Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 9/1 kr. 13-18
  • Kristofo a Wodi Onyankopɔn Tumidi ho Adanse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo a Wodi Onyankopɔn Tumidi ho Adanse
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adansekurumfo
  • Nnyinasosɛm Pa a Wɔde Tra Ase
  • Adansefo Yɛ Bible Asuafo
  • Yehowa Nnwuma Akɛse
  • Asɛmpa no a Wɔbɛka Akyerɛ
  • Wɔn a Wodii Adanse Tiaa Atoro Anyame No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • ‘Adanse A Yebedi Amanaman Nyinaa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Wɔatete Yɛn Sɛ Yenni Adanse Fefeefe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • “Mobɛyɛ M’adansefo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 9/1 kr. 13-18

Kristofo a Wodi Onyankopɔn Tumidi ho Adanse

“Monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu [no] mmaninyɛ nkyerɛ.”—1 PETRO 2:9.

1. Yehowa ho adanse a etu mpɔn bɛn na wodii ansa na Kristosom reba?

ANSA na Kristosom reba no, adansefo bebree de akokoduru dii adanse sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no. (Hebrifo 11:4–12:1) Esiane sɛ na wɔn gyidi yɛ den nti, wɔde akokoduru dii Yehowa mmara so, powee sɛ wobegyae wɔn som mu asiesie. Wodii Yehowa amansan tumidi ho adanse kɛse.—Dwom 18:21-23; 47:1, 2.

2. (a) Hena ne Yehowa Dansefo a ɔsen biara? (b) Henanom na wobesii Israelfo ananmu sɛ Yehowa adansefo? Yɛyɛ dɛn tumi hu?

2 Adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no mu nea otwa to ne nea ɔsen biara ne Yohane Suboni. (Mateo 11:11) Onyaa hokwan bɔɔ Nea Wɔapaw no no ba ho amanneɛ, na ɔde Yesu kyerɛe sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. (Yohane 1:29-34) Yesu ne Yehowa Dansefo a ɔsen biara, “ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo no.” (Adiyisɛm 3:14) Esiane sɛ honam fam Israel pow Yesu nti, Yehowa pow wɔn, na ɔpaw ɔman foforo, Nyankopɔn honhom mu Israel, sɛ wɔnyɛ ne dansefo. (Yesaia 42:8-12; Yohane 1:11, 12; Galatifo 6:16) Petro faa nkɔmhyɛ bi a ɛfa Israel ho kae, na ɔkyerɛe sɛ ɛfa “Nyankopɔn Israel,” Kristofo asafo no ho, bere a ɔkaa eyi no: “Moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu [no] mmaninyɛ nkyerɛ.”—1 Petro 2:9; Exodus 19:5, 6; Yesaia 43:21; 60:2.

3. Dɛn ne Nyankopɔn Israel ne “nnipakuw kɛse” no atirimpɔw titiriw?

3 Petro nsɛm no kyerɛ sɛ Nyankopɔn Israel no asɛyɛde titiriw ne sɛ wobedi Yehowa anuonyam ho adanse wɔ baguam. Adansefo “nnipakuw kɛse” a wɔn nso wɔhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ baguam abɛka saa honhom fam ɔman yi ho wɔ yɛn nna yi mu. Wɔde nne a emu yɛ den teɛm ma obiara te sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.” (Adiyisɛm 7:9, 10; Yesaia 60:8-10) Nyankopɔn Israel ne wɔn mfɛfo no bɛyɛ dɛn atumi adi wɔn adanse no awie? Ɛdenam wɔn gyidi ne osetie so.

Adansekurumfo

4. Dɛn nti na na Yesu bere so Yudafo no yɛ adansekurumfo?

4 Gyidi ne osetie hwehwɛ sɛ wɔde nnyinasosɛm pa bɛtra ase. Yehu hia a eyi ho hia wɔ nea Yesu ka faa ne bere so Yudafo nyamesom akannifo ho no mu. Eyinom “[traa] Mose akongua so” sɛ Mmara no akyerɛkyerɛfo. Wɔsomaa asɛmpatrɛwfo mpo ma wɔkɔsakraa wɔn a wonnye nni. Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mutwa po ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa biako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuroni mmɔho abien sen mo ankasa.” Ná saa nyamesomfo yi yɛ adansekurumfo—ahantan, nyaatwom, na wonni dɔ. (Mateo 23:1-12, 15) Bere bi Yesu ka kyerɛɛ Yudafo bi sɛ: “Mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ.” Dɛn nti na ɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ Onyankopɔn man a wapaw wɔn mufo? Efisɛ wɔantie Yehowa Dansefo a ɔsen biara no nsɛm.—Yohane 8:41, 44, 47.

5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Kristoman adi Onyankopɔn ho adansekurum?

5 Saa ara na Yesu nna no akyi mfehaha pii no, Kristoman mufo ɔpepehaha aka sɛ wɔyɛ n’asuafo. Nanso, wɔnyɛɛ Onyankopɔn apɛde ma enti Yesu nnye wɔn ntom. (Mateo 7:21-23; 1 Korintofo 13:1-3) Kristoman asoma asɛmpatrɛwfo, a akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn mu pii wɔ koma pa. Nanso, wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnsom Baasakoro nyame bi a ɔhyew abɔnefo wɔ hellgya mu, na nnipa a wɔsakra wɔn no dodow no ara nneyɛe nkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Sɛ nhwɛso no, Roma Katolek asɛmpatrɛwfo anya nnipa pii wɔ Afrika man Rwanda mu. Nanso, Rwanda Katolekfo fi koma nyinaa mu de wɔn ho hyɛɛ mmusuakuw ntam akodi a nnansa yi akɔ so wɔ saa man no mu no mu. Aba a asɛmpatrɛwfo asow wɔ saa asase no so no da no adi sɛ Kristoman anni wɔn Kristofo adanse a ɛyɛ nokware.—Mateo 7:15-20.

Nnyinasosɛm Pa a Wɔde Tra Ase

6. Akwan bɛn so na abrabɔ pa ho hia kɛse wɔ adansedi mu?

6 Ɔbra bɔne a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo bu no de ahohora ba “nokware kwan no” so. (2 Petro 2:2) Nokware Kristoni tra ase ma ɛne nnyinasosɛm pa hyia. Onwia ade, onni atoro, onsisi nkurɔfo, anaa ɔmfa ne ho nhyɛ ɔbrasɛe mu. (Romafo 2:22) Nokwarem no, onni ne yɔnko awu. Okununom Kristofo fi ɔdɔ mu hwɛ wɔn mmusua so. Ɔyerenom de obu boa saa ɔhwɛ no. Awofo tete wɔn mma ma esiesie wɔn ma wɔbɛyɛ Kristofo a wɔanyinyin a wodi asɛyɛde ho dwuma. (Efesofo 5:21–6:4) Ampa, yɛn nyinaa nyɛ pɛ na yedi mfomso. Nanso, nokware Kristoni bu Bible nnyinasosɛm ahorow, na ɔde nokwaredi bɔ mmɔden de di dwuma. Afoforo hyɛ eyi nsow, na ɛbɛyɛ adanse fɛfɛ. Ɛtɔ mmere bi a, wɔn a kan no na wɔsɔre tia nokware no hwɛ Kristoni bi abrabɔ pa, na wɔbɛyɛ gyidifo.—1 Petro 2:12, 15; 3:1.

7. Dɔ a Kristofo bɛdodɔ wɔn ho no ho hia dɛn?

7 Yesu kyerɛɛ Kristofo abrabɔ bi a ɛho hia bere a ɔkaa eyi no: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Nea ɛhyɛ Satan wiase no agyirae ne ‘ade a ɛnteɛ nyinaa, amumɔyɛ, anibere, nnebɔne; nitan, awudi, akasakasa, nsisi, ɔbra bɔne; asututufo, ntwirifo, Onyankopɔn atamfo, anuɔdenfo, ahantanfo, ahohoahoafo, nnebɔne farebaefo, awofo asɛm ho asoɔdenfo.’ (Romafo 1:29, 30) Wɔ tebea a ɛte saa mu no, wiase nyinaa ahyehyɛde bi a ɔdɔ hyɛ no agyirae no bɛyɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom reyɛ adwuma—adanse a etu mpɔn. Yehowa Adansefo bom yɛ ahyehyɛde a ɛte saa.—1 Petro 2:17.

Adansefo Yɛ Bible Asuafo

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Mmara a odwontofo no sua dwennwen ho no hyɛɛ no den? (b) Akwan bɛn so na Bible a yebesua adwennwen ho bɛhyɛ yɛn den ma yɛakɔ so adi adanse?

8 Sɛ Kristoni betumi adi adanse fɛfɛ a, ɛsɛ sɛ ohu Yehowa trenee nnyinasosɛm ahorow nya ho anigye, na okyi wiase no nneyɛe porɔwee no ankasa. (Dwom 97:10) Wiase no fa nnɛɛdɛe akwan so ma ne nsusuwii kɔ so, na ne honhom no pow betumi ayɛ den. (Efesofo 2:1-3; 1 Yohane 2:15, 16) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so anya adwene a ɛfata? Bible a yebesua no daa na yɛasua no yiye. Dwom 119 kyerɛwfo no kaa no mpɛn pii sɛ ɔdɔ Yehowa Mmara. Ɔkenkan dwennwen ho bere nyinaa, “daa adesae.” (Dwom 119:92, 93, 97-105) Ɛno nti, otumi kyerɛwee sɛ: “Metan atoro, na mikyi, wo mmara na medɔ.” Bio nso, ɔdɔ kɛse a ɔwɔ no kanyan no ma ɔyɛɛ biribi. Ɔka sɛ: “Da koro miyi wo ayɛ mpɛn ason, wo trenee atemmu ho.”—Dwom 119:163, 164.

9 Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Onyankopɔn Asɛm a yebesua no daa adwennwen ho no bɛka yɛn koma, na akanyan yɛn ma ‘yɛayi no ayɛ’—yɛadi Yehowa ho adanse—mpɛn pii, ‘mpɛn ason da koro’ mpo. (Romafo 10:10) Nea ɛne eyi hyia no, Dwom a edi kan no kyerɛwfo ka sɛ nea odwennwen Yehowa nsɛm ho daa no bɛyɛ “sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” (Dwom 1:3) Ɔsomafo Paulo nso kyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi fa bere a ɔkyerɛw eyi no: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17.

10. Dɛn na ɛda adi pefee wɔ Yehowa nkurɔfo ho wɔ awiei bere yi mu?

10 Sɛnea nokware asomfo adɔɔso ntɛmntɛm wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no kyerɛ Yehowa nhyira. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ́ kuw no, Onyankopɔn tumidi ho nnɛyi adansefo no anya Yehowa mmara ho dɔ wɔ wɔn koma mu. Te sɛ odwontofo no, ɛkanyan wɔn ma wodi Ne mmara so, na wɔde nokwaredi di Yehowa anuonyam ho adanse “awia ne anadwo.”—Adiyisɛm 7:15.

Yehowa Nnwuma Akɛse

11, 12. Anwonwade a Yesu ne n’akyidifo yɛe no dii dwuma bɛn?

11 Wɔ afeha a edi kan mu no, honhom kronkron hyɛɛ Kristofo adansefo anokwafo den maa wɔyɛɛ anwonwade, na ɛkyerɛe pefee sɛ wɔn adanse no yɛ nokware. Bere a Yohane Suboni wɔ afiase no, ɔsomaa asuafo sɛ wonkobisa Yesu sɛ: “Wone nea ɔreba no anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforo kwan?” Yesu ammua sɛ yiw anaa dabi. Mmom no, ɔkae sɛ: “Monkɔ na monkɔka nea mote na muhu yi nkyerɛ Yohane: Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo. Na nhyira ne nea merento no hintidua.” (Mateo 11:3-6) Saa ahoɔdenne yi dii adanse kyerɛɛ Yohane sɛ Yesu ne “nea ɔreba” no ampa.—Asomafo no Nnwuma 2:22.

12 Saa ara na Yesu akyidifo no bi saa ayarefo yare na wonyanee awufo mpo. (Asomafo no Nnwuma 5:15, 16; 20:9-12) Ná saa anwonwade yi te sɛ adanse a Onyankopɔn ankasa di maa wɔn. (Hebrifo 2:4) Na nnwuma a ɛte saa no daa Yehowa tumi a ɛsen biara no adi. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ nokware sɛ Satan a ɔne “wi yi ase sodifo” no tumi di awu. (Yohane 14:30; Hebrifo 2:14) Nanso bere a Petro nyanee ɔbea gyidini Dorka fii owu mu no, Yehowa tumi nkutoo na na obetumi de ayɛ saa, efisɛ Ɔno nkutoo na obetumi ama obi nkwa bio.—Dwom 16:10; 36:9; Asomafo no Nnwuma 2:25-27; 9:36-43.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible mu awonwade ahorow no da so di Yehowa tumi ho adanse? (b) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ mmamu di dwuma titiriw ma Yehowa Nyameyɛ da adi?

13 Ɛnnɛ, wɔnyɛ saa anwonwadwuma no bio. Ayɛ n’atirimpɔw awie. (1 Korintofo 13:8) Nanso, yɛda so ara wɔ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu, a nnipa pii a wohui adi ho adanse. Sɛ Kristofo twe adwene si abakɔsɛm kyerɛwtohɔ yi so nnɛ a, saa nnwuma no da so di Yehowa tumi ho adanse a etu mpɔn. (1 Korintofo 15:3-6) Bio nso, Yesaia bere so no, Yehowa kyerɛe sɛ nkɔmhyɛ a edi mu yɛ adanse a ɛda nsow a ɛkyerɛ sɛ Ɔne nokware Nyankopɔn no. (Yesaia 46:8-11) Bible nkɔmhyɛ pii a wɔnam honhom so de mae renya mmamu nnɛ—emu bi bam wɔ Kristofo asafo no so. (Yesaia 60:8-10; Daniel 12:6-12; Malaki 3:17, 18; Mateo 24:9; Adiyisɛm 11:1-13) Bere a saa nkɔmhyɛ yi mmamu da no adi sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri” mu no, ebu Yehowa bem nso sɛ ɔne nokware Nyankopɔn koro no.—2 Timoteo 3:1.

14. Akwan bɛn so na Yehowa Adansefo nnɛyi abakɔsɛm di adanse kɛse sɛ Yehowa ne Amansan Hene no?

14 Nea etwa to no, Yehowa da so yɛ nneɛma akɛse, anwonwade, ma ne nkurɔfo. Yehowa honhom na ɛrekyerɛ Bible mu nokware hann a ɛrehyerɛn kɛse no kwan. (Dwom 86:10; Adiyisɛm 4:5, 6) Nkɔanim pii a wɔbɔ ho amanneɛ wɔ wiase nyinaa no di adanse sɛ Yehowa ‘reyɛ no ntɛm ne bere mu.’ (Yesaia 60:22) Bere a ɔtaa a emu yɛ den aba aman pii mu wɔ nna a edi akyiri yi nyinaa mu no, nea ama Yehowa nkurɔfo atumi de akokoduru agyina wɔn mudi mu ne honhom kronkron mmoa a ɛhyɛ wɔn den no. (Dwom 18:1, 2, 17, 18; 2 Korintofo 1:8-10) Yiw, Yehowa Adansefo nnɛyi abakɔsɛm nkutoo yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ne Amansan Hene no.—Sakaria 4:6.

Asɛmpa no a Wɔbɛka Akyerɛ

15. Adanse a emu atrɛw bɛn na na Kristofo asafo no bedi?

15 Yehowa paw Israel sɛ wonni ne ho adanse nkyerɛ amanaman no. (Yesaia 43:10) Nanso, Israelfo kakraa bi pɛ na Onyankopɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm nkyerɛ wɔn a wɔnyɛ Israelfo, na na wɔtaa yɛ saa de ka Yehowa atemmusɛm kyerɛ. (Yeremia 1:5; Yona 1:1, 2) Nanso, Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ sɛ ɛbere bi bɛba a Yehowa bɛdan n’adwene aba amanaman no so kɛse, na ɔnam Nyankopɔn honhom mu Israel so ayɛ eyi. (Yesaia 2:2-4; 62:2) Ansa na Yesu reforo akɔ soro no, ɔhyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo.” (Mateo 28:19) Bere a Yesu de n’ani sii “Israel fi nguan a ayera no” so no, ɔsomaa n’akyidifo no kɔɔ “amanaman nyinaa” mu, wɔde ‘kɔpem asase ano nohɔ’ mpo. (Mateo 15:24; Asomafo no Nnwuma 1:8) Ná ɛsɛ sɛ adesamma nyinaa te Kristofo adanse no.

16. Ahyɛde bɛn na afeha a edi kan no mu Kristofo asafo no dii ho dwuma, na ɛkoduu he?

16 Paulo kyerɛe sɛ ɔtee eyi ase yiye. Eduu afe 61 Y.B. no, otumi kaa asɛmpa no ho asɛm sɛ “ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛresow aba na ɛkɔ so nyin.” Wɔanka asɛmpa no ankyerɛ ɔman anaa ɔsom biako pɛ, te sɛ nea ɛde ne ho hyɛɛ “abɔfosom” mu no. Mmom no, na “wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu” wɔ baguam. (Kolosefo 1:6, 23; 2:13, 14, 16-18) Enti wɔ afeha a edi kan mu no, Nyankopɔn Israel dii n’ahyɛde a ese “[wɔnka] nea ɔfrɛɛ [wɔn] fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu [no] mmaninyɛ nkyerɛ” no ho dwuma.

17. Ɔkwan bɛn so na Mateo 24:14 gu so nya mmamu kɛse?

17 Ne nyinaa akyi no, na saa afeha a edi kan mu asɛnka adwuma no yɛ nea wɔbɛyɛ wɔ nna a edi akyiri no ho mfonini kɛkɛ. Bere a Yesu reka nea ɛbɛba daakye, wɔ yɛn bere yi mu titiriw, ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14; Marko 13:10) Saa nkɔmhyɛ yi anya mmamu anaa? Yiw, anya mmamu. Asɛmpaka no fii ase ketewaa bi wɔ 1919 mu, nanso seesei atrɛw adu aman bɛboro 230 mu. Wɔte adanse no wɔ Kusuu fam a ɛhɔ yɛ yurududu ne mmeae a wonya owia ne osu pɛpɛɛpɛ no. Wɔde kɔ nsasepɔn akɛse so, na wokyinkyin nsupɔw a atew ne ho so na ama adanse no adu ɛsotefo no hɔ. Bere a basabasayɛ mpo rekɔ so, te sɛ ɔko a ɛrekɔ so wɔ Bosnia ne Herzegovina no, wɔkɔ so ka asɛmpa no. Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan mu no, adansedi no resow aba wɔ “wiase nyinaa.” Wɔbɔ asɛmpa no dawuru baguam wɔ “abɔde nyinaa mu.” Dɛn na afi mu aba? Nea edi kan no, wɔaboaboa Nyankopɔn Israel no mu nkaefo ano “afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu.” Nea ɛto so abien, wofii ase boaboaa “nnipakuw kɛse” no ano fii “aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 5:9; 7:9) Mateo 24:14 kɔ so nya mmamu kɛse.

18. Nneɛma bɛn na wɔnam wiase nyinaa asɛmpaka no so reyɛ?

18 Asɛmpa a wɔka no wiase nyinaa no di adanse sɛ Yesu aba wɔ n’ahenni mu. (Mateo 24:3) Afei nso, ɛno ne ɔkwan titiriw a wɔnam so reyɛ ‘asase so otwa adwuma’ no, efisɛ ɛkyerɛ nnipa kwan kɔ adesamma anidaso pa koro pɛ, Yehowa Ahenni, so. (Adiyisɛm 14:15, 16) Esiane sɛ nokware Kristofo nkutoo na wonya asɛmpa no mu kyɛfa nti, saa adwuma a ɛho hia yi boa ma wohu nsonsonoe a ɛda Kristofo anokwafo ne atorofo ntam. (Malaki 3:18) Saa kwan yi so no, ɛkowie nkwagye ma wɔn a wɔka ne wɔn a wogye tom no. (1 Timoteo 4:16) Nea ehia sen biara no, asɛmpa no ka de ayeyi ne nidi brɛ Yehowa Nyankopɔn, nea ɔhyɛe sɛ yɛnka a ɔma ɛsow aba no.—2 Korintofo 4:7.

19. Dɛn na wɔhyɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ wɔmfa nyɛ wɔn botae bere a wowura ɔsom afe foforo mu no?

19 Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Paulo fi komam kae sɛ: “Sɛ menka asɛmpa no a, anka minnue!” (1 Korintofo 9:16) Ɛnnɛ Kristofo te nka saa ara. Ɛyɛ hokwan a ɛkyɛn so ne asɛyɛde kɛse sɛ obi bɛyɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo,” ama nokware hann no ahyerɛn wɔ wiase a aduru sum yi mu. (1 Korintofo 3:9; Yesaia 60:2, 3) Adwuma a efii ase ketewaa bi wɔ 1919 mu no atrɛw ayɛ kɛse paa seesei. Kristofo bɛyɛ ɔpepem anum redi Onyankopɔn tumidi ho adanse, de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako yɛ adwuma afe biara de nkwagye asɛm no kɔma afoforo. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yebenya adwuma a wɔyɛ de tew Yehowa din ho yi mu kyɛfa! Bere a yewura 1996 ɔsom afe no mu no, momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛmmrɛ yɛn mmɔdenbɔ ase. Mmom no, yebetie asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Timoteo yi asen biara: “Pae mu ka asɛm no, gyina mu.” (2 Timoteo 4:2) Bere a yɛyɛ saa no, yɛde yɛn koma nyinaa bɔ mpae sɛ Yehowa nkɔ so nhyira yɛn mmɔdenbɔ so.

Wokae?

◻ Henanom na wobesii Israelfo ananmu dii Yehowa ho “adanse” kyerɛɛ amanaman no?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo abrabɔ boa wɔ adansedi mu?

◻ Dɛn nti na Bible a wosua dwennwen ho no ho hia ma Ɔdansefo Kristoni?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo nnɛyi abakɔsɛm di adanse sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no?

◻ Dɛn na wɔnam asɛmpaka no so yɛ?

[Kratafa 15 mfonini ahorow]

Sɛ anka wobesiw asɛmpa no kwan no, seesei wɔreka no “wiase abɔde nyinaa mu”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena