Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Sɛn Na Yɛreyɛ Asɛmpaka Adwuma No Nnɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Adesua 21. Yehowa Adansefo mmienu bi de trɔk a wɔde di adanse abesi kwan ho; wɔne papa bi rebɔ nkɔmmɔ.

      ADESUA 21

      Sɛn Na Yɛyɛ Asɛmpaka Adwuma No Nnɛ?

      Ɛrenkyɛ, Yehowa beyi yɛn haw nyinaa afi hɔ. Ɔnam n’Ahenni no so na ɛbɛyɛ saa. Asɛmpa sɛɛ de, ɛnsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn ho, mmom ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ obiara. Ná Yesu pɛ sɛ n’akyidifo bɔ saa asɛmpa no dawuru ma obiara te! (Mateo 28:19, 20) Ɛnde, dɛn na Yehowa Adansefo yɛ de kyerɛ sɛ wodi Yesu ahyɛde yi so?

      1. Sɛn na asɛm a ɛwɔ Mateo 24:14 no aba mu nnɛ?

      Yesu ka too hɔ sɛ: “Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa.” (Mateo 24:14) Saa adwuma titiriw yi, Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔreyɛ bi. Yɛreka asɛmpa no wɔ kasa bɛboro 1,000 mu wɔ wiase nyinaa! Saa adwuma yi yɛ adwuma kɛse, enti egye mmɔdenbɔ ne nhyehyɛe pa na yɛatumi ayɛ. Nanso, sɛ Yehowa ammoa yɛn a, yɛn nko ara yɛrentumi nyɛ.

      2. Dɛn na yɛyɛ na ama yɛatumi aka asɛmpa no akyerɛ obiara?

      Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ baabiara. Kristofo a wodi kan no sɛɛ, wɔkaa asɛmpa no wɔ “afi afi mu,” na saa ara na yɛn nso yɛyɛ. (Asomafo Nnwuma 5:42) Saa kwan a yɛfa so ka asɛmpa no nti, afe biara, yɛka asɛmpa no kyerɛ nnipa ɔpepem pii. Ɛno da nkyɛn a, yɛka asɛmpa no wɔ baguam ne mmɔnten so, efisɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na ɛyɛ a yɛkɔto wɔn wɔ fie. Hokwan biara a yebenya sɛ yɛbɛka Yehowa ne n’atirimpɔw ho asɛm akyerɛ nkurɔfo no, yɛmma ɛmpa yɛn ti so.

      3. Henanom na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔka asɛmpa no?

      Ɛyɛ nokware Kristofo nyinaa asɛde sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Yɛntoto saa adwuma no ase koraa. Yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛka asɛmpa no, efisɛ yenim sɛ ebetumi agye nkurɔfo nkwa. (Kenkan 1 Timoteo 4:16.) Adwuma a yɛreyɛ yi, yennye akatua biara, efisɛ Bible ka sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.” (Mateo 10:7, 8) Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wotie asɛm a yɛka no, nanso yɛmma ɛno mmu yɛn abam, efisɛ asɛmpa a yɛka no yɛ ɔkwan baako a yɛfa so som Yehowa, na ɛma n’ani gye nso.

      SUA PII KA HO

      Hwɛ nea Yehowa Adansefo reyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛmpa no wɔ wiase baabiara. Afei, hwɛ sɛnea Yehowa reboa yɛn ama yɛayɛ saa adwuma yi.

      A. Yehowa Adansefo mmienu bi redi papa bi adanse wɔ Costa Rica. B. Yehowa Adansefo redi mpataayifo bi adanse wɔ po so hyɛn gyinabea bi wɔ United States. D. Yehowa Adansefo mmienu bi redi papa bi adanse wɔ Benin akuraa bi ase. E. Yehowa Danseni bi redi maame bi adanse wɔ Thailand. Ɛ. Yehowa Adansefo mmienu bi redi maame bi adanse wɔ Yap. F. Yehowa Adansefo mmienu bi redi maame bi adanse wɔ Sweden.

      Yɛreka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa: (A) Costa Rica, (B) United States, (D) Benin, (E) Thailand, (Ɛ) Yap, (F) Sweden

      4. Yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa nyinaa

      Yehowa Adansefo reyɛ nea wobetumi nyinaa sɛ baabi a nnipa hyɛ biara, wɔbɛhwehwɛ wɔn na wɔaka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

      VIDEO: Wɔreka Asɛm No Wɔ “Asase Ano Nohoa” (7:33)

      • Video no mu no, yehuu sɛnea Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Dɛn na wuhui a w’ani gye ho?

      Monkenkan Mateo 22:39 ne Romafo 10:13-15. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛn na asɛnka adwuma a yɛreyɛ no kyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo?

      • Wɔn a wɔka asɛmpa no, Yehowa hu wɔn sɛn?—Hwɛ nkyekyɛm 15.

      5. Yɛne Onyankopɔn na ɛyɛ adwuma

      Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ adwuma a yɛreyɛ no, Yehowa na odi anim. Ma yɛnhwɛ asɛm bi a esii wɔ New Zealand. Da koro awia bi, na yɛn nuabarima bi a ne din de Paul reka asɛmpa no wɔ afie afie mu. Ɔkɔtoo ɔbea bi. Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ saa anɔpa no, ɔbɔɔ Yehowa mpae srɛɛ no sɛ ɔmma obi mmɛsra no na ɔne no mmɔ Bible mu nkɔmmɔ. Paul kaa sɛ: “Bere a maame no bɔɔ saa mpae no, nnɔnhwerew mmiɛnsa akyi na mekɔbɔɔ ne pon mu.”

      Monkenkan 1 Korintofo 3:9. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Yɛhwɛ asɛm a esii wɔ New Zealand yi a, ɔkwan bɛn so na ɛma yehu sɛ Yehowa na odi asɛmpaka adwuma no anim?

      Monkenkan Asomafo Nnwuma 1:8. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ yebetumi ayɛ asɛnka adwuma no a, adɛn nti na yehia Yehowa mmoa?

      Wunim biribi?

      Asafo nhyiam a yɛkɔ no nnawɔtwe mfinimfini no, wɔtete yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aka asɛmpa no. Woakɔ saa nhyiam no bi pɛn? Wokɔe no, wuhuu ntetee a wɔde mae no sɛn?

      Anuanom mmea mmienu bi reyɛ sɛnea wɔka asɛmpa no ho ɔyɛkyerɛ wɔ asafo nhyiam ase.

      6. Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛmpa no, yetie

      Bere a Kristosom fii ase no, ebinom yɛɛ biara sɛ wɔbɛma Yesu akyidifo no agyae asɛmpa a na wɔreka no. Nanso, Kristofo a na wɔwɔ hɔ saa bere no ‘bɔɔ asɛmpa no ho ban mmara kwan so.’ (Filipifo 1:7) Ɛnnɛ nso, saa ara na Yehowa Adansefo yɛ.a

      Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: Wɔbɔɔ Asɛmpa No Ho Ban Mmara Kwan So (2:28)

      Monkenkan Asomafo Nnwuma 5:27-42. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Biribiara nni hɔ a ɛbɛma yɛagyae asɛmpa no ka. Adɛn ntia?​—Hwɛ nkyekyɛm 29 38, ne 39.

      OBI BETUMI ABISA SƐ: “Adɛn nti na Yehowa Adansefo ka asɛmpa no wɔ afie afie mu?”

      • Sɛ obi ka saa a, wubeyi ano sɛn?

      NEA YƐASUA

      Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnkɔka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Yehowa reboa ne nkurɔfo ama wɔayɛ saa adwuma yi.

      Ntimu

      • Akwan bɛn na yɛfa so ka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa?

      • Sɛn na asɛnka adwuma a yɛreyɛ no kyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo?

      • Wugye di sɛ asɛmpa a yɛreka no betumi ama yɛn ani agye? Adɛn nti na woreka saa?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Hwɛ sɛnea Yehowa Adansefo reka asɛmpa no wɔ nkurow akɛse mu.

      Baguam Adansedi Titiriw a Wɔyɛɛ Wɔ Paris (5:11)

      Wɔn a wɔaguan afi wɔn man mu akɔtena ɔman foforo so no, dɛn na Yehowa Adansefo yɛ de boa wɔn?

      Atukɔfo a Yɛboa Wɔn ma Wohu Yehowa (5:59)

      Tie maame bi a ɔde ne bere pii yɛ asɛmpaka adwuma no anom asɛm, na hwɛ sɛnea ɛma n’ani gye.

      Ɛyɛ Me Anigye Sɛ Mepaw Saa Adwuma Yi (6:29)

      Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nkonim ahorow a Yehowa Adansefo adi wɔ asɛnnibea, ne sɛnea ama ayɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛka asɛmpa no.

      “Ahenni Asɛmpakafo De Wɔn Asɛm Kɔ Asɛnnibea” (Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!, ti 13)

      a Onyankopɔn na aka akyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no. Enti enhia sɛ aban anaa atumfoɔ ma yɛn tumi krataa ansa na yɛatumi aka asɛmpa no.

  • Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 5. Efi afe 1914 reba no, wiase asesa

      Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: Efi Afe 1914 Reba No, Wiase No Asesa (1:10)

      Yesu ka too hɔ sɛ, sɛ wɔde no si agua so sɛ Ɔhene a, nneɛma bi besisi wɔ wiase. Monkenkan Luka 21:9-11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Nneɛma a Yesu kaa sɛ ebesisi no, emu nea ɛwɔ he na w’ankasa wode w’ani ahu anaa woate ho asɛm?

      Ɔsomafo Paul ma yehuu sɛ, sɛ aka kakraa ama nnipa amammu aba awiei a, nnipa bɛda suban ahorow bi adi. Monkenkan 2 Timoteo 3:1-5. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Suban ahorow a ɔsomafo Paul bobɔɔ so no, emu nea ɛwɔ he na woahu sɛ nnipa reda no adi nnɛ?

      Mfoni ahorow: Ɛfa nneɛma a ebesisi ne suban a nnipa bɛda no adi wɔ awiei mmere no mu ho. 1. Sogyani bi gyina bamma so, na wama ne nsa so reteɛteɛm. 2. Asaasewosow bi asi ama dan bi abubu. 3. Wimhyɛn a asogyafo de di ako nam wim. 4. Nnipa bi a wɔnam abɔnten de ade akatakata wɔn hwene. 5. Nnipabɔnefo bi ato topae agu abansoro mmienu bi a ɛwɔ New York mu ama ogya da mu. 6. Papa bi de paane bi rewɔ ne ho; nnubɔne na ɛwɔ paane no mu. 7. Ɔbarima bi reteɛteɛm agu ne yere so, na wato ne nsa rebɛbɔ no. 8. Nnubɔne ne mmosa si pon bi so. 9. Mmea mmienu bi hyɛ ntaade a aba so, na wɔasiesie wɔn hyɛpɛɛ retwa mfoni. 10. Ɛdɔm bi ahyiam regye wɔn ani, na wɔresaw. 11. Aberante bi kura toa bi a ogya hyɛ ano a ɔde rebɛyɛ basabasa.

      6. Yɛ biribi fa kyerɛ sɛ wugye di sɛ Onyankopɔn Ahenni no redi tumi

      Monkenkan Mateo 24:3, 14. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Adwuma titiriw bɛn na ɛrekɔ so nnɛ a ɛma yehu sɛ, Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi?

      • Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa adwuma no bi?

      Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi, na ɛrenkyɛ koraa, ebedi asaase nyinaa so. Monkenkan Hebrifo 10:24, 25. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Seesei a yɛahu sɛ “ɛda no rebɛn no,” dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ?

      Mfoni ahorow: 1. Bible suani bi wɔ Yehowa Adansefo adesua ase. 2. Saa Bible suani no ara reka asɛmpa no bi akyerɛ n’adamfo bi.

      Sɛ wuhu biribi a ebetumi aboa afoforo na agye wɔn nkwa a, dɛn na wobɛyɛ?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena