Nhyehyɛe A Wɔayɛ Ma Yɛde Asom Yehowa
“Nea enti a migyaw wo wɔ Kreta ne sɛ wobɛhyehyɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ wɔ hɔ.”—Tito 1:5, The Jerusalem Bible.
1. Dɛn na United States ɔmampanyin a odi kan no kae wɔ nyamesom mu nkate ahorow no ho?
WƆ N’ANKASA krataa a ɔkyerɛw no October 20, 1792 no mu no, United States ɔmampanyin a odi kan, George Washington kyerɛwee sɛ: “Wɔ nitan ahorow a akɔ so wɔ adesamma mu no nyinaa mu no, nea nyamesom mu nkate ahorow de ba no yɛ nea agye ntini kɛse na ɛhaw adwene kɛse a ɛsɛ sɛ wɔkasa tia denneennen. Ná mewɔ anidaso sɛ anibuei ne ahofadi a ɛwɔ nnɛ bere yi mu no yɛ nea anyɛ yiye koraa no ɛbɛka Kristofo a wɔwɔ akuw horow nyinaa mu abom ma enti yɛrenhu nyamesom mu ntawntawdi ahorow a ano yɛ den araa ma ɛhaw nnipa asomdwoe no bio.”
2. Ebinom ayɛ wɔn ade dɛn wɔ nyamesom ahorow pii a abu so no ho?
2 Ɛnnɛ, saa ara na nyamesom ahorow pii a abu so no ama nnipa pii ayɛ basaa, na ama wɔatwe wɔn ho afi nyamesom akuw horow nyinaa ho. Afoforo yɛ asɔrekɔfo nanso wɔka ‘ankorankoro ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ’ ho asɛm. Ɛnde nokwasɛm ahorow no ne dɛn? So Onyankopɔn di nnipa ho dwuma sɛ ankorankoro nkutoo? Dɛn na Bible no kyerɛ?
So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho?
3. Ɔkwan bɛn so na wode kyerɛw nsɛm bedi dwuma de abua asemmisa, So Onyankopɔn dwen yɛn ho sɛ ankorankoro? no.
3 Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ Yehowa susuw nnipa ho sɛ ankorankoro. Sɛ nhwɛso no, wɔ nnipa ntam abusuabɔ mu no, Onyankopɔn Asɛm no ka nsɛm ahorow te sɛ eyinom. “Nea eyi ohiani ahi bɔ ne yɛfo ahohora.” “Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so no bɔ ne yɛfo ahohora, na nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ no anuonyam,” a ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn. (Mmebusɛm 17:5; 14:31) Nokwarem no, “sɛnea Onyankopɔn dɔ [adesamma], wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16, 36) Bio nso, ɔsomafo Petro kae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Enti Yehowa dwen ankorankoro ho na ogye wɔn a wosuro no na wɔyɛ adetrenee no tom.
4. Nsemmisa bɛn na ɛsɔre a ɛsɛ sɛ yesusuw ho?
4 Bible no ka nso sɛ: “[Yehowa] nim wɔn a wɔyɛ ne de.” (2 Timoteo 2:19) Nanso so eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn gye ankorankoro a wɔwɔ wiase yi nyamesom ahyehyɛde ahorow pii no mu no nyinaa tom? Anaa so ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan ɛsɛ nnipa a wɔte sɛɛ ne wɔn ho wɔn ho bɛbɔ, wɔbɛboaboa wɔn ano ma wɔasom Yehowa?
Yehowa—Onyankopɔn A Ɔwɔ Nhyehyɛe
5. Abɔfo kronkron no ne Yehowa yɛ adwuma dɛn?
5 Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ma yehu ɔkwan a ɔfa so yɛ nneɛma no bi. Sɛ nhwɛso no, susuw ɔsoro a aniwa ntumi nhu hɔ no ho. So nneɛma yɛ basaa wɔ hɔ? Dabida! Honhom abɔde mpempem pii no mfi Yehowa akyi nyɛ biribi wɔ ɔkwan bi a ɛma nneɛma tu fra so. Mmom no, yɛkenkan sɛ: “[Yehowa] abɔfo, munhyira no, mo tumi abran a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no. [Yehowa] asafo nyinaa, munhyira no, n’asomfo a moyɛ nea ɛsɔ n’ani no.” (Dwom 103:20, 21) Ɛda adi sɛ wɔahyehyɛ abɔfo kronkron no yiye ma wɔsom Yehowa.
6. Noa abusua no fii ase sɛ dɛn wɔ Nsuyiri no akyi?
6 Na asase so ha nso ɛ? Wiɛ, Noa bere so Nsuyiri no sɛee ahyehyɛde ahorow a na ɛwɔ asase so ansa na nsuyiri no reba nyinaa—gye biako pɛ. Noa ne afoforo baason a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no fii adaka no mu fii sɛ abusua a wɔwɔ nhyehyɛe. Nea na ɛho hia wɔn titiriw ne biakoyɛ som a wɔde bɛma Onyankopɔn, na yɛkenkan sɛ: “Noa sii afɔremuka maa [Yehowa], na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho tew nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho tew nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ muka no so.” Wɔn a wonyaa nkwa wɔ nsuyiri no mu no amfa nyamesom kwan a wɔn mu biara pɛ so amonom hɔ ara, na mmom wɔn nyinaa ka boom maa adeyɛ kɛse yi a wɔ n’awiei mu no wonyaa nhyira, afotu ne apam a efi Onyankopɔn hɔ no. (Genesis 8:18-9:17) Yiw, wɔ Nsuyiri no akyi no, Noa abusua no fii ase sɛ ahyehyɛde a ɛsom Yehowa.
7. Ɛdefa nhyehyɛe ho no, dɛn na yesua fi Exodus nhoma no mu?
7 Abraham asefo nyaa Yehowa dom kɛse, na obiara nni hɔ a obetumi agye kyim nyansam wɔ eyi ho sɛ awiei koraa no wɔbɛyɛɛ ɔman a wɔwɔ nhyehyɛe. Ɛdɛn, Bible mu nhoma a ɛne Exodus nkutoo kyerɛ sɛnea woyii wɔn fii Misraim nkoasom mu na wɔyɛɛ teokrase nhyehyɛe maa wɔn! Nhoma no ka Yehowa ho asɛm sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ teokrase nhyehyɛe. Bere a Israelfo dii Onyankopɔn mmara so no, wotumi som no sɛ ahyehyɛde a nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ wom, nea ɛwɔ ahotɔ ne anigye. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔde asom Yehowa.a
8. Nhyehyɛe pa ho adanse bɛn na wohui a ɛfa ɔsom ho wɔ Yehowa asase so kronkronbea hɔ?
8 Wohuu nhyehyɛe pa ho adanse a ɛfa ɔsom ho wɔ Yehowa asase so kronkronbea hɔ. Sɛ nhwɛso no, ɛde fa Lewifo ho no, yɛkenkan sɛ: “Dawid kyekyɛɛ wɔn mu akuwakuw: Lewi mma Gerson, Kohat ne Merari.” Saa ara na ‘Aron mma nkyekyem’ no te. Ɛdenam Sadok ne Ahimelek mmoa so no, “Dawid buu wɔn mu . . . sɛ wɔn adwumayɛ dibea te wɔn som no mu. . . . Na wobuu wɔn mu ntonto so.” Yɛkenkan akyiri yi sɛ: “Yehoiada siesiee [Yehowa] fi hwɛ nnwuma no de hyɛɛ asɔfo a wɔne Lewifo a Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sisii [Yehowa] fi so no nsa, sɛ wɔmmɔ [Yehowa] hyew afɔre, na sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara mu no, wɔnyɛ no anigye ne dwonto mu sɛ Dawid hyehyɛe no.” (1 Beresosɛm 23:2-6; 24:1-6; 2 Beresosɛm 23:18) Yiw, wɔyɛɛ asɔfo ne Lewifo no mu nkyekyem ho nhyehyɛe na wɔde asom Yehowa.
Na Kristosom Nso Ɛ?
9. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo yɛɛ nhyehyɛe maa n’akyidifo no ma wɔde asom Yehowa?
9 Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, wanka ankyerɛ wɔn a wogyee no dii no sɛ wɔmfa wɔn kwan a wɔpɛ so na wɔmfa wɔn adwene nsi ‘ankorankoro ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ’ nkutoo so. Mmom no, asuafo no boaboaa wɔn ho ano baa Yesu nkyɛn, na ɔpaw wɔn mu mmarima 12 sɛ asomafo. Ɔpaw wɔn bere a na wabɔ mpae anadwo no akyi, ma enti na ɛyɛ nea ɛnam Yehowa mmoa so, na ɔpenee so nso. (Luka 6:12-16) Eyi kyerɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn gyina akyi. Bio nso, Yesu boaboaa n’akyidifo no ano yɛɛ wɔn Ahenni adawurubɔfo kuw a wakyerɛkyerɛ wɔn yiye. Sɛ nhwɛso no, ɔde afotu a ɛho hia maa asuafo 70 a ɔsomaa wɔn wɔ ɔkwan a ɛda nhyehyɛe adi so no.—Luka 10:1-24.
10. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ wɔyɛɛ nhyehyɛe pa maa Yesu akyidifo a wodi kan no?
10 Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no kyerɛ pefee sɛ wɔyɛɛ nhyehyɛe pa maa Yesu akyidifo a wodi kan no. Wɔamfa wɔn ho anto Kyerɛwnsɛm no a ankorankoro bɛkenkan nkutoo so. Mmom no, wɔhyehyɛɛ asafo ahorow na wohyiaam bere nyinaa suaa Onyankopɔn Asɛm no. Ná asafo ahorow yi nyɛ nea emu biara atew ne ho, akuw horow a ɛde ne ho, na mmom wɔboom yɛɛ adwuma wɔ ɔdɔ mu. Sɛ nhwɛso no, asafo ahorow no de nkyia ahorow a efi koma mu kɔmaa wɔn ho wɔn ho, na akuw horow a wɔahyehyɛ wɔ Makedonia no ‘kɔɔ so srɛe sɛ wobenya hokwan’ de biribi ama de aboa “ahotefo” a wɔwɔ mmeae afoforo. (1 Korintofo 16:19, 20; 2 Korintofo 8:1-7; Kolosefo 4:14-16) Yiw, tete Kristofo asafo ahorow no ne wɔn ho wɔn ho boom yɛɛ ade wɔ sodikuw a na emufo no ne asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no akwankyerɛ ase.—Asomafo no Nnwuma 15:1-16:5.
11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ “Onyankopɔn asafo” bɛyɛ nea wɔahyehyɛ no yiye?
11 Ɔsomafo Paulo boa ma wɔhyehyɛɛ asafo ahorow a ɛwɔ nhyehyɛe pa a esiane Onyankopɔn nhyira a na ɛwɔ asɛnka adwuma no so na ɛma ɛbaa saa no bi. Bio nso, Paulo kae sɛ Yehowa “nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn na mmom asomdwoe Nyankopɔn.” Ɔsomafo no daa no adi nso sɛ “Onyankopɔn ahyehyɛ nipadua” a ɛyɛ Yesu Kristo akyidifo a wɔasra wɔn sɛnea ɛsɔ N’ani no. Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ “Onyankopɔn asafo” bɛyɛ nea wɔahyehyɛ no yiye na edi dwuma wɔ asomdwoe ne biakoyɛ mu.—1 Korintofo 14:33; 12:24, The Riverside New Testament; 1 Timoteo 3:5.
12, 13. (a) Dɛn na wɔaka afa asafo a Yesu asomafo no hyehyɛe no ho? (b) Nea ɛne afeha a edi kan nhwɛso no hyia no, henanom na wodi asafo mu nsɛm ahorow ho dwuma wɔ Yehowa Adansefo mu?
12 Ɛde fa Yesu akyidifo ahyehyɛde no ho no, abakɔsɛm kyerɛwfo J. L. von Mosheim kyerɛwee sɛ: “Sɛ . . . ɛyɛ nea Kristoni biara adwenem ntumi nyɛ no naa wɔ ho sɛ Yesu Kristo asomafo no yɛɛ ade denam ɔsoro ahyɛde ne akwankyerɛ so a, ɛnde saa tete asɔre horow a wonya fii Yerusalem asɔre no mu na asomafo no ankasa de sii hɔ na wɔyɛɛ ho nhyehyɛe no yɛ nea ɛsɛ sɛ wobu no kronkron.”—Institutes of Ecclesiastical History, Ancient and Modern, Po 1, nkratafa 67-8.
13 Yehowa Adansefo gye di sɛ Yesu akyidifo asafo ahorow a na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu no yɛ nea wɔyɛɛ ho nhyehyɛe ma ɛne ɔsoro apɛde hyiae. Enti, nea ɛne saa nhwɛso no hyia wɔ Adansefo no mu nnɛ no, honhom kronkron paw ahwɛfo ne asafo mu asomfo ma wodi asafo no nsɛm ho dwuma.—Asomafo no Nnwuma 20:28; Filipifo 1:1.
14. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔfa hwɛɛ afeha a edi kan Kristofo asafo ahorow no so? (b) Dɛn nti na ɔsomafo Paulo gyaw Tito wɔ Kreta?
14 Wɔ afeha a edi kan no mu no, asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no na wɔhwɛɛ asafo ahorow no nyinaa so, ɛwom sɛ mmarima binom hwɛɛ nneɛma so wɔ mmeae atitiriw bi na ebia wɔde tumi maa afoforo de. (Asomafo no Nnwuma 14:21-23; 15:1, 2) Ne saa nti, ɔsomafo Paulo de hyɛɛ Kristoni ɔhwɛfo Tito nsa sɛ onni nneɛma bi ho dwuma wɔ Mediteranea supɔw a ɛne Kreta so. Wɔ eyi mu no, Paulo ka kyerɛɛ Tito sɛ: “Nea enti a migyaw wo wɔ Kreta ne sɛ wobɛhyehyɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ wɔ hɔ na woapaw mpanyimfo wɔ kurow biara mu wɔ ɔkwan a meka kyerɛɛ wo no so.” (Tito 1:5, JB) Yebetumi agye adi sɛ afotu a ɔde mae wɔ krataa a ɔde kɔmaa Tito no mu no boaa no ma odii saa asɛyɛde no ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ nhyehyɛe pa ama Kristofo a wɔwɔ hɔ no ma wɔasom Yehowa.
Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Nhyehyɛe Pa Nnɛ?
15, 16. Nsɛm bɛn a wɔaka wɔ ha nti na yebetumi aka sɛ wɔn a Yehowa gye wɔn tom no rentumi nnya ‘ankorankoro ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ’ ara kwa a wɔahwete wɔ wiase nyamesom akuw horow no mu?
15 Wɔafi Kyerɛwnsɛm mu akyerɛ sɛ na nhyehyɛe pa yɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ wɔ mmere a atwam no mu no agyiraehyɛde. Enti, tebea horow no te saa ara nnɛ. Na ntease pa ahorow wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ Yehowa nnɛyi adansefo nya nhyehyɛe pa.
16 Wɔn a Yehowa gye wɔn tom no ntumi nya ‘ankorankoro ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ’ ara kwa na wɔayɛ wɔn a wɔahwete wɔ wiase nyamesom akuw horow no mu. Yehowa hwehwɛ nokware som na ɔrebɛsɛe Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman no. (Yohane 4:24; Yakobo 1:27; Adiyisɛm 18:1-8) Bio nso, ɔhwehwɛ biakoyɛ wɔ nokware Kristofo hɔ. Ɛnnɛ titiriw na ɛsɛ sɛ wɔbom wɔ ahyehyɛde biako mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi ɔsomafo Paulo afotu no so awie: “Na, anuanom, menam yɛn awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwene koro ne nsusuwii koro mu.”—1 Korintofo 1:10.
17. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Hebrifo 10:24, 25 no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo asomfo nyinaa yɛ ahyehyɛde biako mufo?
17 Bio nso, ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo gyae hyia a wɔne wɔn ho wɔn ho behyiam wɔ nhyiam horow ase bere nyinaa no. Ɛno te saa titiriw nnɛ, bere a nneɛma nhyeyɛe yi awiei bɛn no. (Hebrifo 10:24, 25) Ɛda adi sɛ, sɛ wobedi saa afotu a efi honhom mu no akyi a, ɛnde na ɛsɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo nokware asomfo nyinaa yɛ ahyehyɛde biako mufo.
18. (a) Ɔkwan bɛn so na 1 Yohane 1:3 kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa yɛ biako wɔ ahyehyɛde biako mu? (b) Henanom na wɔabɛka Yesu akyidifo a wɔde honhom asra wɔn no ho wɔ “awiei bere” yi mu, na dɛn ne nokwasɛm ahorow a ɛfa biakoyɛ ho wɔ Yehowa Adansefo nyinaa mu?
18 Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ sɛ Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no na wɔn ho wɔn ho bɛbɔ fekuw. Wɔ eyi mu no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nea yɛahu na yɛate na yɛka kyerɛ mo, mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa [kyɛfa; fekubɔ]; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne agya no ne ne ba Yesu Kristo na ɛwɔ.” (1 Yohane 1:3) Sɛ ‘ankorankoro ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ’ nkutoo na Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no mu biara wɔ a wɔanka ammom wɔ ahyehyɛde biako mu a, anka ɔkwan bɛn so na wobetumi anya ayɔnkofa anaa fekubɔ yi mu kyɛfa? Nhyehyɛe nkutoo so na wɔnam betumi adi ahiade yi ho dwuma. Ɛnnɛ, “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “nguan foforo” abɛka Yesu akyidifo a wɔde honhom awo wɔn no ho. Sɛnea Yesu kyerɛ nea wɔn a wɔte sɛ nguanten no te no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ “nguan foforo” yi ne n’akyidifo a wɔasra wɔn no bɛyɛ biako na wɔn nyinaa bɛka abom ayɛ “kuw biako” wɔ n’ase sɛ “ɔhwɛfo biako.” (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Na saa ara na yehu sɛ ɛte wɔ Yehowa asomfo mu wɔ “awiei bere” yi mu. (Daniel 12:4) Sɛ́ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no, wɔyɛ nhyehyɛe pa ma Yehowa Adansefo nyinaa ma wɔde asom Onyankopɔn.—Fa toto 1 Petro 2:17 ho.
19. Dɛn nti na asɛnka adwuma no a wɔbɛyɛ hwehwɛ biakoyɛ wɔ ahyehyɛde biako a honhom kyerɛ no kwan mu?
19 Ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm na yɛnyɛ asuafo wo ho dwuma a yebedi nso hwehwɛ biakoyɛ wɔ ahyehyɛde a ɛyɛ biako mu. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:6-8) Sɛ ‘ankorankoro ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ’ nkutoo na wɔn a wɔkyerɛ sɛ woyɛ Kristofo no wɔ a wɔde wɔn ho abɔ nyamesom biara kɛkɛ a, ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ adansedi adwuma no? Ɛdɛn, nea ɛbɛba ne sɛ ebinom bɛka “Shibolet” na afoforo nso aka “Sibolet”! (Atemmufo 12:4-6) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔbɛte nsɛm a ɛsonosonoe yi behu nea ɛsɛ sɛ wogye di? Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ‘bɔ mmɔden de asomdwoe hama kura honhom biakoyɛ mu,’ na ɛsɛ sɛ wɔ wɔn mu no, wonya “Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako, yɛn nyinaa Nyankopɔn ne agya biako.” (Efesofo 4:1-6) Sɛ nkurɔfo bɛte nea ɛteɛ no, anya nokware Nyankopɔn no mu gyidi ankasa na wɔabɔ Yehowa din a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nkwa a, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ka asɛm koro. Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔde ahyehyɛde biako pɛ a honhom kyerɛ no kwan di dwuma wɔ “asɛmpa” no nokware asɛnkafo a wɔsoma wɔn no mu.—Romafo 10:11-15.
20. Ahyehyɛde biako pɛ bɛn na ɛrema Mateo 24:14 anya mmamu mprempren, na adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn pene dwumadi a wɔayɛ ho nhyehyɛe yiye yi so?
20 Afei nso nea ɛne Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ne “ba a waba” ne “nneɛma nhyehyɛe yi awiei” ho no hyia no, ɛsɛ sɛ wonya ahyehyɛde biako a ‘ɛreka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse ansa na awiei no aba.’ (Mateo 24:3, 14, NW) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo nkutoo na wɔreka asɛmpa a ɛne sɛ Ahenni no akɔ so adi dwuma wɔ soro fi 1914 mu na Yesu Kristo ne ne Hene no. Ahenni adawurubɔfo a wɔayɛ nhyehyɛe pa ama wɔn yi dodow boro 2,650,000 na dɔ ara na woredɔ ntɛmntɛm esiane Onyankopɔn nhyira nti.—Yesaia 43:10-12; 60:22.
21. Ɛdefa Yehowa ahyehyɛde ho no, dɛn bio na yebesusuw ho?
21 Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ wobɛka nnipa a wɔayɛ nhyehyɛe pa ama wɔn ma wɔde asom Yehowa no ho wɔ “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu! (2 Timoteo 3:1) Wɔn a wofi ɔkra nyinaa mu de wɔn ho ama Onyankopɔn sɛ wɔne ne nkurɔfo a wayɛ nhyehyɛe ama wɔn no bɛkɔ so asom no nyinaa wɔ Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso a ɛyɛ den. Na sɛnea yebehu no, ntease pa ahorow wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yegyina Yehowa ahyehyɛde no so hyehyɛ daakye a anigye ne ahotɔ wom.
[Ase hɔ asɛm]
a Yɛsrɛ wo hwɛ October 15, 1983 Watchtower mu, nkratafa 28-31.
Dɛn Na Wobɛka?
◻ Abɔfo kronkron no ne Yehowa yɛ adwuma dɛn?
◻ Nhyehyɛe pa ho adanse bɛn no na ɛwɔ hɔ wɔ tete Israel?
◻ Ɔkwan bɛn so no wubefi Kyerɛwnsɛm mu akyerɛ sɛ no Yesu Kristo akyidifo a wodi kan no wɔ nhyehyɛe pa?
◻ Dɛn nti no Ahenni no ho asɛm a wɔbɛka hwehwɛ biakoyɛ wɔ ahyehyɛde biako mu?
[Kratafa 21 mfoni]
Wɔ Dawid bere so no, wɔhyehyɛɛ asɔfo ne Lewifo a wɔakyekyɛ wɔn mu no ma wɔsom Yehowa
[Kratafa 22 mfoni]
Sodikuw no de akwankyerɛ maa afeha a edi kan asafo ahorow a na wɔahyehyɛ no yiye no