase?
Ɛno yɛ nea ntease nnim, na nea yenim fa mmamu a enyae wɔ afeha a edi kan no mu ho nso nkyerɛ saa. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma mu no da no adi sɛ ɛkame ayɛ sɛ bere a Kristofo asafo foforo no mufo fii asɛnka ase ara na wohyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den. (Asomafo no nnwuma 4:5-21; 5:17-40) Nokwarem no, yentumi nka sɛ akodi, ɔkɔm, ne asasewosow a Yesu kaa ho asɛm no nyinaa sisii ansa na saa ɔsɔretia a ɛbaa ntɛm no reba. Nea ɛne no bɔ abira no, saa ɔsɔretia no dii “kan” bae ansa na nneɛma foforo a ɔka siei no pii reba, sɛnea ɛne ɔkwan a Luka faa so kaa nsɛm no hyia no: “Na nea edi eyinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo.” (Luke 21:12; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɛno bɛkyerɛ sɛ wɔ Mateo 24:9 no, nea wɔde toʹte kyerɛe paa ne “saa bere no.” Wɔ akodi, ɔkɔm, ne asasewosow bere no mu, anaa saa bere no, na wɔbɛtaa Yesu akyidifo.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔkyekyɛɛ saa kyerɛwtohɔ a ɛfa nsɛm koro no ara a ɛwɔ Mateo, Marko, ne Luka no mu yɛɛ no afã horow wɔ kratafa 14 ne 15 wɔ February 15, 1994 Ɔwɛn-Aban no mu. Wɔde nkyerɛwde piprii na ɛkyerɛw mmeae a toʹte, a wɔkyerɛɛ ase “ɛnna” wɔ no.