Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 1/1 kr. 7-23
  • ‘Anigye Ne Wɔn A Wɔanya Boasetɔ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Anigye Ne Wɔn A Wɔanya Boasetɔ’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Yehowa Nya Boasetɔ
  • Wɔanya Boasetɔ So Akatua
  • Yɛn Afe a Ɛso Bi Mmae Da
  • Nokware a Wɔkɔɔ So Dii Wɔ Sɔhwɛ Mu
  • Anibiannaso Ano a Wogyina
  • Nea Ɛbɛba Daakye
  • Boasetɔ—Ehia Ma Kristofo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Boasetɔ A Ɛde Nkonimdi Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • ‘Nea Ɔde Animia Gyinaa Pintinn No, Munsusuw Ne Ho Yiye’
    “Bra Bedi M’akyi”
  • “Momma Boasetɔ Nwie N’adwuma”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 1/1 kr. 7-23

‘Anigye Ne Wɔn A Wɔanya Boasetɔ’

1. Efi 1914 reba no, asase so tebea bɛn na ama Mateo 24:3-8 anya mmamu, na nsɛm a wɔka faa Amanaman Apam no ne Amanaman Nkabom no ho bɛn na antumi amma mu?

NHOMA bi a Robert Nisbet kyerɛwee, The Present Age, ka “Mfe Aduosɔn Ɔko a akɔ so fi 1914 a ɛntaa nnyae” ho asɛm. Yiw, “ɔko ne akosɛm” a wiase nyinaa akodi ahorow ka ho​—ne nea Yesu Kristo ka siei sɛ ɛbɛba wɔ awiei bere yi mu. (Mateo 24:3-8) Wɔde Amanaman Apam no sii hɔ afe 1920 “na asiw ɔko ano bere nyinaa.” Nkogu bɛn ara na adi ma ɛyɛ awerɛhow sɛɛ yi! Wɔhyehyɛɛ Amanaman Nkabom no afe 1945 “na agye awo ntoatoaso ahorow a ɛbɛba akyiri yi afi ɔko mu.” Nanso Max Harrelson nhoma no, Fires All Around the Horizon ka sɛɛ “Ɛkame ayɛ sɛ efi Wiase Ko II so no, da biara nni hɔ a ɔko nkɔ so wɔ baabi.”

2. Nsɛm bɛn na ebinom bisa wɔ wiase no mu tebea horow ho, nanso nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa?

2 Amumɔyɛ ne nsɛmmɔnedi, ɔporɔw ne ohia, nnubɔne ne ɔyaredɔm​—eyinom nyinaa ka tebea a ɛyɛ awerɛhow no ho. Ebia nnipa bi bebisa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na adesamma atumi akɔ so agyina tebea a ɛhaw adwene saa no ano?’ Nanso nea ehia titiriw no, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nya n’asase so abɔde a wɔsɛe no mu boasetɔ? Bere tenten ahe bio na ɔbɛma nnipa adebɔneyɛfo kwan ma wɔasɛe asase no, na wɔde ahohorabɔ aba ne din a ɛsom bo kɛse no so?’

3. (a) Asɛm bɛn na odiyifo Yesaia bisae, na dɛn ntia? (b) Mmuae bɛn na Yehowa mae, na eyi kyerɛ dɛn ma yɛn bere yi?

3 Odiyifo Yesaia bisaa asɛm bi a ɛte saa ara. Wɔpaw no sɛ ɔnka Yehowa nkrasɛm nkyerɛ ne manfo. Nanso wodii kan bɔɔ no kɔkɔ sɛ wɔrentie ɔno ne Onyankopɔn a ɔsomaa no no nyinaa. Enti Yesaia bisaa sɛ: “Oo [Yehowa], enkosi da bɛn?” Yiw, bere tenten ahe na Yesaia de bɛka asɛm akyerɛ nnipa a wɔasen wɔn kɔn yi, na bere tenten ahe na Yehowa benya pow a wɔpow sɛ wobetie n’asɛm wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ ɔyaw so no mu boasetɔ? Yehowa buae se: “Enkosi sɛ nkurow bɛdan akurofo a obi nte mu, na afi ada ntuw a onipa nni mu, na asase asɛe ayɛ afo koraa.” (Yesaia 6:8-11) Saa ara na nnɛ, Onyankopɔn anya ahohorabɔ ahorow a ɛte saa ara no mu boasetɔ kosi sɛ ne bere a wahyɛ sɛ ɔde atemmu bɛba wiase a ɔdebɔneyɛfo titiriw a ɔwom ne Kristoman a onni nokware no so bedu.

4. Dɛn na efii Hiob boasetɔ no mu bae, na awerɛhyem bɛn na eyi ma yenya nnɛ?

4 Yehowa anya Satan ahohorabɔ ahorow mu boasetɔ bere tenten. Bɛyɛ mfe 3,600 a atwam ni no, ɔnokwafo Hiob nso nyaa boasetɔ, na ɔkyerɛe sɛ Satan mpoatwa a ɛne sɛ ɔrentumi nkura ne mudi mu wɔ sɔhwɛ mu no nyɛ nokware. Hwɛ sɛnea eyi maa Yehowa koma ani gyei! (Hiob 2:6-10; 27:5; Mmebusɛm 27:11) Sɛnea Yesu nua Yakobo kae akyiri yi no: “Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no [anigyefo]. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea [Yehowa] ma ewiee no, sɛnea [Yehowa] ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.” Saa ara na wɔn a wɔne Yehowa tɔ wɔn bo ase nnɛ no wɔ awerɛhyem sɛ ɛde anigye bɛbrɛ wɔn.​—Yakobo 5:11.

5. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ wɔbɛhwehwɛ boasetɔ afi Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no hɔ, na bere a wɔreyɛ adwuma bɛn na ebehia sɛ wonya boasetɔ?

5 Yesu kyerɛe pefee sɛ wɔbɛhwehwɛ boasetɔ a ɛte saa afi Onyankopɔn nkurɔfo hɔ wɔ yɛn nna yi mu. Ɔrehyɛ “wiase awiei” ho sɛnkyerɛnne ho nkɔm no, ose: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.” Obegyina bere a ɔreyɛ dɛn? Yesu nsɛm a edi eyi akyi pɛɛ no ma mmuae sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mateo 24:3, 13, 14) Ɛno ansa na ‘awiei no bɛba.’​—Hwɛ Marko 13:10, 13; Luka 21:17-19 nso.

Nea Enti a Yehowa Nya Boasetɔ

6. Dɛn nti na Yehowa yɛ boasetɔ ho nhwɛso titiriw, na ade biako bɛn nti na wanya boasetɔ saa no?

6 Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumidi, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu.” (Romafo 9:22) Dɛn nti na Yehowa anya wɔ a abɔnefo, abufuw ade yi, wɔ hɔ no mu boasetɔ? Atirimpɔw biako ni: sɛnea ɔbɛda no adi sɛ nnipa nniso, a onipa Bɔfo nsa nnim bedi nkogu. (Yeremia 10:23) Ɛrenkyɛ, wobebu Onyankopɔn tumidi bem bere a ɔda no adi sɛ ne nkutoo na obetumi de asomdwoe, biakoyɛ, ne anigye abrɛ adesamma abusua denam Yesu Ahenni nniso so no.​—Dwom 37:9-11; 45:1, 6, 7.

7. Ade foforo bɛn nti na Yehowa anya boasetɔ, na mfaso bɛn na eyi de abrɛ ɔpepem pii fi 1930 mfe no mu reba no?

7 Afei nso, Yehowa anya boasetɔ “sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade.” (Romafo 9:23) Saa mmɔborohunu ade yi yɛ nkaefo a wɔasra wɔn a wokura wɔn mudi mu a “wɔatɔ wɔn afi nnipa mu” sɛ wɔne Kristo Yesu nni ahene wɔ ne soro Ahenni mu no. Sɔ a wɔresɔw 144,000 no ano akɔ so fi asomafo no mmere so. Mprempren abɛn n’awiei. (Adiyisɛm 7:3; 14:1, 4) Na hwɛ! Efi 1930 mfe no mu reba no, boasetɔ a Yehowa akɔ so anya no ama kwan ma wɔreboaboa afoforo ɔpepem pii ano, “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman . . . nyinaa mu,” a wodi ahurusi wɔ anidaso a wɔwɔ sɛ wobetwa ahohiahia a etwa to no akonya daa nkwa wɔ paradise asase so no mu. (Adiyisɛm 7:4, 9, 10, 13-17) So woyɛ saa nnipakuw kɛse no mu biako? So ɛte saa a, so w’ani nnye sɛ Yehowa anya wɔ a abufuw ade no wɔ hɔ no mu boasetɔ abedu mprempren? Nanso, ɛsɛ sɛ wokɔ so nya boasetɔ, te sɛ nea Yehowa ayɛ no.

Wɔanya Boasetɔ So Akatua

8. Dɛn nti na yɛn nyinaa hia boasetɔ, na boasetɔ ho nhwɛso bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye?

8 Sɛ yɛn nsa bɛka bɔhyɛ ahorow no a, yɛn nyinaa hia boasetɔ. Bere a ɔsomafo Paulo aka nokwasɛm titiriw yi wɔ Hebrifo 10:36 no, ɔkyerɛkyerɛɛ tete “adansefo mununkum” kɛse no nokware gyidi ne boasetɔ mu kɔɔ akyiri. Afei ɔde afotu maa yɛn sɛ “yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim no,” na ɔtɔɔ ne bo ase wɔ ɔsom adwuma a efi komam no mu na wamma n’ani amfi akatua no so da no. Hwɛ sɛnea ne nhwɛso yi hyɛ yɛn nso den sɛ yennya boasetɔ!​—Hebrifo 12:1, 2.

9. Dɛn na afi nnɛ bere yi mu boasetɔ ho nhwɛso ahorow no mu aba?

9 Nnɛ bere yi mu boasetɔ ho nhwɛso pii nso wɔ hɔ. Ebia wunim anaasɛ woahu anuanom mmarima ne mmea a wɔabɔ mmɔden yiye wɔ wɔn boasetɔ mu. Hwɛ sɛnea wɔn nokwaredi akanyan yɛn! Na afe biara, bere a Yehowa Adansefo de wɔn wiase nyinaa dwumadi ho amanneɛbɔ kɔma Ɔwɛn Aban Asafo no, wɔn nsa ka boasetɔ ne mudi mu kura ho kyerɛwtohɔ afoforo a ɛyɛ anigye. Akontaabu a ɛwɔ nkratafa anan a edidi so no mu no ka adwuma kɛse a wotumi yɛe wɔ afe 1989 mu bere a saa Adansefo yi ‘de boasetɔ ka wɔn gyidi ho’ ho asɛm tiawa.​—2 Petro 1:5, 6.

Yɛn Afe a Ɛso Bi Mmae Da

10. (a) Nsase ne nsupɔw ahorow ahe na wɔkaa Ahenni no ho asɛmpa wɔ so wɔ afe 1989 mu, na nnipa baahe na wonyaa adwuma yi mu kyɛfa? (b) Akwampaefo baahe na wobuu akontaa wɔ ɔsram a yenyaa dodow nkɔanim a ɛsen biara no mu, na nnɔnhwerew dodow ahe na yɛde kɔɔ asɛnka?

10 Sɛnea akontaabu a ɛwɔ atifi hɔ no kyerɛ no, wɔkaa Yehowa Ahenni a ɛreba no ho asɛm wɔ nsase ne nsupɔw ahorow 212 so. Ɔwɛn-Aban kenkanfo dɔfo, so na woyɛ nnipa 3,787,188 a wonyaa adwuma a ɛso nni yi mu kyɛfa no mu biako? So woyɛ nnipa 808,184 a wobuu akontaa sɛ akwampaefo wɔ saa ɔsom afe no mu ɔsram a yenyaa dodow nkɔanim a ɛsen biara no mu biako? Wowɔ nea ɛsɛ sɛ wugyina so di ahurusi wɔ nea wotumi de kaa nnɔnhwerew dodow nkabom a ɛyɛ 835,426,538 a yɛde yɛɛ asɛnka adwuma wɔ wiase nyinaa afe 1989 mu no ho no ho.​—Dwom 104:33, 34; Filipifo 4:4.

11. (a) Nnipa baahe na wɔbaa Nkaedi no ase March 22 a etwaam no a ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ ɛma yedi ahurusi, na dɛn ntia? (b) Adansefo afoforo baahe na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ ɔsom afe a etwaam no mu, na aman bɛn na na wɔn de yɛ soronko wɔ eyi mu?

11 Di ahurusi nso wɔ nnipa 9,479,064 a wɔkɔɔ Yesu wu Nkae afahyɛ no ase wɔ wiase nyinaa March 22 a etwaam no ho! Eyi kyerɛ sɛ yebetumi anya Ahenni adawurubɔfo afoforo 5,691,876, sɛ wobetumi afi ɔdɔ mu de saa anigyefo a wɔte sɛ nguan yi aba nguannan no mu ma wɔabenya Yehowa som mu kyɛfa daa a. So yebetumi aboa wɔn wɔ eyi mu? (Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9, 15) Pii retie dedaw, sɛnea Adansefo afoforo 263,855 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ 1989 ɔsom afe no mu kyerɛ no.

12. Nneɛma bɛn na ɛnna adi wɔ akontaabu no mu (a) wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma tintimbea ahorow ho? (b) wɔ nsɛmma nhoma a wɔde mae ne nsɛmma nhomakra ho?

12 Nneɛma ahorow bi nna adi wɔ akontaabu no mu. Nhoma ahorow a wɔhwehwɛ​—Bible, nhoma, nhomawa, nsɛmma nhoma ahorow​—dɔɔso pii. Esiane eyi nti, Ɔwɛn Aban Asafo nhoma tintimbea ahorow a ɛwɔ New York no de nkrataa tɔn 25,999 tintim Bible, nhoma, ne nhomawa ahorow 35,811,000, ɛboro 1988 de no so nea ɛboro ɔha biara so 101. Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma tintimbea akɛse afoforo, ne titiriw nea ɛwɔ Germany, Italy, ne Japan no yɛɛ adwuma sen nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ de boaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma wɔde honhom fam ‘aduan mae bere a ɛsɛ mu.’ (Mateo 24:45) April ne May mu no, wɔbɔɔ nsɛmma nhoma kyekyɛ ne nsɛmma nhomakra a ɛkɔ anim yiye ho amanneɛ wɔ nsase dodow bi so, na wosii Ɔwɛn-Aban a ɛfa “Babilon Kɛse” ho no kyekyɛ so dua titiriw. (Adiyisɛm 17:5) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔ April a ɛreba yi mu no, akwampaefo aboafo ne Adansefo afoforo bɛkɔ asɛnka kɛse wɔ wiase nyinaa ma asan ayɛ yɛn adansedi ɔsatu a ɛsen biara wɔ 1990 ɔsom afe no mu.​—Fa toto Yesaia 40:31; Romafo 12:11, 12 ho.

13. Aman bɛn na wɔn din wɔ akontaabu no mu nanso na enni mu wɔ afe a etwaam no mu? Kyerɛkyerɛ mu.

13 Hwɛ akontaabu no bio. So wuhu aman bi a na wɔn din nni mu afe a etwaam no mu din? Yiw! Hungary ne Poland, faako wɔde yɛn adwuma no ahyɛ mmara ase nnansa yi ara no. Yɛda aban mpanyimfo a wɔwɔ saa aman yi mu no ase sɛ afei de wosusuw Yehowa Adansefo ho saa. Wɔ eyi mu no, wɔabua wiase nyinaa onuayɛ no mpaebɔ, “na yɛatra ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa [ahofama] ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.”​—1 Timoteo 2:1, 2.

14. Ka Poland “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam horow no mu nneɛma atitiriw no bi ho asɛm.

14 “Onyamesom pa ahofama”! Ɛdɛn, wotumi yɛɛ “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam horow wɔ Poland, wɔ mmeae abiɛsa wɔ August mu! Nnipa a wogye ahɔho a wɔn ho yɛ anika bɛn ara na Poland anuanom 91,024 no daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ sɛɛ yi! (Hebrifo 13:1, 2, 16) Te sɛ nea ɛnam anwonwade bi so, anuanom ɔpedudu pii​—Czechfo, Germanfo, Rusiafo, ne afoforo​—gyee tumi krataa a ɛma wotumi tu kwan kɔ aman afoforo so de bɔs ne keteke kɔe, ebinom nantewee mpo. Afoforo nso de wimhyɛn fi Amerika, Europa Atɔe, ne akyirikyiri te sɛ Pasifik ne Japan nsupɔw no so kɔe. Na agoprama a yɛn nuanom no asiesie mu ne ho kama no nso kɛse a ebetumi afa nnipa 65,710 wɔ Chorzów, 40,442 wɔ Poznan, ne 60,366 wɔ Warsaw​—dodow nkabom a ɛyɛ 166,518! Wɔ nhyiambea biara no, asubɔ no ho anigye maa nkurɔfo ani tɛtɛɛ nsu. Wɔbɔɔ obi a wadi mfe 9 ne ɔfoforo a wadi mfe 90 asu wɔ Poznan, na na mmofra a wonnya nnii mfe aduonu pii ka nnipa 6,093 a wɔbɔɔ wɔn asu no ho, na eyinom mu pii fi nsase a wɔka sɛ, sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no wu a, nyamesom begu wɔ hɔ no so. Ɛremma saa wɔ nokware som a egyina Onyankopɔn Asɛm so no fam! (Fa toto Dwom 148:12, 13; Asomafo no Nnwuma 2:41; 4:4 ho.) Hwɛ sɛnea yɛn nuanom a wɔwɔ Europa Apuei no boasetɔ so aba akatua ma ɛyɛ nwonwa!

Nokware a Wɔkɔɔ So Dii Wɔ Sɔhwɛ Mu

15. Ɔkwan bɛn so na Adansefo a wɔwɔ Lebanon ada boasetɔ ne pintinnyɛ adi, na nneɛma pa bɛn na afi mu aba?

15 Te sɛ ɔsomafo Paulo no, wɔka kyerɛ Yehowa Adansefo sɛ wonnya boasetɔ wɔ tebea horow pii a ɛsonsonoe mu. (2 Korintofo 11:24-27) Ɔmanko rekɔ so wɔ Lebanon. Yɛn nuanom no yɛ wɔn ade dɛn? Wogyina mu pintinn na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so. Wɔtotow aprɛm ne atopae pii wɔ 1989 mu, nanso faako a wɔtotow pii sen biara mpo no, anuanom no asi wɔn bo sɛ wɔrengow wɔn ho. Asafo bi a ɛwɔ Beirut bɔ amanneɛ sɛ: “Yɛyɛɛ akuw a wɔbɛkɔ asɛnka dapɛn no anwummere biara ho nhyehyɛe daa. Ahobammɔ ho nhyehyɛe a emu yɛ den nyinaa akyi no, anuanom no aba mu ammu. Yɛyɛɛ asasesin pii mu adwuma sen bere biara. Yenyaa akwampaefo dodow a ɛsen biara April mu. Yefii Bible adesua afoforo ase, na yɛde nsɛmma nhoma ne nhoma pii memae.”

16. Ɔkwan bɛn so na yɛn nuanom a wɔwɔ Colombia no ada boasetɔ adi denam asɛm no a wɔde akɔ nkurow a Ɔdansefo biara nni hɔ no mu no so?

16 Wɔka Colombia ho asɛm wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu esiane nnubɔne tɔn ne basabasayɛ nti. Nanso, wɔbɔ Kristofo a wɔwɔ hɔ no nokware boasetɔ ho amanneɛ nso. Nnansa yi wɔsomaa bere tiaa mu akwampaefo atitiriw kɔɔ nkurow 31 a emufo du mpem du anaa nea ɛboro saa a Ɔdansefo biara nni hɔ no mu. Wɔ kurow biako mu no, bere a anigyefo afoforofo no hui sɛ akwampaefo no bɛtra hɔ asram kakraa bi pɛ no, wɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔntra hɔ. Kurow foforo nso mu no, anigyefo 18 kyerɛw honhom mu mmoa a wonyae wɔ asram abiɛsa a akwampaefo no de traa hɔ no ho anisɔ krataa na wobisaa mmoa foforo. Wose: “Eyi yɛ adwuma a yebu no aniberesɛm.” Nanso, wɔn nsɛm abien no nyinaa mu no, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaboa anigyefo no. Asasesin a ɛwɔ akyirikyiri saa mu adwumayɛ gye boasetɔ, nanso wohyira akwampaefo a wɔyɛ saa no adwumaden no so.

17, 18. (a) Wɔ tebea horow bɛn mu na Yehowa Adansefo anya boasetɔ wɔ Italy? (b) Wɔ atosɛm a wɔtrɛw mu fa wɔn ho nyinaa akyi no, Adansefo no atumi ayɛ wɔn ade dɛn?

17 Wɔ Italy no, Yehowa Adansefo hyia ɔsɔretia a emu yɛ den fi asɔfo hɔ, nanso wɔnam Yehowa ahoɔden so atumi anya boasetɔ. Wɔ mmeae ahorow pii no, asɔfo no kyekyɛɛ nkrataa sɛ wɔmfa ntetare wɔn asɔremma apon ho a ɛka kyerɛ Yehowa Adansefo sɛ wɔmmmɔ wɔn apon mu. Asɔfo pii faa mmarimaa sɛ wɔmfa nkrataa no ntetare apon a ɛwɔ beae pɔtee bi nyinaa ho​—Adansefo mmusua nso de ho mpo! Nanso, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobeyi Adansefo no hu, na wɔtaa de nkrataa no di dwuma de fi nkɔmmɔbɔ ase. Afei nso, nsɛm ho amanneɛbɔbea ne ɔman no televison kaa asɛm no ho asɛm kɛse, na wɔkasa tiaa ɔsom ho koma a wonni a wɔda no adi no, na wɔkyerɛe sɛ nneyɛe a ɛte saa no yɛ yɛ a asɔre no yɛ mmerɛw no ho sɛnkyerɛnne ankasa. Krataa a ɛkasa tia Adansefo no hyɛɛ sukuupɔn ɔkyerɛkyerɛfo bi abufuw araa ma ɔkraa Ɔwɛn-Aban ne Nyan!.

18 Katolek Asɔre a ɛwɔ Italy no de awaefo mpo di dwuma ma wɔtrɛw atosɛm fa Yehowa nkurɔfo ho, nanso eyi nso ntumi nyɛ adwuma, efisɛ wonim adawurubɔfo 172,382 no yiye na wobu wɔn. Ɔbarima bi ka kyerɛɛ Adansefo a wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ wakenkan nsɛm a enye afa yɛn ho wɔ nhoma a wɔn a anka wɔyɛ Adansefo akyerɛw mu. Enti, bere a ne nuabarima bɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo no, ɔsɔre tiae kɛse. Nanso, bere bi akyi no, ohuu nkɛntɛnso pa a ne nua no som a ɔsakrae no anya wɔ no so no. Obisae sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na biribi bɔne a ɛte saa betumi ayɛ adepa saa?’ Enti, ɔkae sɛ Adansefo a wɔaba ne nkyɛn no ne no nsua Bible no.​—Fa toto Kolosefo 3:8-10 ho.

Anibiannaso Ano a Wogyina

19, 20. (a) Tebea bɛn na ama boasetɔ ho abehia wɔ Adansefo a wɔwɔ Finland no fam, na dɛn ne ade titiriw wɔ asɔre nhwehwɛmu bi mu? (b) Osuahu bɛn na ɛkyerɛkyerɛ hia a boasetɔ ho hia wɔ asɛmpa no ka mu no mu?

19 Wɔ nsase a Adansefo no taa kɔ nkurɔfo nkyɛn mpɛn pii so no, pii taa yɛ anibiannaso wɔ asɛmpa no ho. Ɛte saa wɔ Finland. Asɔre a ɛwɔ saa ɔman no mu no yɛɛ nhwehwɛmu bi na wohui sɛ ɔmanfo no mu ɔha mu nkyem 70 mpɛ sɛ Adansefo no bɛba wɔn fi. Nanso, emu ɔha mu nkyem 30 nkasa ntia kɛse, na eyinom mu ɔha mu nkyem 4 kae sɛ wɔpɛ Yehowa Adansefo asɛm ankasa. Ɛyɛ dodow a ɛkɔ anim yiye. Nnipa a wɔwɔ Finland no mu ɔha mu nkyem anan yɛ 200,000. Fa toto adawurubɔfo dodow 17, 303 a wɔwɔ hɔ mprempren no ho!

20 Wɔtwee ɔdawurubɔfo biako a ɔkɔɔ asɛnka no adwene sii nhwehwɛmu no so na wobisaa no sɛ: “So wunnim sɛ yɛn mu ɔha mu nkyem 70 mpɛ mo asɛm? Dɛn nti na mokɔ so ba yɛn afi mu?” Ɔdawurubɔfo no buae sɛ: “Yiw, nanso nhwehwɛmu koro no ara kyerɛe sɛ mo mu ɔha mu nkyem 4 pɛ yɛn asɛm. Yɛrebɔ mmɔden sɛ yebehu saafo no. Sɛ wɔyɛ ɔha mu nkyem 1 mpo a, yɛbɛkɔ so akɔ afie afie de abɔ mmɔden sɛ yebehu wɔn.” Ofiewura no dwen kakra na ɔkae sɛ: “So mo asɛm no ho hia wɔn saa?” Ɔdawurubɔfo no buae denam asemmisa yi so: “So wobɛpɛ sɛ wote?” Ankyɛ biara na ofiewura yi kyerɛɛ asɛmpa no ho anigye.

Nea Ɛbɛba Daakye

21. (a) Ɔko bɛn na ɛsɛ sɛ yɛko wɔ nhyehyɛe yi mu, na dɛn ntia? (b) Dɛn na ebia a ɛsɛ sɛ yenya mu boasetɔ, na dɛn na Habakuk nkɔmhyɛ no ma yenya mu awerɛhyem?

21 Na yɛn a yɛte ase nnɛ nyinaa no nso ɛ? So yɛasi yɛn bo sɛ yɛne Yehowa ne Kristo Yesu bɛtɔ yɛn bo ase akodu awiei? Ebia ɛrenkyɛ, nanso ɛsɛ sɛ yenya boasetɔ! Wɔ Satan nhyehyɛe yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛko denneennen ma gyidi no, bere a wiase no ɔbrasɛe, ɔporɔw, ne nitan atwa yɛn ho nyinaa ahyia no. (Yuda 3, 20, 21) Ebia ɛsɛ sɛ yegyina ɔtaa bi ano. Mprempren mpo, yɛn nuanom mpempem pii rehu amane wɔ afiase, na wɔhwe ebinom atirimɔden so. Eyinom de aseda ma wɔ yɛn mpaebɔ ho. (2 Tesalonikafo 3:1, 2) Ɛrenkyɛ koraa mprempren nhyehyɛe no betwam akɔ! Sɛnea Habakuk kae no: “Na adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ, na ɛpere repɛ awiei, na ɛrenni atoro; sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ɔba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.”​—Habakuk 2:3.

22. Sɛ yɛda adiyifo no ne Hiob boasetɔ no bi adi a, dɛn na yebetumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ ebefi mu aba?

22 Osuani Yakobo ka no ɔdɔ kwan so sɛ: “Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasae [Yehowa] din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre sɛnnahɔ.” Yɛn a nnɛ yɛkasa Yehowa din mu no betumi ayɛ mudi mu kurafo wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu, te sɛ Yesaia, Yeremia, Daniel, ne afoforo. Te sɛ Hiob no, yebetumi anya boasetɔ. Hwɛ sɛnea onyaa ne boasetɔ so akatua ma ɛyɛɛ nwonwa! Yehowa mmɔborohunu ne n’adɔe bɛma yɛanya akatua a ɛte saa ara​—sɛ yenya boasetɔ kodu awiei a. Na ɛmmra sɛ Yakobo nsɛm yi benya mmamu wɔ yɛn mu biara fam: “Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no [anigyefo].”​—Yakobo 5:10, 11; Hiob 42:10-13.

Wubebua Dɛn?

◻ Hia a boasetɔ ho hia bɛn na Yesu sii so dua?

◻ Nneɛma bɛn nti na Yehowa anya boasetɔ?

◻ Dɛn ne adwuma a ɛso nni a yɛyɛe wɔ 1989 mu no mu nneɛma atitiriw no bi?

◻ Ɔkwan bɛn so na yɛn nuanom a wɔwɔ Poland no anya wɔn boasetɔ so akatua?

◻ Ɔkwan bɛn so na Adansefo a wɔwɔ Lebanon, Colombia, ne Italy ada nokwaredi adi wɔ sɔhwɛ mu?

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 20-23]

YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 1989 ƆSOM AFE AKONTAABU

(Hwɛ bound volume)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena