Amumɔyɛ A Ɛredɔɔso—Wiase Awiei Ho Sɛnkyerɛnne Anaa?
“ƐDƐN na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” Mmuaema mu no Yesu Kristo daa no adi sɛ abakɔsɛm mu bere bi bɛba a amanaman ntam akodi, ɔkɔm ne asasewosow bɛhyɛ no agyirae, na ɔde kaa ho sɛ: “Na sɛ amumɔyɛ rebɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo. Na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.”—Mateo 24:3, 7-13.
Amumɔyɛ a ɛdɔɔso—ade a ɛyɛ hu yiye, efisɛ mfitiase Hela asɛmfua no kyerɛ animtiaa a wobu Onyankopɔn mmara horow a wonim. Tumi a ɛwɔ asɛm no mu ne sɛ onii de adwene kɔ ɔno ankasa so, na ommu Onyankopɔn sɛ nea ne nkwa gyina no so. Yesu anka sɛ amumɔyɛ ‘befi ase,” na mmom sɛ ɛbɛdɔɔso,’ emu bɛtrɛw na akɔ anim. Eyi yɛ ade a emu bɛyɛ den araa ma ɛbɛka nnipa pii anaa “dodow no ara” a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn, ne mmara horow, ne wɔn yɔnko nnipa no ano bedwo, sɛnea nsuonwini tumi ma biribi a ɛyɛ hyew dwo no!
Adanse a emu yɛ den wɔ hɔ sɛ yɛn afeha a ɛto so 20 yi, titiriw Wiase Nyinaa Ko I, de amumɔyɛ nkɔanim a ɛsen biara fi bere a Yesu kaa saa asɛm no aba. Sɛ saa a, eyi kyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu—wɔ ‘nneɛma nhyehyɛe yi awiei’ bere a etwa to koraa mu. (2 Timoteo 3:1; Mateo 24:3) So wo kɔn nnɔ sɛ saa nhyehyɛe bɔne a ɛde basabasayɛ, ɔbrasɛe ne nsisi aba asase so nyinaa no bɛba awiei, na wɔde adesamma abusua a wɔwɔ ɔdɔ, “asase foforo” a trenee te mu, asi ananmu anaa?—2 Petro 3:13.
Nanso, wɔn a wosua abakɔsɛm no mu binom ka sɛ: ‘Twɛn kakra. So afeha a ɛto so 20 yi nyɛ nea anibuei wom sen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu anaa? So basabasayɛ ne ɔbrasɛe ankasa a ɛkɔɔ so wɔ mfehaha a etwaam no mu no nyɛ nea emu yɛ den sen eyi?
Mmere a Atwam No—Na Nsɛmmɔnedi Te Dɛn?
Aban mmaranimfo panyin a na ɔwɔ London wɔ 1785 mu no de awerɛhow kae sɛ: “Obiara nni hɔ a obetumi aka sɛ ne nkwa anaasɛ n’agyapade nna asiane mu, sɛ ɔnantew abɔnten so bere a esum aba a, na obiara ntumi nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ wɔ ne mpa so mpo.” Afoforo nso daa nsɛmmɔnedi ho hu adi saa bere no.
Nanso nsɛmmɔnedi ahẽ ankasa na na ɛwɔ mmere a atwam no mu? Obiara ntumi nsi no pi, titiriw esiane kyerɛwtohɔ ahorow a na enni mu nti. Na esiane nnipa dodow a na wɔte ase ho nkontaabu pa a na enni hɔ nti, na ɔkwampa biara nni hɔ a wobetumi afa so de nsɛmmɔnedi a ɛkɔɔ so sɛnea nnipa no dodow te no atoto yɛn de yi ho nnɛ. Nneɛma no bi kyerɛ sɛ na mfehaha a atwam no mufo yɛ nnipa a wɔdɔ asomdwoe. Ɔman mmaranimfo panyin no bɔɔ amanneɛ wɔ 1859 mu sɛ: “Bere biara nni hɔ wɔ Massachusetts abakɔsɛm mu a nkwa, ahofadi ne agyapade ayɛ nea ɛwɔ dwoodwoo tebea mu sen nnɛ.”
Wɔ mfirihyia 150 a na edi 1914 anim no mu no—nneɛma ahorow bi bae a na ɛyɛ soronko wɔ abakɔsɛm nyinaa mu—na eyi too nhyɛase maa basabasayɛ a ebi mmae da wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu.
Nnwuma Mu Nsakrae
“Adesamma abakɔsɛm mu nsakrae a ɛso sen biara.” Saa na abakɔsɛm akyerɛkyerɛfo M. Klein ne H. A. Kantor ka nea nsakrae kɛse a ɛbae wɔ nnwuma mu no de baa Amerika so wɔ 1850 ne 1920 ntam hɔ no ho asɛm wɔ wɔn nhoma Prisoners of Progress no mu. Mfiri afoforo te sɛ owisihyɛn a wɔyɛe ne akwan horow a wɔnam so yɛ nneɛma pii bere koro mu no yɛ nea wofii ase de dii dwuma kɛse wɔ Engiresi Aburokyiri. Te sɛ ɛpo asorɔkye no, ɛtrɛw kɔɔ Europa ne Amerika nyinaa, na ɛbɔɔ kan asetra kwan no gui.
Wɔreka bere a na ɛwɔ hɔ ansa na nnwuma mu nsakrae yi reba no ho asɛm no, Klein ne Kantor kɔ so sɛ: “Sɛ yɛde toto yɛn bere yi ho a, na asetra te sɛ nea ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ na asomdwoe wom. Na nnipa wɔ obu kɛse ma nyamesom na na wɔyɛ wɔn asetra mu nneɛma ho nhyehyɛe nyinaa sɛnea wɔn gyidi te.”
Ná nnipa bebree yɛ wɔn ankasa nsa ano nnwuma, na na wɔn ani gye wɔn nnwuma ho—ná ɛnyɛ sika a wobenya nkutoo ne adwumayɛ atirimpɔw. Ɛwom sɛ na akorɔnfo ne awudifo wɔ hɔ, ná nyamesom mu gyidi horow yɛ nea nkonyaayi ne gyidihunu wɔ mu, nanso ɛkame ayɛ sɛ na obiara a ɔwɔ aman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo mu no wɔ obu ma Onyankopɔn mmara horow.
Wɔ 1880 ne 1913 ntam hɔ no, nneɛma ahorow a wɔyɛ no kɔɔ so ntɛmntɛm sen sɛnea na nnipa redɔɔso wɔ wiase no mmɔho abiɛsa—ade a na ɛmmae saa da ansa na saa bere no reba anaasɛ ɛno akyi. Ne saa nti dwumayɛfo pii nya sika akɛse a na wobetumi de atotɔ nneɛma afoforo yi a wɔyɛ no. Nanso bebree a na “mpofirim ahonya” ato wɔn no som yiyedi te sɛ onyame.
Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri . . . mu. Na . . . ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan. (1 Timoteo 6:9, 10) Ɛbae saa wɔ nnipa pii fam. Mmarima de wɔn bere nyinaa yɛɛ adwuma. Abusua asetra huu amane esiane sɛ na ɛsɛ sɛ agya de nnɔnhwerew aduosia yɛ adwuma dapɛn biara nti. Bere a mmea pii de wɔn ho hyɛɛ nnwuma ahorow mu no, mmofra bɛyɛɛ wɔn a mpɛn pii no na wonni akwankyerɛ na wɔbɛyɛɛ mmofra bɔne. Mmɔden a na wɔrebɔ sɛ wobenya nneɛma a wohia wɔ asetra mu no maa pii de nyamesom too nkyɛn.
Germanni nyansapɛfo Nietzsche a wagye din no kae sɛ, “Da wo ho adi sɛnea wo te!” Pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ de nnwuma mu akasakasa a emu yɛ den bae—mpɛn dodow a adwumayɛfo de wɔn nnade guu hɔ sɛ wɔrenyɛ adwuma wɔ Amerika asram asia a edi kan wɔ 1916 mu no yɛɛ 2,093! Nsisi wɔ adwuma mu yɛɛ nea abu so. Bebree suasuaa oguadifo a wɔka ne ho asɛm wɔ nhoma bi a wɔyɛɛ no 1905 mu mu no: “Ɔno ne ɔkraman a ɔsõ sen biara, na ɛyɛ ɔkraman we kraman wɔ yɛn adwuma mu.” Ampa, yɔnkodɔ fii ase kɔɔ fam wɔ baabiara
Nkurow Yɛɛ Akɛse Ntɛmntɛm
Wɔ nhomasua, edin, nimdeɛ, anigyede, ahofadi—titiriw sika—hwehwɛ mu no, nnipa pii kɔɔ nkurow akɛse mu.Wɔ 1815 mu no na Europafo a wɔn dodow nnu ɔha biara mu 2 na wɔtete nkurow akɛse mu, a na wɔn dodow boro 100,000 kakraa bi pɛ; ebedu 1910 no na dodow no adu ɔha biara mu 15—na ayɛ mmɔho ason, nanso ɔman no nyinaa mu nnipa dodow no bu bɔɔ ho ara. Wɔ Amerika no, nnipa a wɔtete nkurow a emufo yɛ 8,000 anaa nea ɛboro saa no fi 131,000 wɔ 1790 mu bɛyɛɛ bɛboro ɔpepem 18 wɔ 1890 mu—efii nnipa a wɔwɔ ɔman no mu no ɔha biara mu 3 so besii ɔha biara mu 29!
Nkurow akɛse a na ɛwɔ aman a nnwuma ahorow wɔ mu no mu trɛwee ntɛmntɛm ma na ɛyɛ hu. Kingsley Davis, obi a waben wɔ nkurow kyekye ho nimdeɛ mu, kyerɛwee sɛ: “Nokwarem no, nkurow mu atrɛw ntɛmntɛm wɔ afeha ne fã a atwam no mu asen bere foforo biara a edi eyi anim wɔ wiase abakɔsɛm mu.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw ɔfã bi.
Ná wɔn a wofi nkuraase kɔɔ nkurow akɛse mu no dodow ara yɛ mmerante ne mmabaa ne ahokwafo. Wɔ nkurow akɛse mu, faako a ahofadi pii wɔ no, afei de na abusuafo ho hu a ɛwɔ akuraase no nsiw wɔn nneyɛe ano bio. Obi a ɔhwɛɛ nea ɛkɔ so wɔ adwumayɛfo mu wɔ kurow kɛse bi mu no kyerɛwee sɛ: “Ɛbɛyɛ den sɛ wubehu aberante anaa ababaa a wadi bɛboro mfe dunson a ɔyɛ ɔbaabun.” Ɔbarima yi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 20 yi mfiase hɔ no de kaa ho sɛ: “Aguamammɔ, ade a asaw ahorow no de aba titiriw no, yɛ nea abu so wɔ nnɛyi mmofra mu. Wobu no sɛ ɛyɛ asetra fã a asɛm biara nni ho.”
Yiw, bebree buu Onyankopɔn mmara a ɛwɔ abrabɔ ho no animtiaa. Bible hyɛ sɛ: “Munyi mo ho mfi aguamammɔ mu, . . . nea ɔtew ahi ntew onipa bi ahi, na mmom Onyankopɔn.” (1 Tesalonikafo 4:3, 8) Nanso, wɔ Europa no, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakyerɛ sɛ wɔyɛ mmarima no, mmerante bi de nguamanfo a wɔne wɔn ada hoahoa wɔn ho—na ɛnyɛ wɔn fɛre mpo sɛ wɔbɛka babaso a wɔanya afi wɔn nkyɛn ho asɛm! Sɛnea adesua bi a wɔyɛe wɔ Europa man bi mu a wɔdaa no adi 1914 mu kyerɛ no, na mmarima baanum biara mu biako wɔ mmaninyare.
Abakɔsɛm kyerɛwfo Adna Weber kyerɛwee wɔ 1899 mu sɛ: “Nkurow akɛse no yɛ nsase pa ma ɔbrasɛe.” Ɔkyerɛɛ sɛnea mpena mma dodow a wɔwowo wɔn wɔ nkurow akɛse mu wɔ Europa no te, sɛ ɛyɛ sɛnea ɛte wɔ nkuraase no mmɔho. Wɔ Engiresi Aburokyiri no na nsɛmmɔnedi a ɛkɔ so wɔ nkurow akɛse mu no yɛ nea ɛkɔ so wɔ nkuraase no mmɔho abien anaasɛ mmɔho anan mpo.
Nanso ɛnyɛ amumɔyɛ a ɛdɔɔso nko na Nnwuma mu Nsakrae ne nkurow a ɛyɛɛ akɛse no bɔɔ kwan mae wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu; ade foforo nso bae—ɛno nso bae wɔ yɛn bere yi mu nkutoo—na na ɛbɛka yɛn kɛse
Ɔkɔ Kɛse No
Wɔfrɛɛ ɔko a efii ase 1914 mu yi “ɔko a ɛkaa mogya gui na ɛsɛee ade sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu” de besi saa bere no. Wɔn a wonyaa kyɛfa titiriw wɔ nsɛmmɔnedi kɛse yi mu no ne aman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ “Kristofo”! Ɛreka ɔko no mu nsɛmmɔnedi ahorow ho asɛm no, krataa bi a wɔkyerɛw no 1914 atesɛm krataa mu no kaa no atwetwesi kwan so sɛ: “Ɛsɛ sɛ aman no ko te sɛ Kristofo, anaa, anyɛ yiye koraa no, te sɛ nnipa a wɔapɔw.”
Esiane saa ko no nti, wobebuu nhyɛso ne basabasayɛ sɛ nea wogye tom. Ɔsɔfo Charles Parsons kyerɛwee wɔ 1917 mu sɛ: “Sɛ wɔde mmara horow a edi ɔman a ani abue so no to nkyɛn, sɛ nipakum bɛyɛ adwuma ne mmaninyɛ ne akokoduru ho sɛnkyerɛnne a, ɛnde na ɛte sɛ nea mfaso biara nniso so sɛ wɔbɛka amumɔyɛ ho asɛm.” Ɛno nti na nhwehwɛmufo D. Archer ne R. Gartner hui sɛ aman ahorow a wɔde wɔn ho hyɛɛ Wiase Nyinaa Ko I mu a osuaa wɔn ho ade no nyaa awudi mu “nkɔso kɛse wɔ ɔko no akyi”—Italy nyaa ɔha mu nkɔanim 52 na Germany nyaa sɛnea na ɛte ansa na ɔko no reba no ɔha biara mu nkɔanim 98! Saa ɔko no de nsɛmmɔnedi foforo bae.
Yehowa Nyankopɔn a ‘okyi awaregu’ no bu aware mu ɔhokafo a wogyaa no a ennyina Kyerɛwsɛm so na wɔware foforo no sɛ bɔne a emu yɛ duru. (Malaki 2:16) Wɔ Wiase Nyinaa Ko I mu no, awaregu dodow a ebi mmae da kɔɔ so. Sɛ nhwɛso no, wɔ Engiresi Aburokyiri ne Wales, wɔ mfe 50 ansa na 1911 reba no mu no, awaregu dodow a ɛbae afe biara mu no yɛ bɛyɛ 516. 1919 mu, wɔ ɔko no akyi afe a edi kan no mu no, ɛbɛyɛɛ 5,184—sɛnea na ɛte wɔ mfe 50 a edii saa bere yi anim no mu no mmɔho 10!
Ɔko no boaboaa mmarima 65,000,000 ano, maa bebree gyaw wɔn yerenom ne wɔn mma mfe pii. Sɛnea abakɔsɛm akyerɛwfo G. Rowntree ne N. H. Carrier ka no, “Ahokyere ne mpaapaemu a 1914-1918 Ɔko no de bae no,” ɛnyɛ awaregu nko na ɛma ɛkɔɔ anim, na mmom ɛmaa “amanfo gye toom ɔkwan bi so. . . . Ɛte sɛ nea ahofadi kwan a nkurɔfo faa so yɛɛ ade wɔ ɔko no akyi no mu atrɛw.” Saa ahofadi adwene yi fii ase saa bere no na emu atrɛw abedu nnɛ!
Enti bere a nnipa pii kɔɔ nkurow akɛse a wɔyɛ nnwuma horow wɔ mu mu wɔ “Kristofo” aman horow mu, ne esiane basabasayɛ a Wiase Nyinaa Ko I kyerɛe no nti, na hokwan no abue ama amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso kɛse asen bere biara a wɔahu pɛn. Dɛn na ɛde aba efi 1914? So wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo dodow no ara dɔ ano adwo ampa anaa?
Nnɛyi Amumɔyɛ a Ɛredɔɔso
Afe 1945 mu no nnipa pii a wɔwɔ Amerika no ho dwiriw wɔn sɛ nsɛmmɔnedi a wɔbɔɔ polisifo amanneɛ wɔ ho no kɔɔ soro koduu 1,566,000. Nanso mfe 35 akyi no dodow no duu 13,295,000—na ɛda so ara rekɔ soro! Eyi yɛ ɔha biara mu nkɔanim 750, bere a nnipa a wɔwɔ ɔman no mu no dodow kɔɔ anim bɛyɛ ɔha biara mu 60! Mmonnaato kɔɔ anim bɛboro ɔha biara mu 600! Nsɛmmɔnedi afoforo a emu yɛ den kɔɔ anim ɔha biara mu 900! Susuw ho hwɛ, wɔ 1981 mu no ɛkame ayɛ sɛ afie abiɛsa biara mu biako yɛ nea nsɛmmɔnedi bi kaa no! Nanso ɛnyɛ Amerika nkutoo na eyi kɔ so. Nsɛmmɔnedi ho nhwehwɛmufo bi a wagye din, Sir Leon Radzinowicz, kyerɛwee wɔ ne nhoma The Growth of Crime no mu sɛ: “Ade biako a ɛma wo ho dwiriw wo bere a wohwɛ nsɛmmɔnedi wɔ wiase nyinaa no ne sɛnea akɔ anim wɔ baabiara no. Mmeae a ɛnte saa no yɛ mmiako mmiako, na ebia ɛrenkyɛ na asorɔkye a ɛreyiri no atwiw afa wɔn nyinaa so.”
So saa nkɔanim ahorow yi yɛ amanneɛbɔ pa a polisifo nsa ka nti ara kwa anaa? Mmuaema mu no, kuw bi a na Dɔkta Herbert Jacob a ɔwɔ beae a wɔyɛ nkurow ahorow ho nhwehwɛmu wɔ Northwestern University no yɛɛ nsɛmmɔnedi ho nkontaabu, sika dodow a polisifo sɛe no ne akwan horow a wɔnam so di dwuma, nnipa dodow a wɔkyere wɔn, ne nsɛm afoforo a efi nkurow akɛse 396 mu wɔ Amerika, wɔ efi 1948 besi 1978 mu ho nhwehwɛmu. Wɔ nkɔmmɔ a nsɛmma nhoma yi akyerɛwfo ananmusifo bi ne no bɔe mu no, Dɔkta Jacob kae sɛ: “Nsɛmmɔnedi ahorow a wɔbɔ ho amanneɛ akɔ anim baabiara wɔ Amerika. Ɛyɛ ampa sɛ eyinom fã yɛ nsɛmmɔnedi ho amanneɛbɔ pa a polisifo ne amanfo de ma nti. Nanso ɛnyɛ eyi na ama akɔ anim saa.”
Dɔkta Jacob toaa so sɛ: “Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ wɔ kurow kɛse biara mu—wɔ kusuufam anaa keseefam, sɛ́ ɛrekɔ fam anaa emu retrɛw, sɛ́ emu ahɔho dɔɔso anaa wosua—no, ɛkame ayɛ sɛ nsɛmmɔnedi no kɔ anim pɛpɛɛpɛ. Ná ɛyɛ ade a ɛrekɔ so wɔ ɔman no mu nyinaa.” So polisifo betumi asiw adeyɛ a ɛyɛ hu yi ano anaa? Dɔkta Jacob buae sɛ: “Ɛte sɛ nea polisifo ntumi nyɛ ho hwee esiane tumi horow a ɛboro wɔn so no nti.”
Nanso, ɛnyɛ nsɛmmɔnedi ankasa nko na ɛkyerɛ sɛ amumɔyɛ redɔɔso. Wode susuw obu a nkurɔfo nni mma Onyankopɔn mmara horow no ho hwɛ. Mpena mma a wɔwo wɔn wɔ Amerika a na anka ɛyɛ 7.1 ma mmea 1,000 a wonni kununom wɔ 1940 mu no abɛyɛ nea esua koraa, sɛ wɔde toto 1979 de a ɛyɛ 27.8 no ho a. Awaregu ahorow 83,000 a ɛbae 1910 mu no abɛyɛ 1,182,000 wɔ 1980 mu, ɔha biara mu nkɔanim 1,300! Na, sɛ anka na ɛyɛ aware horow 11 na emu biako gu afe biara, te sɛ wɔ 1910 mu no, aware horow abien biara mu biako gu wɔ Amerika! Wɔka tebea a ɛte saa ara ho asɛm wɔ wiase nyinaa.
Susuw atirimɔdenne a ɛyɛ hu a wɔayɛ wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu no nso ho. Abakɔsɛm nyinaa mu no, bere bɛn na wɔyɛɛ biribi a ɛte sɛ Yudafo ɔpepem 6 a wɔhyɛɛ da kunkum wɔn wɔ Nazi adwumayɛban ahorow mu wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu no? anaasɛ nnipa 55,000,000 a wokunkum wɔn wɔ saa ɔko no mu no? Nea ɛnkyɛe pii no, susuw 1979 mu amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛ wokunkum Cambodiafo bɛboro ɔpepem 2 no ho hwɛ. Awo ntoatoaso bɛn na ɛyɛɛ akode a sɛ wɔto biako pɛ a ebetumi akum nnipa bɛboro 140,000, na wɔde dii dwuma, te sɛ atomik ɔtopae a wɔtoe wɔ Hiroshima, Japan, no?
Yɛrennya kwan nka Onyankopɔn mmara horow a wobu no animtiaa ho nsɛm pii, nanso nea yɛada no adi no kyerɛ sɛ efi 1914 no amumɔyɛ adɔɔso asen abakɔsɛm mu bere biara! Yiw, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yesu akyidifo no mu dodow no ara dɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa no ano adwo, sɛnea Yesu ka siei no.
Nanso, mma amumɔyɛ a ɛredɔɔso sɛɛ no nka wo koma. Ma ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn ne ne mmara horow no mu nyɛ den, na ebia hokwan no bɛyɛ wo de sɛ wobegye wo akɔ “asase foforo” a wɔahyɛ ho bɔ no so, faako a amumɔyɛ rentra hɔ bio no.—2 Petro 3:13; Mateo 24:12, 13.
[Kratafa 6 akontaabu pon]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Nsɛmmɔnedi akɛse a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Amerika no kɔɔ anim bɛboro ɔha biara mu 1,000 efi 1935 besi 1980, nanso nnipa dodow a wɔwɔ ɔman no mu no kɔɔ anim ɔha biara me 78 pɛ wɔ bere koro no ara mu!
1935 1,138,000
1950 2,220,000
1965 2,780,000
1980 13,295,000
[Asɛm Fibea]
Faako a nsɛm yi fi: Amerika Adwumayɛkuw a Ɛhwehwɛ Nsɛmmɔnedi mu no ka awudi, mmonnaato, korɔnbɔ, afoforo so a wɔtow hyɛ, akode a wɔde kɔ ofie bi mu kowia emu nneɛma, afoforo so a wɔtow hyɛ gye wɔn nneɛma, ne kar ahorow a wowia, dodow a wɔabɔ ho amanneɛ akyerɛ polisifo. Esiane amanneɛbɔ a enni mu nti wɔayɛ nsakrae wɔ 1935 ne 1950 nkontaabu ahorow no mu na ɛne ɔman no mu nnipa dodow no akɔ.
[Kratafa 4 mfoni]
NNWUMA MU NSAKRAE
WIASE NYINAA KO I
NKUROW A EMU TRƐW NTƐMNTƐM
Saa nneɛma yi, a yɛn bere so nko na aba no, aboa ma amumɔyɛ adɔɔso asen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu